Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NEA WUBETUMI ASUA HO ADE

Sɛnea Yebegyina Atɛnkyea Ano

Sɛnea Yebegyina Atɛnkyea Ano

Kenkan Genesis 37:​23-28; 39:​17-23, na hwɛ sɛnea Yosef gyinaa atɛnkyea ano.

Kenkan ho nsɛm pii. Dɛn na ɛmaa nkurɔfo tan Yosef ani saa? (Gen. 37:​3-11; 39:​1, 6-10) Bere tenten sɛn na Yosef de gyinaa atɛnkyea ano? (Gen. 37:2; 41:46) Saa bere no, dɛn na Yehowa yɛe de boaa Yosef, na dɛn na wanyɛ?—Gen. 39:​2, 21; w23.01 17 ¶13.

Yɛ ho nhwehwɛmu. Sobo a Potifar yere de bɔɔ Yosef no, Bible no nka sɛ Yosef kaa sɛ ɔboa. Ɔkwan bɛn so na kyerɛwnsɛm a edidi so yi betumi aboa yɛn ama yɛahu nea enti a ɛbɛyɛ sɛ Yosef anka hwee, anaa nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Bible no bɛka biribiara a ɛfa asɛm no ho? (Mmeb. 20:2; Yoh. 21:25; Aso. 21:37) Suban bɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛboaa Yosef ma ogyinaa atɛnkyea ano?—Mika 7:7; Luka 14:11; Yak. 1:​2, 3.

Hwehwɛ asuade no. Bisa wo ho sɛ: