Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Yɛ Ɔdɔ Nyankopɔn

Yehowa Yɛ Ɔdɔ Nyankopɔn

“Onyankopɔn ne dɔ.”1 YOHANE 4:8, 16.

NNWOM: 18, 91

1. Dɛn ne Onyankopɔn su titiriw, na wei a wonim no ma wote nka sɛn wɔ ne ho?

BIBLE ka sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Saa asɛm yi kyerɛ sɛn ankasa? Ɔdɔ nyɛ Yehowa su a ɛyɛ fɛ no mu baako ara kwa. Ɛyɛ ne su titiriw. Ɛnyɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ kɛkɛ, na mmom ɔne dɔ. Ɔdɔ na ɛma ɔyɛ biribiara a ɔyɛ. Yɛda Yehowa ase paa sɛ ɔdɔ kaa no ma ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne abɔde a nkwa wom nyinaa!

2. Ahotoso bɛn na Onyankopɔn dɔ ma yɛnya? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

2 Yehowa yam ye, na ɔwɔ ayamhyehye ma n’abɔde. Ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn ma yɛnya ahotoso sɛ nea enti a ɔbɔɔ nnipa no bɛbam wɔ ɔkwan a eye sen biara so. Wei bɛma wɔn a wɔtie Yehowa no anya anigye ankasa. Esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti, “wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wayi no,” Yesu Kristo so, “bɛbu asase atɛn wɔ tenenee mu.” (Asomafoɔ Nnwuma 17:31) Yɛgye di paa sɛ saa atemmu yi bɛba so. Nnipa asoɔmmerɛwfo bɛnya daakye papa bi a ɛnni awiei.

NEA ABAKƆSƐM AMA YƐAHU

3. Sɛ Onyankopɔn nnɔ yɛn a, anka yɛn asetena bɛyɛ sɛn?

3 Sɛ ɔdɔ nyɛ Onyankopɔn su titiriw a, anka nnipa daakye bɛyɛ sɛn? Anka nnipa bɛkɔ so araa adi wɔn yɔnko nnipa so, na Satan a ɔyɛ wiase nyame a ne tirim yɛ den no akɔ so akyerɛ wɔn kwan. (2 Korintofoɔ 4:4; 1 Yohane 5:19; kenkan Adiyisɛm 12:9, 12.) Sɛ Yehowa nnɔ yɛn a, anka yɛn daakye bɛyɛ awerɛhoɔ nko ara!

4. Adɛn nti na Yehowa maa kwan ma wɔsɔre tiaa ne tumidi?

4 Bere a Satan sɔre tiaa Onyankopɔn tumidi no, ɔmaa yɛn awofo a wɔdi kan no nso yɛɛ saa ara. Ɔkasa tiaa hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔdi n’abɔde nyinaa so tumi sɛ Otumfoɔ Pumpuni no. Satan kaa sɛ ɔbɛtumi adi nnipa so yie asen Onyankopɔn. (Genesis 3:1-5) Esiane sɛ Yehowa nyansa mu dɔ nti, ɔmaa Satan bere tiaa bi sɛ ɔmfa nkyerɛ sɛ nea ɔreka no yɛ nokware anaa. Nea afi mu aba no ama yɛahu sɛ nnipa anaa Satan ntumi nni yɛn so mma yɛn ho ntɔ yɛn.

Bere a Yehowa bɔɔ nnipa no, wamma wɔn tumi anaa hokwan sɛ wɔmfa nni wɔn ho so a Yehowa nsa nnim

5. Dɛn na nnipa abakɔsɛm ama yɛahu?

5 Ɛnnɛ, wiase no sɛe ara na ɛresɛe. Mfe 100 a atwam no, wɔakunkum nnipa bɛboro ɔpepem 100 wɔ akodi mu. Bible ka “nna a ɛdi akyire” no ho asɛm sɛ: “Nnipa bɔne ne nnaadaafoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.” (2 Timoteo 3:1, 13) Bible san ka sɛ: “O Yehowa, menim sɛ ɔdasani kwan nni ne nsam. Ɛnni onipa nsam, sɛdeɛ ɔnam a ɔbɛtutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Abakɔsɛm ama yɛahu sɛ saa asɛm no yɛ nokware turodoo. Bere a Yehowa bɔɔ nnipa no, wamma wɔn tumi anaa hokwan sɛ wɔnni wɔn ho so a Yehowa nsa nnim.

6. Adɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ma abɔnefosɛm akɔ so?

6 Yehowa ama kwan ma abɔnefosɛm akɔ so kakra, na ɛno nso ama yɛahu sɛ ne tumidi nko ara na ɛbɛma asi yɛn yie. Daakye, Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo nyinaa. Ɛno akyi no, sɛ obi sɔre tia ɔkwan pa a Onyankopɔn fa so di tumi no a, ɔbɛyɛ ho biribi ntɛm ara. Ɔde nea akɔ so wɔ nnipa abakɔsɛm mu no bɛyɛ sɛnnahɔ na wagyina so ayi nnipa a wɔsɔre tia ne tumidi no afi hɔ ntɛm ara. Ɔremma abɔnefosɛm ho kwan bio.

DƐN NA ONYANKOPƆN AYƐ DE AKYERƐ SƐ ƆDƆ YƐN?

7, 8. Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn?

7 Yehowa ada ɔdɔ kɛse adi wɔ akwan pii so. Wo deɛ ma yɛnhwɛ ɔsoro ne asase kɛseɛ ne ne fɛ. Nsoromma akuw ɔpepepem pii na ɛwom, na nsoromma ne okyinnsoromma ɔpepepem pii na ɛwɔ emu biara mu. Wɔfrɛ nsoromma kuw a yɛn asase wom no Milky Way, na nsoromma a ɛwom no baako ne owia. Sɛ owia nni hɔ a, anka abɔde a nkwa wom ntumi ntena asase so. Saa abɔde yi nyinaa ma yɛhu sɛ Yehowa ne yɛn Bɔfo, na ɛma yɛhu ne su ahorow te sɛ ne tumi, ne nyansa, ne ne dɔ. Ampa, Onyankpɔn “su hodoɔ a wɔnhunu no ada adi pefee firi wiase bɔ so, ɛfiri sɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ɛhunu, ɛno ne ne daa tumi ne ne Nyamesu.”—Romafoɔ 1:20.

Biribiara a Yehowa abɔ wɔ asase so boa nnipa ne mmoa

8 Yehowa yɛɛ asase no sɛ abɔde a nkwa wom ntena so. Biribiara a ɛwɔ asase so boa nnipa ne mmoa. Onyankopɔn yɛɛ turo fɛfɛ bi maa nnipa sɛ wɔntena hɔ, na ɔmaa wɔn adwene ne nipadua a ɛdi mũ a anka ɛbɛma wɔatena ase daa. (Kenkan Adiyisɛm 4:11.) Bio nso, “ɔma honam nyinaa aduane,” na “n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.”—Dwom 136:25.

9. Ɛwom sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn deɛ, nanso dɛn na ɔkyi?

9 Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn, nanso ɔkyi bɔne. Ɛho nhwɛso ni. Dwom 5:4-6 ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wompɛ amumuyɔ . . . Wotan amumuyɔfoɔ nyinaa.” Yehowa kyi “mogyahwiegufoɔ ne ɔdaadaafoɔ” nso.

ABƆNEFOSƐM AWIEI ABƐN

10, 11. (a) Dɛn na ɛbɛto abɔnefo? (b) Dɛn na Yehowa bɛyɛ ama nnipa asoɔmmerɛwfo?

10 Bere a ɛsɛ mu no, Yehowa bɛyi abɔnefosɛm afi ɔsoro ne asase nyinaa so efisɛ ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn, na ɔkyi bɔne. Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ: “Wɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ, na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, wɔn na wɔbɛnya asase no adie. Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfoɔ nni hɔ bio.” Bible san ka sɛ: “Wisie mu” na Yehowa atamfo “awieeɛ bɛba,” anaa wɔbɛyera te sɛ wisie.—Dwom 37:9, 10, 20.

11 Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ nso sɛ: “Ateneneefoɔ bɛnya asase no adi, na wɔatena so daapem.” (Dwom 37:29) Anokwafo ‘bɛgye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.’ (Dwom 37:11) Adɛn ntia? Efisɛ yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ no yɛ nea eye paa ma n’asomfo a wɔdi nokware no bere nyinaa. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔbɛpepa wɔn aniwam nisuo nyinaa, na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne esũ ne yea nso nni hɔ bio. Kane nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:4) Hwɛ sɛnea daakye nnipa asoɔmmerɛwfo a wɔkyerɛ Onyankopɔn dɔ ho anisɔ no ani bɛgye afa!

12. “Onipa a ɔyɛ pɛ” anaa onipa a ne ho nni asɛm yɛ onipa bɛn?

12 Bible ka sɛ: “Hwɛ onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ deɛ ɔtene; saa onipa no awieeɛ yɛ asomdwoeɛ. Mmaratofoɔ deɛ, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko, na nnebɔneyɛfoɔ nso, wɔbɛyi wɔn hɔ.” (Dwom 37:37, 38) “Onipa a ɔyɛ pɛ” anaa onipa a ne ho nni asɛm yɛ obi a sɛ ɔnya hu Yehowa ne ne Ba no a, ɔyɛ Onyankopɔn apɛde. (Kenkan Yohane 17:3.) Ɔgye di paa sɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na deɛ ɔyɛ adeɛ a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Esiane sɛ wiase no awiei abɛn nti, ɛho hia paa sɛ ‘yɛtwɛn Yehowa, na yɛfa ne kwan so.’—Dwom 37:34.

ƆDƆ A ƐSEN BIARA A ONYANKOPƆN ADA NO ADI

13. Dɛn ne ɔdɔ a ɛsen biara a Onyankopɔn ada no adi?

13 Ɛwom sɛ yɛtɔ sini deɛ, nanso yɛbɛtumi atie Onyankopɔn asɛm. Afei nso yɛbɛtumi ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den esiane Yesu agyede afɔre no nti; ɛno ne ɔdɔ a ɛsen biara a Onyankopɔn ada no adi akyerɛ yɛn. Yehowa de agyede no maeɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa asoɔmmerɛwfo bɛtumi ade wɔn ho afi bɔne ne owuo ho. (Kenkan Romafoɔ 5:12; 6:23.) Yesu dii Onyankopɔn nokware wɔ soro bere tenteenten, enti na Yehowa wɔ ahotoso sɛ ne Ba no bɛdi nokware wɔ asase so. Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ, enti bere a ɔhuu sɛ nnipa reyɛ ne Ba no ayayadeɛ no, ɛyɛɛ no yaw paa. Nanso, Yesu de nokwaredi gyinaa Onyankopɔn tumidi akyi, na ɔdaa no adi sɛ onipa a ɔyɛ pɛ bɛtumi adi Onyankopɔn nokware wɔ tebea a ɛyɛ den paa mpo mu.

Ɔdɔ na ɛmaa Onyankopɔn somaa ne Ba no (Hwɛ nkyekyɛm 13)

14, 15. Dɛn na Yesu wuo no yɛ maa adesamma?

14 Yesu faa sɔhwɛ a ɛyɛ den paa mu, nanso ne nyinaa mu no, ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware, na ɔma ɛdaa adi sɛ Yehowa na ɔfata sɛ ɔdi tumi. Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase paa sɛ Yesu nam ne wuo so tuaa agyede no. Wei na ɛbɛma nnipa anya kwan atena ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu! Ɔsomafo Paulo kaa ɔdɔ a Yehowa ne Yesu nam agyede no so daa no adi ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Nokorɛm no, berɛ a yɛda so yɛ mmerɛ no, Kristo wu maa amumuyɔfoɔ wɔ berɛ a wɔahyɛ no mu. Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama onipa tenenee; ɛwom, ebia onipa pa deɛ, obi bɛsi ne bo sɛ ɔbɛwu ama no. Nanso Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafoɔ 5:6-8) Ɔsomafo Yohane nso kyerɛwee sɛ: “Yei mu na wɔyii Onyankopɔn dɔ adie wɔ yɛn ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa. Yei mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba baa sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔdeɛ mpata mma yɛn bɔne.”—1 Yohane 4:9, 10.

15 Yesu kaa sɛ “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔkyerɛ ne mu gyidie no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Ɛwom sɛ ɛyɛɛ Yehowa yaw paa sɛ ɔde ne Ba no bɛma sɛ agyede deɛ, nanso ɔde no maeɛ. Wei ma yɛhu sɛ Yehowa dɔ nnipa paa. Saa ɔdɔ no bɛtena hɔ daa. Paulo kyerɛwee sɛ: “Megye di yie sɛ owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa nnisoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa deɛ ɛwɔ soro anaa deɛ ɛwɔ fam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi nte yɛn mfiri Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.”—Romafoɔ 8:38, 39.

ONYANKOPƆN AHENNI REDI TUMI NNƐ

16. Dɛn ne Mesia Ahenni no, na hena na Yehowa apaw no sɛ ɔnni so Hene?

16 Onyankopɔn nniso, anaa Mesia Ahenni no nso ma yɛhu sɛ Yehowa dɔ adesamma. Adɛn nti na yɛreka saa? Yehowa ayi obi a ɔdɔ adesamma a ɔfata sɛ ɔdi Ahenni no so Hene. Ɔno ne Yesu Kristo. (Mmebusɛm 8:31) Onyankopɔn apaw nnipa 144,000 sɛ wɔne Kristo nni ade wɔ soro. Sɛ wɔnyane saa nkurɔfo yi a, wɔde osuahu a wɔnyaeɛ bere a na wɔyɛ nnipa wɔ asase so no bɛkɔ soro. (Adiyisɛm 14:1) Bere a Yesu wɔ asase so no, Ahenni no ne ade titiriw a na ɔka ho asɛm, na ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho nte. W’ahennie mmra. W’apɛdeɛ nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Yɛhwɛ kwan sɛ saa mpaebɔ no bɛbam bere a Onyankopɔn Ahenni de nhyira pii bɛbrɛ adesamma no!

17. Nsonsonoe bɛn na ɛda Yesu nniso ne nnipa nniso ntam?

17 Nsonsonoe kɛse da Yesu nniso ne nnipa nniso ntam. Yesu di nnipa so wɔ ɔdɔ mu, nanso nnipa nniso akɔfa akodi aba ma wɔakunkum nnipa ɔpepem pii. Yɛn Hene Yesu deɛ, ɔdɔ yɛn ankasa, na ɔsuasua Onyankopɔn su ahorow a ɛyɛ fɛ no, titiriw ne dɔ. (Adiyisɛm 7:10, 16, 17) Yesu kaa sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na monsua me, ɛfiri sɛ medwo, na mebrɛ me ho ase akoma mu, na mobɛnya home ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛ na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:28-30) Hwɛ sɛnea saa bɔhyɛ yi ka koma!

18. (a) Dɛn na akɔ so fi afe 1914? (b) Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu?

18 Bible ma yɛhu sɛ Onyankopɔn Ahenni fii ase dii tumi wɔ soro afe 1914. Efi saa bere no, wɔreboaboa wɔn a wɔne Yesu bɛkɔ akodi ade wɔ soro a wɔaka wɔ asase so no ano. Saa ara nso na wɔreboaboa “nnipakuo kɛseɛ” no ano, na wɔbɛnya wɔn ti adidi mu wɔ wiase yi awiei akɔ wiase foforo no mu. (Adiyisɛm 7:9, 13, 14) Nnipakuw kɛse no dodow yɛ sɛn nnɛ? Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔyɛ? Adesua a ɛdi hɔ no bɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuaeɛ.