Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 19

DWOM 22 Ahenni no Redi Tumi—Ma Ɛmmra!

Sɛnea Yehowa Bebu Atɛn Daakye No, Dɛn Na Yenim Wɔ Ho?

Sɛnea Yehowa Bebu Atɛn Daakye No, Dɛn Na Yenim Wɔ Ho?

‘Yehowa mpɛ sɛ obiara bɛsɛe.’2 PET. 3:9.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, atɛn biara a Yehowa bebu daakye no, ɔrenkyea no.

1. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ nsɛm pii resisi wɔ yɛn bere yi so?

 NSƐM pii resisi wɔ yɛn bere yi so! Da biara da, yehu sɛ Bible nkɔmhyɛ reba mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, “atifi fam hene” ne “anaafo fam hene” no, yehu sɛ wɔn mu biara repere sɛ obedi wiase so. (Dan. 11:​40, ase hɔ asɛm) Yɛreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase baabiara, na nnipa ɔpepem pii retie gu aso pa mu. (Yes. 60:22; Mat. 24:14) Afei nso, yɛn nsa ka honhom fam aduan bebree wɔ “bere a ɛsɛ mu.”—Mat. 24:​45-47.

2. Awerɛhyem bɛn na yebetumi anya, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom?

2 Nsɛm akɛseakɛse a ebesisi nnansa yi ara no, Yehowa kɔ so boa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛte ase yiye. (Mmeb. 4:18; Dan. 2:28) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, ebedu sɛ ahohiahia kɛse no befi ase no, biribiara a ehia sɛ yehu na yɛatumi adi Yehowa nokware na yɛayɛ baako wɔ saa mmere bɔne no mu no, na yɛahu. Nanso, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ nneɛma a ebesisi nnansa yi ara no bi wɔ hɔ a, yennim. Adesua yi mu no, nea enti a yɛasesa ntease a na yɛwɔ wɔ nsɛm a ɛtete saa no bi ho no, yebedi kan ahwɛ ɛno. Ɛno akyi no, nea yenim fa daakye ne sɛnea yɛn soro Agya no bɛyɛ n’ade ho no, yebesusuw bi ho.

NEA YENNIM

3. Bere bi a abɛsen kɔ no, yɛkaa sɛ, sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, dɛn na ɛbɛto wɔn a ɛnsom Yehowa no, na adɛn nti na yɛkaa saa?

3 Bere bi a abɛsen kɔ no, yɛkaa sɛ, sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, obiara rennya hokwan mmɛsom Yehowa na wanya ne ti adidi mu wɔ Armagedon. Nea enti a yɛkaa saa ne sɛ, na yɛte ase sɛ, biribiara a ɛfa Nsuyiri no ho no, na egyina hɔ ma biribi a ebesi daakye. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛkaa sɛ, sɛnea Yehowa too adaka no pon no mu ansa na Nsuyiri no refi ase no, sɛ ahohiahia kɛse no nso fi ase a, “ɔbɛto pon no mu” sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a ɛwɔ Satan wiase no mu no rennya nkwa.—Mat. 24:​37-39.

4. Seesei, adɛn nti na yɛnka sɛ biribiara a esii wɔ Noa bere so no, egyina hɔ ma biribi a ebesi daakye?

4 Wohwɛ a, ɛfata sɛ yɛka sɛ biribiara a esii wɔ Noa bere so no, egyina hɔ ma biribi a ebesi daakye anaa? Daabi. Adɛn ntia? Efisɛ Bible no nka biribiara saa. a Ɛwom sɛ Yesu de “Noa nna no” totoo ne mmae ho, nanso wanka sɛ biribiara a ɛfa Nsuyiri no ho, te sɛ adaka a wɔtoo mu no, egyina hɔ ma biribi a ebesi daakye. Nanso wei nkyerɛ sɛ, Nsuyiri a ɛbae wɔ Noa bere so no, yɛrentumi nsua biribiara mfi mu.

5. (a) Dɛn na Noa yɛe ansa na Nsuyiri no reba? (Hebrifo 11:7; 1 Petro 3:20) (b) Asɛnka adwuma a yɛreyɛ no nnɛ no, ɔkwan bɛn so na ɛte sɛ asɛm a Noa kae no?

