Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 7

DWOM 51 Yɛahyira Yɛn Ho So Ama Onyankopɔn!

Nea Yebetumi Asua Afi Nasirifo No Hɔ

Nea Yebetumi Asua Afi Nasirifo No Hɔ

“Nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini nyinaa, ɔyɛ kronkron ma Yehowa.”NUM. 6:8.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Nea Nasirifo no yɛe no, sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛde ahofama ne akokoduru asom Yehowa.

1. Efi teteete nyinaa suban pa bɛn na Yehowa asomfo ada no adi?

 AYƆNKOFA a wo ne Yehowa wɔ no, ɛsom bo ma wo anaa? Yegye di sɛ ɛsom bo ma wo, nanso ɛnyɛ wo nko. Efi teteete nyinaa, nnipa bebree nso ate nka saa ara. (Dw. 104:​33, 34) Esiane Yehowa som nti, nnipa pii de nneɛma abɔ afɔre. Tete Israel no, nnipa bi a na wɔfrɛ wɔn Nasirifo no, saa ara na wɔyɛe. Henanom ne Nasirifo no, na dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ?

2. (a) Henanom ne Nasirifo no? (Numeri 6:​1, 2) (b) Adɛn nti na Israelfo no bi fa too wɔn ho so sɛ wɔbɛyɛ Nasirifo?

2 Asɛm Nasirini no, wɔnya fii Hebri asɛmfua bi mu. Saa asɛmfua no kyerɛ “Nea Wɔayi No Asi Hɔ,” anaa “Nea Wɔahyira No So.” Wei kyerɛ sɛ na Nasirifo no yɛ Israelfo mmɔdenbɔfo; na wɔfi wɔn pɛ mu de nneɛma bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsom Yehowa wɔ ɔkwan soronko so. Mose Mmara no mu no, na ɔbarima anaa ɔbea betumi ahyɛ Yehowa bɔ titiriw bi sɛ ɔbɛyɛ Nasirini akosi bere bi. a (Kenkan Numeri 6:​1, 2.) Sɛ Israelni bi hyɛ saa bɔ no a, na ɛsɛ sɛ odi mmara soronko bi so. Ɛnde, adɛn nti na na Israelni bi bɛfa ato ne ho so sɛ ɔbɛyɛ Nasirini? Sɛnea na Yehowa ahyira no no, ɛho anisɔ ne ɔdɔ kann a na ɔwɔ ma Yehowa no, ɛda adi sɛ ɛno na na ɛbɛka no ma wayɛ saa.—Deut. 6:5; 16:17.

3. Onyankopɔn nkurɔfo a ɛwɔ hɔ nnɛ nso, ɔkwan bɛn so na wɔte sɛ Nasirifo no?

3 Bere a “Kristo mmara no” besii Mose Mmara no ananmu no, nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ a na ɛma obi tumi bɛyɛ Nasirini no, ɛno nso twaam. (Gal. 6:2; Rom. 10:4) Nanso, sɛnea Nasirifo no yɛe no, Yehowa nkurɔfo a ɛwɔ hɔ nnɛ nso yere wɔn ho de wɔn koma nyinaa, wɔn kra nyinaa, wɔn adwene nyinaa ne wɔn ahoɔden nyinaa som Yehowa. (Mar. 12:30) Sɛ yehyira yɛn ho so ma Yehowa a, na yɛahyɛ no bɔ sɛ yɛbɛyɛ saa. Sɛ yebetumi adi yɛn bɔhyɛ no so a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ Yehowa apɛde na yɛde nneɛma bɔ afɔre. Sɛnea Nasirifo no dii wɔn bɔhyɛ so no, sɛ yesusuw ho a, yebesua nneɛma pii a ebetumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛn nso yebedi yɛn bɔhyɛ so. b (Mat. 16:24) Momma yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ no bi.

