Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔtu Obi Fi Asafo no Mu a, Ɛkyerɛ Ɔdɔ—Adɛn Ntia?

Wɔtu Obi Fi Asafo no Mu a, Ɛkyerɛ Ɔdɔ—Adɛn Ntia?

JULIAN ka sɛ bere a asafo no de too dwa sɛ ne ba nyɛ Yehowa Danseni bio no, ɛhaw no paa. Ɔkaa sɛ: “Ɛyɛɛ me sɛ nea m’anidaso nyinaa asa no. Ná ɔyɛ me piesie, na na me ne no bɔ paa; na yɛbom yɛ nneɛma pii.” Julian ka sɛ na ne ba no yɛ abofra pa, nanso ne suban sesae prɛko pɛ, na ɔfii ase yɛɛ nneɛma bɔne. Julian yere sui araa ma na Julian nhu nea ɔnyɛ mfa nkyekye ne werɛ. Julian ka sɛ, “Daa na yɛbisa yɛn ho sɛ, yɛantete yɛn ba no yie anaa?”

Dɛn na ɛwɔ Bible mu a enti ɛsɛ sɛ yɛgyina so tu obi fi asafo no mu? Sɛ wɔtu obi fi asafo no mu a, ɛyɛ yaw paa. Ɛnde, adɛn nti na yɛka sɛ ɛkyerɛ ɔdɔ?

NEA ƐBƐMA WƆATU OBI AFI ASAFO NO MU

Sɛ Yehowa Danseni a wabɔ asu yɛ bɔne a emu yɛ duru na wannu ne ho a, wɔbɛtu no afi asafo no mu.

Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ pɛ, nanso ɔpɛ sɛ n’asomfo di ne mmara so na wɔma wɔn ho te bere nyinaa. Wo deɛ hwɛ, Yehowa ka kyerɛ n’asomfo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi bɔne te sɛ nea ɛdidi so yi ho: Aguamammɔ, abosonsom, korɔnbɔ, apoobɔ, awudi, ne ahonhonsɛmdi.—1 Korintofoɔ 6:9, 10; Adiyisɛm 21:8.

Nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ no nyɛ den, mmom ɛyɛ ahobammɔ ma yɛn ankasa. Yɛnim sɛ obiara pɛ sɛ ɔtena baabi a nnipa a wɔpɛ asomdwoe, wɔdi wɔn ho ni, na wɔka nokware wɔ. Saa na yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmaa te. Dɛn na ɛma wɔyɛ saa? Efisɛ wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa, na wɔahyɛ no bɔ sɛ wɔde nea waka wɔ Bible mu bɛbɔ wɔn bra.

Nanso sɛ nnipa mmerɛwyɛ nti, Kristoni a wabɔ asu yɛ bɔne a emu yɛ duru nso ɛ? Ebi too Yehowa asomfo a wɔtenaa ase tete no bi, nanso Yehowa ampo wɔn. Yɛmfa Ɔhene Dawid sɛ nhwɛso. Ɔhene Dawid sɛee aware na ɔkum nipa, nanso odiyifo Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ Yehowa de ne bɔne akyɛ no.—2 Samuel 12:13.

Adɛn nti na Yehowa de Dawid bɔne kyɛɛ no? Yehowa hui sɛ Dawid anu ne ho ampa. (Dwom 32:1-5) Ɛnnɛ nso, sɛ obi yɛ bɔne na ɔnu ne ho ampa na ɔgyae bɔne a ɔreyɛ no a, wɔde ne bɔne bɛkyɛ no. (Asomafoɔ Nnwuma 3:19; 26:20) Sɛ mpanyimfo a wɔredi asɛm no anhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ onipa no anu ne ho ampa a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔtu no fi asafo no mu.

Sɛ wɔtu wo busuani bi anaa w’adamfo paa a, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛgye atom, na anhwɛ a wobɛnya adwene sɛ gyinae a mpanyimfo no sii no ano yɛ den dodo. Nanso, Yehowa Asɛm ma yɛhu pefee sɛ, sɛ wɔtu obi fi asafo no mu a, ɛkyerɛ ɔdɔ.

MFASO A ƐWƆ SO SƐ WƆBƐTU OBI AFI ASAFO NO MU

Yesu kaa sɛ “nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mateo 11:19) Ma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a enti sɛ obi annu ne ho a, nyansa wom sɛ wɔtu no fi asafo no mu.

Wɔtu obi fi asafo no mu a, ɛtew Yehowa din ho. Esiane sɛ Yehowa din da yɛn so sɛ n’Adansefo nti, nea yɛbɛyɛ bɛtumi atew ne din ho anaa agu ho fĩ. (Yesaia 43:10) Sɛnea abofra bi suban bɛtumi ahyɛ ne papa anuonyam anaa asɛe ne din no, saa ara na Yehowa asomfo nso suban bɛtumi ahyɛ no anuonyam anaa asɛe ne din. Hesekiel bere so no, na amanaman no nim sɛ Yehowa din da Yudafo no so. (Hesekiel 36:19-23) Ɛnnɛ nso nkurɔfo de Yehowa din na ɛfrɛ Yehowa Adansefo. Sɛ yɛdi Yehowa mmara so a, yɛbɛhyɛ no anuonyam.

Ɔsomafo Petro tuu Kristofo fo sɛ: “Monyɛ sɛ mma a wɔyɛ setie, na monnni akɔnnɔ a na mowɔ berɛ a na monnim hwee no akyi, na mmom sɛdeɛ Ɔkronkronni a ɔfrɛɛ mo no teɛ no, mo nso monyɛ kronkron mo nneyɛɛ nyinaa mu, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: ‘Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron.’” (1 Petro 1:14-16) Sɛ yɛkɔ so bɔ aguaman a, yɛbɛsɛe Onyankopɔn din. Nanso, sɛ yɛkɔ so bɔ ɔbra pa a, yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam.

Sɛ Yehowa Danseni bi kɔ so yɛ bɔne a, ebia nkurɔfo a wɔnim no no bɛhu nea ɔreyɛ no. Enti sɛ wɔte sɛ ɔnyɛ Yehowa Danseni bio a, wɔbɛhu sɛ Yehowa nkurɔfo di nea Bible ka so, na ɛma asafo no ho tew. Da bi, ɔbarima bi baa asafo nhyiam ase wɔ Switzerland, na ɔkaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔba asafo no mu bi. Ná ɔbarima no nuabaa abɔ aguaman ma wɔatu no afi asafo no mu, enti na ɔpɛ sɛ ɔde ne ho bɔ ahyehyɛde a “wɔnsosɔ bɔne so.”

Sɛ wɔtu obi fi asafo no mu a, ɛtew Kristofo asafo no ho. Ɔsomafo Paulo bɔɔ Korintofo no kɔkɔ sɛ, sɛ wɔma ɔbɔnefo a ɔnnu ne ho no kɔ so tena asafo no mu a, ɛbɛyɛ asiane ama wɔn. Ɔde abɔnefo a wɔte saa no suban totoo mmɔreka a ɛka mmɔre nyinaa ho. Paulo kaa sɛ: “Mmɔreka kakraa bi na ɛka mmɔre nyinaa.” Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyi ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu.”—1 Korintofoɔ 5:6, 11-13.

Saa “ɔbɔnefo” no kɔɔ so bɔɔ aguaman a anyɛ no aniwu. Ná asafo no mufo binom mpo pene ne subammɔne no so. (1 Korintofoɔ 5:1, 2) Ná wei yɛ hu efisɛ na saa subammɔne no abu so wɔ Korinto kuro no mu, enti anka ɛbɛtumi aka Kristofo a wɔaka no. Saa ara na ɛnnɛ nso, sɛ asafo no bu n’ani gu bɔne a emu yɛ duru so a, ɛremma ebinom mfa Yehowa mmara aniberesɛm. (Ɔsɛnkafoɔ 8:11) Sɛnea “abotan a ahunta nsuo ase” bɛtumi ama po so hyɛn bi agu asu no, saa ara na abɔnefo a wɔnnu wɔn ho bɛtumi asɛe afoforo a wɔwɔ asafo no mu gyidi.—Yuda 4, 12.

Sɛ wɔtu obi fi asafo no mu a, ɛbɛtumi ama wahu sɛ wayɛ bɔne. Yesu maa mfatoho bi a ɛfa aberante bi ho. Aberante no tu fii ne papa fie kɔsɛee n’agyapade nyinaa, na ɔbɔɔ ahohwibra. Akyiri yi, aberante no hui sɛ mfaso biara nni so sɛ ɔfii ne papa fie. Enti ɔnuu ne ho, na ɔsii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ n’abusuafo nkyɛn. Bere a ne papa hui sɛ ne ba no asesa no, n’ani gyei paa, na ɔgyee no fɛw so. (Luka 15:11-24) Saa mfatoho yi ma yɛhu sɛnea Yehowa te nka bere a obi anu ne ho afi ne bɔne ho no. Yehowa ka sɛ: “M’ani nnye ɔbɔnefoɔ wuo ho, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsan afiri ne kwan so na wanya nkwa.”—Hesekiel 33:11.

