Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wodɔ Wo Yɔnko sɛ Wo Ho’?

‘Wodɔ Wo Yɔnko sɛ Wo Ho’?

“Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”MATEO 22:39.

NNWOM: 73, 36

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no ma yɛhu sɛ ɔdɔ ho hia?

ƆDƆ yɛ Yehowa Nyankopɔn su titiriw. (1 Yohane 4:16) Yesu Kristo a ɔyɛ Yehowa abɔde a ɔdi kan no ne N’agya tenaa soro mfe ɔpepepem pii, na ɔhuu sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn. (Kolosefoɔ 1:15) Yesu ada N’agya dɔ no bi adi wɔ n’asetena nyinaa mu, wɔ ɔsoro ne asase so. Wei ma yɛnya awerɛhyem sɛ Yehowa ne Yesu bɛdi yɛn so wɔ ɔdɔ mu bere nyinaa.

2 Bere a obi bisaa Yesu sɛ ahyɛde no mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ kɛse no, Yesu kaa sɛ: “‘Fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Yei ne ahyɛdeɛ a ɛyɛ kɛse sene ne nyinaa ne deɛ ɛdi kan. Deɛ ɛtɔ so mmienu a ɛte sɛ ɛno ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’”—Mateo 22:37-39.

3. Hena ne yɛn “yɔnko”?

3 Ɛho hia sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ nnipa a yɛne wɔn bɔ nyinaa. Yesu kaa sɛ ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa nso. Nanso hena ne yɛn “yɔnko”? Sɛ yɛaware a, yɛn yɔnko a ɔbɛn yɛn paa ne yɛn kunu anaa yɛn yere. Afei nso, yɛn nuanom mmarima ne mmaa a yɛne wɔn wɔ asafo mu ne nnipa a yɛkɔ wɔn nkyɛn wɔ asɛnka mu no nso yɛ yɛn yɔnkonom. Yɛbɛhu sɛnea yɛbɛda ɔdɔ adi akyerɛ yɛn yɔnko nnipa wɔ adesua yi mu.

DƆ WO KUNU ANAA WO YERE

4. Yɛn sintɔ nyinaa akyi no, adɛn nti na awarefo bɛtumi anya anigye?

4 Yehowa na ɔbɔɔ Adam ne Hawa na ɔkaa wɔn boom sɛ awarefo. Ɛno ne aware a ɛdi kan. Nea na Onyankopɔn pɛ ne sɛ wɔbɛnya anigye wɔ aware mu na wɔawo mma ahyɛ asase so mã. (Genesis 1:27, 28) Nanso bere a wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden no, wɔn aware no gyigyae, na ɛnam so ma bɔne ne owuo trɛw kaa yɛn nyinaa. (Romafoɔ 5:12) Ɛmfa ho nea ɛbae no, awarefo bɛtumi anya anigye nnɛ. Yehowa a ɔyɛ aware Hyehyɛfo no de afotuo a ɛyɛ sen biara ama okunu ne ɔyere wɔ Bible mu.—Kenkan 2 Timoteo 3:16, 17.

Nea Yehowa pɛ ne sɛ okunu bɛdi n’abusua so wɔ ɔdɔ mu

5. Adɛn nti na ɔdɔ ho hia wɔ aware mu?

5 Bible ma yɛhu sɛ sɛ onipa ne ne yɔnko bɛtumi atena na wɔanya anigye a, ɛhia sɛ wɔda ɔdɔ kann adi. Saa na ɛte wɔ aware mu nso. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ ɔdɔ kann mu. Ɔkaa sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛreɛ na ne yam yɛ. Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaa, ɛntu ne ho, ɛnhoran, ɛnyɛ adeɛ a ɛnsɛ, ɛnhwehwɛ deɛ ɔno ara hia, ne bo nha no. Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu. Ɛnni deɛ ɛntene ho ahurisie, na mmom ɛdi nokorɛ ho ahurisie. Ɛto ne bo ase biribiara mu, ɛgye biribiara di, ɛwɔ biribiara mu anidasoɔ, na ɛgyina biribiara ano. Ɔdɔ to ntwa da.” (1 Korintofoɔ 13:4-8) Sɛ yɛdwendwene Paulo asɛm no ho na yɛde yɛ adwuma a, yɛbɛtumi anya anigye wɔ aware mu.

