Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 26

DWOM 8 Yehowa Ne Yɛn Guankɔbea

Fa Yehowa Yɛ Wo Botan

Fa Yehowa Yɛ Wo Botan

“Ɔbotan biara nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.”1 SAM. 2:2.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛbɛhwɛ nea enti a Bible ka sɛ Yehowa yɛ ɔbotan. Afei nso, ne suban ahorow a ɛma yehu sɛ ɔyɛ ɔbotan no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi asuasua.

1. Sɛ yɛhwɛ Dwom 18:46 a, dɛn na Dawid de Yehowa totoo ho?

 WIASE a yɛte mu yi, yetumi hyia ɔhaw mpofirim. Ɛba saa a, yɛn adwene tumi tu fra anaa mpo etumi sesa yɛn asetena koraa. Yɛda Yehowa ase paa sɛ wama yɛn kwan sɛ yebetumi aba ne nkyɛn bere biara a yehia mmoa! Adesua a edi wei anim no, ɛkaee yɛn sɛ Yehowa ne Onyankopɔn teasefo no, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn bere nyinaa. Bere biara a Yehowa bɛboa yɛn no, ɛma yenya awerɛhyem sɛ “Yehowa te ase!” (Kenkan Dwom 18:46.) Nanso bere a Dawid kaa sɛ “Yehowa te ase” no, ɛno akyi pɛɛ no, ɔkaa sɛ Onyankopɔn ne “me Botan.” Adɛn nti na Dawid de Yehowa, Onyankopɔn teasefo no, totoo ɔbotan a nkwa nnim ho?

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a Bible ka sɛ Yehowa yɛ ɔbotan, ne nea saa asɛm no ma yehu fa ne ho. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi de Yehowa ayɛ yɛn Botan. Nea etwa to, yɛbɛhwɛ akwan a yebetumi afa so asuasua Yehowa suban.

ADƐN NTI NA BIBLE KA SƐ YEHOWA YƐ ƆBOTAN?

3. Ɔkwan bɛn so na Bible taa de asɛmfua “ɔbotan” di dwuma? (Hwɛ yi anim no.)

3 Bible de Yehowa toto “ɔbotan” ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa yɛn ama yɛate ne suban ase yiye. Wohwɛ Bible mu a, mpɛn pii no sɛ nkurɔfo reyi Onyankopɔn ayɛ a, ɛnna wɔka sɛ ɔyɛ ɔbotan. Sɛ wohwɛ Deuteronomium 32:4 a, ɛhɔ ne baabi a edi kan a ɛka sɛ Yehowa ne “Ɔbotan no.” Bere a na Hanah rebɔ mpae no, ɔkaa sɛ “ɔbotan biara nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.” (1 Sam. 2:2) Habakuk nso kaa sɛ Yehowa yɛ ‘ne Botan.’ (Hab. 1:12) Nea ɔkyerɛw Dwom 73 no kaa sɛ, Onyankopɔn yɛ ‘ne koma botan.’ (Dw. 73:26) Yehowa ankasa mpo frɛ ne ho ɔbotan. (Yes. 44:8) Momma yɛnhwɛ suban mmiɛnsa bi a Yehowa da no adi a ɛma yehu sɛ ɔyɛ ɔbotan, ne sɛnea yebetumi de no ayɛ “yɛn Botan.”—Deut. 32:31.

Onyankopɔn asomfo bu Yehowa sɛ ɔyɛ Ɔbotantim (Hwɛ nkyekyɛm 3)


4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ guankɔbea? (Dwom 94:22)

4 Yehowa yɛ guankɔbea. Sɛ ahum bi retu a, obi tumi kɔbɔ ne ho aguaa wɔ ɔbotan kɛse bi mu. Saa ara na Yehowa nso te; sɛ yehyia ɔhaw bi wɔ yɛn asetena mu a, ɔbɔ yɛn ho ban. (Kenkan Dwom 94:22.) Ɔhwɛ yɛn so, na ɔremma kwan mma yenhu amane afebɔɔ. Ɔsan hyɛ yɛn bɔ sɛ, biribiara a ɛsɛe yɛn asomdwoe na ɛteetee yɛn no, obeyi ne nyinaa afi hɔ.—Hes. 34:​25, 26.

5. Yɛbɛyɛ dɛn de Yehowa ayɛ yɛn Guankɔbea?

5 Ɔkwan baako a yebetumi afa so de Yehowa ayɛ yɛn guankɔbea ne sɛ yɛbɛbɔ no mpae. Sɛ yɛbɔ mpae a, Onyankopɔn ma yɛn ‘n’asomdwoe,’ na ɛbɔ yɛn koma ne yɛn adwene ho ban. (Filip. 4:​6, 7) Momma yɛnhwɛ onua bi a ne din de Artem a ne gyidi nti wɔde no too afiase no. Ɔda afiase hɔ no, na ɔbarima bi taa bebisabisa no nsɛm, na sɛ ɔba a, na ɔteɛteɛm gu no so hunahuna no. Artem ka sɛ, “Bere biara a saa ɔbarima no bɛba abebisabisa me nsɛm no, na ato me adwinnwen. . . . Ná mebɔ Yehowa mpae daa. Mesrɛɛ no sɛ ɔmma me asomdwoe ne nyansa. Nea saa ɔbarima no yɛe no ankosi hwee. . . . Ná mete nka sɛ Yehowa ahobammɔ atwa me ho ahyia te sɛ ɔfasu.”

6. Adɛn nti na yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so bere nyinaa? (Yesaia 26:​3, 4)

6 Yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so. Sɛnea ɔbotan tim hɔ daa no, saa ara na Yehowa nso wɔ hɔ ma yɛn daa. Yebetumi de yɛn ho ato no so efisɛ ɔno ne “daa Botan no.” (Kenkan Yesaia 26:​3, 4.) Yehowa te ase daa, enti obedi ne bɔhyɛ nyinaa so, obetie yɛn mpaebɔ, na mmoa biara a yehia no, ɔde bɛma yɛn. Afei nso, wɔn a wɔsom no no, esiane sɛ odi wɔn nokware nti, yebetumi anya ne mu awerɛhyem. (2 Sam. 22:26) Biribiara a yɛyɛ ma no no, ne werɛ remfi da, na ɔremfa yɛn akatua nso nni da.—Heb. 6:10; 11:6.

7. Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɛboa yɛn sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɛkyerɛ sɛ yɛde no ayɛ yɛn Botan. Yegye di sɛ, sɛ tebea no yɛ den sɛ dɛn mpo na yetie no a, ɛbɛboa yɛn. (Yes. 48:​17, 18) Bere biara a yebehu sɛ waboa yɛn no, ɛbɛma ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu no ayɛ kɛse. Ɛba saa a, ɛbɛma yɛagye adi paa sɛ, sɔhwɛ biara a yebehyia no, sɛ ɛte sɛn mpo a, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛagyina ano. Mpɛn pii no, sɛ yehyia tebea bi na yɛto yɛn ani na ɛntɔ obiara anim a, saa bere no paa na yehu sɛ Yehowa nni n’asomfo huammɔ. Onua bi a ne din de Vladimir kaa sɛ, “Bere a meda afiase a na meretwɛn sɛ wɔbedi m’asɛm no, saa bere no paa na metee nka sɛ mabɛn Yehowa kɛse. Mihui sɛ ɛsɛ sɛ mede me ho to no so kɛse, efisɛ na aka me nko ara, na na merentumi nyɛ me tebea no ho hwee.”

Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɛkyerɛ sɛ yɛde no ayɛ yɛn Botan (Hwɛ nkyekyɛm 7)


8. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa nsesa? (b) Sɛ yɛde Onyankopɔn yɛ yɛn Botan a, ɛbɛboa yɛn sɛn? (Dwom 62:​6, 7)

8 Yehowa nsesa. Yehowa te sɛ ɔbotan kɛse bi a etim hɔ. Sɛnea ne suban te fi teteete no, ɛnnɛ nso saa ara na ɛte, na n’atirimpɔw nso nsesa da. (Mal. 3:6) Bere a Adam ne Hawa tew atua wɔ Eden turo mu hɔ no, Yehowa ansesa n’atirimpɔw. Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ, Yehowa ‘rentumi nyɛ biribiara a ɛne ne suban nhyia.’ (2 Tim. 2:13) Wei kyerɛ sɛ, nea ebesi biara anaa nea nkurɔfo bɛyɛ biara, Yehowa rensesa ne suban, n’atirimpɔw, anaa ne mmara da. Sɛ yenya yɛn Nyankopɔn a ɔnsesa da no mu ahotoso a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛboa yɛn wɔ mmere bɔne mu, na wagye yɛn nkwa daakye.—Kenkan Dwom 62:​6, 7.

9. Dɛn na wusua fi Tatyana asɛm no mu?

9 Sɛ yedwinnwen Yehowa suban ne nea enti a ɔbɔɔ nnipa ne asaase no ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛde yɛn ho ato no so, na yɛde no ayɛ yɛn Botan. Bio nso, ɛbɛboa yɛn na yɛanhaahae bere a yɛrehyia sɔhwɛ no. (Dw. 16:8) Nea ɛtoo onuawa bi a ne din de Tatyana no si asɛm yi so dua; ne gyidi nti, ne man mu atumfoɔ kaa no hyɛɛ fie. Ɔkaa sɛ: “Ná aka me nko ara. Mfiase no, na ɛyɛ den ma me paa. Ná awerɛhow taa hyɛ me so.” Nanso, nea enti a Yehowa bɔɔ nnipa, ne nea enti a na ɛho hia paa sɛ Tatyana mia n’ani gyina sɔhwɛ mu no, ofii ase dwinnwen ho. Ɔyɛɛ saa no, amma wanteetee, na ɛhyɛɛ no den ma otumi gyinaa sɔhwɛ no ano. Ɔka sɛ: “Bere a mibehuu nea enti a merehu amane no, ɛma mekaee sɛ Yehowa a meresom no nti na aba saa. Wei boaa me, na mamfa m’adwene ansi ahotɔ a na mepɛ sɛ minya no so bio.”

10. Sɛn na yebetumi de Yehowa ayɛ yɛn Botan?

10 Ɛrenkyɛ, yebehyia sɔhwɛ ahorow, na ebehia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so sen bere biara. Enti saa bere yi paa na ehia sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den na yenya awerɛhyem sɛ, biribiara a yehia na ama yɛatumi adi Yehowa nokware no, ɔde bɛma yɛn. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Yebetumi akenkan Bible mu nsɛm ne Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ suahu. Sɛ worekenkan a, bɔ mmɔden sɛ wubehu sɛnea Yehowa taa n’asomfo akyi na ɔboaa wɔn no. Afei dwinnwen saa nsɛm no ho yiye. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ma wode Yehowa ayɛ wo Botan.

SUASUA YEHOWA SUBAN

11. Adɛn nti na yɛpɛ sɛ yesuasua Yehowa suban? (Adaka a yɛato din  “Botae a Anuanom Mmerante Betumi De Asisi Wɔn Ani So” no, hwɛ ɛno nso.)

11 Yehowa suban ahorow a ɛma yehu sɛ ɔte sɛ ɔbotan no, ɛno na yɛasusuw ho no. Afei momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi asuasua saa suban no. Sɛ yɛyere yɛn ho suasua Yehowa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ahyɛ anuanom den. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu too Simon din Kefa (a ne nkyerɛase ne “Petro.”) Saa din no kyerɛ “Ɔbotan.” (Yoh. 1:42) Ná wei kyerɛ sɛ Petro bɛkyekye asafo no mufo werɛ na wahyɛ wɔn den. Bible ka sɛ asafo mu mpanyimfo te sɛ “asaase wosee so botan kɛse onwini.” Wei kyerɛ sɛ, wɔbɔ asafo no mufo ho ban. (Yes. 32:2) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ anuanom nyinaa suasua Yehowa suban a, ɛhyɛ asafo no mufo nyinaa den.—Efe. 5:1.