Kristofo asafo no yɛ yɛn honhom fam abusua. Enti sɛ wɔtu obi fi asafo no mu a, ɔnka saa abusua no ho bio. Sɛ ɔtwa ne bɔne so aba a, ebia ɔbɛhu sɛ wadi mfomso na wakae sɛ bere a ɔne Yehowa ne asafo no wɔ abusuabɔ pa no, na n’ani gye paa. Wei bɛtumi ahyɛ no nkuran ma wasan aba honhom fam abusua a na ɔda mu no mu.

Sɛ yɛbɛtumi aboa obi a wɔatu no ma wasan aba asafo no mu a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nan si fam de kyerɛ sɛ yɛdɔ no. Yɛnyɛ nhwɛso bi. Yɛmfa no sɛ abɔmmɔfo mmienu bi akɔyera wɔ kwaem; wɔnhu fie kwan. Bere a wɔnantewee nnɔnhwerew pii no, wɔn mu baako brɛe, na na ɔpɛ sɛ ɔda. Nanso, sɛ ɔda wɔ kwaem hɔ a, anhwɛ a akekaboa bi bɛba abɛkyere no awe. Nea ɛbɛboa ma wawɛn no, nea ɔka ne ho no bɔɔ n’ani so. Ná wei bɛyɛ no yaw deɛ, nanso na ɛbɛtumi agye no nkwa. Dawid kaa asɛm bi a ɛte saa: “Sɛ ɔteneneeni bɔ me a, ɛbɛyɛ adɔeɛ ama me.” (Dwom 141:5) Ná Dawid nim sɛ nteɛso yɛ yaw deɛ, nanso na ɔnim sɛ ɛbɛboa no.

Sɛnea ɔbɔmmɔfo no bɔɔ ne yɔnko no ani so no, mpɛn pii no, nea ɛhia paa na obi asan aba Yehowa nkyɛn ne sɛ wɔbɛtu no. Julian ba a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no sesaa n’abrabɔ na bere a wɔtuu no akyi mfe du no, ɔsan baa asafo no mu. Seesei ɔyɛ asafo mu panyin. Ɔka sɛ: “Bere a wɔtuu me no, ɛma mehuu sɛ abrabɔ a na mewom no nyɛ koraa. Ná mehia saa nteɛso no paa.”—Hebrifoɔ 12:7-11.

DƐN NA YƐBƐYƐ DE AKYERƐ SƐ YƐDƆ WƆN A WƆATU WƆN NO?

Sɛ wɔtu obi fi asafo no mu a, ɛhaw adwene paa. Nanso ɛnkyerɛ sɛ ɔrentumi nsan mma Yehowa nkyɛn bio. Ɛho hia sɛ obiara yɛ ne fam deɛ ma nteɛso no wie n’adwuma. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

Mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔanu wɔn ho no ma wɔasan aba Yehowa nkyɛn

Asafo mu mpanyimfo bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wɔbɛsuasua Yehowa dɔ. Wei te saa, titiriw, bere a ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ obi sɛ ɔnyɛ Yehowa Danseni bio no. Wɔtɔ wɔn bo ase kyerɛ nipa no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na wasan aba Yehowa nkyɛn abɛka asafo no ho bio. Sɛ obi a wɔatu no da no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔsan ba asafo no mu a, ɛwom ara a mpanyimfo no bɛtumi akɔsra no na wɔne no asusu nea ɔbɛtumi ayɛ na wasan aba Yehowa nkyɛn bio ho. *—Hwɛ ase hɔ asɛm no.

abusuafo gye gyinae a mpanyimfo no asi tom a, ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ asafo no ne onipa a wɔatu no no. Julian ka sɛ: “Ná ɔda so ara yɛ me ba, nanso ne subammɔne no maa me ne no ntam tetewee.”

asafo no mufo nyinaa gye nteɛso a Yehowa nam mpanyimfo no so de ama onipa a wɔatu no no tom a, ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ no paa. Wei kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne no bɔ anaa wɔne no kasa mpo. (1 Korintofoɔ 5:11; 2 Yohane 10, 11) Bio nso, ɛsɛ sɛ asafo no yi ɔdɔ soronko adi kyerɛ onipa a wɔatu no no abusuafo na wɔboa wɔn. Saa bere yi yɛ bere a emu yɛ den ma abusua no paa. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribiara de kyerɛ sɛ wɔayi wɔn nso afi asafo no mu.—Romafoɔ 12:13, 15.

Julian kaa sɛ: “Nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ sɛ wɔbɛtumi atu obi afi asafo no mu no yɛ ade a yɛhia. Ɛboa yɛn ma yɛde Yehowa akwankyerɛ bɔ yɛn bra. Awerɛhoɔ a yɛdi nyinaa akyi no, ɛbɛwie ase no, ade pa tumi fi mu ba. Sɛ anka mesosɔɔ me ba no subammɔne no so a, anka ɔrensesa da.”

^ nky. 24 Hwɛ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban, kratafa 21-23.