Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete Wo Ba a Ɔyɛ Ɔbabun Ma Ɔnsom Yehowa

Tete Wo Ba a Ɔyɛ Ɔbabun Ma Ɔnsom Yehowa

“Yesu kɔɔ so nyini nyaa nyansa, na ɔnyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.”LUKA 2:52.

NNWOM: 41, 89

1, 2. (a) Dɛn na awofo binom a wɔn mma yɛ mmabun dwene ho? (b) Mmofra bɛyɛ dɛn anya wɔn mmabunbere so mfaso?

BERE a awofo ani gye paa baako ne da a wɔn mma rebɔ asu. Berenice wɔ mma nnan, na wɔn nyinaa bɔɔ asu ansa na wɔredi mfe 14. Berenice ka sɛ: “Yɛn ani gyei araa ma na yɛnhu nea yɛnyɛ. Ɛyɛɛ yɛn dɛ paa sɛ na yɛn mma no pɛ sɛ wɔsom Yehowa. Ná yɛnim nso sɛ sɛ yɛn mma no nyini bɛyɛ mmabun a, wɔbɛhyia nsɛnnennen pii.” Sɛ wo ba yɛ ɔbabun anaa ɛrenkyɛ na wabɛyɛ ɔbabun a, ebia wo nso woredwene saa asɛm yi ho.

2 Mmofra adwene ho ɔbenfo bi ka sɛ mmabunbere yɛ bere a emu yɛ den ma awofo ne mmofra nyinaa, nanso ɛnsɛ sɛ awofo adwene yɛ wɔn sɛ wɔn mma di mmofraasɛm anaa wɔyɛ nneɛma a ntease nnim. Mmom, ɔbenfo no ka sɛ mmabun tumi de wɔn adwene yɛ adwuma, wɔn ani tumi gye na wɔn werɛ tumi how, na wɔpɛ sɛ wɔne wɔn nnamfo bɔ nso. Enti bere a wo mma yɛ mmabun no, wɔbɛtumi afa Yehowa adamfo paa sɛnea Yesu yɛeɛ bere a na ɔyɛ abofra no. (Kenkan Luka 2:52.) Wɔbɛtumi nso anya nkɔso wɔ asɛnka adwuma no mu na wɔanya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛyere wɔn ho wɔ Onyankopɔn som mu. Wɔn ankasa bɛtumi asisi gyinae; ebi ne sɛ wɔbɛhyira wɔn nkwa so ama Yehowa na wɔatie no. Nanso, dɛn na wobɛtumi ayɛ de atete wo ba a ɔyɛ ɔbabun ma wasom Yehowa? Wobɛtumi asua biribi afi sɛnea Yesu de ɔdɔ, ahobrɛase, ne nhumu tetee n’asuafo no mu.

DƆ WO BA A ƆYƐ ƆBABUN

3. Ɛyɛɛ dɛn na asomafo no huu sɛ Yesu yɛ wɔn adamfo?

3 Ná Yesu nyɛ n’asomafo no Wura kɛkɛ. Ná ɔyɛ wɔn adamfo nso. (Kenkan Yohane 15:15.) Tete hɔ no, sɛ na obi wɔ nkoa a, na ɔntaa nka ne nsusuiɛ ne ne komam asɛm nkyerɛ wɔn. Nanso Yesu ne n’asomafo no anni sɛ nkoa. Ná ɔdɔ wɔn, na ɔnyaa bere maa wɔn. Ɔde anigye kaa ne nsusuiɛ ne ne komam asɛm kyerɛɛ wɔn, na bere a asomafo no nso kaa wɔn nsusuiɛ ne wɔn komam asɛm kyerɛɛ no no, ɔyɛɛ aso tiee wɔn. (Marko 6:30-32) Nkɔmmɔ a ɛte saa a Yesu ne n’asomafo no bɔeɛ no maa wɔn adamfofa no mu yɛɛ den, na ɛsiesiee asomafo no maa adwuma a na wɔrebɛyɛ no.