12. Nneɛma bɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ guankɔbea ma afoforo?

12 Yɛ guankɔbea ma afoforo. Sɛ atoyerɛnkyɛm si anaa ɔman bi mufo twa wɔn ho ko a, ebia yebetumi ama anuanom a wɔn ho aka mu no abɛbɔ wɔn ho aguaa wɔn yɛn fie. “Awiei mmere” yi mu no, bere a nneɛma sɛe ara na ɛresɛe no, ɛda adi sɛ yebenya hokwan pii aboa yɛn ho yɛn ho. (2 Tim. 3:1) Afei nso, yebetumi akyekye yɛn nuanom werɛ na yɛahyɛ wɔn den. Ɔkwan baako a yebetumi afa so ayɛ saa ne sɛ, sɛ wɔba Ahenni Asa so a, yebegye wɔn fɛw so, yɛbɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn, na yɛama wɔn ani aka asafo no mu. Wiase a yɛte mu yi, nipa nnwen ne yɔnko nipa ho, ɔdɔ asa; wei ama nnipa rehu amane. Enti sɛ yɛn nuanom ba adesua a, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa ma wɔn ho dwo wɔn, na wɔte nka sɛ yɛdɔ wɔn.

13. Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔyɛ guankɔbea ma afoforo? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Sɛ asafo no mufo hyia ɔhaw a ani soso a, asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ guankɔbea ama wɔn. Atoyerɛnkyɛm si ma anuanom ho ka mu anaa yare bɔ onua bi putupuru a, mpanyimfo no yɛ ntɛm boa wɔn. Wɔsan de Onyankopɔn Asɛm no hyɛ wɔn nkuran. Sɛ anuanom nim ɔpanyin bi sɛ ɔyɛ anuanom brɛbrɛ, ɔda tema adi, na ɔyɛ aso tie wɔn a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛbɛn no. Sɛ ɔpanyin bi wɔ suban a ɛte saa a, ɛma anuanom te nka sɛ ɔdɔ wɔn. Ɛba saa a, akwankyerɛ biara a egyina Bible so a ɔde bɛma wɔn no, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde bɛyɛ adwuma.—1 Tes. 2:​7, 8, 11.

Sɛ asafo no mufo hyia ɔhaw a ani soso a, asafo mu mpanyimfo yɛ wɔn guankɔbea (Hwɛ nkyekyɛm 13) a


14. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama afoforo atumi de wɔn ho ato yɛn so?

14 Ma afoforo ntumi mfa wɔn ho nto wo so. Yɛpɛ sɛ afoforo hu sɛ, wɔhia mmoa a, yɛbɛboa wɔn, ɛnkanka bere a wɔrehu amane no. (Mmeb. 17:17) Dɛn na yebetumi ayɛ na ama afoforo atumi de wɔn ho ato yɛn so? Yebetumi ayere yɛn ho asuasua Yehowa suban daa; ebi ne sɛ, yebedi yɛn bɔhyɛ so, na yɛayɛ nea yebetumi biara adi yɛn bere so. (Mat. 5:37) Bio nso, sɛ yehu sɛ obi hia mmoa a, yebetumi aboa no. Afei nso, sɛ wɔma yɛn dwumadi bi a, ɛsɛ sɛ yedi ɛho akwankyerɛ nyinaa so pɛpɛɛpɛ.

15. Sɛ anuanom tumi de wɔn ho to mpanyimfo no so a, ɛboa asafo no sɛn?

15 Sɛ anuanom tumi de wɔn ho to mpanyimfo no so a, ɛboa asafo no. Ɔkwan bɛn so? Sɛ anuanom hu sɛ, wɔbetumi akɔ asafo mu panyin biara anaa wɔn kuw sohwɛfo nkyɛn bere biara a, ɛma wɔn koma tɔ wɔn yam. Afei nso, sɛ wɔhu sɛ mpanyimfo no ayɛ krado sɛ wɔbɛboa wɔn a, ɛma wɔhu sɛ mpanyimfo no dɔ wɔn. Bio, afotu a mpanyimfo de ma wɔn nuanom Kristofo no, sɛ wɔammɔ wɔn tirim ankyerɛ wɔn nea wɔnyɛ na mmom wɔde gyina Bible no anaa nhoma a akoa nokwafo no ayɛ so a, ɛma anuanom gye wɔn di. Sɛ asafo mu panyin anyi afoforo kokoam nsɛm adi na odi ne bɔhyɛ so a, ɛno nso ma anuanom gye no di paa.

16. Sɛ yɛma yɛn ase tim wɔ Yehowa som mu a, ɛboa yɛne afoforo sɛn?

16 Ma w’ase ntim. Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea ɛtene, na yɛde Bible nnyinasosɛm sisi gyinae a, afoforo besuasua yɛn nhwɛso pa no. Bere a yɛresua Onyankopɔn Asɛm no yiye na yɛn gyidi reyɛ den no, ɛbɛma yɛn ase atim paa wɔ nokware no mu. Ɛba saa a, yɛremma atoro nkyerɛkyerɛ ne wiase nsusuwii mfa yɛn nnommum, na mmom yɛn adwene besi yɛn pi, na yɛrenhinhim. (Efe. 4:14; Yak. 1:​6-8) Sɛ yɛte akomatusɛm bi a, Yehowa mu gyidi a yɛwɔ sɛ ne bɔhyɛ nyinaa bɛbam no nti, ɛremma yɛn adwene ntu mfra. (Dw. 112:​7, 8) Afei nso, wɔn a wɔrehyia sɔhwɛ no, ɛma yetumi boa wɔn.—1 Tes. 3:​2, 3.

17. Dɛn na mpanyimfo no yɛ de boa anuanom ma wɔn gyidi yɛ den?

17 Ɛnsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nneɛma tra so, na mmom ɛsɛ sɛ wɔn adwene mu da hɔ, wɔyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ, na wɔte asɛm ase. Saa mmarima yi de wɔn nhwɛso pa boa afoforo, na ‘wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ gyina nokwasɛm no so pintinn’ de hyɛ asafo no den. (Tito 1:9; 1 Tim. 3:​1-3) Asafo mu mpanyimfo no nhwɛso pa ne anuanom a wɔsrasra wɔn hyɛ wɔn den nti, ɛboa adawurubɔfo ma wɔkɔ adesua ne asɛnka daa, na wɔyɛ kokoam adesua nso. Sɛ anuanom hyia ɔhaw na ɛma wɔn adwene tu fra a, mpanyimfo no betumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ so de wɔn adwene asi Yehowa ne ne bɔhyɛ so.

18. Adɛn nti na yɛpɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ na yɛkɔ so bɛn no? (Hwɛ adaka a yɛato din “ Nea Yɛyɛ a Ɛbɛma Yɛabɛn Yehowa Kɛse” no.)

18 Sɛ yesusuw Yehowa suban a ɛyɛ fɛ no ho a, yebetumi aka asɛm a Ɔhene Dawid kae yi bi: “Yehowa a ɔyɛ me Botan no, ayeyi nka no.” (Dw. 144:1) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa Nyankopɔn so a, ɔremma yɛn nsa nsi fam da. Sɛ yenyinyin bɔ nkwakoraa ne mmerewa mpo a, yebetumi aka sɛ, “Ɔno ne me Botan” efisɛ yegye di sɛ ɔbɛkɔ so aboa yɛn ama yɛne ne ntam ayɛ kama daa.—Dw. 92:​14, 15.

DWOM 150 Hwehwɛ Nyankopɔn na Nya Nkwa

a MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi akɔ mpanyimfo mmienu nkyɛn wɔ Ahenni Asa so na ɔreka n’asɛm akyerɛ wɔn a onsuro.