Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛha na Yɛhyiam Som

Ɛha na Yɛhyiam Som

“Wo fie ho nnamyɛ bɛmene me.”—YOHANE 2:17.

NNWOM: 127, 118

1, 2. (a) Tete no, ɛhe na na Yehowa asomfo hyiam som no? (b) Ná Yesu bu Yehowa asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no sɛn? (d) Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua yi mu?

ONYANKOPƆN asomfo a wɔtenaa ase tete no wɔ baabi a na wɔhyiam som Onyankopɔn. Saa ara nso na n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ baabi a wɔhyiam som. Bere a Habel bɔɔ afɔre maa Yehowa no, ɛbɛyɛ sɛ ɔsii afɔremuka. (Genesis 4:3, 4) Noa, Abraham, Isak, Yakob, ne Mose nyinaa sisii afɔremuka. (Genesis 8:20; 12:7; 26:25; 35:1; Exodus 17:15) Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo sɛ wɔnsi ntamadan mma no. (Exodus 25:8) Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsi asɔrefie. (1 Ahemfo 8:27, 29) Bere a Onyankopɔn nkurɔfo fi Babilon nkoasom mu san baa wɔn kurom no, na wɔtaa hyiam wɔ hyiadan mu. (Marko 6:2; Yohane 18:20; Asomafoɔ Nnwuma 15:21) Ná tete Kristofo no nso hyia wɔ nkurɔfo afie. (Asomafoɔ Nnwuma 12:12; 1 Korintofoɔ 16:19) Ɛnnɛ, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa hyiam wɔ Ahenni Asa pii so; ɛhɔ na wɔsua Yehowa ho ade na wɔsom no.

2 Ná Yesu wɔ obu kɛse ma Yehowa asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no. Sɛnea na Yesu ani gye asɔrefie no ho no maa n’asuafo no kaee odwontofo no asɛm yi: “Wo fie ho nnamyɛ nko na amene me.” (Dwom 69:9; Yohane 2:17) Yɛrentumi nka sɛ Ahenni Asa yɛ “Yehowa fie” sɛnea na wɔbu Yerusalem asɔrefie no. (2 Berɛsosɛm 5:13; 33:4) Nanso ɛsɛ sɛ yɛnya obu kɛse ma baabi a yɛhyiam som no. Adesua yi mu no, yɛbɛsusu Bible mu afotusɛm a ɛbɛma yɛahu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ Ahenni Asa so, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛsiesie hɔ, ne sɛnea yɛbɛboa ma yɛatua ho aka. *—Hwɛ ase hɔ asɛm no.

YƐN ANI SƆ YƐN NHYIAM AHOROW NO

3-5. Dɛn na yɛyɛ wɔ Ahenni Asa so, na sɛn na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn nhyiam ahorow no?

3 Ahenni Asa yɛ baabi titiriw a nkurɔfo bɛtumi ahyiam asom Yehowa. Nhyiam ahorow no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, na ɛboa yɛn ma yɛne n’adamfofa mu yɛ den. Sɛ yɛkɔ yɛn nhyiam ahorow no a, Yehowa ahyehyɛde no hyɛ yɛn nkuran, na ɔma yɛn akwankyerɛ a ɛbɛboa yɛn. Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ Yehowa ne ne Ba no bɛto nsa afrɛ yɛn ma yɛabɛdidi wɔ “Yehowa pono” so nnawɔtwe biara. (1 Korintofoɔ 10:21) Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ nsa a wɔto frɛ yɛn no yɛ ade titiriw.

4 Yehowa aka akyerɛ yɛn pefee sɛ ɔpɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam kɔsom no na yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran. (Kenkan Hebrifoɔ 10:24, 25.) Esiane obu a yɛwɔ ma Yehowa nti, yɛrentoto adesua mu, gye sɛ biribi a yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie si yɛn kwan. Sɛ yɛdi kan sua ade ansa na yɛakɔ asafo nhyiam na yɛyɛ krado sɛ yɛbɛma mmuaeɛ wɔ ase a, yɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ nhyiam no paa.—Dwom 22:22.

5 Sɛ yɛkɔ adesua a, sɛnea yɛyɛ yɛn ade ne sɛnea yɛsiesie Ahenni Asa no so no ma obiara hu sɛ yɛbu Yehowa paa. Yɛpɛ sɛ yɛde yɛn abrabɔ yi Yehowa din ayɛ efisɛ yɛtaa kyerɛw Yehowa din no bɔ Ahenni Asa ho.—Fa toto 1 Ahemfo 8:17 ho.

6. Dɛn na nkurɔfo aka afa yɛn Ahenni Asa ne nnipa a wɔhyiam wɔ hɔ no ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

6 Sɛ yɛwɔ obu ma yɛn Ahenni Asa a, nkurɔfo hu. Ɛho nhwɛso ni. Ɔbarima bi a ɔwɔ Turkey kaa sɛ: “Bere a mekɔɔ Ahenni Asa so no, sɛnea ɛhɔ tew na nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ no ma m’ani gyei paa. Ná nnipa a wɔwɔ hɔ no asiesie wɔn ho kama, wɔn anim yɛ seresere, na wɔde anigye kyiaa me. Wei kaa me koma paa.” Ɔbarima no fii ase kɔɔ asafo nhyiam nyinaa, na ankyɛ na ɔbɔɔ asu. Wɔ Indonesia kuro bi mu no, anuanom too nsa frɛɛ wɔn afipamfo, aban panyin a ɔhwɛ wɔn mpɔtam hɔ, ne mpanyimfo afoforo ma wɔbɛhwɛɛ Ahenni Asa foforo a wɔasi no. Aban panyin no ani gyee sɛnea ɔdan no di mũ, sɛnea wɔasi no, ne nhwiren fɛfɛ a wɔaduadua wɔ hɔ no ho paa. Ɔkaa sɛ: “Sɛnea mo asa yi so tew kama no ma yɛhu sɛ mowɔ gyidi mapa.”

Sɛnea yɛyɛ yɛn ade no bɛtumi akyerɛ sɛ yɛmmu Onyankopɔn (Hwɛ nkyekyɛm 7, 8)

7, 8. Sɛ yɛwɔ Ahenni Asa so a, dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛbu Yehowa?

7 Yehowa na ato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnkɔ nhyiam ahorow, enti sɛnea yɛsiesie yɛn ho ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ hɔ no ho hia no. Yɛnyɛ ade ntra so. Yɛnyɛ katee dodo anaa kyenkyenenn, na saa ara nso na yɛnsiesie yɛn ho te sɛ nea yɛte yɛn fie. Ɛyɛ nokware sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛne wɔn a yɛto nsa frɛ wɔn ba Ahenni Asa so no koma tɔ wɔn yam. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛnni obu ma asafo nhyiam no. Ɛno nti na yɛnhyɛ ntade biara kɛkɛ nkɔ nhyiam, na sɛ nhyiam no rekɔ so a, yɛmmɔ nkɔmmɔ, anaa yɛnnidi nnom, na saa ara nso na yɛmmfa text message mmena nkurɔfo. Ɛsɛ sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentu mmirika anaa wɔnni agorɔ wɔ Ahenni Asa so.—Ɔsɛnkafoɔ 3:1.

8 Bere a Yesu huu sɛ nkurɔfo retɔn nneɛma wɔ Onyankopɔn asɔrefie hɔ no, ne bo fuwii, na ɔpamoo wɔn fii hɔ. (Yohane 2:13-17) Yɛsom Yehowa wɔ Ahenni Asa so, na yɛsua ne ho ade wɔ hɔ. Enti ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛka honam fam adwuma ho asɛm bere a yɛwɔ Ahenni Asa so.—Fa toto Nehemia 13:7, 8 ho.

YƐBOA MA WƆSISI AHENNI ASA

9, 10. (a) Yehowa nkurɔfo yɛ dɛn sisi Ahenni Asa, na dɛn na yɛatumi ayɛ? (b) Dɛn na Yehowa ahyehyɛde no yɛ de boa asafo ahorow a wɔnni sika a wɔde bɛsi wɔn Ahenni Asa no?

9 Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase baabiara yɛ adwumaden sisi Ahenni Asa. Anuanom a wɔatu wɔn ho ama a wɔnnye akatua na wɔyɛ sɛnea wɔbɛsi dan no ho mfoni wɔ krataa so, wɔsisi adan no, na wosiesie ebi nso. Ɛno nti, mfe 15 a atwam no, yɛatumi asisi Ahenni Asa a ɛyɛ fɛ bɛboro 28,000 wɔ wiase nyinaa. Ɛkame ayɛ sɛ da biara yɛsi Ahenni Asa 5.

10 Yehowa ahyehyɛde no na ɛma anuanom a wɔatu wɔn ho ama no dwumadi, na wɔde ntoboa a yɛyi no sisi Ahenni Asa wɔ baabiara a wɔhia bi. Yɛde Bible mu afotu a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔwɔ pii no bɛtumi aboa wɔn a wɔnni pii no yɛ adwuma. (Kenkan 2 Korintofoɔ 8:13-15.) Dɛn na yɛatumi ayɛ? Yɛasisi Ahenni Asa pii ama asafo ahorow a wɔnni sika a wɔde bɛsi bi no.

11. Dɛn na anuanom bi aka afa Ahenni Asa foforo a wɔanya no ho, wei ka wo sɛn?

11 Anuanom a wɔwɔ asafo bi mu wɔ Costa Rica kyerɛw sɛ: “Sɛ yɛgyina yɛn Ahenni Asa anim a, ɛyɛ yɛn sɛ yɛreso dae! Ɛyɛ yɛn nwonwa! Yɛde nnafua nwɔtwe pɛ na ɛsii yɛn Ahenni Asa fɛfɛɛfɛ no wiei koraa! Sɛ ɛnyɛ Yehowa mmoa, nhyehyɛe a n’ahyehyɛde no yɛe, ne yɛn nuanom mmoa a, anka yɛrentumi nnya asa fɛfɛ yi. Nokwasɛm ne sɛ asa yi yɛ akyɛde a ɛsom bo paa a Yehowa de ama yɛn. Yɛdi ho ahurusi paa!” Sɛ yɛte sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmaa reda Yehowa ase wɔ nea wayɛ ama wɔn no ho a, yɛn ani gye paa. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa bɛtumi anya wɔn ankasa Ahenni Asa. Yɛhu pefee sɛ Yehowa rehyira Ahenni Asa a yɛresisi no so, efisɛ sɛ yɛsi wie ara pɛ a, nnipa pii fi ase ba bɛsua Yehowa ho ade.—Dwom 127:1.

12. Wobɛyɛ dɛn atumi aboa ma wɔasisi Ahenni Asa?

12 Dɛn na wobɛtumi ayɛ de aboa ma wɔasisi Ahenni Asa? Ebia wobɛtumi atu wo ho ama akɔboa adwuma no. Yɛn nyinaa nso bɛtumi ayi sika ma wɔde asisi Ahenni Asa. Sɛ yɛyɛ nea yɛbɛtumi nyinaa de boa saa adwuma yi a, yɛn ani gye sɛ yɛayɛ biribi de aboa, na nea ɛho hia paa no, yɛde yi Yehowa ayɛ. Yɛsuasua Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no a wɔyii wɔn yam boa ma wɔsisii adan a wɔhyiam som no.—Exodus 25:2; 2 Korintofoɔ 9:7.

YƐMA YƐN AHENNI ASA SO TEW KAMA

13, 14. Dɛn na yɛahu wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛsiesie yɛn Ahenni Asa so ma ɛhɔ tew kama?

13 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ne ho tew na ɔyɛ kronkron. Ɔnyɛ sakasaka Nyankopɔn. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛsiesie yɛn Ahenni Asa so na yɛma ɛhɔ tew kama no. (Kenkan 1 Korintofoɔ 14:33, 40.) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ho tew na yɛyɛ kronkron te sɛ Yehowa a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn som, yɛn nsusuiɛ, yɛn nneyɛe ne yɛn nipadua nyinaa nso ho tew kama.—Adiyisɛm 19:8.

14 Sɛ yɛsiesie yɛn Ahenni Asa so ma ɛhɔ tew kama a, yɛn ani gye sɛ yɛbɛto nsa afrɛ nkurɔfo ma wɔaba yɛn asafo nhyiam ase. Ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ ɛnyɛ yɛn ano kɛkɛ na yɛde ka wiase foforo a ɛso tew no ho asɛm, na mmom yɛyɛ ho adwuma ankasa. Wɔbɛhu sɛ yɛsom Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron na ne ho tew. Ɔno na ɔbɛma asase yi adan paradise fɛfɛɛfɛ.—Yesaia 6:1-3; Adiyisɛm 11:18.

15, 16. (a) Adɛn nti na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛma Ahenni Asa so atew bere nyinaa? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma asa no so tew kama? (b) Nhyehyɛe bɛn na moayɛ a mode siesie mo Ahenni Asa so, na hokwan bɛn na yɛn mu biara anya?

15 Ɛsono adwene a onipa biara kura wɔ ahonidi ho. Adɛn ntia? Ɛbɛtumi aba sɛ efi ɔkwan a wɔfaa so tetee wɔn. Afei nso, ebinom te baabi a mfuturo wɔ anaa ɛhɔnom akwan yɛ mfutukwan anaa atɛkyɛ. Afoforo nni nsuo anaa nnuru ne nneɛma foforo a wɔde siesie fie. Nanso, ɛmfa ho baabi a yɛte ne adwene a nkurɔfo a yɛne wɔn te kura wɔ ahonidi ho no, ɛsɛ sɛ yɛsiesie yɛn Ahenni Asa so ma ɛhɔ tew kama. Ɛhɔ na yɛsom Yehowa.—Deuteronomium 23:14.

16 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn Ahenni Asa so tew paa a, ɛsɛ sɛ yɛtoto nneɛma yie. Asafo mu mpanyimfo yɛ nhyehyɛe ma wɔsiesie hɔ, na wɔhwɛ sɛ bere nyinaa wɔwɔ nneɛma a wɔde bɛsiesie hɔ. Mpanyimfo no san kyekyɛ adwuma no, na wɔdi anim ma wɔyɛ. Nneɛma bi wɔ hɔ a sɛ yɛpɔn adesua biara a ɛsɛ sɛ yɛpopa ho, nanso ebi wɔ a, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no saa. Yɛn nyinaa anya hokwan sɛ yɛbɛboa ma wɔasiesie Ahenni Asa no so kama.

YƐHWƐ YƐN AHENNI ASA SO YIE

17, 18. (a) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no hwɛɛ asɔrefie no so a, dɛn na yɛbɛtumi asua afi mu? (b) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn Ahenni Asa so yie?

17 Yɛbɔ mmɔden nso sɛ yɛbɛsiesie biribiara a asɛe wɔ Ahenni Asa no so ma ayɛ kama. Saa ara na Yehowa asomfo a wɔtenaa ase tete no yɛe. Bere a Ɔhene Yehoas di Yuda so no, nkurɔfo no yii sika ma wɔde yɛɛ asɔrefie no ho adwuma. Ɔhene no ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ wɔmfa sika no nsiesie biribiara a asɛe wɔ asɔrefie no ho. (2 Ahemfo 12:4, 5) Bɛboro mfe 200 akyi no, Ɔhene Yosia nso de asɔrefie sika siesiee nneɛma a na asɛe wɔ asɔrefie hɔ no.—Kenkan 2 Berɛsosɛm 34:9-11.

18 Baa Boayikuw ahorow bi ahyɛ no nsow sɛ nnipa a wɔwɔ wɔn man mu nnim sɛnea wɔsiesie adan anaa nneɛma foforo. Ɛbɛtumi aba sɛ nnipa kakraa bi a wɔwɔ saa man no mu na wɔwɔ ho nimdeɛ. Anaasɛ ebia wɔnni sika a wɔde bɛsiesie nneɛma a asɛe no. Nanso sɛ ɛho hia sɛ yɛsiesie yɛn Ahenni Asa no na yɛanyɛ a, ɛbɛyɛ basaa, na nkurɔfo bɛhu sɛ ayɛ tan. Nkurɔfo renka asa no ho asɛmpa. Mmom no, sɛ yɛn nyinaa yɛ nea yɛbɛtumi de hwɛ Ahenni Asa no so yie a, yɛyi Yehowa ayɛ, na yɛrensɛe ntoboa a yɛn nuanom ayi no.

Ɛsɛ sɛ yɛsiesie yɛn Ahenni Asa so ma ɛhɔ tew kama (Hwɛ nkyekyɛm 16, 18)

19. Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wowɔ obu ma baabi a yɛsom Yehowa no?

19 Ahenni Asa yɛ ɔdan a wɔahyira so ama Yehowa. Ɛnyɛ onipa bi anaa asafo biara dea. Sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ adesua yi mu no, Bible mu afotusɛm bɛboa yɛn ma yɛanya baabi a yɛsom Onyankopɔn no ho adwempa. Esiane sɛ yɛbu Yehowa nti, yɛn ani sɔ yɛn nhyiam ahorow no ne yɛn Ahenni Asa no nso. Yɛn ani gye sɛ yɛyi sika ma wɔde sisi Ahenni Asa, na yɛyere yɛn ho yɛ ho adwuma ma ɛso tew kama. Sɛnea Yesu yɛe no, yɛn nso yɛwɔ obu ma baabi a yɛsom Yehowa no, na yɛde nnamyɛ anaa nsi yɛ ho adwuma.—Yohane 2:17.

^ nky. 2 Yɛbɛka Ahenni Asa ho asɛm wɔ adesua yi mu. Nanso asɛm a yɛbɛka no fa Nhyiam Asa ne mmeae foforo a yɛhyiam som Yehowa no nso ho.