Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 16

DWOM 64 Fa Anigye Yɛ Otwa Adwuma no Bi

Sɛnea Wubenya Anigye Kɛse Wɔ Asɛnka Adwuma No Mu

Sɛnea Wubenya Anigye Kɛse Wɔ Asɛnka Adwuma No Mu

“Momfa anigye nsom Yehowa.”DW. 100:2.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Saa adesua asɛm yi bɛma yɛahu nea yɛyɛ a yebenya anigye kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu.

1. Sɛ ebinom rekɔka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo a, ɛyɛ a wɔte nka sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

 ESIANE sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo nti, yɛka asɛm no kyerɛ afoforo, efisɛ yɛdɔ yɛn soro Agya no, na yɛpɛ sɛ yɛboa afoforo nso ma wɔbehu no. Adawurubɔfo pii ani gye asɛnka adwuma no ho paa. Nanso ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔde anigye bɛyɛ. Adɛn ntia? Ebia ebinom fɛre ade paa anaa wɔnni akokoduru. Ɛhaw ebinom nso sɛ wɔbɛsɔre akɔ obi a wɔnnim no fie sɛ wɔrekodi no adanse. Afoforo nso suro sɛ anhwɛ a na wɔapam wɔn. Ebinom nso, sɛnea wɔtetee wɔn nti, ɛyɛ a wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛbɛhaw afoforo. Ɛwom sɛ anuanom a ɛtete saa nyinaa dɔ Yehowa paa, nanso ɛyɛ wɔn den sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ obi a wɔnnim no. Ne nyinaa mu no, wɔnim sɛ saa adwuma yi ho hia paa, enti wɔkɔ asɛnka daa. Yehowa ani sɔ nea wɔyɛ no paa!

W’ani gye asɛnka adwuma no ho anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 1)


2. Sɛ ɛtɔ da na asɛnka adwuma no nyɛ wo dɛ a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ w’abam bu?

2 Nkyekyɛm baako no ama yɛahu nea enti a ɛtɔ da a asɛnka adwuma no nyɛ ebinom dɛ. Wo nso ɛ? Biribi a ɛte saa nti, ɛmma asɛnka adwuma no nyɛ wo dɛ anaa? Sɛ saa a, mma w’abam mmmu. Akokoduru a wunni no betumi akyerɛ sɛ wobrɛ wo ho ase na wompɛ sɛ afoforo adwene ba wo so. Afei nso, ebetumi akyerɛ sɛ wompɛ sɛ wo ne afoforo benya akasakasa. Obiara nni hɔ a sɛ wɔbu no animtiaa a n’ani begye, ɛnkanka bere a ɔreyɛ adepa ama afoforo no. Wo soro Agya no nim ɔhaw a wofa mu no paa, na mmoa biara a wuhia no, ɔpɛ sɛ ɔde ma wo. (Yes. 41:13) Adesua yi mu no, yebesusuw nyansahyɛ nnum bi ho, na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi ɔhaw a ɛtete saa so, na ama yɛanya anigye wɔ asɛnka adwuma no mu.

MA ONYANKOPƆN ASƐM NHYƐ WO DEN

3. Dɛn na ɛboaa odiyifo Yeremia ma ɔkaa asɛm no kyerɛɛ afoforo?

3 Efi teteete nyinaa, sɛ Onyankopɔn ma n’asomfo adwuma bi a ɛyɛ den a, ɔka nsɛm bi de hyɛ wɔn den. Wo de, yɛnhwɛ odiyifo Yeremia. Bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔka atemmusɛm bi no, na ɔretwetwe ne ho. Yeremia kaa sɛ: “Minnim kasa, efisɛ meyɛ abofra.” (Yer. 1:6) Dɛn na ɛboaa no ma onyaa akokoduru? Onyankopɔn anom asɛm hyɛɛ no den. Ɔkaa sɛ: “Ɛyɛe sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu wɔ me nnompe mu; ɛhyehyee me boroo so.” (Yer. 20:​8, 9) Asaasesin a na ɛsɛ sɛ Yeremia kɔyɛ mu adwuma no, ɛwom sɛ na emu yɛ den, nanso asɛm a Yehowa de hyɛɛ n’ano sɛ ɔnkɔka no hyɛɛ no den.

4. Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm na yedwinnwen ho a, ɛboa yɛn sɛn? (Kolosefo 1:​9, 10)

4 Onyankopɔn Asɛm hyɛ Kristofo den. Bere a ɔsomafo Paul kyerɛw krataa kɔmaa asafo a na ɛwɔ Kolose no, ɔkaa sɛ, sɛ wɔnya nokware nimdeɛ a, ɛbɛboa wɔn ma ‘wɔanantew ɔkwampa so wɔ Yehowa anim,’ na wɔakɔ so “asow aba wɔ adwuma pa biara mu.” (Kenkan Kolosefo 1:​9, 10.) Asɛnka adwuma no ka saa adwuma pa no ho. Enti sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm na yedwinnwen ho a, gyidi a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no yɛ kɛse. Afei nso, ɛma yehu pefee sɛ, Ahenni no ho asɛm a yɛbɛka no ho hia paa.

5. Sɛ yɛrekenkan Bible anaa yɛresua a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya so mfaso paa?

5 Sɛ yɛrekenkan Onyankopɔn Asɛm no, yɛresua anaa yɛredwinnwen ho a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ no gya-so-gya-so; ɛsɛ sɛ yɛto yɛn bo ase. Wei bɛboa yɛn ma yɛanya so mfaso paa. Sɛ wokan kyerɛwsɛm bi na ɛyɛ den sɛ wobɛte ase a, ntwiw mfa so. Mmom, Watch Tower Publications Index anaa Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no, fa yɛ saa kyerɛwsɛm no mu nhwehwɛmu kɔ akyiri. Sɛ woto wo bo ase sua ade a, ɛbɛma woagye adi paa sɛ Onyankopɔn Asɛm no yɛ nokware. (1 Tes. 5:21) Sɛ wubegye di paa sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware a, ɛbɛkanyan wo ma wode anigye aka ho asɛm akyerɛ afoforo.

SIESIE WO HO YIYE ANSA NA WOAKƆ ASƐNKA

6. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye ansa na yɛakɔ asɛnka?

6 Sɛ wusiesie wo ho yiye ansa na woakɔ asɛnka a, sɛ wo ne afoforo rebɔ nkɔmmɔ a, ɛremma wo yam nhyehye wo pii. Yesu boaa n’asuafo no ma wɔsiesiee wɔn ho ansa na ɔresoma wɔn ma wɔakɔka asɛmpa no. (Luka 10:​1-11) Esiane sɛ wɔde nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no yɛɛ adwuma nti, wɔn asɛnka adwuma no sow aba, na ɛmaa wɔn ani gyei paa.—Luka 10:17.

7. Dɛn na yebetumi ayɛ de asiesie yɛn ho ansa na yɛakɔ asɛnka? (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Dɛn na yebetumi ayɛ de asiesie yɛn ho ansa na yɛakɔ asɛnka? Nea yɛpɛ sɛ yɛka no, ɛsɛ sɛ yedwen ho, na yɛn ankasa de yɛn nsɛm ka no kwan bi so a ɛrenyɛ den sɛ ofiewura no bɛte ase. Afei nso, asɛm a yɛrekɔka akyerɛ nkurɔfo no, sɛnea ebia wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ ho no, ɛsɛ sɛ yedwen ho, na yehu nea yɛn nso yɛbɛyɛ. Ɛba saa na sɛ yehyia nkurɔfo a, yɛrempere yɛn ho, yɛbɛserew akyerɛ wɔn, na yɛne wɔn akasa fɛfɛɛfɛ.