4. Awofo, mobɛyɛ dɛn afa mo mma nnamfo? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

4 Ɛwom sɛ ɛnyɛ wo mma tipɛn ne wo deɛ, nanso wobɛtumi afa wɔn adamfo. Nnamfo nya bere ma wɔn ho. Ebia wobɛtumi ate bere a wode yɛ adwuma anaa nea wode yɛ nneɛma foforo no so sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛnya bere pii ne wo mma abɔ. Ɛsɛ sɛ wobɔ wei ho mpae na wosusu ho anibere so. Nnamfo tumi bom yɛ nneɛma koro nso. Enti bɔ mmɔden sɛ wobɛhu nneɛma a wo ba a ɔyɛ ɔbabun ani gye ho. Ɛbɛtumi ayɛ nnwom, sini, anaa agodie. Sɛ wohu a, bɔ mmɔden sɛ wo nso wobɛma w’ani agye ho. Ilaria a ɔte Italy ka sɛ: “Ná m’awofo ani gye ho sɛ wɔbɛhu nnwom a mepɛ. Nokwasɛm ne sɛ, me papa bɛyɛɛ m’adamfo paa, na na ɛnyɛ den sɛ me ne no bɛbɔ nneɛma a ɛho asɛm ka yɛ den mpo ho nkɔmmɔ.” Sɛ wofa wo mma nnamfo na woboa wɔn ma wɔn nso fa Yehowa adamfo a, wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama wo. (Dwom 25:14) Wo mma bɛhu sɛ wodɔ wɔn na wobu wɔn, na ɛbɛyɛ mmerɛw koraa ama wɔn sɛ wɔne wo bɛbɔ biribiara ho nkɔmmɔ.

5. Ná Yesu asuafo no bɛyɛ dɛn anya anigye wɔ Yehowa adwuma no mu?

5 Ná Yesu nim sɛ, sɛ n’asuafo no ani gye ho sɛ wɔbɛsom Yehowa na wɔyere wɔn ho ka asɛmpa no a, wɔn ani bɛgye paa. Enti ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho nyɛ asɛnka adwuma no, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛboa wɔn.—Mateo 28:19, 20.

6, 7. Sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma ma wɔn ani kũ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho a, dɛn nti na yɛbɛtumi aka sɛ wodɔ wɔn?

6 Nea wopɛ ne sɛ wo mma bɛfa Yehowa adamfo. Yehowa nso pɛ sɛ wotete wo mma na wotene wɔn so. Wama wo tumi sɛ yɛ saa. (Efesofoɔ 6:4) Enti ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ wobɛtete wo mma bere nyinaa. Susu saa asɛm yi ho hwɛ: Wohwɛ ma wo mma kɔ sukuu efisɛ wonim sɛ ɛho hia sɛ wɔsua nwoma, na wopɛ sɛ wɔsua nneɛma foforo nso. Saa ara na wohwɛ ma wo mma kɔ asafo nhyiam, nhyiam akɛse ne nketewa, na wo ne wɔn yɛ abusua som. Nea enti a woyɛ saa ne sɛ, nkyerɛkyerɛ a wɔnya fi Yehowa hɔ no bɛtumi agye wɔn nkwa. Enti boa wɔn ma wɔnsua Yehowa ho ade, na ma wɔnhu sɛ Yehowa bɛtumi akyerɛkyerɛ wɔn ma wɔahu nyansa ankasa. (Mmebusɛm 24:14) Afei nso, tete wo mma ma wɔnkɔ asɛnka daa. Suasua Yesu na boa wo mma ma wɔmfa Onyankopɔn Asɛm no nkyerɛkyerɛ afoforo.

7 Sɛ mmabun ma wɔn ani kũ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho te sɛ Onyankopɔn asɛm a wɔbɛsua, asafo nhyiam ne asɛnka a wɔbɛkɔ ho a, ɛboa wɔn sɛn? Erin yɛ onuawa a ɔte South Africa. Ɔka sɛ: “Bere a yɛyɛ mmofra no, sɛ yɛn awofo ka sɛ yɛrebɛsua Bible, yɛrebɛkɔ asafo nhyiam ne asɛnka a, na yɛtaa bɔ yɛn hwene, na na yɛnwiinwii. Ɛtɔ da bi a, na yɛmpɛ sɛ yɛyɛ abusua adesua, enti ɛyɛ a na yɛahyɛ da ayɛ biribi de asɛe adesua no. Nanso yɛn awofo amma wɔn abam ammu.” Onuawa no ani sɔ nea n’awofo yɛeɛ no paa efisɛ wɔboaa no ma ɔhuu sɛnea saa nneɛma no ho hia. Seesei bere biara a asafo nhyiam bɛpa onuawa no ti so anaa ɔrentumi nkɔ asɛnka no, ɔhwɛ sɛ ɔremma ɛnyɛ ne su.

BRƐ WO HO ASE

8. (a) Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase? (b) Sɛnea na Yesu brɛ ne ho ase no boaa n’asuafo no sɛn?

