Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete Wo Ba Ma Ɔnsom Yehowa

Tete Wo Ba Ma Ɔnsom Yehowa

‘Ma nokorɛ Nyankopɔn nipa no mmɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ abɔfra a yɛbɛwo no no.’ATEMMUFOƆ 13:8.

NNWOM: 88, 120

1. Bere a Manoa tee sɛ ɔrebɛyɛ agya no, dɛn na ɔyɛe?

NÁ Manoa ne ne yere nim paa sɛ wɔrentumi nwo da. Afei da koro, Yehowa bɔfo ka kyerɛɛ Manoa yere sɛ ɔbɛwo ɔbabarima. Anwonwasɛm bɛn ni! Bere a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ Manoa no, n’ani gyei paa. Nanso ɔsan susuu nea na Yehowa hwehwɛ fi ne hɔ sɛ agya no ho anibere so. Bere a na Israelfo pii reyɛ nneɛma bɔne no, na ɔne ne yere bɛyɛ dɛn atumi atete wɔn ba no ma wadɔ Yehowa na wasom no? Manoa srɛɛ Yehowa sɛ ɔnsan nsoma ne bɔfo no mmra wɔn nkyɛn bio. Ɔkaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma nokorɛ Nyankopɔn nipa a wosomaa no no nsan mmra, na ɔmmɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ abɔfra a yɛbɛwo no no.”—Atemmufoɔ 13:1-8.

2. Dɛn na ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma, na wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? (Hwɛ adaka a ɛne “Wo Bible Asuafo a Wɔn Ho Hia Paa” no nso.)

2 Sɛ woyɛ ɔwofo a, ebia wobɛhu sɛnea Manoa tee nka. Wo nso wowɔ asɛyɛde sɛ woboa wo mma ma wɔhu Yehowa na wɔdɔ no. (Mmebusɛm 1:8) Sɛ moreyɛ abusua som a, wobɛtumi aboa wɔn ma wɔakɔ so asua Bible ne Yehowa ho ade. Nanso, ɛsɛ sɛ woyɛ pii ka Bible a wo ne wo mma bɛsua nnawɔtwe biara no ho. (Kenkan Deuteronomium 6:6-9.) Dɛn bio na ɛbɛboa wo ma woatete wo mma ma wɔadɔ Yehowa na wɔasom no? Yɛbɛsusu nea Yesu yɛe ho wɔ adesua yi mu. Ɛwom sɛ na Yesu nni mma deɛ, nanso wobɛtumi asuasua sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo na ɔtetee wɔn no. Ná Yesu n’asuafo no, na na ɔbrɛ ne ho ase. Ná ɔwɔ nhumu, kyerɛ sɛ, na ɔnim sɛnea n’asuafo no te nka ankasa, na na ɔnim ɔkwan a ɔbɛfa so aboa wɔn. Afei, momma yɛnhwɛ ɔkwan a yɛbɛtumi afa so asuasua Yesu.

DƆ WO MMA

3. Yesu asuafo no yɛɛ dɛn huu sɛ ɔdɔ wɔn?

3 Ná Yesu taa ka kyerɛ n’asuafo no sɛ ɔdɔ wɔn. (Kenkan Yohane 15:9.) Afei nso, ɔnyaa bere pii maa n’asuafo no. (Marko 6:31, 32; Yohane 2:2; 21:12, 13) Ná Yesu nyɛ wɔn kyerɛkyerɛfo kɛkɛ; ná ɔyɛ wɔn adamfo. Enti na asuafo no gye di paa sɛ Yesu dɔ wɔn. Dɛn na wobɛtumi asua afi Yesu hɔ?

4. Wobɛyɛ dɛn ama wo mma ahu sɛ wodɔ wɔn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

4 Ka kyerɛ wo mma sɛ wodɔ wɔn, na ma wɔnhu sɛ wɔn ho hia wo paa. (Mmebusɛm 4:3; Tito 2:4) Samuel a ɔte Australia ka sɛ: “Bere a na meyɛ abofra no, na Paapa kenkan Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm kyerɛ me anwummere biara. Mebisa no asɛm biara a, na ɔma me mmuaeɛ, ɔyɛ me atuu, na wafew m’ano aka akyerɛ me sɛ menna yie. Akyiri yi bere a mehuu sɛ wɔantete Paapa wɔ abusua a wɔtaa yɛ mmofra atuu na wɔfew wɔn ano mu no, ɛyɛɛ me nwonwa paa! Nanso, ɔbɔɔ mmɔden paa sɛ ɔbɛma mahu sɛ ɔdɔ me. Ɛno maa me ne no nyaa ayɔnkofa a emu yɛ den, na me koma tɔɔ me yam.” Ɛyɛ a ka kyerɛ wo ba sɛ “medɔ wo,” na ne koma ntɔ ne yam. Yɛ no atuu na yɛ biribi ma ɔnhu sɛ wodɔ no. Wo ne wo mma mmɔ nkɔmmɔ, wo ne wɔn mmom nnidi, na wo ne wɔn nni agorɔ.

5, 6. (a) Esiane sɛ na Yesu dɔ n’asuafo no nti, dɛn na ɔyɛe? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wotene wo mma so?

5 Yesu kaa sɛ: “Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa meyi wɔn ntɛn tene wɔn so.” * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (Adiyisɛm 3:19) Nhwɛso bi ni. Ná Yesu asuafo no taa gye nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn mu ho akyinnye. Yesu ammu n’ani angu saa ɔhaw yi so. Mmom no, ɔtɔɔ ne bo ase tuu wɔn fo mpɛn pii. Ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ wɔn bere nyinaa. Ná ɔtenetene wɔn, nanso na ɔyɛ saa wɔ bere a ɛsɛ mu ne baabi a ɛfata.—Marko 9:33-37.

Tene wɔn so wɔ bere a ɛsɛ mu ne baabi a ɛfata, na nyɛ saa abufuo so

6 Esiane sɛ wodɔ wo mma nti, wonim sɛ ɛsɛ sɛ wotene wɔn so. Ɛtɔ mmere bi a nea ɛhia ara ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wɔn nea enti a biribi tene anaa ɛntene. Na sɛ wɔkɔ so ara yɛ asoɔden nso ɛ? (Mmebusɛm 22:15) Suasua Yesu. Kɔ so fa ntoboase kyerɛkyerɛ wo mma, tete wɔn, na tenetene wɔn. Tene wɔn so wɔ bere a ɛsɛ mu ne baabi a ɛfata, na nyɛ saa abufuo so. Onuawa bi a ɔwɔ South Africa a ne din de Elaine werɛ mfii ɔkwan a na n’awofo fa so tene ne so no. Bere nyinaa na n’awofo ka nea wɔpɛ sɛ ɔyɛ kyerɛ no. Sɛ wɔka kyerɛ no sɛ, sɛ ɔyɛ asoɔden a wɔbɛtwe n’aso a, saa pɛpɛɛpɛ na na wɔyɛ. Nanso, ɔkaa sɛ: “Wɔantwe m’aso abufuo so da. Bere nyinaa na wɔma mehu nea enti a wɔretwe m’aso.” Wei nti, bere nyinaa na ɔnim sɛ n’awofo dɔ no.

BRƐ WO HO ASE

7, 8. (a) Dɛn na Yesu asuafo no sua fii ne mpaebɔ mu? (b) Ɔkwan bɛn so na wo mpaebɔ bɛtumi aboa wo mma ma wɔde wɔn ho ato Onyankopɔn so?

7 Bere a na wɔreba abɛkyere Yesu akɔkum no no, ɔsrɛɛ n’Agya sɛ: “Abba, Agya, biribiara nso wo yɛ; yi kuruwa yi firi me so. Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na mmom deɛ wopɛ.” * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (Marko 14:36) Wo deɛ hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu asuafo no tee nka bere a wɔtee mpae a ɔbɔeɛ no, anaa akyiri yi wɔtee ho asɛm no. Asuafo no huu sɛ ɛwom sɛ na Yesu yɛ pɛ deɛ, nanso ɔhwehwɛɛ mmoa fii n’Agya hɔ. Enti wɔhuu sɛ ɛsɛ sɛ wɔn nso brɛ wɔn ho ase na wɔde wɔn ho to Yehowa so.

Sɛ wo mma te sɛ woresrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo a, wɔn nso de wɔn ho bɛto Yehowa so

8 Wo mma bɛtumi asua nneɛma pii afi wo mpaebɔ mu. Nanso, ɛnyɛ sɛ wopɛ sɛ wokyerɛ wo mma sɛnea wɔbɔ mpae ara nti na wobɔ mpae. Mmom no, sɛ wɔtie wo mpaebɔ a, wɔbɛtumi ahu sɛnea wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so. Sɛ worebɔ mpae a, nsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma nko ara, na mmom srɛ no sɛ ɔmmoa wo nso. Ana a ɔte Brazil ka sɛ: “Sɛ na yɛn abusua hyia nsɛnnennen te sɛ bere a me nananom yare a, na m’awofo srɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔn akokoduru mfa nnyina ɔhaw no ano, na ɔmma wɔn nyansa mfa nsisi gyinae pa. Sɛ tebea no mu yɛ den paa a, na wɔde wɔn haw no hyɛ Yehowa nsa. Ɛno ma mehuu sɛnea mede me ho bɛto Yehowa so.” Sɛ wo mma te sɛ woresrɛ Yehowa sɛ ɔmma wo akokoduru mfa nni ofipamfo bi adanse anaa ɔmma wo akokoduru mfa nsrɛ kwan mfi w’adwumawura hɔ nkɔ ɔmantam nhyiam a, wɔbɛhu sɛ wode wo ho to Yehowa so, na wɔn nso bɛyɛ saa ara.

9. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo ma wɔbrɛɛ wɔn ho ase na wɔdwenee afoforo ho? (b) Sɛ wobrɛ wo ho ase na wodwene afoforo ho a, dɛn na wo mma bɛsua?

9 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase na wɔnnwene afoforo ho. Ɔyɛɛ ho nhwɛso nso maa wɔn. (Kenkan Luka 22:27.) Yesu asomafo no huu sɛ ɔde nneɛma bi bɔɔ afɔre ma ɔtumi som Yehowa na ɔboaa afoforo, na wɔn nso yɛɛ saa ara. Wo nso wobɛtumi de wo nhwɛso akyerɛkyerɛ wo mma. Debbie a ɔwɔ mma mmienu kaa sɛ: “Anyɛ me yaw da sɛ me kunu a ɔyɛ asafo mu panyin no bɛnya bere ama afoforo. Ná menim sɛ bere biara a ɛbɛhia sɛ me kunu nya bere ma yɛn abusua no, ɔbɛyɛ saa.” (1 Timoteo 3:4, 5) Debbie ne ne kunu Pranas nhwɛso no kaa wɔn abusua no sɛn? Pranas ka sɛ, na ne mma no ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ adwuma wɔ nhyiam ase bere nyinaa. Ná wɔn ani gye, wɔfa nnamfo pa, na na wɔpɛ sɛ wɔne wɔn nuanom mmarima ne mmaa bɔ. Seesei abusua no mufo nyinaa resom Yehowa, na wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma. Sɛ wobrɛ wo ho ase na wodwene afoforo ho a, na worekyerɛkyerɛ wo mma ma wɔayi wɔn yam aboa afoforo.

NYA NHUMU

10. Bere a nnipa bi fi Galilea bɛhwehwɛɛ Yesu no, ɔkwan bɛn so na ɔde nhumu yɛɛ adwuma?

10 Ná Yesu wɔ nhumu paa. Wamfa n’adwene ansi nea nkurɔfo yɛe so nkutoo, na mmom nea ɛma wɔyɛɛ saa no nso. Ná Yesu tumi hu nea ɛwɔ nnipa koma mu. Nhwɛso bi ni. Bere bi nkurɔfo fi Galilea bɛhwehwɛɛ no. (Yohane 6:22-24) Yesu huu sɛ aduane a na wɔrepɛ ara nti na wɔbaa ne nkyɛn, na ɛnyɛ sɛ na wɔpɛ sɛ wɔbɛtie ne nkyerɛkyerɛ. (Yohane 2:25) Ná Yesu nim nea ɛwɔ wɔn komam ankasa. Afei ɔtɔɔ ne bo ase tenetenee wɔn, na ɔma wɔhuu nsakrae a ɛhia sɛ wɔyɛ.—Kenkan Yohane 6:25-27.

Boa wo mma ma wɔn ani nnye asɛnka adwuma no ho (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. (a) Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛnea wo mma te nka wɔ asɛnka adwuma no ho? (b) Wobɛyɛ dɛn atumi aboa wo mma ma wɔn ani agye wɔ asɛnka mu?

11 Ɛwom sɛ worentumi nhu nea ɛwɔ obi komam deɛ, nanso wobɛtumi de nhumu ayɛ adwuma. Wobɛtumi ahu sɛnea wo mma te nka wɔ asɛnka adwuma no ho. Wobɛtumi abisa wo ho sɛ, ‘Nea ɛma wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ asɛnka ara ne sɛ, yɛdu baabi a yɛbɛgyina agye yɛn ahome adidi na yɛanom biribi?’ Sɛ wohu sɛ wo mma ani nnye asɛnka ho papa a, bɔ mmɔden sɛ wobɛboa wɔn ma wɔn ani agye ho. Ma wɔnyɛ nneɛma nketenkete bi wɔ asɛnka mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhu sɛ wɔn nso reyɛ asɛnka adwuma no bi.

12. (a) Dɛn ho na Yesu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ? (b) Adɛn nti paa na na Yesu asuafo no hia kɔkɔbɔ a ɔde maa wɔn no?

