Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA HO NYANSAHYƐ

Hwehwɛ Bible Mu Akorade a Wubetumi De Abɔ Wo Bra

Hwehwɛ Bible Mu Akorade a Wubetumi De Abɔ Wo Bra

Sɛ yɛkenkan Bible a, yebetumi ayɛ nhwehwɛmu de apɛ akorade. Nanso yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso kɛse?

Tweetwee Bible mu nsɛm no mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wubetumi abisa wo ho sɛ, hena na ɔkyerɛw saa asɛm yi, ɔkyerɛw maa hena, na bere bɛn na ɔkyerɛwee? Nsɛm bɛn na na ɛrekɔ so saa bere no, dɛn na esii ansa na ɔrekyerɛw saa asɛm no, ɔkyerɛw wiei no, dɛn na esii?

Dwen nea wubetumi asua afi mu no ho. Wubetumi de nsɛmmisa a edidi so yi ayɛ nhwehwɛmu: ‘Nnipa a merekenkan wɔn ho asɛm no, sɛn na na wɔte nka? Suban bɛn na wɔdaa no adi? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ misuasua saa suban no, anaa adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekwati saa suban no?’

Fa asuade a ɛwom no yɛ adwuma. Ebia wubetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu anaa wo ne afoforo ayɔnkofa mu. Woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wunim nyansa, efisɛ Bible ka sɛ: “Obiara a ɔyɛ onyansafo de nsɛm yi bɛto ne tirim.”—Dw. 107:43.

  • Nyansahyɛ: Nnawɔtwe mfinimfini adesua no fã a ɛne Bible Mu Akorade no, hwɛ sɛnea ɛboa yɛn ma yɛde nea yesua no yɛ adwuma. Saa ɔfã no, mpɛn pii no, nsɛm a yebetumi abisa yɛn ho, nsɛntitiriw a yebetumi adwinnwen ho, ne mfoni a yebetumi asusuw ho wɔ hɔ.