Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛnea Yehowa tumi kyerɛ nea ebesi daakye no, dɛn na Bible ka wɔ ho?

Bible ma ɛda adi pefee sɛ Yehowa betumi aka nea ebesi daakye. (Yes. 45:21) Nanso, ɔkwan a ɔfa so yɛ no, bere a ɔyɛ saa, anaa nea ɔpɛ sɛ ohu fa ho no, ɛnyɛ ne nyinaa na Bible ka ho asɛm. Enti nsɛm a ɛtete saa no, ɛnyɛ ɛho biribiara na yebetumi asi no pi. Nanso, yɛnhwɛ nokwasɛm a edidi so yi.

Yehowa betumi ayɛ biribiara gye sɛ nea ɔno ara mpɛ sɛ ɔyɛ. Ne nyansa a enni ano nti, nea ɔpɛ sɛ ɔhyɛ ho nkɔm biara, obetumi ayɛ. (Rom. 11:33) Afei nso, esiane sɛ otumi hyɛ ne ho so sen obiara nti, biribi a ebesi daakye no, obetumi asi gyinae sɛ ɔmpɛ sɛ ohu.—Fa toto Yesaia 42:14 ho.

Yehowa ma n’apɛde yɛ hɔ. Sɛnea Yehowa tumi kyerɛ nea ebesi daakye no, saa asɛm yi fa ho sɛn? Yesaia 46:10 ka sɛ: “Mifi mfiase ka awiei asɛm, na mifi tete ka nea ensii; meka sɛ, ‘Me gyinaesi bɛba mu ɔkwan biara so, na nea ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’”

Ade baako nti a Yehowa betumi aka nea ebesi daakye ne sɛ, ɔwɔ tumi a obetumi ama nsɛm bi asisi. Nsɛm a ebesisi daakye no, ɛnyɛ sɛ asisi dedaw na wɔde ayɛ biribi te sɛ sini a ɛwɔ hɔ, na sɛ Yehowa pɛ sɛ ohu nea ebesi daakye a na wakɔhwɛ. Mmom, Yehowa betumi aka sɛ asɛm bi besi bere pɔtee bi, na bere no so a, wahwɛ ma asi.—Ex. 9:​5, 6; Mat. 24:36; Aso. 17:31.

Wei nti, nsɛm bi a Yehowa pɛ sɛ esisi daakye no, Bible de nsɛm te sɛ “mehyɛ too hɔ” ne “mabɔ me tirim” na ɛka ho asɛm. (2 Ahe. 19:25; Yes. 46:11) Asɛmfua a wɔakyerɛ ase “mehyɛ too hɔ” ne “mabɔ me tirim” no, ɛne asɛmfua a wɔakyerɛ ase “ɔnwemfo” na ɛnam. (Yer. 18:4) Sɛnea ɔnwemfo a waben wɔ n’adwuma mu betumi de dɔte ayɛ kuku fɛfɛɛfɛ no, saa ara na Yehowa nso betumi adannan nneɛma ma n’atirimpɔw aba mu.—Efe. 1:11.

Yehowa de obiara pɛ ama no. Ɔnhyehyɛɛ obiara nkrabea ntoo hɔ. Saa ara nso na ompiapia nnipa a wɔwɔ koma pa sɛ wɔnyɛ biribi a ɛde wɔn bɛkɔ ɔsɛe mu. Ɔma obiara kwan sɛ ɔnkyerɛ sɛnea ɔbɛbɔ ne bra, nanso ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ nea ɛtene.

Yɛnhwɛ nhwɛso mmienu bi. Nea edi kan no fa Niniwefo ho. Yehowa kaa sɛ ɔbɛsɛe Niniwe kurow no, efisɛ na abɔnefo ahyɛ mu ma. Nanso bere a kurow no mufo sakraa wɔn adwene no, Yehowa ‘sesaa n’adwene wɔ ɔhaw a ɔkae sɛ ɔde bɛba wɔn so no ho, na wanyɛ wɔn hwee.’ (Yona 3:​1-10) Nea Yehowa kaa sɛ ɔbɛyɛ Niniwefo no, nea enti a ɔsesaa n’adwene wɔ ho ne sɛ, Niniwefo no fii wɔn pɛ mu tiee kɔkɔbɔ a Yehowa de maa wɔn no.

Nhwɛso a ɛtɔ so mmienu no yɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Kores a odii Babilon so nkonim no ho. Yehowa kaa sɛ, Kores na obegye Yudafo no afi nkoasom mu na wahyɛ mmara sɛ wɔnsan nkosi Yehowa asɔrefie no. (Yes. 44:26–45:4) Ampa-ne-ampa ara, Kores a ɔbɛyɛɛ Persia hene no na ɔmaa saa nkɔmhyɛ yi baa mu. (Esra 1:​1-4) Nanso, Kores ansom nokware Nyankopɔn no. Yehowa nam Kores so maa saa nkɔmhyɛ yi baa mu, nanso wanhyɛ Kores sɛ ɔnsom no.—Mmeb. 21:1.

Nneɛma a Yehowa susuw ho ansa na wakyerɛ nea ebesi daakye no, wei yɛ emu kakraa bi. Nokwasɛm paa ne sɛ, onipa biara nni hɔ a obetumi ate Yehowa akwan ase awie. (Yes. 55:​8, 9) Nanso, nea Yehowa ama yɛahu, a sɛnea otumi kyerɛ nea ebesi daakye nso ka ho no, ɛhyɛ yɛn gyidi den sɛ bere nyinaa ɔyɛ nea ɛtene.