12 Dɛn bio na Yesu yɛeɛ a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ nhumu? Ná Yesu nim sɛ sɛ obi di mfomso baako a, ɛbɛtumi ama wadi mfomso foforo, na mpo ɛbɛtumi ama wayɛ bɔne a emu yɛ duru. Ɔbɔɔ n’asuafo kɔkɔ wɔ saa asɛm yi ho. Ɛho nhwɛso ni. Ná asuafo no nim sɛ adwamammɔ yɛ bɔne. Ɛno nti, Yesu bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ ade a ɛbɛtumi ama wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbrasɛe mu ho. Ɔkaa sɛ: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbaa anya akɔnnɔ ama no no asɛe awareɛ dada n’akoma mu. Na sɛ w’ani nifa reto wo suntidua a, tu na to twene.” (Mateo 5:27-29) Ná Yesu asuafo no te Romafo a wɔn bra asɛe mu. Ná Romafo no ani gye ho sɛ wɔbɛhwɛ ɔbarima ne ɔbaa nna ho ɔyɛkyerɛ a na wɔka kasafĩ pii wom. Enti Yesu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ biribiara a ɛbɛma ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛyɛ nea ɛtene.

13, 14. Wobɛyɛ dɛn aboa wo mma ma wɔatwe wɔn ho afi anigyede a ɔbrasɛe wom ho?

13 Nhumu bɛtumi aboa wo ma woabɔ wo mma ho ban na wɔanyɛ biribi a Yehowa ani nnye ho. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ mmofra nkumaa mpo bɛtumi anya ponografi anaa adwamansɛm ne ɔbrasɛe afoforo ho mfoni ahwɛ. Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wo mma sɛ ɛyɛ bɔne sɛ wɔbɛhwɛ nneɛma a ɛho ntew. Nanso, nneɛma pii wɔ hɔ a wobɛtumi ayɛ de abɔ wɔn ho ban. Bisa wo ho sɛ: ‘Me mma nim nea enti a ɛyɛ bɔne paa sɛ wɔbɛhwɛ ponografi anaa adwamansɛm? Dɛn na ɛbɛtumi atwetwe wɔn ma wɔahwɛ saa mfoni no? Mema ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wɔne me bɛbɔ biribiara ho nkɔmmɔ, ma enti sɛ biribi yɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ ponografi anaa adwamansɛm a, wɔbɛka ho asɛm akyerɛ me?’ Sɛ wo mma yɛ mmofra nkumaa koraa mpo a, wobɛtumi aka akyerɛ wɔn sɛ: “Sɛ mohu biribi wɔ Intanɛt so a ɛfa ɔbarima ne ɔbaa nna ho na ɛyɛ mo sɛ monhwɛ a, mesrɛ mo, mommɛka nkyerɛ me. Ɛnsɛ sɛ mosuro anaa mofɛre koraa sɛ mobɛka akyerɛ me. Mepɛ sɛ meboa mo.”

14 Sɛ worepaw biribi a wode bɛgyegye w’ani a, dwene sɛnea wobɛyɛ nhwɛso pa ama wo mma nso ho yie. Pranas a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Wobɛtumi aka nneɛma pii ho asɛm akyerɛ wo mma, nanso wɔbɛhwɛ nea woyɛ na wɔasuasua wo.” Sɛ bere nyinaa wohwɛ yie ansa na woapaw nnwom, nwoma, ne sini a ɛho tew a, wobɛtumi aboa wo mma ma wɔn nso ayɛ saa ara.—Romafoɔ 2:21-24.

YEHOWA BƐBOA WO

15, 16. (a) Wobɛyɛ dɛn anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wo ma woatete wo mma? (b) Dɛn na yɛbɛsusu ho wɔ adesua a ɛdi hɔ no mu?

15 Bere a Manoa srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no ma ɔntete ne ba yie no, dɛn na ɛsii? Bible ka sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn no tiee Manoa.” (Atemmufoɔ 13:9) Awofo, Yehowa bɛtie mo nso mo mpaebɔ. Ɔbɛboa mo ma moatete mo mma. Ná ɔbɛboa mo ma moada ɔdɔ adi akyerɛ mo mma, moabrɛ mo ho ase, na moanya nhumu nso.

16 Sɛnea Yehowa bɛboa wo ma woatete wo mma bere a wɔyɛ mmofra nkumaa no, saa ara na ɔbɛboa wo ma woatete wɔn bere a wɔabɛyɛ mmabun no nso. Adesua a ɛdi hɔ mu no, nea yɛbɛsusu ho ne sɛnea ɔdɔ, ahobrɛase, ne nhumu a Yesu daa no adi no bɛtumi aboa wo ma woatete wo ba a ɔyɛ ɔbabun ma wasom Yehowa.

^ nky. 5 Bible ma yɛhu sɛ ntenesoɔ kyerɛ akwankyerɛ, ntetee, ne atenetene, na ɛtɔ mmere bi mpo a, ɛkyerɛ asotwe. Ɛsɛ sɛ awofo tene wɔn mma so, nanso ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa abufuo so da.

^ nky. 7 Yesu bere so no, na mmofra frɛ wɔn agya Abba. Ná saa asɛmfua yi yɛ edin a abofra bi de frɛ ne papa a ɔdɔ no na obu no.—The International Standard Bible Encyclopedia.