Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Adɛn nti na na ahɔho ka Ɔhene Dawid asraafo ho?

AHƆHO a na wɔka Dawid asraafo ho no, wɔn mu bi ne Ammonni Selek, Hitini Uria, ne Moabni Yitma. a (1 Be. 11:​39, 41, 46) Ná “Keretifo, Peletifo, ne Gatfo” nso ka Dawid asraafo no ho. (2 Sam. 15:18) Ná Gatfo no yɛ Filistifo. Keretifo ne Peletifo no nso, ɛbɛyɛ sɛ na wɔne Filistifo no bɔ abusua.—Hes. 25:16; Yos. 13:​2, 3; 1 Sam. 6:​17, 18.

Adɛn nti na Dawid maa ahɔho bɛkaa n’asraafo ho? Ná onim paa sɛ wɔdi no nokware, na nea ehia paa no, na wɔdi Yehowa nso nokware. Ɛho nhwɛso ni. The New Interpreter’s Dictionary of the Bible no ka Keretifo ne Peletifo no ho asɛm sɛ: “Bere a Dawid yɛ ɔhene a ɛtoo nea ɛyɛ den no, wɔantwe wɔn ho amfi ne ho da.” Dɛn na wɔyɛe? Bere bi “Israel mmarima nyinaa” fii Ɔhene Dawid akyi kodii ‘ɔbarima tuatewfo bi a ne din de Saba’ akyi. Nanso, Keretifo ne Peletifo no bataa Dawid ho denneennen, na wɔboa ma wɔko tiaa Saba atuatew no. (2 Sam. 20:​1, 2, 7) Bere foforo nso, Ɔhene Dawid ba Adoniya yɛe sɛ obetu ne papa ade so. Nanso Keretifo ne Peletifo no kɔɔ so dii Dawid nokware, na wɔboa ma wɔsii Solomon hene, efisɛ ɔno na na Yehowa apaw no sɛ obedi ne papa ade.—1 Ahe. 1:​24-27, 38, 39.

Ɔhɔho foforo a ɔno nso dii Dawid nokware paa ne Gatni Itai. Bere a Ɔhene Dawid ba Absalom tew ne so atua na owiaa Israel mmarima koma no, Itai ne n’akatakyi 600 no de, wɔtaa Ɔhene Dawid akyi. Mfiase no, Dawid ka kyerɛɛ Itai sɛ, esiane sɛ ɔyɛ ɔhɔho nti, ɛnsɛ sɛ ɔko ma no. Nanso Itai kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na me wura ɔhene nso te ase yi, baabiara a me wura ɔhene bɛkɔ no, owu mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa nso bɛkɔ!”—2 Sam. 15:​6, 18-21.

Itai dii Dawid nokware, efisɛ na ɔno ne ɔhene a Yehowa asra no

Ɛwom sɛ na Keretifo, Peletifo ne Gatfo no yɛ ahɔho, nanso wɔgye toom sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no, na Dawid na Yehowa asra no sɛ onni hene. Sɛnea na saa mmarima yi di Dawid nokware no, ɛbɛyɛ sɛ ná n’ani sɔ paa!

a Onyankopɔn mmara a ɛwɔ Deuteronomium 23:​3-6 ka sɛ, na ɛnsɛ sɛ Ammonfo ne Moabfo ba Israel asafo mu. Ɛbɛyɛ sɛ nea na saa mmara no kyerɛ ne sɛ, sɛ obi yɛ Ammonni anaa Moabni a, na ɔrentumi mmɛyɛ Israel man ba ankasa. Nanso na wei nkyerɛ sɛ, sɛ saa ahɔho yi bi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn nkurɔfo no kɔtena anaa ɔde ne ho bɔ wɔn a, ɔrentumi nyɛ saa. Hwɛ Insight on the Scriptures, Volume 1, kr. 95.