FA NNEƐMA BƆ AFƆRE

4. Sɛ yɛhwɛ Numeri 6:​3, 4 no a, sɛ obi yɛ Nasirini a, dɛn na na ɛsɛ sɛ ɔde bɔ afɔre?

4 Kenkan Numeri 6:​3, 4. Sɛ obi yɛ Nasirini a, na ɛnsɛ sɛ ɔnom nsa a ɛbow biara anaa odi bobe ho biribiara. Nnipa a na atwa wɔn ho ahyia no, na wɔtaa di saa nnuan no, efisɛ na mfomso biara nni ho sɛ wɔbɛyɛ saa. Bible ma yehu sɛ nsa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, na ɛma ‘ɔdasani koma ani gye.’ (Dw. 104:​14, 15) Nanso hokwan a na Nasirifo no wɔ sɛ wɔbɛnom nsa anaa wɔbedi bobe ho biribiara no, wɔyii wɔn yam de bɔɔ afɔre. c

Woayɛ krado sɛ wubefi wo pɛ mu de nneɛma abɔ afɔre sɛnea Nasirifo no yɛe no? (Hwɛ nkyekyɛm 4-6)


5. Dɛn na Madián ne Marcela fi wɔn pɛ mu de bɔɔ afɔre, na adɛn ntia?

5 Sɛnea Nasirifo no yɛe no, ɛnnɛ yɛn nso yɛde nneɛma bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asom Yehowa yiye. Momma yɛnhwɛ Madián ne Marcela. d Ná saa awarefo yi te yiye. Adwuma a na Madián yɛ no, na sika wom, enti na wɔte dan pa mu. Nanso, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ pii wɔ Yehowa som mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔadu saa botae no ho no, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbetwitwa nneɛma so. Wɔka sɛ, “Yefii ase tew sika a na yedi so. Yetu kɔtenaa dan ketewa mu, na yɛtɔn yɛn kar.” Ná ɛnyɛ kyenkyen ara sɛ Madián ne Marcela de saa nneɛma yi bɔ afɔre; wɔn ara na wɔfi wɔn pɛ mu yɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu. Gyinae a wɔsisii no ama wɔn ani agye, na wɔn koma atɔ wɔn yam.

6. Adɛn nti na Kristofo a ɛwɔ hɔ nnɛ nso de nneɛma bɔ afɔre? (Hwɛ mfoni no nso.)

6 Kristofo a ɛwɔ hɔ nnɛ nso, sɛ wɔfi wɔn pɛ mu de nneɛma bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu a, ɛma wɔn ani gye. (1 Kor. 9:​3-6) Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yɛmmɔ afɔre a ɛtete saa; afei nso, ɛnyɛ sɛ Yehowa kasa tia saa nneɛma no nti na ɛsɛ sɛ yeyi fi yɛn akwan mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebinom de adwuma a ɛda wɔn koma so, ne fie a anka wɔbesi atena mu abɔ afɔre. Nnipa bebree asi gyinae sɛ wɔbɛtwe wɔn aware akɔ akyi anaa wɔware a, wɔbɛtwentwɛn wɔn awo so. Ebinom nso asi gyinae sɛ wɔbɛkɔ akɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia, ɛmfa ho mpo sɛ ɛbɛma wɔne wɔn adɔfo ntam atwe no. Yɛn mu pii yi yɛn yam bɔ afɔre a ɛtete saa efisɛ yɛpɛ sɛ yɛde nea eye paa ma Yehowa. Afɔre biara a wobɛbɔ de asom Yehowa no, sɛ ɛso oo, sɛ esua oo, nya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ paa.—Heb. 6:10.

NSURO SƐ WOBƐYƐ SORONKO

7. Sɛ obi yɛ Nasirini a, adɛn nti na na ebetumi ayɛ den sɛ obedi ne bɔhyɛ so? (Numeri 6:5) (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Kenkan Numeri 6:5. Ná Nasirifo hyɛ bɔ sɛ wɔrenyi wɔn ti. Ná wei yɛ ɔkwan a wɔfa so kyerɛ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa apɛde wɔ biribiara mu. Sɛ Israelni bi yɛ Nasirini kyɛ a, ne ti nwi no befuw na ebia ɛrenyɛ den sɛ afoforo behu sɛ ɔyɛ Nasirini. Sɛ wɔn a ɛbɛn no no ani gye ɛbɔ a wahyɛ no ho, na wɔhyɛ no nkuran a, na ɛrenyɛ den sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ Nasirini. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, ɛtɔ bere bi a na Israelfo no mmu Nasirifo no, enti na wɔnhyɛ wɔn nkuran. Odiyifo Amos bere so no, Israelfo a wɔawae no ‘de nsã puapuaa Nasirifo no.’ Ɛda adi sɛ wɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma wɔabu ntam a wɔaka sɛ wɔrennom nsã no so. (Amos 2:12) Sɛ obi yɛ Nasirini a, ɛtɔ da a na ɛsɛ sɛ onya akokoduru paa na watumi adi ne bɔhyɛ so na wayɛ soronko.

Nasirini a na wasi ne bo sɛ obedi ntam a waka no so no, na wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ soronko (Hwɛ nkyekyɛm 7)


8. Aberantewa Benjamin suahu no, dɛn na w’ani gyee ho wɔ ho?

8 Sɛ yɛfɛre ade mpo a, Yehowa mmoa so nti, yɛn nso yebetumi anya akokoduru na yɛayɛ soronko. Momma yɛnhwɛ Benjamin a ɔwɔ Norway; ɔyɛ Ɔdansefo a wadi mfe du. Esiane ɔko a na ɛrekɔ so wɔ Ukraine no nti, ne sukuu no yɛɛ dwumadi bi a wɔde bɛtaa Ukrainefo akyi. Wɔka kyerɛɛ mmofra no sɛ wɔnto dwom bi, na wɔnhyɛ ntaade a wɔde Ukrainefo frankaa ayɛ. Benjamin yɛɛ n’adwene sɛ nea ɛbɛyɛ na ɔremfa ne ho nhyɛ dwumadi no mu no, ɔremmɛn baabi a wɔbɛyɛ no no. Nanso ɔkyerɛkyerɛfo bi huu no, na ɔteɛɛm kaa sɛ: “Bra bɛka yɛn ho. Yɛn nyinaa retwɛn wo!” Benjamin nyaa akokoduru kɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo no hɔ na ɔkaa sɛ: “Minni obiara afa, na ɔyɛkyerɛ biara a amanyɔfo yɛ no, memfa me ho nhyɛ mu. Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ Yehowa Adansefo mpene so sɛ wɔbɛkɔ ɔko nti, wɔde wɔn mu bebree agu afiase.” Ɔkyerɛkyerɛfo no tee Benjamin ase, na ɔka kyerɛɛ no sɛ obetumi ayi ne ho afi mu. Nanso ne mfɛfo sukuufo no bisaa no nea enti a ɔmpɛ sɛ ɔbɛka wɔn ho. Benjamin yam hyehyee no ara ma anka ɔreyɛ asu; nanso asɛm a ɔka kyerɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no, ɔde akokoduru kaa asɛm koro no ara kyerɛɛ ne sukuufo a ɔne wɔn gyina no nyinaa. Akyiri yi, Benjamin ka kyerɛɛ n’awofo sɛ ɔtee nka sɛ Yehowa aboa no ama watumi akyerɛkyerɛ ne gyidi mu wɔ sukuu.

9. Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa koma ani agye?

9 Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa apɛde nti, ɛma yɛyɛ soronko wɔ nnipa a atwa yɛn ho ahyia no ho. Sɛ yɛwɔ adwuma mu oo, sukuu mu oo, ehia sɛ yenya akokoduru da yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Afei nso, bere a nnipa suban sɛe ara na ɛresɛe no, ebia yebehu sɛ ɛyɛ den paa sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɛbɔ yɛn bra na yɛaka asɛmpa no akyerɛ afoforo. (2 Tim. 1:8; 3:13) Nanso kae bere nyinaa sɛ, sɛ yenya akokoduru da yɛn ho adi sɛ yɛyɛ soronko wɔ wɔn a wɔnsom Yehowa no ho a, ‘ɛma ne koma tɔ ne yam.’—Mmeb. 27:11; Mal. 3:18.

FA YEHOWA DI KAN WƆ W’ASETENA MU

10. Ahyɛde a ɛwɔ Numeri 6:​6, 7 a na ɛsɛ sɛ Nasirifo di so no, ɔkwan bɛn so na na ebetumi ayɛ sɔhwɛ ama wɔn?

10 Kenkan Numeri 6:​6, 7. Sɛ obi yɛ Nasirini a, na ɔrentumi nkɔ funu ho. Anhwɛ a wobɛka sɛ wei nyɛ ade kɛse biara. Nanso tete no, sɛ Nasirini bi busuani a ɔbɛn no paa wu a, na ebetumi ayɛ den sɛ obedi saa ahyɛde no so. Saa bere no, afunsie ho amanne no pii wɔ hɔ a na ɛhwehwɛ sɛ nkurɔfo kɔ funu no ho. (Yoh. 19:​39, 40; Aso. 9:​36-40) Nanso esiane ntam a na Nasirini aka nti, na ɔrentumi mfa ne ho nhyɛ amanne a ɛte saa mu. Sɛ mpo abusuasɛm bi na ɛsɛ sɛ wɔdi ho dwuma wɔ awerɛhobere no mu a, na ɛsɛ sɛ Nasirini no nya gyidi a emu yɛ den na odi ntam a waka no so. Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa hyɛɛ n’asomfo anokwafo yi den ma wɔtumi gyinaa ɔhaw a wɔhyiae no ano.

11. Sɛ Kristoni redi abusuasɛm bi ho dwuma a, dɛn na ɛsɛ sɛ osi ne bo sɛ ɔbɛyɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Kristofo de, hyira a yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa no, yɛfa no aniberesɛm paa. Enti biribiara a yɛbɛyɛ anaa gyinae biara a yebesi afa yɛn abusua ho no, yɛkae sɛ yɛahyira yɛn ho so. Asɛde a yɛwɔ wɔ yɛn abusua mu no, yɛntoto no ase. Nanso yɛmfa nea yɛn abusua pɛ nni kan, mmom nea Yehowa pɛ na yɛde di kan. (Mat. 10:​35-37; 1 Tim. 5:8) Ɛno nti sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani a, ɛtɔ mmere bi a, ebia ebehia sɛ yesisi gyinae bi a yɛn abusuafo ani nnye ho.

Sɛ worehyia tebea bi a emu yɛ den mpo a, woayɛ krado sɛ wode Yehowa bedi kan? (Hwɛ nkyekyɛm 11) e


12. Bere a Alexandru yere sɔre tiaa no no, dɛn na Alexandru yɛe, na dɛn na wanyɛ?

12 Momma yɛnhwɛ Alexandru ne ne yere Dorina. Bere a awarefo yi suaa Bible no afe baako no, Dorina gyaee, na ɔka kyerɛɛ Alexandru nso sɛ onnyae. Nanso ɔka kyerɛɛ no nidi mu sɛ ɔbɛtoa so. Dorina ani annye ho na ɔyɛe sɛ ɔbɛhyɛ no ama wagyae. Alexandru kaa sɛ ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛte nea enti a ne yere reyɛ saa no ase, nanso na ɛnyɛ mmerɛw mma no. Sɛ ɛtɔ mmere bi na Dorina kasa tia no yayaayaw a, na ɛyɛ no sɛ onnyae Bible adesua no. Ne nyinaa mu no, Alexandru daa ɔdɔ ne obu adi kyerɛɛ ne yere, nanso omiaa n’ani de Yehowa dii kan. Eduu baabi no, Alexandru nhwɛso pa no kanyan ne yere no ma ɔsan fii ase suaa Bible no, na ewiee ase no, obegyee nokware no.—Hwɛ video a yɛato din Alexandru Ne Dorina Văcar: “Ɔdɔ Wɔ Abodwokyɛre Na Ne Yam Ye.” Ɛwɔ jw.org. Wubehu wɔ ɔfã a yɛato din “Nokware no Sesa Nnipa” no.

13. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne yɛn abusuafo?

13 Yehowa na ɔhyehyɛɛ abusua no, na ɔpɛ sɛ yɛn abusuafo ani gye. (Efe. 3:​14, 15) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ani gye paa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea Yehowa pɛ. Biribiara a wode bɛbɔ afɔre na ama woatumi asom Yehowa no, nya awerɛhyem sɛ n’ani sɔ. Ɔdɔ ne obu a woda no adi kyerɛ w’abusuafo no nso, ɛsom bo ma no.—Rom. 12:10.

HYƐ AFOFORO NKURAN NA WƆNSUASUA NASIRIFO NO

14. Henanom paa na ehia sɛ yɛde yɛn nsɛm hyɛ wɔn nkuran?

14 Wɔn a ɛsom Yehowa nyinaa, ɛsɛ sɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa kanyan wɔn ma wɔfi wɔn pɛ mu de nneɛma bɔ afɔre. Nanso ɛtɔ da a na ayɛ den. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn ho yɛn ho na yɛatumi de nneɛma abɔ afɔre? Ɛne sɛ yɛde yɛn nsɛm bɛhyɛ afoforo nkuran. (Hiob 16:5) Wohwɛ w’asafo mu a, ebinom wɔ hɔ a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbetwitwa nneɛma so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu anaa? Wunim mmofra bi a wɔde akokoduru rekyerɛ sɛ wɔyɛ soronko wɔ sukuu mu, ɛmfa ho mpo sɛ ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ saa no? Na Bible asuafo ne yɛn nuanom Kristofo a wɔn abusuafo retan wɔn ani nti ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛkɔ so adi nokware no nso ɛ? Momma yɛmfa hokwan biara a yebenya no nka nsɛm a ɛhyɛ nkuran nkyerɛ yɛn nuanom Kristofo yi, na yɛmma wɔnhu sɛ yɛn ani sɔ ahofama ne akokoduru a wɔde resom Yehowa no.—Filem. 4, 5, 7.

15. Dɛn na ebinom ayɛ de aboa wɔn a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no?

15 Yɛn nuanom Kristofo a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no, ɛtɔ da a yebetumi ayɛ nneɛma pɔtee bi de aboa wɔn. (Mmeb. 19:17; Heb. 13:16) Onuawa nokwafo bi a ne mfe akɔ anim a ɔte Sri Lanka no, biribi saa na ɔyɛe. Ne pɛnhyen sika a wɔde ma no bosome biara no, wɔtoo mu. Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛboa anuanom mmabaa akwampaefo mmienu bi ma wɔakɔ so ayɛ wɔn som adwuma no, efisɛ na asetena mu yɛ den ma wɔn. Ɔyɛe sɛ bosome biara tɛlefon kɔɔl a wɔyɛ no, ɔbɛma wɔn sika pɔtee bi na wɔde atua ka no bi. Momma yɛnka na onuawa yi fata nkamfo!

16. Nasirifo a na wɔwɔ hɔ tete no, dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ?

16 Nhwɛso pa a Nasirifo a na wɔwɔ hɔ tete no yɛe no, yebetumi asua nneɛma pii afi mu. Afei nso, saa nhyehyɛe no ma yehu biribi fa yɛn soro Agya Yehowa ho. Onim sɛ yɛpɛ paa sɛ yɛsɔ n’ani, na yɛpɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu de nneɛma bɔ afɔre. Onim sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi adi ɛbɔ a yɛahyɛ sɛ yɛbɛsom no no so. Odi yɛn ni, efisɛ ɔma yɛn hokwan a yɛn ara yɛde bɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no. (Mmeb. 23:​15, 16; Mar. 10:​28-30; 1 Yoh. 4:19) Nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ ma Nasirifo no ma yehu sɛ biribiara a yɛde bɛbɔ afɔre na ama yɛatumi asom Yehowa no, ohu na n’ani sɔ paa. Ɛnde, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so asom Yehowa, na yɛafi yɛn pɛ mu de nea eye paa ama no.

WUBEBUA SƐN?

  • Ɔkwan bɛn so na Nasirifo kyerɛe sɛ wɔde nneɛma bɔ afɔre na wɔwɔ akokoduru?

  • Yɛbɛyɛ dɛn ahyehyɛ yɛn ho nkuran ma yɛasuasua Nasirifo no?

  • Nhyehyɛe a na ɛwɔ hɔ ma Nasirifo no, ɛma yehu sɛ dɛn na Yehowa nim fa n’asomfo ho?

DWOM 124 Yebedi Nokware Daa

a Nasirifo kakraa bi na Yehowa ankasa paw wɔn; wɔn mu dodow no ara, ɛda adi sɛ wɔfi wɔn pɛ mu na ɛyɛɛ saa.—Hwɛ adaka a yɛato din  “Nasirifo a Yehowa Ankasa Paw Wɔn” no.

b Ɛtɔ da a, yɛn nhoma ahorow no de wɔn a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no toto Nasirifo ho. Nanso adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa betumi asuasua Nasirifo no.

c Yɛhwɛ mu a, sɛ obi yɛ Nasirini a, asɛ na onni asɛde foforo anaa adwuma pɔtee bi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ na watumi adi ntam a waka no so.

d Hwɛ asɛm a yɛato din “Yesii Gyinae Sɛ Yɛbɛyɛ Yɛn Ho Awiɛmfoɔ” no. Wubehu wɔ nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din “Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm” afa hɔ. Ɛwɔ jw.org.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Nasirini bi wɔ ɔdan bi atifi, na n’ani tua sɛ nkurɔfo rekosie ne busuani bi a ɔda ne koma so. Ntam a waka nti, ɔrentumi nkɔka wɔn ho.