Bible ma yɛhu sɛnea yɛbɛnya anigye wɔ aware mu (Hwɛ nkyekyɛm 6, 7)

6, 7. (a) Dɛn na Bible ka fa tiyɛ ho? (b) Sɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni barima ne ne yere tena?

6 Yehowa na ɔkyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ abusua ti. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mepɛ sɛ mohunu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo; ɔbaa nso ti ne ɔbarima; Kristo nso ti ne Onyankopɔn.” (1 Korintofoɔ 11:3) Nea Yehowa pɛ ne sɛ okunu bɛdi n’abusua so wɔ ɔdɔ mu, na ɛnsɛ sɛ ɔyɛ otirimɔdenfo a ɔnte asɛm ase. Yehowa yɛ Yesu Ti, na ɔne Yesu di wɔ ayamye mu. Ne saa nti, Yesu ani gye sɛnea Onyankopɔn di tumi wɔ ɔdɔ mu no ho. Yesu kaa sɛ: “Medɔ Agya no.” (Yohane 14:31) Sɛ Yehowa tirim yɛ den wɔ Yesu so a, anka Yesu renka saa.

7 Ɛwom sɛ ɔbarima na ɔyɛ ne yere ti deɛ, nanso Bible ka kyerɛ no sɛ ɔnni ne yere ni. (1 Petro 3:7) Ɔbarima warefo bɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛne sɛ ɔbɛsusu nea ne yere hia ho na wayɛ nea ɔpɛ ama no. Bible ka sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ maa asafo no.” (Efesofoɔ 5:25) Yesu de ne nkwa mpo too hɔ maa n’akyidifo. Sɛ okunu suasua sɛnea Yesu di ne tiyɛ ho dwuma a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama ne yere sɛ ɔbɛdɔ no, ɔbɛbu no, na wagye gyinae a ɔsisi atom.—Kenkan Tito 2:3-5.

DƆ WO NUANOM KRISTOFO MMARIMA NE MMAA

8. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yɛnya wɔ yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmaa ho?

8 Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii resom Yehowa wɔ asase so baabiara. Wɔyɛ yɛn nuanom mmarima ne mmaa. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yɛnya wɔ wɔn ho? Bible ka sɛ: “Momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidie mu no.” (Galatifoɔ 6:10; kenkan Romafoɔ 12:10.) Ɔsomafo Petro kaa sɛ, sɛ yɛyɛ ‘aso ma nokorɛ no’ a, ɛbɛma yɛanya “onuadɔ a nyaatwom nnim.” Petro san ka kyerɛɛ ne nuanom Kristofo sɛ: “Deɛ ɛsene biribiara no, monnodɔ mo ho dendeenden.”—1 Petro 1:22; 4:8.

9, 10. Dɛn na ama Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ baako?

9 Yɛn ahyehyɛde no da nsow koraa wɔ wiase nyinaa. Dɛn ntia? Efisɛ yɛda ɔdɔ kann adi kyerɛ yɛn nuanom mmarima ne mmaa. Nea ɛsen saa no, esiane sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛdi ne mmara so nti, ɔde ne honhom kronkron a ɛsen tumi biara a ɛwɔ soro ne asase so no boa yɛn. Onyankopɔn honhom boa yɛn ma yɛyɛ baako ankasa wɔ wiase nyinaa.—Kenkan 1 Yohane 4:20, 21.

10 Paulo sii so dua sɛ ɛhia sɛ Kristofo dodɔ wɔn ho. Enti ɔkaa sɛ: “Monhyɛ ayamhyehyeɛ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ, ne abodwokyɛreɛ. Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho aboterɛ na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛdeɛ Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara. Na yeinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ ɛfiri sɛ ɛyɛ koroyɛ homa a ɛyɛ pɛ.” (Kolosefoɔ 3:12-14) Yɛda Yehowa ase paa sɛ ɛmfa ho baabi a yɛfi no, yɛhu ɔdɔ a ɛne “koroyɛ homa a ɛyɛ pɛ” no wɔ yɛn mu!

Ɔdɔ ne baakoyɛ ma nkurɔfo hu Yehowa Adansefo sɛ wɔn na wɔyɛ Kristo akyidifo ankasa, na wɔn na Onyankopɔn ama wɔreka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa

11. Dɛn na ɛma nkurɔfo hu Onyankopɔn ahyehyɛde no?

11 Ɔdɔ kann a Yehowa asomfo da no adi ne baakoyɛ a ɛwɔ wɔn mu no ma nkurɔfo hu sɛ wɔn som na ɛyɛ nokware. Yesu kaa sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ ampa.” (Yohane 13:34, 35) Ɔsomafo Yohane nso kaa sɛ: “Nokwasɛm a ɛma Onyankopɔn mma ne Ɔbonsam mma da adi pefee nie: Obiara a ɔnyɛ adetenenee no mfiri Onyankopɔn mu, na saa ara na deɛ ɔnnɔ ne nua no nso mfiri ne mu. Yei ne asɛm a moate firi mfitiaseɛ no, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho.” (1 Yohane 3:10, 11) Ɔdɔ ne baakoyɛ ma nkurɔfo hu Yehowa Adansefo sɛ wɔn na wɔyɛ Kristo akyidifo ankasa, na wɔn na Onyankopɔn ama wɔreka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa.—Mateo 24:14.

WƆREBOABOA “NNIPAKUO KƐSEƐ BI” ANO

12, 13. Dɛn na “nnipakuo kɛseɛ” no mufo reyɛ nnɛ, na dɛn na wɔbɛnya nnansa yi ara?

12 Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ mu fa kɛse no ara ka “nnipakuo kɛseɛ” no ho. Wɔfi aman ahorow pii so, na wɔboa ma Ahenni adwuma no kɔ so. “Yeinom na wɔfiri ahohiahia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ayɛ fitaa Adwammaa no mogya mu” efisɛ wɔanya Yesu agyede afɔre no mu gyidi. “Nnipakuw kɛse” no dɔ Yehowa ne ne Ba no, na wɔsom Yehowa “awia ne anadwo.”—Adiyisɛm 7:9, 14, 15.

13 Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn bɛsɛe saa wiase bɔne yi wɔ “ahohiahia kɛseɛ” no mu. (Mateo 24:21; kenkan Yeremia 25:32, 33.) Nanso Yehowa bɛbɔ n’asomfo ho ban na wadi wɔn anim akɔ ne wiase foforo no mu efisɛ ɔdɔ wɔn. Onyankopɔn ahyɛ bɔ bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni sɛ “ɔbɛpepa wɔn aniwam nisuo nyinaa, na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne esũ ne yea nso nni hɔ bio.” Wohwɛ kwan sɛ wobɛtena Paradise bere a wɔayi abɔnefosɛm, amanehunu, ne owuo afi hɔ no anaa?—Adiyisɛm 21:4.

14. Nnipakuw kɛse no dodow adu bɛyɛ sɛn?

14 Bere a nna a ɛdi akyiri no fii ase afe 1914 no, na Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn no dodow bɛyɛ 5,000. Ɛmfa ho nsɛnnennen a saa nnipakuw ketewa yi hyiae no, nnipa ho dɔ ne Onyankopɔn honhom kronkron boaa wɔn ma wɔkaa Ahenni no ho asɛmpa no. Dɛn na afi mu aba? Ɛnnɛ, wɔreboaboa nnipakuw kɛse a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtena asase so daa no ano. Adansefo bɛyɛ 8,000,000 na wɔwɔ asafo ahorow bɛboro 115,400 mu wɔ wiase nyinaa, na wɔn dodow kɔ ara na ɛrekɔ anim. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔbɔɔ Adansefo foforo bɛboro 275,500 asu wɔ afe 2014 ɔsom afe no mu. Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, nnawɔtwe biara, wɔbɔ nnipa bɛyɛ 5,300 asu.

15. Ɔkwan bɛn na nnipa pii fa so te asɛmpa no nnɛ?

15 Sɛ yɛhwɛ nnipa dodow a wɔate Ahenni ho asɛmpa no a, ɛyɛ nwonwa paa. Ɛnnɛ yɛn nwoma wɔ kasa bɛboro 700 mu. Ɔwɛn-Aban no yɛ nsɛmma nwoma a wɔkyekyɛ no pii sen nwoma biara wɔ wiase. Bosome biara wɔtintim bɛboro 52,000,000 wɔ kasa 247 mu. Afei nso, yɛakyerɛ nwoma a yɛde sua Bible, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ase akɔ kasa bɛboro 250 mu. Bɛsi saa bere yi wɔatintim bɛboro 200,000,000.

16. Adɛn nti na Yehowa ahyehyɛde no renya nkɔanim?

16 Esiane sɛ yɛwɔ Onyankopɔn mu gyidi na yɛgye Bible tom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm nti, nkɔanim ara na yɛn ahyehyɛde no renya. (1 Tesalonikafoɔ 2:13) Nitan ne ɔsɔretia a Satan de ba yɛn so nyinaa akyi no, yɛkɔ so nya Yehowa nhyira.—2 Korintofoɔ 4:4.

DƆ AFOFORO BERE NYINAA

17, 18. Adwene bɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛnya wɔ wɔn a wɔnsom no no ho?

17 Nkurɔfo yɛ wɔn adeɛ wɔ akwan pii so wɔ asɛmpa a yɛka no ho. Ebinom tie yɛn, na afoforo nso ani nnye asɛm a yɛka no ho. Adwene bɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛnya wɔ wɔn a wɔnsom no no ho? Ɛmfa ho nea nkurɔfo yɛ wɔ asɛmpa a yɛka no ho no, yɛtie afotu a ɛwɔ Bible mu. Ɛka sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam berɛ nyinaa na nkyene mmra mu, na moahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobua obiara.” (Kolosefoɔ 4:6) Bere biara a yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ “ɔdwoɔ ne obuo a emu dɔ mu,” efisɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa.—1 Petro 3:15.

18 Sɛ nkurɔfo bo fuw na wɔantie asɛmpa a yɛka no mpo a, yɛda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn de suasua Yesu. Bere a nkurɔfo ‘sopaa’ Yesu no, “wanyɛ bi antua ka. Berɛ a ɔrehunu amane no, wanhunahuna obiara.” Mmom, Yesu de ne ho too Yehowa so. (1 Petro 2:23) Enti yɛda ahobrɛase adi bere nyinaa, na yɛtie saa afotu yi: “Mommfa bɔne nntua bɔne ka, nso mommfa nsopa nntua nsopa ka, na mmom monhyira.”—1 Petro 3:8, 9.

Ɛmfa ho nea yɛn atamfo de bɛyɛ yɛn biara no, ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn

19. Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne yɛn atamfo tena?

19 Ahobrɛase a yɛwɔ nti, yɛtie afotusɛm titiriw bi a Yesu de maa yɛn no. Ɔkaa sɛ: “Motee sɛ wɔkaa sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko na kyiri wo tamfo.’ Nanso, mese mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo, na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma, ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma nsuo tɔ gu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ so.” (Mateo 5:43-45) Onyankopɔn asomfo deɛ, ɛmfa ho nea yɛn atamfo de bɛyɛ yɛn biara no, ɛsɛ sɛ yɛdɔ wɔn.

20. Yɛyɛ dɛn hu sɛ nnipa a wɔwɔ asase so baabiara bɛdɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

20 Ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa bere nyinaa. Sɛ mpo nkurɔfo a wɔsɔre tia yɛn na wɔntie asɛm a yɛka no kɔ ahokyere mu a, yɛboa wɔn. Ɔsomafo Paulo kaa sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mode obiara ka biara sɛ ɔdɔ a mode bɛdodɔ mo ho; na deɛ ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so die. Na mmara nsɛm a ɛka sɛ, ‘Nsɛe awareɛ, Nni awu, Mmɔ korɔno, Mma w’ani mmmere adeɛ’ ne mmara asɛm foforɔ biara a ɛwɔ hɔ no, wɔabɔ no mua wɔ asɛm yi mu sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Ɔdɔ nyɛ ne yɔnko bɔne; enti ɔdɔ ne mmara no awieeɛ.” (Romafoɔ 13:8-10) Onyankopɔn asomfo da ɔdɔ kann adi kyerɛ wɔn yɔnko nnipa ɛmfa ho sɛ wɔte wiase bɔne a Satan di so a emu apaapae, na awudisɛm wom no. (1 Yohane 5:19) Sɛ Yehowa sɛe Satan, n’adaemone, ne wiase bɔne yi a, yɛbɛda ɔdɔ adi wɔ asase so baabiara. Hwɛ nhyira ara a yɛbɛnya bere a nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa dɔ Yehowa ne wɔn yɔnko nnipa no!