Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 15

DWOM 124 Yebedi Nokware Daa

Anisɔ a Wowɔ Ma Yehowa Ahyehyɛde No, Hyɛ Mu Den

Anisɔ a Wowɔ Ma Yehowa Ahyehyɛde No, Hyɛ Mu Den

“Monkae wɔn a wodi mo anim a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo no.”HEB. 13:7.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛakɔ so akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa ahyehyɛde no.

1. Asomafo no bere so no, sɛn na wɔtotoo nneɛma wɔ asafo no mu?

 BERE biara a Yehowa bɛma ne nkurɔfo dwumadi no, ɔmpɛ sɛ wɔyɛ no biarabiara; ɔpɛ sɛ wɔde nhyehyɛe to ho. (1 Kor. 14:33) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Onyankopɔn pɛ sɛ yɛka asɛmpa no wɔ wiase baabiara. (Mat. 24:14) Yehowa de ahyɛ Yesu nsa sɛ ɔnhwɛ saa adwuma no so. Yesu nso rehwɛ sɛ biribiara bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ. Bere a wɔtetew nsafo ahorow wɔ asomafo no bere so no, wɔpaw mpanyimfo a wɔbedi asafo no anim na wɔde akwankyerɛ ama. (Aso. 14:23) Ná asomafo no ne mpanyimfo bi wɔ Yerusalem a wɔsisi gyinae ahorow, na na wɔhwɛ hu sɛ asafo biara de wɔn gyinaesi no bɛyɛ adwuma. (Aso. 15:2; 16:4) Esiane sɛ anuanom no tiee akwankyerɛ a wɔde maa wɔn no nti, “asafo ahorow no kɔɔ so yɛɛ den wɔ gyidi no mu, na wɔn dodow kɔɔ anim daa.”—Aso. 16:5.

2. Efi afe 1919 no, ɔkwan bɛn na Yehowa afa so akyerɛ ne nkurɔfo kwan na wama wɔn honhom fam aduan?

2 Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, Yehowa de nhyehyɛe agu akwan mu a ɔnam so kyerɛ ne nkurɔfo kwan. Efi afe 1919 no, Yesu nam mmarima kakraa bi a wɔasra wɔn so yɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe, na ɔnam wɔn so ma n’akyidifo honhom fam aduan. a (Luka 12:42) Ɛda adi sɛ Yehowa rehyira wɔn adwuma no so.—Yes. 60:22; 65:​13, 14.

3-4. (a) Biribiara a yɛbɛyɛ no, sɛ yɛde nhyehyɛe to ho a, ɛboa yɛn sɛn? Ma ho nhwɛso. (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Adwuma a Yesu de ahyɛ yɛn nsa no, sɛ yenni nhyehyɛe papa biara a, anka yɛrentumi nyɛ. (Mat. 28:​19, 20) Yɛmfa no sɛ asafo biara nni asaasesin a ɔbɛyɛ mu adwuma; obiara sɔre a na wakɔka asɛmpa no wɔ baabi a ɔpɛ biara. Wohwɛ a, anka dɛn na ebesi? Nsaasesin no bi wɔ hɔ a, ebia anka yɛbɛyɛ mu adwuma aboro so; ebi nso wɔ hɔ a, ebia anka yɛrenyɛ mu adwuma koraa. Sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pa a, mfaso a yenya no, wubetumi adwen bi ho anaa?

4 Yesu wɔ asaase so no, sɛnea ɔde nhyehyɛe guu akwan mu maa n’asuafo no, ɛnnɛ nso saa ara na ɔyɛ. Adesua yi mu no, yebesusuw nhwɛso a Yesu yɛe no ho, na yɛahwɛ sɛnea Yehowa ahyehyɛde no di Yesu nhwɛso no akyi. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa ahyehyɛde no.

AHYEHYƐDE NO SUASUA YESU NHWƐSO NO

5. Akwan a yɛfa so suasua Yesu nhwɛso no, baako ne sɛn? (Yohane 8:28)

5 Nea Yesu yɛe ne nea ɔkae biara, osua fii ne soro Agya no hɔ. Yehowa ahyehyɛde no suasua Yesu nhwɛso no, enti Bible no na wɔde kyerɛ yɛn nea Yehowa pɛ ne nea ɔmpɛ, na ɛno ara nso na akwankyerɛ biara a wɔde bɛma yɛn no gyina so. (Kenkan Yohane 8:28; 2 Tim. 3:​16, 17) Daa, wɔkae yɛn sɛ yɛnkenkan Onyankopɔn Asɛm no na yɛmfa mmɔ yɛn bra. Yetie saa afotu no a, ɛboa yɛn sɛn?

6. Yesua Bible no a, mfaso a yenya no, baako ne sɛn?

6 Sɛ yɛde asafo nhoma sua Bible no a, yenya so mfaso paa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, akwankyerɛ a yenya fi Yehowa ahyehyɛde no hɔ no, yetumi de nea Bible kyerɛkyerɛ no toto ho. Sɛ yehu sɛ, akwankyerɛ a wɔde ma yɛn no gyina Kyerɛwnsɛm no so a, ɛma ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no yɛ kɛse.—Rom. 12:2.

7. Asɛm bɛn na Yesu kae, na ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyehyɛde no suasua ne nhwɛso no?

7 Yesu kaa “Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa.” (Luka 4:​43, 44) Afei nso, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛm. (Luka 9:​1, 2; 10:​8, 9) Ɛnnɛ, wɔn a wɔwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu nyinaa, ɛmfa ho baabi a wɔte anaa nnwuma a egu wɔn so no, wɔka Ahenni ho asɛmpa no bi.

8. Sɛn na Yehowa ahyɛ yɛn anuonyam?

8 Ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ yɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo! Ɛnyɛ obiara na onya saa hokwan no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu wɔ asaase so no, wamma ahonhommɔne no kwan amma wɔanni ne ho adanse. (Luka 4:41) Ɛnnɛ, ansa na obi betumi abɛka Yehowa nkurɔfo ho ama wɔaka asɛmpa no, ɛsɛ sɛ n’abrabɔ ho tew. Baabiara a yɛwɔ no, sɛ yɛde hokwan biara a yebenya no di nkurɔfo adanse a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛnea Yehowa ahyɛ yɛn anuonyam no. Sɛnea Yesu yɛe no, yɛn nso yɛn botae ne sɛ yebegu Ahenni aba no wɔ nkurɔfo komam na yɛagugu so nsu.—Mat. 13:​3, 23; 1 Kor. 3:6.

9. Sɛn na Yehowa ahyehyɛde no ma nkurɔfo hu Onyankopɔn din?

9 Yesu maa nkurɔfo huu Onyankopɔn din. Bere a na Yesu rebɔ ne soro Agya no mpae no, ɔkaa sɛ: “Mama wɔahu wo din.” (Yoh. 17:26) Yehowa ahyehyɛde no suasua Yesu nhwɛso no, enti wɔyɛ nea wɔbetumi biara boa nkurɔfo ma wɔhu Onyankopɔn din. Ɔkwan baako a wɔafa so ayɛ saa ne sɛ, wɔabɔ mmɔden de Onyankopɔn din no ahyehyɛ baabi a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ biara wɔ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. Yɛrekasa yi, saa Bible no nyinaa anaa ne fa bi wɔ kasa bɛboro 270 mu. Sɛ wohwɛ Nkekaho A4 ne A5 wɔ Bible yi mu a, nea enti a yɛde Onyankopɔn din no ahyehyɛ baabi a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ biara no, wubehu ho nsɛm pii. Nkekaho A5 no nso, sɛ wohwɛ hɔ a, adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn din no pue wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu mpɛn 237 no, ɛkyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri.

10. Asɛm a maame bi a ɔte Myanmar kae no, dɛn na wusua fi mu?

10 Yɛpɛ sɛ yesuasua Yesu na yɛboa nnipa dodow biara a yebetumi ma wɔbehu Onyankopɔn din. Bere a maame bi a wadi mfe 67 a ɔte Myanmar behui sɛ Onyankopɔn wɔ din no, osui, na ɔkaa sɛ: “Wei ne nea edi kan wɔ m’asetenam a mate sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. . . . Woakyerɛ me biribi a ɛho hia sen biara.” Sɛnea saa osuahu yi ma yehu no, sɛ komapafo behu Onyankopɔn din a, etumi nya wɔn so tumi paa.

KƆ SO KYERƐ ANISƆ MA YEHOWA AHYEHYƐDE NO

11. Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ Yehowa ahyehyɛde no? (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Dɛn ne ade baako a mpanyimfo no betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no? Sɛ wɔn nsa ka akwankyerɛ bi a, ɛsɛ sɛ wɔto wɔn bo ase kan no yiye na wɔyɛ nea wɔbetumi biara de yɛ adwuma. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛnea wɔbɛyɛ wɔn dwumadi, sɛnea wɔbɛbɔ mpae wɔ adesua ase, ne sɛnea wɔbɛhwɛ Kristo nguan no, Yehowa ahyehyɛde no de ɛho akwankyerɛ ma wɔn. Sɛ asafo mu mpanyimfo de akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ma wɔn no yɛ adwuma a, ɛma anuanom te nka sɛ Yehowa dɔ wɔn na odwen wɔn ho.

Akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ma yɛn no, mpanyimfo no boa yɛn ma yɛte ase de yɛ adwuma (Hwɛ nkyekyɛm 11) b


12. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma wɔn a wɔdi yɛn anim no? (Hebrifo 13:​7, 17) (b) Wɔn a wɔdi yɛn anim no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si wɔn suban pa so?

12 Sɛ mpanyimfo no ma yɛn akwankyerɛ bi a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu de yɛ adwuma. Yɛyɛ saa a, yɛbɛma wɔn adwuma no ayɛ mmerɛw ama wɔn. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, yɛnyɛ osetie na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma wɔn a wɔdi yɛn anim no. (Kenkan Hebrifo 13:​7, 17.) Ɛtɔ da a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ saa. Adɛn ntia? Efisɛ saa mmarima yi nyinaa tɔ sin. Enti, sɛ yɛamfa yɛn adwene ansi wɔn suban pa so na mmom yɛde yɛn adwene si wɔn sintɔ so a, na yɛreboa yɛn atamfo. Adɛn nti na yɛreka saa? Yɛn atamfo pɛ sɛ yɛn adwene mu yɛ yɛn naa wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no ho. Enti sɛ yɛde yɛn adwene si mpanyimfo no sintɔ so a, ɛbɛma yɛanya Onyankopɔn ahyehyɛde no ho adwemmɔne. Ɛba saa a, yɛrennya mu ahotoso bio. Atosɛm a yɛn atamfo keka no, yɛbɛyɛ dɛn ahu na yɛatwe yɛn ho afi ho?

ANISƆ A WOWƆ MA YEHOWA AHYEHYƐDE NO, MMA AFOFORO NNSƐE NO

13. Dɛn na atamfo bɔ mmɔden yɛ de sɛe Yehowa ahyehyɛde no din?

13 Nneɛma pa a Yehowa ahyehyɛde no yɛ no, ɛno na atamfo keka ho nsɛmmɔne. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛasua wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ, Yehowa pɛ sɛ n’asomfo ho tew, wɔbɔ ɔbra pa, na wɔsom no ɔkwampa so. Obiara a ɔkɔ so yɛ bɔne a onnu ne ho no, ɔpɛ sɛ yeyi no fi asafo no mu. (1 Kor. 5:​11-13; 6:​9, 10) Yedi saa asɛm a Bible ka no so. Esiane sɛ yedi saa asɛm no so nti, yɛn atamfo keka sɛ, yɛn tirim yɛ den, yebu nkurɔfo atɛn, na yɛmpɛ nnipa.

14. Atosɛm a nkurɔfo keka fa Yehowa ahyehyɛde no ho no, hena na ɔhyɛ akyi?

14 Hu baabi a atosɛm no fi. Atosɛm a nkurɔfo keka fa Yehowa ahyehyɛde no ho no, Satan Ɔbonsam na ɔhyɛ akyi. Ɔno ne “atoro agya.” (Yoh. 8:44; Gen. 3:​1-5) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Satan bɛfa n’akyitaafo so akeka Yehowa ahyehyɛde no ho atosɛm. Biribi saa sii wɔ Yesu ne asomafo no bere so.

15. Dɛn na nyamesom akannifo no de yɛɛ Yesu ne n’akyidifo?

15 Yesu a na ɔyɛ Onyankopɔn ba no, ɛwom sɛ na bɔne nni ne ho na ɔyɛɛ anwanwade akɛseakɛse, nanso Satan akyitaafo kekaa ne ho atosɛm bebree. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nyamesom akannifo no keka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ, Yesu de “ahonhommɔne panyin no” na etu ahonhommɔne. (Mar. 3:22) Bere a wɔredi Yesu asɛm no, nyamesom akannifo no bɔɔ no sobo sɛ ɔka abususɛm, na wɔka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ wɔmma wɔnkum Yesu. (Mat. 27:20) Akyiri yi, bere a Kristo akyidifo reka asɛmpa no, atamfo “tutu guu amanaman mufo no asom, na wɔsɛee wɔn adwene” sɛ wɔnsɔre ntia Kristofo no. (Aso. 14:​2, 19) Asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 14:2 no, December 1, 1998 Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a asɛm a Yudafo asɔretiafo no poe no ara annɔɔso amma wɔn no, wofii ase sɛee wɔn din, bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Amanaman mufo no anya Kristofo no ho adwemmɔne.”

16. Sɛ yɛte atosɛm bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

16 Ɛnyɛ Yesu ne asomafo no bere so nko ara na Satan kekaa atosɛm. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, ɔda so ara ‘redaadaa asaase sofo nyinaa.’ (Adi. 12:9) Sɛ wote sɛ nkurɔfo rekeka Yehowa ahyehyɛde no anaa anuanom mmarima a edi nneɛma anim no ho atosɛm a, kae nea Onyankopɔn atamfo de yɛɛ Yesu ne n’akyidifo a na ɛwɔ asomafo no bere so no. Sɛnea Bible hyɛɛ ho nkɔm no, ɛnnɛ nso, atamfo sɔre tia Yehowa asomfo na wɔsɛe yɛn din. (Mat. 5:​11, 12) Atosɛm a nkurɔfo keka no, sɛ yehu onii a ɔhyɛ akyi, na yɛyɛ ntɛm tu ho anammɔn a, ɛrentumi nnaadaa yɛn. Ɛnde, anammɔn bɛn na ɛsɛ sɛ yetu?

17. Dɛn na yɛbɛyɛ na atosɛm a nkurɔfo keka no annaadaa yɛn? (2 Timoteo 1:13) (Adaka a yɛato din, “ Sɛ Wote Atosɛm Bi a, Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ” no, hwɛ ɛno nso.)

17 Po atosɛm. Sɛ yɛte atosɛm bi a, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no, ɔsomafo Paul ma yehu no pefee. Ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ ‘ɔmma ebinom nte wɔn ho ase sɛ, ɛnsɛ sɛ wotie atosɛm,’ na “atosɛm a etia nneɛma kronkron” nso, ɛsɛ sɛ ‘wɔbɔ gu.’ (1 Tim. 1:​3, 4; 4:7) Sɛ abofra ketewa bi hu biribi wɔ fam a, obetumi afa ahyɛ n’anom, nanso ɔpanyin de, ɔrenyɛ saa da efisɛ onim sɛ ebetumi de ɔhaw abrɛ no. Yɛn nso, yɛpo atosɛm efisɛ yenim baabi a efi. Yekura “nsɛmpa” anaa nokwasɛm no mu denneennen.—Kenkan 2 Timoteo 1:13.

18. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa ahyehyɛde no?

18 Yehowa ahyehyɛde no suasua Yesu wɔ akwan pii so; emu mmiɛnsa pɛ na yɛasusuw ho yi. Sɛ woresua Bible no a, bɔ mmɔden hwehwɛ nneɛma afoforo a Yehowa ahyehyɛde no yɛ de suasua Yesu nhwɛso. Boa afoforo a wɔwɔ w’asafo mu ma wɔnnya anisɔ mma Yehowa ahyehyɛde no. Kɔ so som Yehowa. Afei nso, n’ahyehyɛde a ɔnam so reyɛ n’apɛde no, kɔ so ara bata ho denneennen. Woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ wowɔ anisɔ ma Yehowa ahyehyɛde no. (Dw. 37:28) Yehowa asomfo a wɔdɔ no na wɔdi nokware ma no no, yɛanya hokwan abɛka wɔn ho. Enti, momma yɛnkɔ so nkyerɛ sɛ saa akwannya no som bo ma yɛn paa.

WUBEBUA SƐN?

  • Akwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo suasua Yesu?

  • Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa ahyehyɛde no?

  • Sɛ yɛte atosɛm bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

DWOM 103 Ahwɛfo—Wɔyɛ Akyɛde

a Hwɛ adaka a yɛato din, “Adɛn Nti Na Ɛyɛ Afe 1919?” Ɛwɔ Nokware Som—Yehowa Ama So Bio! nhoma no mu, kr. 102-103.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu mpanyimfo bi resusuw sɛnea wɔbɛyɛ baguam adansedi ho. Ɛno akyi no, gyinae a wɔsii no, kuw sohwɛfo baako reka ho asɛm akyerɛ adawurubɔfo bi, na ɔrekyerɛ wɔn sɛ, sɛ wɔreyɛ baguam adansedi no a, ɛyɛ a wɔmfa wɔn akyi nkyerɛ ban no.