Siesie wo ho yiye ansa na woakɔ asɛnka (Hwɛ nkyekyɛm 7)


8. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristofo te sɛ dɔte anwenne a ɔsomafo Paul kaa ho asɛm no?

8 Ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ ne nuanom Kristofo sɛ: “Yɛwɔ saa agyapade yi wɔ dɔte anwenne mu.” (2 Kor. 4:7) Dɛn ne saa agyapade yi? Ɛno ne Ahenni asɛmpaka adwuma a egye nkurɔfo nkwa no. (2 Kor. 4:1) Dɛn ne dɔte anwenne no? Dɔte anwenne no gyina hɔ ma Onyankopɔn asomfo a wɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo no. Paul bere so no, na aguadifo de nneɛma a ɛsom bo te sɛ aduan, bobesa ne sika gu nkuku ne nhina mu tu kwan. Saa ara na yɛn nso Yehowa de asɛmpa a ɛsom bo no ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnkɔka nkyerɛ afoforo. Enti Yehowa betumi ahyɛ yɛn den ma yɛakɔ so aka asɛmpa no.

BƆ MPAE HWEHWƐ AKOKODURU

9. Yɛbɛyɛ dɛn adi nnipa ho suro so? (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Ɛtɔ da a, nnipa ho suro betumi ahyɛ yɛn so ma yɛate nka sɛ, sɛ yɛkɔka asɛm no a, anhwɛ a nkurɔfo rentie. Yɛbɛyɛ dɛn adi saa ɔhaw no so? Bere a wɔka kyerɛɛ asomafo no denneennen sɛ mma wɔnnka asɛmpa no, yɛnhwɛ mpae a wɔbɔe. Sɛ́ anka wɔbɛma ehu ahyɛ wɔn so no, wɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wɔn mma ‘wɔnkɔ so mfa akokoduru kɛse nka n’asɛm.’ Amonom hɔ ara na Yehowa tiee wɔn mpaebɔ no. (Aso. 4:​18, 29, 31) Yɛn nso, ɛtɔ da na nnipa ho suro kyekyere yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn. Ka kyerɛ Yehowa sɛ ɔmma ɔdɔ a wowɔ ma nnipa no nyɛ kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a worensuro sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn.

Bɔ mpae hwehwɛ akokoduru (Hwɛ nkyekyɛm 9)


10. Sɛn na Yehowa boa yɛn ma yedi ne ho adanse? (Yesaia 43:​10-12)

10 Yehowa apaw yɛn sɛ n’Adansefo, na ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛanya akokoduru. (Kenkan Yesaia 43:​10-12.) Akwan a ɔfa so yɛ saa no, momma yɛnhwɛ emu nnan pɛ. Nea edi kan, bere biara a yɛbɛka asɛmpa no, Yesu ka yɛn ho. (Mat. 28:​18-20) Nea ɛtɔ so mmienu, Yehowa ma abɔfo boa yɛn. (Adi. 14:6) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, Yehowa ama yɛn ne honhom kronkron no sɛ ɛmmoa yɛn na ɛnkaakae yɛn nneɛma a yɛasua no. (Yoh. 14:​25, 26) Nea ɛtɔ so nnan, Yehowa ama yɛn anuanom a wɔbɛboa yɛn wɔ asɛnka adwuma no mu. Bere a Yehowa ka yɛn ho na yɛn nuanom nso taa yɛn akyi yi de, yebetumi anya akokoduru akɔ so ayɛ asɛnka adwuma no.

YƐ FAKAA NA NYA NKURƆFO HO ADWEMPA

11. Wowɔ asɛnka mu a, wobɛyɛ dɛn anya nnipa pii aka asɛm no akyerɛ wɔn? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Sɛ wontaa nto nkurɔfo wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu a, ɛyɛ a w’abam bu anaa? Ɛnde bisa wo ho sɛ: ‘Merekasa yi, ɛhe na nnipa a ɛwɔ m’asaasesin mu no wɔ?’ (Aso. 16:13) ‘Wɔwɔ adwumam anaa wɔrekodi gua?’ Sɛ saa a, adɛn na wunni adanse wɔ mmɔnten so, baabi a wubenya nnipa pii? Onua bi a ne din de Joshua ka sɛ: “Sɛ menam baabi a wɔdi gua anaa baabi a nnipa dɔɔso a, ɛyɛ a minya nkurɔfo di wɔn adanse.” Afei nso, sɛ ɔne ne yere Bridget yɛ afie afie asɛnka no anwummere anwummere anaa Kwasida awia a, wɔto nnipa pii wɔ fie.—Efe. 5:​15, 16.

Sesa ɔkwan a wofa so yɛ asɛnka adwuma no mu (Hwɛ nkyekyɛm 11)


12. Yɛbɛyɛ dɛn ahu nea nkurɔfo gye di anaa nea ɛhaw wɔn?

12 Sɛ nkurɔfo nhyɛ da nkyerɛ asɛmpa no ho anigye a, bɔ mmɔden sɛ wubehu nea wɔgye di anaa nea ɛhaw wɔn. Sɛ Joshua ne Bridget redi nkurɔfo adanse a, asɛmmisa a ɛwɔ nkratawa a yɛde kɔ asɛnka no anim no, ɛno na ɛyɛ a wɔde fi nkɔmmɔbɔ ase. Sɛ wɔde kratawa a yɛato din, Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn? no na ɛreyɛ adwuma a, ɛyɛ a wɔka sɛ: “Ebinom bu Bible sɛ nhoma a efi Onyankopɔn hɔ, nanso afoforo mmu no saa. Wo nso, wudwen ho sɛn?” Wei tumi bue hokwan ma wɔne wɔn bɔ nkɔmmɔ.

13. Sɛ nkurɔfo ntie asɛmpa no mpo a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ asɛnka adwuma no rekɔ yiye? (Mmebusɛm 27:11)

13 Ɛnyɛ tie a nkurɔfo betie asɛmpa no na ɛkyerɛ sɛ asɛnka adwuma no rekɔ yiye. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ nea Yehowa ne ne Ba no pɛ sɛ yɛyɛ no, ɛno ara na yɛreyɛ no—ɛne sɛ yɛredi adanse. (Aso. 10:42) Sɛ mpo yɛannya obiara anka asɛmpa no ankyerɛ no anaa sɛ nkurɔfo antie a, yɛn ani betumi agye efisɛ yenim sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ yɛn soro Agya no ani.—Kenkan Mmebusɛm 27:11.

14. Sɛ ɔdawurubɔfo bi nya obi a n’ani gye Bible no ho wɔ asaasesin no mu a, adɛn nti na yɛn ani betumi agye?

14 Sɛ ɔdawurubɔfo bi nya obi a n’ani gye Bible no ho wɔ asaasesin no mu a, yɛn nso yɛn ani betumi agye. Ɔwɛn-Aban no de yɛn adwuma no toto nkurɔfo a wɔrehwehwɛ abofra bi a wayera ho. Nnipa pii na wɔhwehwɛ no wɔ mmeaemmeae. Sɛ wɔhu abofra no a, obiara ani gye; ɛnyɛ nea ohuu no no nko ara. Saa ara na asuafoyɛ adwuma no nso te; asafo no mufo nyinaa na ɛbom yɛ. Yɛn nyinaa na yɛyɛ asaasesin no mu adwuma, na sɛ obi fi ase ba adesua a, yɛn nyinaa ani gye.

MA ƆDƆ A WOWƆ MA YEHOWA NE WO YƆNKO NIPA NO MU NYƐ DEN

15. Sɛ yɛde asɛm a ɛwɔ Mateo 22:​37-39 no yɛ adwuma a, sɛn na ɛbɛboa ama anigye a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ayɛ kɛse? (Hwɛ mfoni no nso.)

15 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnko nipa no, sɛ yɛma emu yɛ den a, ɛbɛma anigye a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ayɛ kɛse. (Kenkan Mateo 22:​37-39.) Sɛ Yehowa hu sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, ɛma n’ani gye paa! Afei nso, sɛ nkurɔfo fi ase sua Bible no a, ɛma wɔn ani gye sɛ. Bio nso, kae sɛ, wɔn a wɔtie asɛm a yɛka no betumi anya daa nkwa.—Yoh. 6:40; 1 Tim. 4:16.

Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnko nipa no, sɛ yɛma emu yɛ den a, ɛbɛma anigye a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ayɛ kɛse (Hwɛ nkyekyɛm 15)


16. Sɛ yare anaa biribi nti yɛaka fie a, yɛbɛyɛ dɛn anya anigye wɔ asɛnka adwuma no mu? Ma ho nhwɛso.

16 Yare anaa biribi nti woaka fie anaa? Sɛ saa a, ɛnde hwɛ nea wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wodɔ Yehowa ne wo yɔnko nipa. COVID-19 nsanyare no bae no, na Samuel ne Dania aka fie. Saa bere no nyinaa na wɔtaa yɛ tɛlefon so adansedi, wɔkyerɛw nkrataa, na na wɔyɛ Bible adesua wɔ Zoom so. Ná Samuel yare kansa. Ayaresabea a na ɔkɔ hɔ kogye ayaresa no, na odi wɔn a ohyia wɔn wɔ hɔ no adanse. Ɔka sɛ: “Sɛ yehyia ɔhaw a, yɛn adwene tumi tu fra, yetumi te nka sɛ yɛabrɛ, na yɛn gyidi nso tumi hinhim. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nea yebetumi ayɛ ama yɛn ani agye wɔ Yehowa som mu.” Samuel yare yi mu na Dania nso kɔhwee ase ma ɔkaa mpa mu abosome mmiɛnsa. Ɛno akyi no, ɔtenaa mmubuafo akongua mu abosome nsia. Dania ka sɛ: “Mebɔɔ mmɔden yɛɛ nea metumi biara wɔ me tebea no mu. Mitumi kaa asɛmpa no bi kyerɛɛ nɛɛse bi a ɔbɛhwɛɛ me ne wɔn a wɔde nneɛma brɛ yɛn wɔ fie. Afei nso, ɔbea bi a ɔne kɔmpene bi a ɛtɔn ayaresa ho nneɛma yɛ adwuma no, na me ne no bɔ nkɔmmɔ kama.” Tebea a Samuel ne Dania kɔɔ mu no nti, na wɔntumi nyɛ pii, nanso wɔyɛɛ nea wɔbetumi biara, na ɛno maa wɔn ani gyei.

17. Nyansahyɛ a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no, wobɛyɛ dɛn anya so mfaso paa?

17 Nyansahyɛ a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu no, sɛ yɛde ne nyinaa yɛ adwuma a, ɛnna yebenya so mfaso paa. Nyansahyɛ yi mu biara te sɛ nneɛma bi a yɛkeka bom de yɛ aduan bi. Sɛ wode ne nyinaa yɛ aduan no a, ɛma aduan no yɛ dɛ. Nyansahyɛ a yɛasusuw ho no nso, sɛ yɛde ne nyinaa yɛ adwuma a, ɔhaw a yehyia wɔ asɛnka mu no, yebetumi adi so ama yɛn ani agye asɛnka adwuma no ho kɛse.

NEA EDIDI SO YI, SƐN NA ƐBƐBOA WO MA W’ANI AGYE WƆ ASƐNKA ADWUMA NO MU?

  • Sie a wubesiesie wo ho yiye

  • Mpae a wobɛbɔ ahwehwɛ akokoduru

  • Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne wo yɔnko nipa a wobɛhyɛ mu den

DWOM 80 “Monka Nhwɛ na Munhu sɛ Yehowa Ye”