Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NEA WUBETUMI ASUA HO ADE

Wɔn a Wɔdɔ Yehowa Sisi Gyinae Pa

Wɔn a Wɔdɔ Yehowa Sisi Gyinae Pa

Kenkan Genesis 25:​29-34 na hwɛ sɛ Esau ne Yakob sisii gyinae pa anaa.

Kenkan ho nsɛm pii. Ansa na saa asɛm no resi no, dɛn na esii? (Gen. 25:​20-28) Ɛno akyi no, dɛn na esii?—Gen. 27:​1-46.

Yɛ ho nhwehwɛmu. Saa bere no, sɛ obi yɛ ɔbabarima panyin a, hokwan ne asɛde bɛn na na ɔwɔ?—Gen. 18:​18, 19; w10-E 5/1 13.

  • Obiara a na Mesia no bɛfa no so aba no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbabarima panyin anaa? (w17.12 14-15)

Hwehwɛ asuade no, na fa yɛ adwuma. Hokwan a na ɔba panyin wɔ no, adɛn nti na na ɛsom bo ma Yakob sen Esau? (Heb. 12:​16, 17; w03 10/15 28-29) Anuanom mmienu yi, sɛn na na Yehowa hu wɔn, na adɛn ntia? (Mal. 1:​2, 3) Dɛn na na anka Esau betumi ayɛ na ama wasisi gyinae pa?

  • Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ merehyehyɛ nea mɛyɛ wɔ nnawɔtwe no mu na mepɛ sɛ minya bere de yɛ abusua som a, mɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ Yehowa som ho hia me paa?’