5 Bere a Noa tee Yehowa kɔkɔbɔ no, ɔyɛɛ adaka no de kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi. (Kenkan Hebrifo 11:7; 1 Petro 3:20.) Ɛnnɛ nso, wɔn a wɔte Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, ɛsɛ sɛ wɔde nea wɔte no yɛ adwuma. (Aso. 3:​17-20) Petro kaa sɛ Noa ‘kaa trenee ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo.’ (2 Pet. 2:5) Nanso, sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim mu no, sɛ Noa tumi kaa asɛm no kyerɛɛ obiara a na ɔwɔ asaase so saa bere no ansa na Nsuyiri no reba oo, sɛ wantumi oo, yennim. Ɛnnɛ, yɛayere yɛn ho denneennen reka asɛmpa no akyerɛ nnipa a ɛwɔ wiase baabiara. Nanso yɛn mmɔdenbɔ nyinaa akyi no, ɛnyɛ obiara a ɔwɔ asaase so na yebetumi aka asɛmpa no akyerɛ no ansa na awiei no aba. Adɛn ntia?

6-7. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛnyɛ obiara a ɔwɔ asaase so na yebetumi aka asɛmpa no akyerɛ no ansa na awiei no aba? Kyerɛkyerɛ mu.

6 Wo de, yɛnhwɛ asɛm a Yesu ka faa asɛnka adwuma no ho. Ɔkaa sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa no “wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mat. 24:14) Ɛnnɛ paa na saa nkɔmhyɛ yi reba mu. Yɛreka Ahenni ho asɛmpa no wɔ kasa bɛboro 1,000 mu, na jw.org wɛbsaet no nti, wiase mu nnipa dodow no ara betumi ate bi.

7 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔrenwie wɔn adwuma no wɔ Israel nkurow nyinaa mu’ anaa wɔrentumi nka asɛmpa no nkyerɛ obiara ansa na waba. (Mat. 10:23; 25:​31-33) Yesu asɛm a ɔkae no, ɛnnɛ nso saa na ɛte. Ɛnnɛ, mmeae a nnipa ɔpepem pii tete no, ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no wɔ hɔ. Afei nso, ade rekye a ade resa yi, wo ara na nkurɔfo rewo. Yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ ‘aman ne mmusuakuw ne kasa nyinaa.’ (Adi. 14:6) Nanso nokwasɛm ne sɛ, yɛrentumi nka asɛmpa no nkyerɛ obiara a ɔwɔ asaase so ansa na awiei no aba.

8. Sɛnea Yehowa bebu atɛn daakye no, asɛm bɛn na yebetumi abisa wɔ ho? (Hwɛ mfoni no nso.)

8 Nea yɛasusuw ho yi ma asɛmmisa bi sɔre. Ɛne sɛ: Wɔn a wɔannya hokwan antie asɛmpa no ansa na ahohiahia kɛse no reba no, sɛn na Yehowa ne ne Ba no a ɔde atemmu ahyɛ ne nsa no bebu wɔn atɛn? (Yoh. 5:​19, 22, 27; Aso. 17:31) Kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so no ka sɛ Yehowa ‘mpɛ sɛ obiara bɛsɛe.’ Mmom ɔpɛ sɛ ‘obiara sakra n’adwene.’ (2 Pet. 3:9; 1 Tim. 2:4) Ne nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Yehowa nkyerɛɛ yɛn sɛnea obebu nnipa a ɛte saa no atɛn. Nokwasɛm ne sɛ ɛnyɛ kyenkyen ara sɛ ɔka nea ɔbɛyɛ kyerɛ yɛn.

Wɔn a wɔannya hokwan antie asɛmpa no ansa na ahohiahia kɛse no reba no, sɛn na Yehowa bebu wɔn atɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 8) c


9. Dɛn na Yehowa ada no adi akyerɛ yɛn wɔ Bible mu?

9 Nneɛma a Yehowa bɛyɛ no, wada bi adi akyerɛ yɛn wɔ n’Asɛm no mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wɔn a “wɔnyɛ atreneefo” a wɔannya hokwan antie asɛmpa no ansesa wɔn abrabɔ no, Bible ma yehu sɛ Yehowa benyan wɔn aba nkwa mu bio. (Aso. 24:15; Luka 23:​42, 43) Ɛno nso ma nsɛmmisa bi a ɛho hia sɔre.

10. Nsɛmmisa afoforo bɛn na ɛsɔre?

10 Wɔn a wɔbewuwu wɔ ahohiahia kɛse no mu no, wɔn mu biara nni hɔ a obenya owusɔre anaa? Bible ka no pefee sɛ, atamfo a Yehowa ne ne dɔm bɛsɛe wɔn wɔ Armagedon no de, wɔrennya owusɔre. (2 Tes. 1:​6-10) Nanso ebinom wɔ hɔ a, yare, onyin anaa akwanhyia betumi ama wɔahwere wɔn nkwa. Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔn yɔnko nipa betumi akum wɔn. Nnipa a ɛtete saa nyinaa nso ɛ, anidaso bi wɔ hɔ ma wɔn anaa? (Ɔsɛnk. 9:11; Sak. 14:13) Wɔn a “wɔnyɛ atreneefo” a wɔbenyan wɔn wɔ wiase foforo no mu no, ebetumi aba sɛ saa nkurɔfo yi bi bɛka ho anaa? Nea ɛwom ara ne sɛ yennim.

NEA YENIM

11. Dɛn na Yehowa begyina so abu nnipa atɛn wɔ Armagedon?

11 Nsɛm a ebesisi daakye no, yenim bi. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yenim sɛ edu Armagedon a, sɛnea nkurɔfo ne Kristo nuanom dii no, ɛno so na Yehowa begyina abu wɔn atɛn. (Mat. 25:40) Sɛ wɔbu obi atɛn sɛ ɔyɛ oguan a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔboaa wɔn a wɔasra wɔn no ne Kristo. Yenim nso sɛ, ahohiahia kɛse no befi ase no, na Kristo nuanom no bi da so ara wɔ asaase so; sɛ aka kakraa bi ama Armagedon ko no afi ase a, ɛnna wɔbɛfa wɔn akɔ soro. Enti bere a Kristo nuanom no da so ara wɔ asaase so no de, nnipa komapafo betumi anya hokwan aboa wɔn na wɔataa wɔn akyi. (Mat. 25:​31, 32; Adi. 12:17) Adɛn nti na saa nokwasɛm ahorow yi ho hia?

12-13. Sɛ wɔsɛe “Babilon Kɛse” no a, sɛn na ebia ebinom bɛyɛ wɔn ade? (Hwɛ mfoni no nso.)

12 Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase mpo a, wɔn a ebehu “Babilon Kɛse” no sɛe no, ebetumi aba sɛ wɔn mu bi bɛkae sɛ na Yehowa Adansefo taa ka sɛ biribi a ɛte saa besi. Wɔn a ebehu no, wohwɛ a, wɔn mu bi bɛsakra na wɔabɛsom Yehowa anaa?—Adi. 17:5; Hes. 33:33.

13 Sɛ wɔn mu bi sakra a, ɛbɛyɛ te sɛ nea esii wɔ Egypt wɔ Mose bere so no. Bere a Israelfo no refi Egypt no, kae sɛ “firamanfiramanfo bebree” bɛkaa wɔn ho. Bere a wɔhui sɛ Ɔhaw Du a Mose kae no aba Egyptfo no so no, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa wɔn mu bi nyaa Yehowa mu gyidi. (Ex. 12:38) Sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no, na ɛno akyi ebinom begye Yehowa di bere a aka kakraa bi ama Armagedon aba no a, ɛbɛyɛ yɛn yaw anaa? Daabida! Yɛpɛ sɛ yesuasua yɛn soro Agya no, efisɛ ɔyɛ ‘Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, ne bo mfuw ntɛm, ne dɔ a enni huammɔ nni ano, na ne nokwaredi dɔɔso.’ bEx. 34:6.

Wɔn a ebehu “Babilon Kɛse” no sɛe no, ebia wɔn mu bi bɛkae sɛ na Yehowa Adansefo taa ka sɛ biribi a ɛte saa besi (Hwɛ nkyekyɛm 12-13) d


14-15. Sɛ obi benya daa nkwa a, wohwɛ a egyina bere a obewu anaa baabi a ɔte so? Kyerɛkyerɛ mu. (Dwom 33:​4, 5)

14 Ebia ebinom bɛka sɛ, “Me busuani asomasi anaa ɔbenten a ɔnsom Yehowa a wawu yi, eye paa sɛ owui ansa na ahohiahia kɛse no refi ase, efisɛ anidaso wɔ hɔ sɛ obenya owusɔre.” Nkurɔfo de adwempa na ɛka saa. Nanso sɛ obi benya daa nkwa a, ennyina bere a obewu so. Yehowa yɛ Ɔtemmufo a onni mfomso; obu atɛntrenee bere nyinaa. (Kenkan Dwom 33:​4, 5.) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ “Asaase nyinaa Temmufo” no bɛyɛ nea ɛtene.—Gen. 18:25.