8 Ɛwom sɛ na Yesu yɛ pɛ deɛ, nanso na ɔbrɛ ne ho ase, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɔhia Yehowa mmoa. (Kenkan Yohane 5:19.) Wei maa obu a na asuafo no wɔ ma Yesu no so tewee anaa? Dabi. Bere a asuafo no huu sɛ Yesu de ne ho to Yehowa so paa no, wɔn nso nyaa Yesu mu ahotoso kɛse. Akyiri yi, asuafo no suasuaa sɛnea na ɔbrɛ ne ho ase no.—Asomafoɔ Nnwuma 3:12, 13, 16.

Sɛ wogye wo mfomso tom a, wo mma bɛnya obu ama wo

9. Sɛ wogye wo mfomso tom na wopa kyɛw a, ɔkwan bɛn so na wei bɛboa wo ba a ɔyɛ ɔbabun no?

9 Yɛnte sɛ Yesu, yɛn deɛ yɛtɔ sin, na yɛdi mfomso nso. Enti brɛ wo ho ase. Hu sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a worentumi nyɛ, na gye wo mfomso nso tom. (1 Yohane 1:8) Sɛ woyɛ saa a, wo ba a ɔyɛ ɔbabun no nso bɛsuasua wo na wagye ne mfomso atom, na ɔbɛnya obu ama wo paa. Sɛ yɛbɛka a, hena na wobu no paa? W’adwumam panyin a ɔdi mfomso a ɔgye tom anaa nea ɔnnye ne mfomso ntom? Rosemary a ɔwɔ mma mmiɛnsa ka sɛ na ɔne ne kunu fi wɔn pɛ mu gye wɔn mfomso tom. Ɔkaa sɛ: “Saa a yɛyɛeɛ nti, sɛ yɛn mma no hyia ɔhaw bi a, na wɔne yɛn bɔ ho nkɔmmɔ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Yɛkyerɛkyerɛɛ yɛn mma no ma wɔhuu baabi a sɛ wɔhyia ɔhaw a wɔbɛnya mmoa a ɛfata paa. Sɛ wɔhia mmoa a, bere nyinaa na yɛtwe wɔn adwene si asafo nwoma so, na na yɛne wɔn bɔ mpae.”

10. Bere a Yesu reka nea ɛsɛ sɛ n’asuafo no yɛ akyerɛ wɔn no, dɛn na ɔyɛeɛ de kyerɛɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

10 Ná Yesu wɔ tumi sɛ ɔka nea ɛsɛ sɛ n’asuafo no yɛ kyerɛ wɔn. Nanso esiane sɛ na ɔbrɛ ne ho ase nti, na ɔtaa kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa no mu kyerɛ wɔn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wanka ankyerɛ wɔn kɛkɛ sɛ wɔnhwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan. Mmom, ɔsan kaa sɛ: “Ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.” Bere a Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnyae atɛn a wɔbu nkurɔfo no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ: “Na wɔammu mo atɛn; atɛn a mobuo no, ɛno ara na wɔbɛbu mo.”—Mateo 6:31–7:2.

11. Sɛ wohyɛ mmara anaa wosi gyinae bi a, dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ wokyerɛkyerɛ mu kyerɛ wo ba a ɔyɛ ɔbabun no?

11 Bere a ɛsɛ mu no, kyerɛkyerɛ nea enti a woahyɛ mmara bi anaa woasi gyinae bi mu kyerɛ wo ba a ɔyɛ ɔbabun no. Sɛ ɔnya hu nea enti a woreyɛ saa a, n’ani bɛgye ho sɛ ɔbɛyɛ osetie ama wo. Barry a ɔtetee mma nnan no ka sɛ: “Sɛ wokyerɛkyerɛ nea enti a woreyɛ biribi mu kyerɛ wo mma a wɔyɛ mmabun a, wɔnya wo mu ahotoso.” Wɔbɛhu sɛ ɛnyɛ sɛ wowɔ tumi nti na wohyɛɛ mmara anaa wosii gyinae bi, na mmom biribi pa bi nti na woyɛɛ saa. Afei nso, kae sɛ mmabun nyɛ mmofra nkumaa bio. Wɔresua sɛ wɔn ankasa bɛdwene nneɛma ho, na wɔn ankasa asisi wɔn gyinae. (Romafoɔ 12:1) Barry ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ mmabun sua sɛ wɔbɛsisi gyinae pa sen sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a ɛda wɔn koma so ara kɛkɛ.” (Dwom 119:34) Enti brɛ wo ho ase na kyerɛkyerɛ nea enti a wosii gyinae bi mu kyerɛ wo ba a ɔyɛ ɔbabun no. Sɛ woyɛ saa a, ɔsua sɛ ɔno ankasa bɛsisi ne gyinae, na ɔbɛhu sɛ wobu no na woahu sɛ ɔrenyini.

NYA NHUMU

12. Esiane sɛ na Yesu wɔ nhumu nti, mmoa bɛn na ɔde maa Petro?

12 Ná Yesu wɔ nhumu, na na ɔnim mmoa a ɛhia sɛ ɔde ma n’asuafo no. Ɛho nhwɛso ni. Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔbɛkum no no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnka asɛmpa mma ne ho. Ná Yesu nim sɛ Petro dɔ no, nanso na ɔnim nso sɛ adwene a Petro de kaa asɛm no ntene. Dɛn na Yesu yɛ de boaa Petro ne asuafo a wɔaka no? Nea ɛdi kan, Yesu tenee adwene a na Petro kura no. Afei, ɔkaa nea ɛbɛto wɔn a sɛ wɔhyia tebea a emu yɛ den a, wɔde Yehowa apɛde bɛto nkyɛn no ho asɛm. Yesu san kaa sɛ Yehowa bɛhyira wɔn a wɔde ahofama som no no. (Mateo 16:21-27) Petro suaa biribi fii saa asɛm yi mu.—1 Petro 2:20, 21.

13, 14. (a) Dɛn na ɛbɛtumi aboa ma woahu sɛ ɛhia sɛ wo ba a ɔyɛ ɔbabun hyɛ ne gyidi den? (b) Wobɛyɛ dɛn ahu mmoa a wo babarima anaa wo babaa hia ankasa?

13 Bɔ Yehowa mpae hwehwɛ nhumu sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛhu nea wobɛyɛ de aboa wo ba a ɔyɛ ɔbabun no. (Dwom 32:8) Ebia woahu sɛ wo ba no ani nnye nnansa yi, anaa ɔkeka anuanom ho nsɛmmɔne. Ebia wote nka sɛ asɛm bi wɔ hɔ a ɔmpɛ sɛ ɔka kyerɛ wo. Nnya adwene ntɛm ara sɛ wo ba no reyɛ biribi bɔne wɔ sum ase. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) Nanso mmu w’ani ngu ɔhaw no so anaa nhwɛ kwan sɛ ɛno ara bɛkɔ. Ebia ɛsɛ sɛ woboa no ma ɔhyɛ ne gyidi den.

Boa wo ba a ɔyɛ ɔbabun ma ɔnnya nnamfo pa wɔ asafo no mu (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14 Nea ɛbɛyɛ na woahu ɔkwan a wobɛfa so aboa wo ba a ɔyɛ ɔbabun no, tɔ wo bo ase bisa no nsɛm na ma ɔnhu sɛ wobu no. Ɛte sɛ nea woresa nsuo afi abura mu. Sɛ wotwe ade a wode resa nsuo no ntɛmntɛm a, worenya nsuo pii sɛnea worehwehwɛ no. Saa ara na sɛ woamfa ntoboase ammisa wo ba a ɔyɛ ɔbabun no nsɛm anaa woyɛ w’adwene sɛ wobɛhyɛ no ma wakasa a, ɔrenka nea ɛwɔ n’adwene ne n’akoma mu ankasa nkyerɛ wo. (Kenkan Mmebusɛm 20:5.) Ilaria werɛ mfii sɛ bere a na ɔyɛ ɔbabun no, na ɔnim sɛ ɛyɛ mfomso sɛ ɔne ne sukuufo bɛbɔ pii deɛ, nanso na ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa. N’awofo huu sɛ na biribi haw no. Ilaria ka sɛ: “Da koro anwummere bi m’awofo ka kyerɛɛ me sɛ wɔahu sɛ m’ani nnye nnansa yi, na wɔbisaa me nea ɛhaw me. Ɛhɔ ara na mefii ase tee nisuo kaa nea ɛhaw me no kyerɛɛ wɔn, na mekaa sɛ wɔmmoa me. Wɔbam me, na wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔte me ase, na wɔhyɛɛ me bɔ sɛ wɔbɛboa me.” Ntɛm ara na Ilaria awofo boaa no ma ɔnyaa nnamfo pa wɔ asafo no mu.

Hwehwɛ su pa a wo ba a ɔyɛ ɔbabun wɔ na kamfo no

15. Dɛn bio na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ nhumu?

15 Nhumu na ɛmaa Yesu huu su pa a n’asuafo no wɔ. Nhwɛso bi ni. Bere a Natanael tee sɛ Yesu fi Nasaret no, ɔbisaa sɛ: “Biribi pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?” (Yohane 1:46) Sɛ na wowɔ hɔ a, anka wobɛnya adwene sɛ Natanael kura adwemmɔne anaasɛ ɔnni gyidi? Yesu annya adwene a ