Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 20

DWOM 67 “Ka Asɛm No”

Ma Ɔdɔ Nkanyan Wo Na Kɔ So Ka Asɛmpa No!

Ma Ɔdɔ Nkanyan Wo Na Kɔ So Ka Asɛmpa No!

“Ɛsɛ sɛ wodi kan ka asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu.”MAR. 13:10.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛnea ɔdɔ kanyan yɛn ma yefi yɛn kra nyinaa mu yere yɛn ho ka asɛmpa no.

1. Afe afe nhyiam a yɛyɛɛ no afe 2023 no, dɛn na yesuae?

 AFE afe nhyiam a yɛyɛɛ no afe 2023 no, a ntease foforo a yɛanya wɔ yɛn gyidi no bi ho no, yɛde too gua. Afei nso, yɛtee asɛnka adwuma no ho nkaebɔ bi a ɛhyɛ nkuran paa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yesuae sɛ, sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no a, ɛno akyi mpo ebia ebinom benya hokwan abɛka Yehowa nkurɔfo ho. Yɛtee nso sɛ, efi November 2023 rekɔ no, ɛnyɛ biribiara a ɛfa asɛnka adwuma no ho na adawurubɔfo bebu ho akontaa. Nsakrae a yɛayɛ yi kyerɛ sɛ, seesei ɛnsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no anaa? Ɛnte saa koraa!

2. Ade rekye a ade resa nyinaa, adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛyere yɛn ho ka asɛmpa no? (Marko 13:10)

2 Ade rekye a ade resa nyinaa, ɛho hia paa sɛ yɛyere yɛn ho ka asɛmpa no. Adɛn ntia? Efisɛ bere a aka no sua. Asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ awiei mmere no mu no, yɛnhwɛ nea Yesu ka faa ho. (Kenkan Marko 13:10.) Sɛnea Mateo asɛmpa no kyerɛ no, Yesu kaa sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ asaase so nyinaa ansa na “awiei no” aba. (Mat. 24:14) “Awiei no” yɛ bere a Yehowa beyi Satan wiase bɔne yi afi hɔ korakora. Nsɛm a ebesisi nnansa yi ara no, Yehowa ahyɛ ‘da ne dɔn’ pɔtee a ebesisi. (Mat. 24:36; 25:13; Aso. 1:7) Yɛbɛda asɔre biara na bɛn ara na yɛrebɛn saa da no. (Rom. 13:11) Nanso, ansa na awiei no bɛba no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no.

3. Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛka asɛmpa no?

3 Ɛho hia paa sɛ yebisa yɛn ho saa asɛm yi: Adɛn nti na yɛka asɛmpa no? Nea ɛwom ara ne sɛ, ɔdɔ na ɛkanyan yɛn ma yɛka asɛmpa no. Yɛka asɛmpa no a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani gye asɛmpa no ho, yɛdɔ nnipa, na nea ɛsen biara no, yɛdɔ Yehowa, na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ ne din da yɛn so. Momma yensusuw emu biara ho.

YƐKA ASƐMPA NO EFISƐ YƐN ANI GYE ASƐMPA NO HO

4. Yɛte asɛmpa bi a, yɛyɛ yɛn ade sɛn?

4 Wokae bere bi a wotee asɛmpa bi no, wotee nka sɛn? Ebia wotee sɛ wo busuani bi awo, anaa na worepɛ adwuma bi denneennen na wo nsa kae. Yegye di sɛ na wo ho repere wo sɛ wobɛka saa asɛmpa no akyerɛ w’abusuafo ne wo nnamfo. Bere a wotee asɛmpa a ɛsen biara a ɛne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, wotee nka saa ara anaa?

5. Bere a edi kan a wuhuu nokwasɛm a Bible kyerɛkyerɛ no, wotee nka sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

5 Kaakae sɛnea wotee nka bere a edi kan a wuhuu nokwasɛm a Bible kyerɛkyerɛ no. Wubehui sɛ wo soro Agya no dɔ wo, na ɔpɛ sɛ wobɛka n’asomfo ho. Bio nso, wuhui sɛ wahyɛ bɔ sɛ obeyi yaw ne amanehunu nyinaa afi hɔ; w’adɔfo a wɔawuwu nso, wubenyaa anidaso sɛ wobɛsan ahu wɔn bio wɔ wiase foforo bi mu. Ɛnyɛ wei nko, wusuaa nneɛma pii nso kaa ho. (Mar. 10:​29, 30; Yoh. 5:​28, 29; Rom. 8:​38, 39; Adi. 21:​3, 4) Nea wusuae no kaa wo koma. (Luka 24:32) W’ani gyee nea na woresua no ho paa, na na wopɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ obiara!—Fa toto Yeremia 20:9 ho.

Bere a edi kan a yɛtee asɛmpa no, na yɛpɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ obiara! (Hwɛ nkyekyɛm 5)


6. Dɛn na wusua fi Ernest ne Rose suahu no mu?

6 Momma yɛnhwɛ onua bi a ne din de Ernest b suahu. Bere a odii bɛyɛ mfe du na ne papa wui. Enti Ernest bisae sɛ: “‘Ɔkɔ soro? Anaa wayera korakora?’ Sɛ mihu mmofra a wɔn papa te ase a, na m’ani bere wɔn.” Ná Ernest taa kɔ asiei hɔ, na na ɔkɔ ne papa nna so kobu nkotodwe bɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn, mesrɛ wo kyerɛ me baabi a me papa wɔ.” Ernest papa wui bɛyɛ mfe 17 akyi no, Yehowa Adansefo de too n’anim sɛ wɔpɛ sɛ wɔne no sua Bible, na ɔpenee so ntɛm ara. Bere a ohui sɛ awufo nnim hwee, na ɛte sɛ nea wɔada hatee, na Bible ahyɛ bɔ sɛ wɔbɛsɔre no, n’ani gyei paa. (Ɔsɛnk. 9:​5, 10; Aso. 24:15) Ewiee ase no, nsɛmmisa a na ahaw no bere tenteenten no, onyaa ho mmuae. Nokwasɛm a na Ernest resua wɔ Bible mu no, n’ani gyee ho paa. Ne yere Rose nso bɛkaa ne ho ma wɔsuaa Bible no, na ɔno nso ani gyee nea na ɔresua no ho. Wɔbɔɔ asu afe 1978. Nea na wɔasua afi Bible mu no, na ɛsom bo ma wɔn paa, enti wɔyeree wɔn ho kaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn abusuafo, wɔn nnamfo, ne nnipa afoforo biara a na wɔbetie. Wei nti, Ernest ne Rose atumi aboa nnipa bɛboro 70 ama wɔabɔ asu.

7. Nea yɛasua afi Bible mu no, sɛ awura yɛn koma mu paa a, dɛn na yɛbɛyɛ? (Luka 6:45)

7 Nokwasɛm ne sɛ, nea yɛasua afi Bible mu no, sɛ awura yɛn koma mu paa a, yɛrentumi nka yɛn ano ntom. (Kenkan Luka 6:45.) Yɛte nka te sɛ Yesu asuafo a wɔtenaa ase tete no. Wɔkaa sɛ: “Nea yɛate na yɛahu no, yɛrentumi nnyae ho asɛm ka.” (Aso. 4:20) Yɛn ani gye nokware no ho ara ma yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ nnipa dodow biara a yebetumi.

YƐKA ASƐMPA NO EFISƐ YƐDƆ NNIPA

8. Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo? (Hwɛ adaka a yɛato din,  Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo no.) (Hwɛ mfoni no nso.)

8 Sɛnea Yehowa ne ne Ba no dɔ nnipa no, saa ara na yɛn nso yɛdɔ nnipa. (Mmeb. 8:31; Yoh. 3:16) Wɔn a ‘wɔnnim Onyankopɔn’ na ‘wɔnni anidaso biara’ no, wɔn asɛm yɛ yɛn mmɔbɔ paa. (Efe. 2:12) Asetena mu haw a wɔrehyia nti, wɔte nka te sɛ nea wɔatɔ amena donkudonku bi mu. Nanso yɛwɔ ahama a yebetumi de ayi wɔn. Ɛno ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Ɔdɔ ne ayamhyehye a yɛwɔ ma saafo no kanyan yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara ka asɛmpa no kyerɛ wɔn. Asɛmpa a ɛsom bo no, ebetumi ama wɔanya anidaso, na ebetumi ama wɔn asetena atu mpɔn. Bio nso, ebetumi ama wɔanya anidaso sɛ wɔn nsa betumi aka “nkwa ankasa” anaa daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.—1 Tim. 6:19.

Ɔdɔ ne ayamhyehye a yɛwɔ ma nnipa no kanyan yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara ka asɛmpa no kyerɛ wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 8)


9. Ɛdɛn na yɛrebɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ ebesi daakye, na adɛn ntia? (Hesekiel 33:​7, 8)

9 Afei nso, ɔdɔ a yɛwɔ ma nnipa no kanyan yɛn ma yɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ wiase bɔne yi awiei abɛn. (Kenkan Hesekiel 33:​7, 8.) Yɛn abusuafo ne nnipa a atwa yɛn ho ahyia a wɔnsom Yehowa no asɛm yɛ yɛn mmɔbɔ. “Ahohiahia kɛse a efi wiase mfiase besi nnɛ, ebi mmae da, na ebi nso remma bio” a ɛrebobɔ ba no, sɛnea nnipa bebree bɔ wɔn bra no ma yehu sɛ wɔnnim sɛ biribi a ɛte saa reba. (Mat. 24:21) Yɛpɛ sɛ wɔhu nea ebesi saa bere no; ɛne sɛ, atorosom befi hɔ. Ɛno akyi no, Armagedon ko no bɛba abeyi wiase bɔne yi nyinaa afi hɔ. (Adi. 16:​14, 16; 17:​16, 17; 19:​11, 19, 20) Yɛn mpaebɔ ne sɛ nnipa bebree betie kɔkɔbɔ no, na wɔabɛka yɛn ho ma yɛasom Yehowa. Nanso, yɛn abusuafo ne wɔn a wɔntie yɛn nnɛ no nso ɛ, dɛn na ɛbɛto wɔn?

10. Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛkɔ so bɔ nkurɔfo kɔkɔ?

10 Sɛnea yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ adesua a edi wei anim mu no, wɔn a wɔbehu Babilon Kɛse no sɛe na wɔasakra wɔn adwene no, ebia Yehowa begye wɔn. Sɛ saa a, ɛnde, ɛho hia paa sɛ yɛkɔ so bɔ nkurɔfo kɔkɔ nnɛ. Susuw wei ho hwɛ: Nea yɛka kyerɛ wɔn nnɛ no betumi ama wɔakae biribi saa bere no. (Fa toto Hesekiel 33:33 ho.) Kɔkɔbɔ a yɛde maa wɔn no, ebia wɔbɛkae na akanyan wɔn ama wɔabɛka yɛn ho ama yɛasom Yehowa ansa na aka akyi. Afiasehwɛfo a na ɔwɔ Filipi no, bere a “asaasewosow kɛse bi” sii no na ɔsesaa n’adwene. Wɔn a entie yɛn nnɛ no nso, Babilon Kɛse no sɛe a ɛbɛwosow wiase nyinaa no, ebia ɛbɛma wɔn mu bi asesa wɔn adwene.—Aso. 16:​25-34.

YƐKA ASƐMPA NO EFISƐ YƐDƆ YEHOWA, NA ƐYƐ YƐN DƐ SƐ NE DIN DA YƐN SO

11. Sɛn na yɛde anuonyam ne nidi ne tumi ma Yehowa? (Adiyisɛm 4:11) (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Ade titiriw paa nti a yɛka asɛmpa no ne sɛ yɛdɔ Yehowa Nyankopɔn, na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ ne din kronkron no da yɛn so. Yebu asɛnka adwuma a yɛyɛ no sɛ ɔkwan a yɛfa so yi yɛn Nyankopɔn a yɛdɔ no no ayɛ. (Kenkan Adiyisɛm 4:11.) Yefi yɛn koma nyinaa mu gye tom sɛ Yehowa Nyankopɔn fata sɛ ogye anuonyam, nidi, ne tumi fi n’asomfo anokwafo hɔ. Adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa na ‘ɔbɔɔ nneɛma nyinaa,’ na ɔno nti na yɛte ase no, sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛkyerɛ sɛ yɛde anuonyam ne nidi rema no. Sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode yɛ asɛnka adwuma no sɛnea yɛn tebea bɛma yɛn kwan a, ɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn tumi rema no. (Mat. 6:33; Luka 13:24; Kol. 3:23) Ne tiaatwa mu ara ne sɛ, yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ afoforo efisɛ yɛdɔ no. Afei nso, saa ɔdɔ no kanyan yɛn ma yɛka ne din ne ne su a ɛyɛ fɛ no ho asɛm kyerɛ afoforo. Adɛn ntia?

Sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode yɛ asɛnka adwuma no sɛnea yɛn tebea bɛma yɛn kwan a, ɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn tumi rema Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 11)


12. Sɛn na yɛtew Yehowa din ho wɔ asɛnka mu?

12 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no pusuw yɛn ma yɛtew ne din ho. (Mat. 6:9) Atosɛm a Satan akeka de agu Yehowa din ho fi no, yɛpɛ sɛ yɛma afoforo hu sɛ ɛnyɛ nokware. (Gen. 3:​1-5; Hiob 2:4; Yoh. 8:44) Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, yɛayɛ krado sɛ yɛbɛka Onyankopɔn ho nokwasɛm akyerɛ obiara a obetie. Yɛpɛ sɛ obiara hu sɛ ne su titiriw paa ne ɔdɔ, na ɔkwan a ɔfa so di tumi no na ɛyɛ papa paa. Afei nso, ɛrenkyɛ n’Ahenni no beyi amanehunu nyinaa afi asaase so, na ɛbɛma nnipa anya asomdwoe ne anigye. (Dw. 37:​10, 11, 29; 1 Yoh. 4:8) Sɛ yɛka nokwasɛm a ɛfa Yehowa ho yi kyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu a, ɛkyerɛ sɛ yɛretew ne din ho. Afei nso, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam, efisɛ yenim sɛ edin a ɛda yɛn so no, ɛho adwuma ara na yɛreyɛ no. Adɛn nti na yɛreka saa?

13. Adɛn nti na ɛyɛ yɛn ahohoahoa sɛ yɛfrɛ yɛn Yehowa Adansefo? (Yesaia 43:​10-12)

13 Yehowa apaw yɛn sɛ ‘n’adansefo.’ (Kenkan Yesaia 43:​10-12.) Mfe bi a atwam no, Akwankyerɛ Kuw no kaa wɔ krataa bi a wɔkyerɛwee mu sɛ: ‘Biribiara nni hɔ a ɛyɛ ahohoahoa sen sɛ wɔbɛfrɛ yɛn Yehowa Adansefo.’ c Adɛn nti na ɛte saa? Yɛnhwɛ mfatoho bi. Fa no sɛ obi atwa asɛm ato wo so de asɛe wo din, na wopɛ sɛ obi bedi adanse sɛ saa asɛm no nyɛ nokware. Ɛnyɛ obi a wunim no na wugye no di, na afoforo nim no sɛ ɔka nokware na wobɛma wabedi adanse ama wo? Yehowa nso, paw a wapaw yɛn sɛ n’Adansefo no kyerɛ sɛ onim yɛn paa, na ogye di sɛ yebetumi ama obiara ahu sɛ ɔno ne nokware Nyankopɔn koro pɛ no. Ɛyɛ yɛn ahohoahoa sɛ yɛyɛ n’Adansefo, enti hokwan biara a yebenya no, yɛma nkurɔfo hu ne din. Afei nso, atosɛm bebrebe a nkurɔfo akeka afa ne ho no, yɛma afoforo hu sɛ ɛnyɛ nokware. Yɛyɛ saa a, edin Yehowa Adansefo a ɛyɛ yɛn ahohoahoa sɛ ɛda yɛn so no, na yɛreyɛ ho adwuma!—Dw. 83:18; Rom. 10:​13-15.

YƐBƐKƆ SO AKA ASƐMPA NO AKOSI SƐ AWIEI NO BƐBA

14. Dɛn na yɛrehwɛ kwan sɛ ebetumi asi nnansa yi ara?

14 Dɛn na yɛrehwɛ kwan sɛ ebetumi asi nnansa yi ara? Yehowa mmoa so nti, yɛhwɛ kwan sɛ nnipa bebree bɛba abegye nokware no ansa na ahohiahia kɛse no afi ase. Afei nso, yɛn ani agye paa sɛ yɛahu sɛ ahohiahia kɛse no mu mpo, ebetumi aba sɛ nnipa bebree befi Satan wiase a ɛregye nna awu yi mu na wɔabɛka yɛn ho ma yɛasom Yehowa!—Aso. 13:48.

15-16. Dɛn na yɛbɛkɔ so ayɛ, na yɛbɛyɛ akosi bere bɛn?

15 Nanso, yɛwɔ adwuma bi yɛ. Ɛno ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no. Saa adwuma no, yɛyɛ wie a, yɛrenyɛ bio da. Enti ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛreyɛ saa adwuma yi bi. Bere koro no ara, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ nkurɔfo kɔkɔ ma wɔhu sɛ wiase bɔne yi awiei adu apon ano pɛɛ. Yɛyɛ saa na ɛda a Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo no du a, wɔbehu sɛ asɛm a na yɛreka no fi Yehowa Nyankopɔn.—Hes. 38:23.

16 Ɛnde, dɛn na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ? Yɛbɛkɔ so de nsi ne ahokeka aka asɛmpa no akosi sɛ Yehowa bɛka sɛ “Eye!” Adɛn ntia? Efisɛ yɛn ani gye asɛmpa no ho, yɛdɔ nnipa, na nea ɛsen ne nyinaa no, yɛdɔ Yehowa Nyankopɔn, na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ ne din da yɛn so.

DWOM 54 “Ɔkwan no Ni”

a October 7, afe 2023 na yɛyɛɛ afe afe nhyiam no. Yɛyɛe wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ Newburgh, New York, U.S.A. no so. Akyiri yi, wɔde dwumadi no baa JW Broadcasting® so—Ɔfa a edi kan no baa November 2023, ɛnna Ɔfa a ɛtɔ so mmienu no baa January 2024.

b Hwɛ asɛm a yɛato din, “Bible Tumi Sesa Nnipa—Bible Mu Mmuaeɛ a Emu Da Hɔ Maa Me Koma Tɔɔ Me Yam.” Ɛbaa February 1, 2015 Ɔwɛn-Aban no mu.

c Hwɛ April 2007 Yɛn Ahenni Som kr. 4 no.