15 Yebetumi nso aka sɛ, sɛ obi benya daa nkwa a, ennyina baabi a ɔte so. Nnipa ɔpepem pii wɔ hɔ a, baabi a wɔtete no nti, wɔnnyaa hokwan ntee Ahenni ho asɛmpa no bi da. Nnipa a ɛte saa no, ɛremma da sɛ Yehowa bebu wɔn atɛn sɛ wɔyɛ “mpɔnkye.” (Mat. 25:46) Asaase nyinaa Temmufo a obu atɛntrenee no, sɛnea odwen saa nnipa yi nyinaa ho no, ebia ɛbɛyɛ den mpo sɛ yɛbɛte ase. Yennim nhyehyɛe a Yehowa de begu akwan mu wɔ ahohiahia kɛse no mu. Nnipa a ɛte saa no, sɛ wɔhu nea ɛbɛkɔ so wɔ ahohiahia kɛse no mu a, ebia ɛbɛkanyan wɔn ma wɔasua Yehowa ho ade, abenya ne mu gyidi, na wɔabɛsom no ansa na Yehowa atew ne din ho wɔ amanaman no anim.—Hes. 38:16.

Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase . . . a, wɔn a ebehu . . . no, wohwɛ a, wɔn mu bi bɛsakra anaa?

16. Dɛn na yɛabehu wɔ Yehowa ho? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Bible a yɛasua no ama yɛabehu sɛ nnipa nkwa som bo ma Yehowa paa. Ɔde ne Ba no bɔɔ afɔre maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nyinaa benya anidaso sɛ yebetumi atena ase daa. (Yoh. 3:16) Yɛn nyinaa ahu sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye paa. (Yes. 49:15) Onim yɛn mu biara din. Nokwasɛm ne sɛ, onim yɛn mu biara ara ma sɛ yewu mpo a, obetumi anyan yɛn efisɛ ɔkae yɛn ho biribiara, na onim biribiara a ɛwɔ yɛn adwene mu! (Mat. 10:​29-31) Enti yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ, yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no, ɔbɛda mmɔborɔhunu adi na wabu atɛntrenee ama obi biara.—Yak. 2:13.

Yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ, Yehowa bɛda mmɔborɔhunu adi na wabu atɛntrenee ama obi biara (Hwɛ nkyekyɛm 16)


17. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Ntease foforo a yɛanya yi ama ada adi sɛ, ɛnnɛ paa na ɛsɛ sɛ yemia yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Afei nso, dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛkɔ so ka asɛmpa no a yennyae? Yebesusuw nsɛmmisa yi ho akɔ akyiri wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 76 Anigyesɛm Bɛn Ni!

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a yɛyɛɛ saa nsakrae yi a, hwɛ asɛm a yɛato din, ‘Wei Ne Ɔkwan a Ɛsɔ W’ani’ no. Ɛwɔ March 15, 2015 Ɔwɛn-Aban, kr. 3-8 no mu.

b Sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no a, ɛno akyi no Gog a ofi Magog no bɛtow ahyɛ Yehowa asomfo nyinaa so, na ɛbɛyɛ sɔhwɛ ama yɛn. Obiara a saa bere no ɔbɛba abɛka Onyankopɔn nkurɔfo ho bere a wɔasɛe Babilon Kɛse no, ɔno nso bɛfa sɔhwɛ mu.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Mfoni mmiɛnsa a ɛma yehu sɛ, asɛmpa a yɛreka wɔ wiase baabiara no, ebia ɛnyɛ obiara na obetumi ate bi: (1) Ɔbea bi a ɔte baabi a ɔsom titiriw a ɛwɔ hɔ no ma ɛyɛ den sɛ ɔbɛte asɛmpa no, (2) awarefo bi a wɔte baabi a aban no mma kwan sɛ yɛbɛka asɛmpa no, na ɛyɛ hu sɛ yɛbɛyɛ saa, ne (3) ɔbarima bi a ɔte akyirikyiri baabi a ɛyɛ den paa sɛ obi bɛkɔ hɔ.

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ababaa bi a ofii nokware no mu akae nea osua faa “Babilon Kɛse” no sɛe ho. Wasesa n’adwene na wasan kɔ n’awofo a wɔyɛ Adansefo no nkyɛn. Sɛ biribi a ɛte saa si a, yɛpɛ sɛ yesuasua mmɔborɔhunu ne ayamhyehye a yɛn soro Agya no wɔ no, na yedi ahurusi sɛ ɔbɔnefo no asan aba Yehowa nkyɛn.