Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 22

DWOM 127 Onipa Kõ a Ɛsɛ sɛ Meyɛ

Nea Woyɛ a Ɛbɛma W’aware Nhyehyɛe Akɔ Yiye

Nea Woyɛ a Ɛbɛma W’aware Nhyehyɛe Akɔ Yiye

‘Komam nipa a ahintaw no som bo.’1 PET. 3:4.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Nea ɛbɛboa wɔn a wɔreyɛ aware nhyehyɛe ama wɔn nhyehyɛe no akɔ yiye, ne nea asafo no mufo betumi ayɛ de aboa wɔn.

1-2. Sɛn na ebinom te nka wɔ aware nhyehyɛe ho?

 SƐ OBI reyɛ aware nhyehyɛe a, ebetumi ama n’ani agye paa. Yɛrekasa yi, sɛ wo ne obi reyɛ aware nhyehyɛe a, yegye di sɛ wopɛ sɛ ɛkɔ yiye. Nokwasɛm ne sɛ, nnipa pii deɛ tumi kɔ yiye. Onuawa bi a ofi Ethiopia a ne din de Tsion a ka sɛ: “Bere a na me ne me kunu reyɛ aware nhyehyɛe no, m’ani gyei papaapa. Mmere a m’ani agye wɔ m’asetena mu paa no, saa bere no ka ho. Yɛkaa nneɛma a ɛho hia paa ho asɛm, na yɛserewee nso. Bere a mihui sɛ manya obi a ɔdɔ me na me nso medɔ no no, m’ani gyei.”

2 Onua bi a ofi Netherlands a ne din de Alessio nso ka sɛ: “Bere a me ne me yere yɛɛ aware nhyehyɛe a na mepɛ sɛ mihu no yiye no, na ɛyɛ anika sɛ. Nanso yɛamfa biribiara ahogono saa.” Adesua yi mu no, wɔn a wɔreyɛ aware nhyehyɛe no, yɛbɛhwɛ ɔhaw a wɔbetumi ahyia no bi. Afei nso, yɛbɛhwɛ Bible nnyinasosɛm ahorow a ebetumi aboa wɔn ama wɔn nhyehyɛe no akɔ yiye. Bio nso, nea asafo no mufo betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔreyɛ aware nhyehyɛe no, yebesusuw bi ho.

AWARE NHYEHYƐE, NE BOTAE NE SƐN?

3. Aware nhyehyɛe botae ne sɛn? (Mmebusɛm 20:25)

3 Sɛ obi yɛ aware nhyehyɛe a, ebetumi ama n’ani agye. Nanso ɛsan yɛ aniberesɛm, efisɛ ebetumi akowie aware mu. Ayeforohyia da no, awarefo ka ntam wɔ Yehowa anim sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho na wɔada obu adi akyerɛ wɔn ho akosi owu mu. Ansa na yɛbɛka ntam biara no, ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye paa. (Kenkan Mmebusɛm 20:25.) Aware ntam no nso, saa ara na ɛte. Aware nhyehyɛe boa ɔbea ne ɔbarima ma wɔhu wɔn ho yiye na ama wɔatumi asi gyinae pa. Ɛboa wɔn ma wɔtumi si gyinae sɛ wɔbɛware, anaa wɔsi gyinae sɛ biribi nti wɔbetwa nhyehyɛe no mu. Sɛ ɔbea ne ɔbarima bi twa wɔn aware nhyehyɛe mu a, ɛno nkyerɛ sɛ nhyehyɛe no ankɔ yiye. Mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ, nhyehyɛe no boaa wɔn ma wɔhui sɛ wɔfata wɔn ho anaa.

4. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu aware nhyehyɛe botae?

4 Adɛn nti na ehia sɛ yehu aware nhyehyɛe botae? Sɛ asigyafo nim aware nhyehyɛe botae a, obiara a wɔnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛware no no, wɔne no renyɛ nhyehyɛe. Nanso, ɛnyɛ asigyafo nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhu aware nhyehyɛe botae. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara nso hu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebinom te nka sɛ, sɛ ɔbea ne ɔbarima bi ayɛ nhyehyɛe a, ɔkwan biara so ɛsɛ sɛ wɔware. Sɛ yɛwɔ adwene a ɛte saa a, ɛma Kristofo a wɔnwaree no te nka sɛn? Onuawa sigyani bi a ɔwɔ United States a ne din de Melissa ka sɛ: “Sɛ ɔbea ne ɔbarima bi yɛ nhyehyɛe a, ɛyɛ a anuanom bi te nka sɛ ɔkwan biara so ɛsɛ sɛ wɔware. Enti sɛ wɔreyɛ nhyehyɛe no na wɔhu sɛ wɔmfata wɔn ho mpo a, wɔntumi ntwam. Wei ara nso nti na asigyafo no bi nhaw wɔn ho mpo sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe no. Wei tumi kɔfa adwinnwen bebree ba.”

OBIARA MMƆ MMƆDEN NHU NE YƆNKO YIYE

5-6. Sɛ ɔbea ne ɔbarima bi reyɛ aware nhyehyɛe a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara hu fa ne yɔnko ho? (1 Petro 3:4)

5 Sɛ wo ne obi reyɛ aware nhyehyɛe a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woahu sɛ ɛsɛ sɛ moware anaa ɛsɛ sɛ mutwa mu? Obiara mmɔ mmɔden nhu ne yɔnko yiye. Ɛda adi sɛ wuhuu nneɛma bi wɔ onii no ho ansa na morehyɛ aware nhyehyɛe no ase. Nanso seesei akwannya abɛda hɔ a wode behu “komam nipa a ahintaw” no. (Kenkan 1 Petro 3:4.) Enti sɛnea onii no ne Yehowa ntam te, ne suban, ne sɛnea odwen no, ɛsɛ sɛ wuhu ne nyinaa yiye. Ebedu baabi no, ɛsɛ sɛ wutumi yi nsɛmmisa a edidi so yi ano: ‘Saa nipa yi, sɛ meware no a, ɛbɛkɔ yiye anaa?’ (Mmeb. 31:​26, 27, 30; Efe. 5:33; 1 Tim. 5:8) ‘Obiara betumi ama ne yɔnko ani agye anaa? Obiara betumi abu n’ani agu ne yɔnko sintɔ so, na yɛabom atena kamakama anaa?’ b (Rom. 3:23) Bere a morebɔ mmɔden sɛ mubehu mo ho yiye no, monkae sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɔbea ne ɔbarima bi fata wɔn ho a, ɛnkyerɛ sɛ wɔsɛ, mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ obiara tumi de nea ɔpɛ to nkyɛn yɛ nea ne yɔnko pɛ ma no.

6 Nneɛma foforo bɛn na ɛsɛ sɛ wuhu fa onii a wo ne no reyɛ nhyehyɛe no ho? Ansa na wo koma bɛkɔ akodi mu no, ebia ɛho behia sɛ wo ne onii no susuw nneɛma bi a ɛho hia ho; ebi ne botae a esisi n’ani so. Na sɛ onii no wɔ yare bi, ɔde ka anaa onni sika, anaa biribi a esii mmere bi a atwam nti, akɔfa nsunsuanso bɔne abrɛ no a, dɛn na wobɛyɛ wɔ ho? Ɛnyɛ biribiara na ehia sɛ moka ho asɛm wɔ nhyehyɛe no mfiase pɛɛ. (Fa toto Yohane 16:12 ho.) Sɛ onii no bisabisa wo nsɛm bi a ɛfa wo ho tee, na wuhu sɛ ɛho hia sɛ wotwentwɛn so kakra a, ka kyerɛ no. Nanso, kae sɛ ebedu baabi no, ebehia sɛ onii no hu saa nsɛm yi nyinaa na watumi de asi gyinae. Enti edu saa bere no a, ebehia sɛ woka kyerɛ no.

7. Sɛ ɔbea ne ɔbarima bi reyɛ aware nhyehyɛe a, wɔbɛyɛ dɛn ahu wɔn ho yiye? (Adaka a yɛato din “ Aware Nhyehyɛe a Monte Mmɛn—Mobɛyɛ No Sɛn?” no, hwɛ ɛno nso.) (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Sɛnea onii no te paa no, wobɛyɛ dɛn ahu? Ɔkwan baako a mobɛfa so ahu ne sɛ obiara befi ne komam akasa a ɔmfa biribiara nsie. Afei nso, ɛsɛ sɛ obiara bisa nsɛm, na ɔyɛ aso tie ne yɔnko. (Mmeb. 20:5; Yak. 1:19) Wei nti, ebia mubetumi ayɛ nneɛma bi abom a ɛbɛma moatumi abɔ nkɔmmɔ. Ebi ne sɛ mubedidi abom, mubetu mpase wɔ baabi a nnipa wɔ, anaa mobɛbom akɔ asɛnka. Sɛ mokɔsra mo abusuafo anaa mo nnamfo nso a, obiara betumi de ahu ne yɔnko yiye. Afei nso, mubetumi ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma moayɛ nneɛma afoforo. Wei betumi ama obiara ahu sɛnea ne yɔnko yɛ n’ade wɔ tebea ahorow ahorow mu. Aschwin a ofi Netherlands no, momma yɛnhwɛ nea ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ. Tie n’anom asɛm bere a na ɔne Alicia reyɛ aware nhyehyɛe no: “Yɛhwɛɛ nneɛma a yɛyɛ a ɛbɛboa ama obiara ahu ne yɔnko yiye. Mpɛn pii no, na ɛyɛ nneɛma nketenkete. Ebi ne sɛ na yɛbom noa aduan, na na yɛbom yɛ nnwuma nketenkete nso. Yɛyɛɛ saa no, ɛboaa yɛn mu biara ma ohuu nea ne yɔnko bɔ mu mmɔden ne nea ɔtɔ mu sin.”

Sɛ moyɛ nneɛma bi bom a ɛbɛma moatumi abɔ nkɔmmɔ a, ɛda adi sɛ ɛbɛma moahu mo ho yiye (Hwɛ nkyekyɛm 7-8)


8. Sɛ ɔbea ne ɔbarima bi reyɛ aware nhyehyɛe na wɔbom sua ade a, ebetumi aboa wɔn sɛn?

8 Sɛ mobom sua Bible no a, ɛno nso betumi aboa mo ama moahu mo ho yiye. Sɛ moware a, ɛsɛ sɛ mopɛ bere de yɛ abusua som, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nsa bedi aboa mo wɔ mo aware no mu. (Ɔsɛnk. 4:12) Enti saa bere yi a moreyɛ nhyehyɛe no, adɛn nti na mompɛ bere mfa nsua ade mmom? Ɛwom, sɛ ɔbea ne ɔbarima reyɛ aware nhyehyɛe a, ɛnkyerɛ sɛ wɔyɛ abusua, na afei nso ɔbarima no nnya nyɛɛ ɔbea no ti. Nanso sɛ motaa bom sua ade a, mo mu biara behu sɛnea ne yɔnko ne Yehowa ntam te ankasa. Max ne Laysa yɛ awarefo a wɔfi United States. Bere a wɔreyɛ aware nhyehyɛe a na wɔbom sua ade no, wɔhui sɛ ɛboaa wɔn wɔ ɔkwan foforo so. Max ka sɛ: “Bere a yefii ase sɛ yɛreyɛ nhyehyɛe no, yefii ase suaa asafo nhoma a ɛka aware nhyehyɛe, aware, ne abusua asetena ho asɛm. Nneɛma bebree a ɛho hia a anka ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛbɔ ho nkɔmmɔ no, saa nhoma ahorow a yesuae no buee hokwan maa yetumi kaa ho asɛm.”

NNEƐMA AFOFORO A ƐSƐ SƐ MUSUSUW HO

9. Sɛ ɔbea ne ɔbarima bi reyɛ aware nhyehyɛe na wɔpɛ sɛ wɔka kyerɛ obi a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wɔsusuw ho?

9 Sɛ moreyɛ aware nhyehyɛe a, hena na ɛsɛ sɛ moka kyerɛ no? Ɛno de, mo ara na ɛsɛ sɛ musi ho gyinae. Sɛ mufi aware nhyehyɛe no ase a, ebia mubetumi aka akyerɛ nnipa kakraa bi. (Mmeb. 17:27) Moyɛ saa a, ɛremma afoforo mmisabisa mo nsɛm bi a ɛho nhia, na ɛremma mompere mo ho nsi gyinae. Nanso sɛ moanka ankyerɛ obiara a, ebia mobɛtew mo ho, efisɛ mompɛ sɛ obiara behu. Wei nso de, ɛyɛ hu paa. Enti nyansa wom sɛ mobɛka akyerɛ wɔn a wɔbetumi ama mo afotu pa ne wɔn a wɔbetumi aboa mo wɔ akwan pɔtee bi so. (Mmeb. 15:22) Wɔn a mubetumi aka akyerɛ wɔn no bi ne mo abusuafo, mo nnamfo a wɔn ho akokwaw, anaa asafo mu mpanyimfo.

10. Sɛ ɔbea ne ɔbarima bi reyɛ aware nhyehyɛe a, dɛn na wɔbetumi ayɛ na wɔn ho amma asɛm? (Mmebusɛm 22:3)

10 Sɛ moreyɛ aware nhyehyɛe a, dɛn na mubetumi ayɛ na mo ho amma asɛm? Atenka a obiara wɔ ma ne yɔnko no, bere rekɔ so no emu betumi ayɛ den. Dɛn na ɛbɛboa mo na moanyɛ biribiara a ɛnsɔ Yehowa ani? (1 Kor. 6:18) Ɛnsɛ sɛ mobɔ aguamansɛm ho nkɔmmɔ, ɛnsɛ sɛ ɛka mo baanu nko ara wɔ baabi, na ɛnsɛ sɛ monom nsã tra so. (Efe. 5:3) Saa nneɛma yi betumi ama nna ho akɔnnɔ adɛw wɔ mo mu, na ama ayɛ den sɛ mobɛyɛ nea ɛtene. Sɛ moreyɛ aware nhyehyɛe a, nea mubetumi ayɛ na mo ho amma asɛm no, ɛbɛyɛ papa sɛ motaa susuw ho. (Kenkan Mmebusɛm 22:3.) Yɛnhwɛ nea ɛboaa Dawit ne Almaz a wɔfi Ethiopia no. Wɔkaa sɛ: “Sɛ yɛpɛ sɛ yebom yɛ biribi anaa yɛkɔ baabi a, na yɛtaa kɔ baabi a nnipa bebree wɔ, anaa yɛne yɛn nnamfo na ɛkɔ. Anka yɛn nko ara wɔ kar mu anaa dan bi mu da. Wei ma yɛtwee yɛn ho fii nneɛma bi a na ebetumi asɔ yɛn ahwɛ ho.”

11. Sɛ ɔbea ne ɔbarima bi reyɛ aware nhyehyɛe na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nneɛma bi de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔsusuw ho?

11 Sɛ moreyɛ aware nhyehyɛe a, wohwɛ a mubetumi ayɛ nneɛma bi de akyerɛ sɛ mododɔ mo ho anaa? Bere a ɔdɔ a mowɔ ma mo ho no mu reyɛ den no, ebia mubetumi ahwɛ sɛ ɛfata sɛ moyɛ biribi de kyerɛ sɛ mododɔ mo ho anaa. Nanso sɛ munya nna ho akɔnnɔ a, ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ den paa sɛ mubedwen yiye. (Nmd. 1:2; 2:6) Afei nso, nneɛma bi a mobɛyɛ de akyerɛ sɛ mododɔ mo ho no, ɛnyɛ den koraa sɛ ebegye nsam na akowie ɔbrafĩ mu. (Mmeb. 6:27) Enti mufi aware nhyehyɛe no ase pɛ a, momma Bible nnyinasosɛm mmoa mo na monhwɛ nea mobɛyɛ de akyerɛ sɛ mododɔ mo ho ne nea morenyɛ. c (1 Tes. 4:​3-7) Mummisa mo ho sɛ: ‘Baabi a yɛte no, sɛ yɛyɛ nneɛma bi de kyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn ho a, nkurɔfo bebu no sɛn? Yɛyɛ saa nneɛma yi a, ebetumi ama yɛn mu bi anya nna ho akɔnnɔ anaa?’

12. Sɛ ɔbea ne ɔbarima bi reyɛ aware nhyehyɛe na ɔhaw anaa mente-me-ho-ase bi ba a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

12 Sɛ ɔhaw anaa mente-me-ho-ase bi ba a, dɛn na mubetumi ayɛ? Sɛ ɛwom ara na mente-me-ho-ase bi ba nso ɛ? Ɛno kyerɛ sɛ momfata mo ho anaa? Ɛnte saa ankasa; wɔn a wɔreyɛ nhyehyɛe oo, awarefo oo, ɛnyɛ bere nyinaa na wɔn adwene hyia. Aware pa de, awarefo no mu biara tumi de nea ɔpɛ to nkyɛn yɛ nea ne yɔnko pɛ ma no. Enti sɛ ɔhaw bi ba saa bere yi a, sɛnea musiesie no no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ, sɛ moware a, ɛbɛkɔ yiye anaa ɛrenkɔ yiye. Mummisa mo ho sɛ: ‘Sɛ yɛresusuw nsɛm ho a, yetumi to yɛn bo ase, na obiara de nidi ma ne yɔnko anaa? Yɛbrɛ yɛn ho ase gye yɛn mfomso tom, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nsakrae anaa? Ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛte asɛm ase, na yedi mfomso a, yɛyɛ ntɛm pa kyɛw, na yɛn mu biara tumi de ne yɔnko bɔne kyɛ no?’ (Efe. 4:​31, 32) Nanso saa bere yi a moreyɛ aware nhyehyɛe no, sɛ daa na moreham anaa moregye akyinnye a, ɛnde sɛ moware a, anhwɛ a saa ara na ɛbɛyɛ. Sɛ wuhu sɛ onii no nyɛ obi a wubetumi aware no a, ɛnde sɛ mutwa nhyehyɛe no mu a, ɛbɛboa mo baanu nyinaa paa. d

13. Sɛ ɔbea ne ɔbarima bi reyɛ aware nhyehyɛe a, dɛn na ebetumi aboa wɔn ama wɔahu bere tenten a ɛsɛ sɛ edi ansa na wɔaware?

13 Sɛ wo ne obi reyɛ aware nhyehyɛe a, bere tenten sɛn na ɛsɛ sɛ edi? Sɛ obi pere ne ho si gyinae a, ɛntaa nkowie yiye. (Mmeb. 21:5) Enti, bere a moreyɛ aware nhyehyɛe no, ɛsɛ sɛ munya bere de hu mo ho yiye. Nanso, ɛnsɛ sɛ moma ɛkyɛ boro so. Bible ka sɛ: “Anidaso a ɛmma mu ntɛm no, ɛma koma yare.” (Mmeb. 13:12) Bio nso, bere a nhyehyɛe no rekɔ n’anim no, ebetumi ayɛ den paa sɛ mobɛhyɛ mo ho so na moammu brabɔne. (1 Kor. 7:9) Sɛ́ anka mobɛma aware nhyehyɛe no akyɛ aboro so no, mubetumi abisa mo ho sɛ, ‘Dɛn bio na ɛsɛ sɛ mihu fa onipa no ho ansa na masi gyinae?’

DƐN NA AFOFORO BETUMI AYƐ DE ABOA WƆN A WƆREYƐ AWARE NHYEHYƐE?

14. Nneɛma pɔtee bɛn na afoforo betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔreyɛ aware nhyehyɛe? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Sɛ yenim sɛ anuanom bi reyɛ aware nhyehyɛe a, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn? Yebetumi ato nsa afrɛ wɔn ne wɔn abom adidi, ayɛ abusua som, anaa yɛagye yɛn ani. (Rom. 12:13) Sɛ yɛne wɔn bom yɛ saa a, ebetumi ama wɔahu wɔn ho yiye paa. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔ baabi a, sɛ wɔbɛtena kar mu oo, sɛ wɔbɛnantew oo, wubetumi ne wɔn akɔ. Afei nso, sɛ wɔpɛ sɛ wɔka asomsɛm bi a, wubetumi ama wɔaba wo fie. (Gal. 6:10) Alicia a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, ɔka nea afoforo yɛ maa ɔne Aschwin a wɔn ani sɔe ho asɛm sɛ: “Anuanom binom ka kyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ yɛrepɛ baabi abɔ nkɔmmɔ a, yebetumi aba wɔn fie sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenkɔhyɛ baabi a obiara nhu yɛn. Wei maa yɛn ani gyei paa.” Sɛ ebinom reyɛ aware nhyehyɛe na wɔka kyerɛ wo sɛ fa w’ani bedi wɔn akyi a, wubetumi afa no sɛ ɛyɛ hokwan a wode bɛboa wɔn. Ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na woannyaw wɔn nko ara wɔ baabi, nanso bere koro no ara, ɛsɛ sɛ wutumi hu bere a wɔpɛ sɛ wɔka asomsɛm na woma wɔn kwan.—Filip. 2:4.

Sɛ yenim anuanom bi a wɔreyɛ aware nhyehyɛe a, yebetumi ayɛ nneɛma pɔtee bi de aboa wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 14-15)


15. Sɛ ebinom reyɛ aware nhyehyɛe a, dɛn bio na nnamfo betumi ayɛ de aboa wɔn? (Mmebusɛm 12:18)

15 Afei nso, nsɛm a yɛka ne nea yɛnka betumi aboa wɔn a wɔreyɛ aware nhyehyɛe. Ɛtɔ da a, ebia ebehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so na yɛanka asɛm a ɛmfa yɛn ho. (Kenkan Mmebusɛm 12:18.) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, anhwɛ a yɛn ho bɛpere yɛn sɛ yɛbɛka akyerɛ afoforo sɛ asomasi ne ɔbenten reyɛ aware nhyehyɛe, nanso ebia na wɔn ara na wɔpɛ sɛ wɔbɔ afoforo amanneɛ. Ɛnsɛ sɛ yedi wɔn ho nseku; saa ara nso na nneɛma bi a obiara tumi si gyinae a ɔpɛ wɔ ho no, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia wɔn wɔ ho. (Mmeb. 20:19; Rom. 14:10; 1 Tes. 4:11) Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛka nsɛm bi anaa yebisa nsɛm bi a ɛbɛma wɔn a wɔreyɛ aware nhyehyɛe no anya adwene sɛ ɔkwan biara so ɛsɛ sɛ wɔware. Onuawa bi a ɔde Elise ne ne kunu ka sɛ: “Ebinom bisabisaa yɛn yɛn ayeforohyia ho asɛm bere mpo a na yɛn ankasa nnya nyɛɛ ho ntotoe. Wei ma yɛyɛɛ basaa.”

16. Sɛ anuanom bi twa wɔn aware nhyehyɛe mu a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ho?

16 Sɛ anuanom bi twa wɔn aware nhyehyɛe mu a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ho? Ɛnsɛ sɛ yɛfeefee asɛm no mu anaa yekogyina ɔbaako afã. (1 Pet. 4:15) Onuawa bi a ne din de Lea ka sɛ: “Nea ɛyɛe a me ne onua bi twaa yɛn aware nhyehyɛe mu no, metee sɛ ebinom rekekakeka ho nsɛm a ɛnyɛ nokware. Ɛhyee me paa.” Sɛnea yɛadi kan aka no, sɛ anuanom bi twa wɔn aware nhyehyɛe mu a, ɛno ankasa nkyerɛ sɛ wɔn nhyehyɛe no ankɔ yiye. Mmom, mpɛn pii no nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, nhyehyɛe no boaa wɔn ma wɔhui sɛ wɔfata wɔn ho anaa. Nanso, nhyehyɛe a wɔatwam no betumi ayɛ wɔn yaw, na ebetumi ama wɔate nka sɛ wɔayɛ ankonam. Enti yebetumi ahwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aboa wɔn.—Mmeb. 17:17.

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔreyɛ aware nhyehyɛe kɔ so yɛ?

17 Sɛnea yɛahu no, wɔn a wɔreyɛ aware nhyehyɛe betumi ahyia ɔhaw, nanso wɔn ani nso betumi agye. Jessica bu kɔmpɔ hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Mɛka nokware paa a, yɛreyɛ aware nhyehyɛe no, na ɛnna fam. Nanso mammrɛ angu koraa.” Sɛ moreyɛ aware nhyehyɛe a, monkɔ so mmɔ mmɔden nhu mo ho yiye. Moyɛ saa a, mo aware nhyehyɛe no bɛkɔ yiye; ɛbɛboa mo ama moahu sɛ mofata mo ho anaa.

DWOM 49 Ma Yehowa Koma Ntɔ Ne Yam

a Wɔasesa edin no bi.

b Sɛ wopɛ nsɛmmisa foforo a wubetumi asusuw ho a, hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work, nhoma no Volume 2, kr. 39-40.

c Ɔbarima dua ho a obi bɛgoro anaa ɔbea anan mu a obi bɛgoro no, ɛno nso yɛ aguamammɔ. Obi yɛ saa a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo di n’asɛm. Sɛ obi miamia obi nufu, anaa ɔsɛnde aguamansɛm kɔma obi anaa ɔde di nkɔmmɔ wɔ fon so a, mpanyimfo betumi adi n’asɛm nanso tebea no na ɛbɛkyerɛ.

d Sɛ wopɛ aware nhyehyɛe ho nsɛm foforo a, hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa August 15, 1999, Ɔwɛn-Aban mu no.