Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 24

DWOM 24 Bra Yehowa Bepɔw So

Tena Yehowa Ntamadan Mu Afebɔɔ!

Tena Yehowa Ntamadan Mu Afebɔɔ!

“O Yehowa, hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu?”DW. 15:1.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛakɔ so ayɛ Yehowa nnamfo. Afei nso, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea Yehowa pɛ sɛ yɛne ne nnamfo tena.

1. Sɛ yesusuw Dwom 15:​1-5 ho a, adɛn nti na ɛbɛboa yɛn?

 ADESUA a edi wei anim no, yehui sɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so ama no no, sɛ wɔbɛkɔ so atena ne ntamadan mu a, gye sɛ wɔne no fa adamfo denneennen. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Nsɛm pii wɔ Dwom 15 no mu a ɛbɛboa yɛn. (Kenkan Dwom 15:​1-5.) Saa dwom no ka nneɛma pɔtee bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛabɛn Onyankopɔn.

2. Bere a Dawid kaa Yehowa ntamadan ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ dɛn na na ɛwɔ n’adwene mu?

2 Dwom 15 fi ase sɛ: “O Yehowa, hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?” (Dw. 15:1) Bere a Dawid kaa Yehowa “ntamadan” ho asɛm no, ɔsom ntamadan a na ɛwɔ Gibeon bere bi a atwam no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno na na ɔredwen ho. Afei nso Dawid kaa Onyankopɔn “bepɔw kronkron” ho asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ Sion Bepɔw a na ɛwɔ Yerusalem no ho asɛm na na ɛwɔ n’adwenem. Ɛhɔ na Dawid sii ntamadan de apam adaka no sii mu kosii sɛ wɔsii asɔrefie no; wufi Sion Bepɔw ho rekɔ Gibeon a, na emu nware pii.—2 Sam. 6:17.

3. Nsɛm a ɛwɔ Dwom 15 no, adɛn nti na yɛpɛ sɛ yehu nea ɛkyerɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

3 Ná Israelfo dodow no ara nni hokwan sɛ wɔkɔsom wɔ ɔsom ntamadan no mu mpo, na kampɛsɛ wɔawura baabi a apam adaka no si wɔ ntamadan no mu no. Nanso Yehowa asomfo anokwafo nyinaa betumi abɛsoɛ ne ntamadan mu na wɔakɔ so ayɛ ne nnamfo. Wei yɛ biribi a yɛn nyinaa ani gye ho. Yɛhwɛ Dwom 15 a, ɛbobɔ suban ahorow bi a ehia sɛ yenya na aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ Yehowa nnamfo.

Dawid bere so no, sɛ yɛka sɛ obi akɔsoɛ Yehowa ntamadan mu a, na Israelfo no betumi de wɔn adwene atwa ho mfoni ahu nea ɛkyerɛ (Hwɛ nkyekyɛm 3)


MMA WO HO MMMA ASƐM NA YƐ ADETRENEE

4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛbɔ asu? (Yesaia 48:1)

4 Dwom 15:2 ma yehu sɛ Onyankopɔn adamfo ne ‘nea ne ho nni asɛm, na ɔyɛ adetrenee.’ Wei nyɛ biribi a yɛyɛ no nnɛ a, ɔkyena na yɛagyae; ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ. Wohwɛ a, yebetumi ayɛ nnipa a yɛn “ho nni asɛm” anaa? Yiw. Ɛwom sɛ bɔne wɔ yɛn nyinaa ho, nanso sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yebetie Yehowa a, obebu yɛn sɛ yɛn “ho nni asɛm.” Sɛ yehyira yɛn ho so na yɛbɔ asu a, afei ara na na yɛafi ase ne Onyankopɔn refa adamfo. Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ, sɛ obi yɛ Israelni a, na ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ obetumi abɛsoɛ Yehowa ntamadan mu. Ná ebinom som no anaa wɔfrɛ no, nanso na ɛnyɛ “nokware anaa trenee mu.” (Kenkan Yesaia 48:1.) Sɛ Israelni bi pɛ sɛ ofi ne koma nyinaa mu som Yehowa a, na ɛsɛ sɛ ohu nea Yehowa pɛ na ɔyɛ. Ɛnnɛ nso, sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn fa yɛn adamfo a, ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ yɛbɛbɔ asu na Yehowa din no abɛda yɛn so. Mmom ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ‘yɛ adetrenee.’ Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

5. Yehowa a yebetie no wɔ biribiara mu no kyerɛ sɛn?

5 Sɛ yɛka sɛ obi “ho nni asɛm” na “ɔyɛ adetrenee” a, Yehowa ani so no, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ daa onii no bɛkɔ adesua. (1 Sam. 15:22) Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa sɛ yebetie Onyankopɔn wɔ biribiara mu; sɛ obiara nni hɔ mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. (Mmeb. 3:6; Ɔsɛnk. 12:​13, 14) Nneɛma nketenkete mu mpo, ehia sɛ yɛyere yɛn ho tie Yehowa. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no paa, na ɛma ɔno nso dɔ yɛn paa.—Yoh. 14:23; 1 Yoh. 5:3.

6. Sɛnea Hebrifo 6:​10-12 ma yehu no, dɛn na ɛho hia sen nneɛma pa a yɛayɛ atwam no?

6 Nneɛma pa a yɛayɛ atwam no, Yehowa ani sɔ paa. Nanso nneɛma pa a yɛayɛ atwam no, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ Yehowa bebu yɛn sɛ yɛda so ara fata sɛ yɛtena ne ntamadan mu. Hebrifo 6:​10-12 kyerɛkyerɛ saa asɛm no mu pefee. (Kenkan.) Yehowa werɛ mfi nneɛma pa a yɛayɛ atwam no. Nanso ɔpɛ sɛ yɛkɔ so fi yɛn kra nyinaa mu som no kosi awiei. Sɛ “yɛampa abaw a,” ɔbɛyɛ yɛn adamfo daa.—Gal. 6:9.

KA NOKWARE WƆ WO KOMA MU

7. Ka a obi bɛka nokware wɔ ne koma mu no kyerɛ sɛn?

7 Sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔ so tena Yehowa ntamadan mu a, ɛsɛ sɛ “ɔka nokware wɔ ne koma mu.” (Dw. 15:2) Ɛnyɛ nea wei kyerɛ ara ne sɛ yɛrenni atoro. Yehowa pɛ sɛ yedi nokware wɔ biribiara mu. (Heb. 13:18) Wei ho hia paa efisɛ “Yehowa kyi okontomponi, na atreneefo na wɔyɛ ne nnamfo paa.”—Mmeb. 3:32.

8. Suban bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

8 Obi a “ɔka nokware wɔ ne koma mu” no, ɛnyɛ bere a nnipa wɔ hɔ nko ara na odi Onyankopɔn mmara so, na mmom sɛ ɔwɔ kokoam mpo a, ɔyɛ saa. (Yes. 29:13) Ɔmfa kwatikwan bi so mmu Onyankopɔn akwankyerɛ so. Nanso nea n’akwan ntene no, ɛnyɛ bere nyinaa na ohu sɛ mfaso wɔ so sɛ obedi Yehowa mmara so. (Yak. 1:​5-8) Yehowa mmara bi a ɛyɛ no sɛ mfaso nhyɛ da nni so no, ebia ɔrenni so. Sɛ ɔyɛ saa na wannya asotwe biara a, ebia obesi ne bo sɛ ɔbɛyɛ bɔne akɛseakɛse. Ebewie ase no, na ne som nsɔ Onyankopɔn ani. (Ɔsɛnk. 8:11) Nanso yɛn de, yɛpɛ sɛ yedi nokware wɔ biribiara mu.

9. Nea Yesu kae bere a edi kan a ohyiaa Natanael no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Bere a edi kan a Yesu hyiaa Natanael no, nea Yesu kae no ma yehu sɛ ɛho hia paa sɛ yɛka nokware wɔ yɛn komam. Bere a Filipo de n’adamfo Natanael baa Yesu nkyɛn no, Yesu kaa asɛm bi a ɛyɛ nwanwa faa Natanael ho. Ɛwom sɛ na Yesu nhyiaa Natanael da, nanso ɔkaa sɛ: “Hwɛ, Israelni ankasa a nnaadaa nni ne mu ni.” (Yoh. 1:47) Ná Yesu bu n’asuafo no sɛ wɔka nokware wɔ wɔn komam, nanso Natanael de, Yesu hui sɛ ne de no yɛ soronko. Ná Natanael tɔ sin te sɛ yɛn ara, nanso na ɔnyɛ nyaatwom. Yesu ani gyee Natanael suban no ho, na ɔkamfoo no. Sɛ Yesu tumi ka biribi saa fa yɛn ho a, hwɛ sɛnea yɛn ani begye afa!

Bere a Filipo de n’adamfo Natanael baa Yesu nkyɛn no, Yesu kaa sɛ Natanael yɛ ɔbarima a nnaadaa nni ne mu. Nkurɔfo betumi aka saa afa yɛn ho anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 9)


10. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yiye? (Yakobo 1:26)

10 Afotusɛm a ɛwɔ Dwom 15 no, emu dodow no ara fa sɛnea yɛne afoforo bɛtena ho. Dwom 15:3 ka sɛ nea wabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu no, “ɔmfa ne tɛkrɛma nkeka nkurɔfo ho nsɛmmɔne, ɔnyɛ ne mfɛfo bɔne biara, na ne nnamfo nso, ɔnsɛe wɔn din.” Sɛ yɛanhwɛ yɛn kasa yiye na yɛsɛe afoforo din a, ebetumi ahaw wɔn paa na Yehowa betu yɛn afi ne ntamadan mu.—Kenkan Yakobo 1:26.

11. Sɛ yɛka sɛ obi yɛ dinsɛefo a, dɛn na ɔyɛ, na sɛ ɔyɛ saa na wannyae a, dɛn na ɛbɛto no?

11 Odwontofo no hyɛɛ da kaa dinsɛe ho asɛm. Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ dinsɛefo? Ɛne sɛ ɔbɛkeka atosɛm afa obi ho de asɛe ne din. Sɛ obi yɛ saa na wannyae a, wɔbetu no afi Kristofo asafo no mu.—Yer. 17:10.

12-13. Tebea ahorow bɛn mu na yebetumi asɛe yɛn nnamfo din a yɛn ani nna? (Hwɛ mfoni no nso.)

12 Afei nso, Dwom 15:3 kae yɛn sɛ wɔn a wɔabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu no, wɔnyɛ wɔn mfɛfo bɔne biara, na wɔn nnamfo nso, wɔnsɛe wɔn din. Ɛnde, tebea ahorow bɛn mu na obi betumi asɛe nkurɔfo din?

13 Yɛanhwɛ yiye a, yebetumi akeka afoforo ho atosɛm a yɛn ani nna. Yɛnhwɛ tebea ahorow a edidi so yi: (1) onuawa bi agyae akwampae adwuma no, (2) awarefo bi afi Betel, anaa (3) onua bi nyɛ asafo mu panyin anaa ɔsomfo bio. Wohwɛ a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde yɛn adwene bebu nea enti a nsakrae a ɛte saa aba na yɛkeka ho nsɛm kyerɛ afoforo anaa? Wobɛhwɛ mu no, ebia nea enti a wɔyɛɛ saa nsakrae no, pii wɔ hɔ a yennim. Momma yɛnkae sɛ, obi a wabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu no, “ɔnyɛ ne mfɛfo bɔne biara, na ne nnamfo nso, ɔnsɛe wɔn din.”

Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛkeka afoforo ho atosɛm de asɛe wɔn din (Hwɛ nkyekyɛm 12-13)


DI WƆN A WƆSURO YEHOWA NO NI

14. Wɔn a wɔabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu no, wɔne “ahuhufo nnantew.” Wobɛkyerɛkyerɛ saa asɛm no mu sɛn?

14 Dwom 15:4 ka sɛ, sɛ obi yɛ Yehowa adamfo a, “ɔne ahuhufo nnantew.” Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ obi yɛ ohuhuni? Yɛn nnipa a bɔne wɔ yɛn ho de, ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ sɛ obi yɛ ohuhuni. Adɛn ntia? Efisɛ nnipa a wɔn suban yɛ yɛn fɛ no, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛpɛ wɔn asɛm na yɛatwe yɛn ho afi wɔn a wɔn suban nyɛ yɛn fɛ no ho. Ɛno nti, wɔn a Yehowa bu wɔn sɛ “ahuhufo” no, wɔn na ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn nantew. (1 Kor. 5:11) Saafo no bi ne abɔnefo a wɔnnu wɔn ho, wɔn a wɔkasa tia yɛn gyidi, anaa wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛagyae Yehowa som.—Mmeb. 13:20.

15. “Wɔn a wosuro Yehowa” no, akwan a yɛfa so di wɔn ni no, baako ne sɛn?

15 Nanso Dwom 15:4 san ka sɛ, “wɔn a wosuro Yehowa no,” ɛsɛ sɛ yedi wɔn ni. Enti yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ada ayamye ne obu adi akyerɛ Yehowa nnamfo. (Rom. 12:10) Dwom 15:4 ma yehu ɔkwan baako a yɛbɛfa so ayɛ saa. Ɛka sɛ obi a wabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu no, “sɛ ɔhyɛ bɔ na etia no mpo a, ɔnsesa n’ano.” Sɛ yɛhyɛ afoforo bɔ na yɛanni so a, ebetumi ahaw wɔn paa. (Mat. 5:37) Ɛno nti, Yehowa pɛ sɛ awarefo di wɔn aware ntam so. Afei nso, sɛ awofo hyɛ wɔn mma bɔ bi na wɔyere wɔn ho di so a, ɛma Yehowa ani gye. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa bɛkanyan yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi biara adi yɛn bɔhyɛ so.

16. Dɛn bio na yebetumi ayɛ de adi Yehowa nnamfo ni?

16 Ade foforo a yebetumi ayɛ de adi Onyankopɔn nnamfo ni ne sɛ, yɛbɛsom wɔn hɔho na yɛayɛ wɔn adɔe. (Rom. 12:13) Adesua ne asɛnka a yɛne yɛn nuanom kɔ akyi no, sɛ yenya bere ne wɔn bɔ nso a, ɛma yɛne wɔn ayɔnkofa mu yɛ den. Afei nso, ɛma yɛne Yehowa ayɔnkofa mu yɛ den. Bio nso, sɛ yɛsom wɔn hɔho a, na yɛresuasua Yehowa.

MMA W’ANI MMMERE SIKA

17. Adɛn nti na Dwom 15 ka sika ho asɛm?

17 Bible ka sɛ obi a wabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu no, “ɔde ne sika bɔ bosea a, onnye nsiho, na onnye nea ne ho nni asɛm nkyɛn adanmude.” (Dw. 15:5) Adɛn nti na Dwom 15 a emu nsɛm nnɔɔso yi ka sika ho asɛm? Efisɛ sɛ yɛn ani bere sika a, ebetumi asɛe yɛne afoforo ne Onyankopɔn ntam. (1 Tim. 6:10) Yɛhwɛ Bible mu a, yehu sɛ na Israelfo no bi bɔ wɔn nuanom a ahia wɔn no bosea gye nsiho, nanso na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa. Afei nso, na atemmufo no bi gye adanmude bu wɔn a wɔn ho nni asɛm atɛnkyea. Yehowa kyi nneyɛe a ɛte saa nyinaa.—Hes. 22:12.

18. Nsɛmmisa bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu yɛn suban wɔ sika ho? (Hebrifo 13:5)

18 Eye sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn mu ahu yɛn suban wɔ sika ho. Bisa wo ho sɛ: ‘Metaa dwinnwen sika ne nneɛma a metumi atotɔ ho anaa? Sɛ mekɔbɔ bosea a, ɛyɛ a metwentwɛn me nan ase sɛ metua; ɛyɛ a ɛyɛ me sɛ onipa no de, onhia sika no anaa? Sika ma mete nka sɛ me nso meyɛ obi, nanso me nsam yɛ den anaa? Sɛ onua anaa onuawa bi wɔ sika a, ɛyɛ a mibu no sɛ ɔyɛ sikanibere anaa? Asikafo na me ne wɔn bɔ, na mitwa ahiafo gya anaa?’ Yɛanya hokwan kɛse paa sɛ yɛabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu. Sɛ yɛmpɛ sɛ saa hokwan no bɛbɔ yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛn ani ammere sika. Yɛyɛ saa a, Yehowa rennyaw yɛn da!—Kenkan Hebrifo 13:5.

YEHOWA DƆ NE NNAMFO

19. Nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ nyinaa, ne botae paa ne sɛn?

19 Asɛm a ɛwɔ Dwom 15 awiei hɔ ka sɛ: “Onipa a ɔte saa no renhinhim da biara da.” (Dw. 15:5) Nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ nyinaa, nea odwontofo no kaa wɔ ha yi ma yehu ne botae. Ɛne sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye. Enti ɔma yɛn akwankyerɛ a ɛbɛma yɛanya ne nhyira ne n’ahobammɔ.—Yes. 48:17.

20. Dɛn na wɔn a wɔabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu no hwɛ kwan sɛ wɔbenya?

20 Wɔn a wɔabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu no betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbenya daakye papa bi. “Tenabea pii” a Yesu kaa sɛ ɔrekosiesie ama n’asuafo no, anokwafo a wɔasra wɔn no benya hokwan akɔtena hɔ. (Yoh. 14:2) Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so no nso hwɛ kwan sɛ asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 21:3 no bɛbam. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa adi yɛn ni paa sɛ wato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmɛtena ne ntamadan mu afebɔɔ!

DWOM 39 Nya Din Pa Wɔ Onyankopɔn Anim