Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Me Mmerɛwyɛ Ama Mahu Sɛ Onyankopɔn Tumi Sõ

Me Mmerɛwyɛ Ama Mahu Sɛ Onyankopɔn Tumi Sõ

BERE a me ne me yere koduu Colombia afe 1985 no, aturuturasɛm a na ɛrekɔ so wɔ ɔman no mu no, na ani yɛ nyan paa. Saa bere no, nkurɔfo a wɔaben wɔ nnubɔne tɔn mu a na wɔtete nkurow akɛse mu no, na aban no retu wɔn so sa. Afei nso, asogyafo bi a wɔwɔ mmeae a mmepɔw wɔ a na wɔreko tia aban no, na aban no ani abere wɔn so denneennen. Medellín mpɔtam a akyiri yi yɛkɔsomee wɔ hɔ no nso, baabiara a wobɛfa biara, wubehu sɛ mmerante a wɔaka wɔn ho abom kurakura atuo redi mmɔnten so atenantwie. Ná wɔtɔn nnubɔne. Afei nso, na wɔtumi ka kyerɛ obi sɛ, sɛ ɔmpɛ sɛ wɔbedi no bɔne a, ɛnde ontua sika sei anaa sei. Ɛno pa ho a, sɛ obi pɛ sɛ okokum obi a, na ɔbɔ wɔn paa. Wɔn mu biara nni hɔ a onyin kyɛe. Ɛyɛɛ yɛn sɛ gyama yɛwɔ okyinnsoromma foforo so.

Aman a ɛwɔ asaase atifi fam paa no, Finland ka ho. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na me ne me yere, mpapahwekwa mmienu, fii hɔ bepuee South America? Afei nso, mfe a abɛsen kɔ yi nyinaa mu no, asuade bɛn na manya wɔ m’asetenam?

ME MMOFRAASE WƆ FINLAND

Wɔwoo me afe 1955. Ná yɛyɛ mmarima mmiɛnsa; me na na misua. Minyinii wɔ Finland man no anaafo; ná ɛhɔ yɛ mpoano. Seesei wɔfrɛ saa kurow no Vantaa.

Me maame bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni no, mfe kakra akyi na ɔwoo me. Nanso na me papa ani nnye nokware no ho, enti na ɔmpene mma me maame ne yɛn nsua ade anaa ɔmfa yɛn nkɔ adesua. Nanso sɛ me papa nni hɔ a, na ɔde Bible mu nsɛm kyerɛkyerɛ yɛn.

Midii mfe nson no, misii gyinae sɛ merenyɛ Yehowa so asoɔden

Efi me mmofraase na misii gyinae sɛ merenyɛ Yehowa so asoɔden. Mɛyɛ nhwɛso a, midii mfe nson no, bere bi, esiane sɛ mampene sɛ medi verilättyjä (Finlandfo pankeeki bi a wɔde mogya fra yɛ) nti, me tikya bo fuw me denneennen. Ɔde ne nsa baako miaa m’afono sɛ obebue m’anom, na ne nsa baako a ekura fɔk a pankeeki hyɛ ano no, ɔyɛe sɛ ɔde bɛhyɛ m’anom. Nanso, mefaa kwan bi so bɔɔ fɔk no fii ne nsam.

Midii mfe 12 no, me papa wui. Ɛno akyi no, mitumi kɔɔ adesua. Anuanom mmarima a ɛwɔ asafo no mu no, wɔma mihui sɛ wɔpɛ m’asɛm, na wei boaa me ma minyaa nkɔso wɔ Yehowa som mu. Mifii ase suaa Bible no da biara na meyeree me ho suaa asafo nhoma nso. Wei boaa me paa, enti August 8, 1969 no, mebɔɔ asu. Saa bere no, na madi mfe 14.

Miwiee sukuu no, ankyɛ koraa na mifii akwampae adwuma no ase. Nnawɔtwe kakra akyi no, mitu kɔɔ baabi a na mmoa ho hia wɔ Pielavesi, baabi a ɛbɛn Finland man no mfinimfini.

Pielavesi na mihyiaa me dɔfo Sirkka. Ná m’ani gye ne ho paa efisɛ na ɔbrɛ ne ho ase, na na ɔdɔ Yehowa paa. Ná ɔnyɛ obi a ɔpɛ sɛ afoforo adwene ba ne so. Afei nso, na onni ahonyade akyi. Ná yɛn mmienu nyinaa pɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ Yehowa som mu. Bio nso, ɛmfa ho adwuma biara a na wɔde bɛma yɛn no, na yɛayɛ krado sɛ yɛbɛyɛ. Yɛwaree March 23, 1974. Sɛ́ anka yɛbɛkɔ akogye yɛn ani wɔ yɛn ayeforohyia no akyi pɛɛ no, yɛkɔsomee wɔ Karttula. Saa bere no, na wɔhia adawurubɔfo paa ma wɔaka Ahenni ho asɛm no wɔ hɔ.

Ɔdan a yɛhanee wɔ Karttula, Finland

YEHOWA HWƐƐ YƐN

Kar a me nuabarima de maa yɛn no

Efi bere a yɛwaree no, Yehowa ama yɛahu sɛ, sɛ yɛhwehwɛ n’Ahenni no kan a, ɔbɛhwɛ yɛn. (Mat. 6:33) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛwɔ Karttula no, na yenni kar. Enti sakre ara na na yɛde yɛ yɛn som adwuma. Nanso edu awɔwbere a, na ɛhɔ tumi yɛ nwini paa. Ná asafo no asaasesin so paa, enti na yehia kar na yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no. Nanso na yenni sika a yɛde bɛtɔ bi.

Mpofirim ara na me nuabarima panyin bɛsraa yɛn. Ɔde ne kar kyɛɛ yɛn. Ná watua ɛho insurance nyinaa dedaw. Pɛtro nko ara na na ɛsɛ sɛ yɛtɔ gu mu. Yɛtɔ guu mu wiei no, yɛn na yɛanya kar yi.

Yehowa ma yehui sɛ, ɔbɛhwɛ ama yɛn nsa aka nea yehia. Ná yɛn de ara ne sɛ yɛde Ahenni no bedi kan.

GILEAD SUKUU

Akwampaefo Ɔsom Sukuu a yɛkɔe wɔ afe 1978 mu

Afe 1978 bere a yɛkɔɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no, yɛn akyerɛkyerɛfo no baako a ne din de Raimo Kuokkanen a hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhyehyɛ Gilead akwammisa krataa no bi. Enti yefii ase suaa Borɔfo kasa sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akɔ bi. Nanso afe 1980 no, bere a yennya nhyehyɛɛ akwammisa krataa no, wɔfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmra Finland Betel. Saa bere no, sɛ obi wɔ Betel a, na ɔrentumi nkɔ Gilead. Nanso na yɛayɛ krado sɛ baabi a Yehowa pɛ sɛ yɛkɔsom no, ɛhɔ na yɛbɛkɔ na ɛnyɛ baabi a yɛpɛ. Enti yɛkɔɔ Betel. Nanso yɛkɔɔ so ara suaa Borɔfo kasa na sɛ daakye hokwan no ba sɛ yɛbɛkɔ Gilead a, yɛatumi akɔ bi.

Ɛno akyi no, ankyɛ koraa na Akwankyerɛ Kuw no kaa sɛ Betelfo nso betumi akɔ Gilead. Enti ntɛm ara na yɛhyehyɛɛ akwammisa krataa no bi; ɛnyɛ sɛ na yɛn ani nnye wɔ Betel nti na yɛyɛɛ saa. Mmom, na yɛpɛ sɛ yetu yɛn ho ma kɔboa wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Gilead, na adesuakuw a ɛtɔ so 79 a ewiee sukuu September 1985 no, na yɛka ho. Yewiei no, wɔma yɛkɔɔ Colombia.

YƐN ASƐMPATRƐW DWUMADI A EDI KAN

Yɛkɔɔ Colombia no, wɔma yɛyɛɛ adwuma wɔ Betel. Meyeree me ho yɛɛ adwuma a wɔde hyɛɛ me nsa wɔ Betel no, nanso afe baako akyi no, na mepɛ sɛ wɔsesa yɛn dwumadi. Saa bere yi nko ara na mesrɛe sɛ wɔnsesa yɛn dwumadi. Ɛno akyi no, wɔma yɛkɔyɛɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Neiva a ɛwɔ Huila mantam mu.

Efi me mmerantebere mu nyinaa, m’ani gye asɛnka ho paa. Bere a meyɛ ɔkwampaefo wɔ Finland a na menwaree no, ɛtɔ da na mehyɛ asɛnka ase anɔpatutuutu a, gye sɛ anwummere ansa na mapɔn. Me ne Sirkka waree foforo no nso, na yetumi kɔ asɛnka kyɛ paa. Sɛ yɛkɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ akyirikyiri a, ɛtɔ da a, na yɛda yɛn kar mu. Wei nti na yɛnsɛe bere pii wɔ akwantu mu, enti sɛ ade kye a, na yetumi fi asɛnka ase ntɛm.

Yɛkɔyɛɛ asɛmpatrɛwfo no, ahokeka a na yɛde yɛ asɛnka adwuma no san bae. Asafo a na yɛwom no yɛɛ kɛse; yɛn nuanom Colombiafo no nso, na wɔbu ade, wɔdɔ nnipa, na na wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ.

MPAEBƆ WƆ TUMI

Neiva a na yɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma no, na nkurow bi bemmɛn hɔ a anuanom nni hɔ. Sɛnea ɛbɛyɛ a asɛmpa no bedu mmeae a ɛtete saa no, na ɛho asɛm haw me. Nanso ntɔkwaw a na ɛrekɔ so wɔ hɔ nti, na ɛhɔ nye mma ahɔho. Enti mebɔɔ mpae sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, obi a ofi kurom hɔ mmɛyɛ Ɔdansefo. Ɛkaa me nko a, na anka saa nipa no te Neiva sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asua nokware no. Enti mebɔɔ mpae nso sɛ, onii no asubɔ akyi no, ɔbɛyere ne ho anya nkɔso na wasan akɔ ne kurom akɔka asɛmpa no. Anka ɛsɛ sɛ mihu sɛ Yehowa wɔ ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ no yiye koraa sen sɛnea na misusuw no.

Ɛno akyi no, ankyɛ biara na me ne aberante bi a ne din de Fernando González fii ase suaa Bible. Ná ɔte Algeciras; na ɛka nkurow a na Ɔdansefo biara nte hɔ no ho. Ná Fernando twa kwan bɛboro kilomita 50 anaa akwansin 30 ba Neiva bɛyɛ adwuma. Ansa na ɔbɛba ama yɛasua ade no, na wasua no yiye, na wantwentwɛn ne nan ase koraa na ofii ase baa adesua no nyinaa. Nnawɔtwe a Fernando fii ase suaa ade no, efi saa bere no nyinaa, na ɔboaboa ne kuromfo no bi ano, na na ɔde nea osua fi Bible mu no kyerɛkyerɛ wɔn.

Me ne Fernando, afe 1993

Fernando fii ase suaa ade no, abosome nsia akyi na ɔbɔɔ asu; ɔbɔɔ asu January afe 1990. Ɛno akyi no, ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. Seesei a Ɔdansefo baako a ɔyɛ kuromanni wɔ Algeciras yi, afei de na ɛnyɛ hu sɛ Betel de akwampaefo atitiriw bɛkɔ hɔ. February afe 1992 no, wɔtew asafo wɔ saa kurow no mu.

Fernando kurom nko ara na ɔyɛɛ asɛnka adwuma no anaa? Daabi! Ɔwaree no, ɔne ne yere tu kɔɔ San Vicente del Caguán. Ná ɛyɛ kurow bi a Ɔdansefo biara nni hɔ. Wɔboa maa asafo baa hɔ. Afe 2002 no, Fernando bɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo, na ɔne ne yere Olga da so ara reyɛ ɔmansin adwuma no.

Saa suahu yi ma mihui sɛ, sɛ merebɔ yɛn som adwuma no ho mpae a, ɛho hia paa sɛ meka nneɛma pɔtee ho asɛm. Nea yentumi nyɛ no, Yehowa tumi yɛ. Ade yi, otwa adwuma no nyɛ yɛn dea, ɛyɛ ne dea.—Mat. 9:38.

YEHOWA MA YƐN ‘ƆPƐ NO NE AHOƆDEN A YƐDE BƐYƐ N’APƐDE’

Afe 1990 no, wɔma yɛkɔyɛɛ ɔmansin adwuma. Ɔmansin a yedii kan kɔyɛɛ mu adwuma no, na ɛwɔ ɔman no ahenkurow Bogotá mu. Dwumadi no bɔɔ yɛn hu, efisɛ na me ne me yere yɛ mpapahwekwa a yenni ɔdom akyɛde titiriw biara. Afei nso, na yɛntenaa kurow kɛse a emu yɛ bagyabagya saa da. Nanso Yehowa dii ɛbɔ a wahyɛ wɔ Filipifo 2:13 no so. Ɛhɔ ka sɛ: “Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔkanyan mo sɛnea ɛsɔ n’ani, na ama moanya ɔpɛ no ne ahoɔden a mode bɛyɛ n’apɛde.”

Akyiri yi, wɔmaa yɛn ɔmansin bi a ɛwɔ Medellín; saa kurow no na mekaa ho asɛm mfiase no. Ná aturuturasɛm kɔ so wɔ kurow no mu ara ma nnipa a na ɛwɔ hɔ no, na atii wɔn. Mɛyɛ nhwɛso a, bere bi na me ne obi resua Bible wɔ fie bi mu, ɛnna yɛtee sɛ nkurɔfo retotow atuo wɔ fie no abɔnten. Anka ade reyɛ atɔ me so, nanso Bible suani no de, na ɔntee sɛ odogo bi renu abɛ; kan ara na na ɔrekan nkyekyɛm no. Ɔkenkan wiei no, ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔrekɔ abɔnten aba. Ankyɛ na ɔsan bae, na na mmofra mmienu ka ne ho. Ná biribiara nkyerɛ sɛ ehu aka no. Afei ɔkaa sɛ, “Wei de fa kyɛ me, na ɛsɛ sɛ mekɔfa me mma no.”

Asiane afoforo totoo yɛn. Bere bi a yɛreyɛ afie afie asɛnka no, me yere de mmirika baa me nkyɛn a n’ani ho nhantwo. Ɔkaa sɛ obi abɔ no tuo. Me ho dwiriw me. Akyiri yi, yehui sɛ ɔbarima a ɔtow tuo no, ɛnyɛ Sirkka na na ɔretow abɔ no, na mmom ɔbarima bi a na ɔretwam wɔ Sirkka nkyɛn.

Akyiri yi, yehui sɛ aturuturasɛm a ɛkɔ so no, yɛrentumi nyɛ ho hwee, enti ɛsɛ sɛ yɛfa no saa ara. Ɔhaw a ɛtete sei, ne nea ɛsen wei mpo, na anuanom a ɛwɔ hɔ no tumi gyina ano. Wei hyɛɛ yɛn nkuran paa. Enti yɛkaa sɛ, sɛ Yehowa reboa wɔn a, ɛnde yɛn nso, ɔbɛboa yɛn. Afotu a na mpanyimfo a ɛwɔ hɔ de ma yɛn no, na yɛde yɛ adwuma bere nyinaa. Afei nso yɛyɛɛ ahwɛyiye, na yegyaw nea aka no maa Yehowa.

Nea ɛwom ne sɛ, tebea no bi wɔ hɔ a, sɛnea na ɛyɛ yɛn sɛ ɛyɛ hu no, na ɛnyɛ saa na ɛte. Bere bi, metee sɛ asɛ mmea baanu bi redi anobaabae wɔ fie bi a na makɔ mu no abɔnten. Ná mempɛ sɛ mekɔhwɛ anobaabae a ɛrekɔ so no, nanso ofiewura no ka kyerɛɛ me sɛ memmra abrannaa no so mmɛhwɛ ade. Menkɔhwɛ a, sɛɛ “anobaabae” no, ɛyɛ nkoo mmienu bi na ɛresuasua mpɔtam hɔfo.

HOKWAN AFOFORO NE ƆHAW AFOFORO

Afe 1997 no, wɔpaw me sɛ Asomfo Ntetee Sukuu b kyerɛkyerɛfo. Bere biara a mɛkɔ asafo sukuu bi no, na m’ani gye paa. Nanso manso ho dae da sɛ menya hokwan akɔkyerɛ bi.

Akyiri yi, mebɛyɛɛ ɔmantam sohwɛfo. Bere a wɔtwaa saa nhyehyɛe no mu no, mesan kɔyɛɛ ɔmansin sohwɛfo. Enti bɛboro mfe 30 ni, manya hokwan asom sɛ ɔmansin sohwɛfo ne ɔkyerɛkyerɛfo. Dwumadi ahorow yi ama manya nhyira pii. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw ma me. Momma menkyerɛ nea enti a mereka saa.

M’ani yɛ den. Wei aboa me ama matumi afa ɔhaw pii mu. Nanso ɛtɔ da a, esiane sɛ mepɛ sɛ metenetene nneɛma wɔ asafo no mu nti, wobɛhwɛ na mayɛ aboro so. Bere bi, meka kyerɛɛ anuanom bi denneennen sɛ wɔnna ɔdɔ adi na wɔnte afoforo ase. Nanso nea ɛwom ne sɛ, nea na mereka no, na me ara nso midi ho fɔ.—Rom. 7:​21-23.

Esiane me mmerɛwyɛ nti, ɛtɔ da a, m’abam tumi bu. (Rom. 7:24) Eduu baabi no, mebɔɔ Yehowa mpae sɛ, eye paa sɛ megyae asɛmpatrɛw adwuma no na masan akɔ Finland. Saa da no anwummere no, mekɔɔ adesua. Nkuranhyɛsɛm a metee wɔ hɔ no boaa me ma mihui sɛ, ɛsɛ sɛ mekɔ so yɛ asɛmpatrɛw adwuma no na mekɔ so yɛ me mmerɛwyɛ no ho adwuma. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, sɛ mekae sɛnea Yehowa buaa me mpaebɔ no a, ɛka me koma paa. Bio nso, sɛnea wanya me ho abotare aboa me ma madi me mmerɛwyɛ so no, m’ani sɔ paa.

NEA EBESI DAAKYE BIARA, YEHOWA KA ME HO

Me ne Sirkka da Yehowa ase papaapa sɛ wama yɛanya hokwan de yɛn nkwa nna dodow no ara ayɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Meda Yehowa ase paa nso sɛ, mfe a abɛsen kɔ yi nyinaa wama manya ɔbea nokwafo a ɔdɔ me sei.

Ɛrenkyɛ, medi mfe 70, na hokwan a mewɔ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne ɔmansin sohwɛfo no, ebefi me nsa. Nanso, wei mma minni awerɛhow. Adɛn ntia? Efisɛ migye di paa sɛ nea Yehowa ani gye ho kɛse ne sɛ, yɛbɛbrɛ yɛn ho ase asom no. Afei nso, ɔpɛ sɛ yɛde ɔdɔ ne anisɔ a ayɛ yɛn koma ma yi no ayɛ. (Mika 6:8; Mar. 12:​32-34) Enhia sɛ yenya hokwan soronko bi na yɛatumi ayi Yehowa ayɛ.

Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ hokwan ahorow a manya wɔ Yehowa som mu a, mihu sɛ ɛnyɛ sɛ mekyɛn afoforo nti na minyae. Saa ara nso na ɛnyɛ ɔdom akyɛde soronko bi a mewɔ nti na minyaa saa hokwan no. Mmom, saa hokwan ahorow a manya yi nyinaa, ɛyɛ Yehowa adom ara kwa. Me mmerɛwyɛ yi nyinaa akyi no, ɔde saa hokwan no adom me. Minim sɛ, sɛ Yehowa anni ammoa me a, anka merentumi nyɛ saa dwumadi yi nyinaa. Ampa, me mmerɛwyɛ ama mahu sɛ Onyankopɔn tumi sõ.—2 Kor. 12:9.

a Raimo Kuokkanen asetenam nsɛm baa April 1, 2006 Ɔwɛn-Aban mu. Yɛato din sɛ “Yɛasi Yɛn Bo Sɛ Yɛbɛsom Yehowa.

b Seesei saa sukuu no ne Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no.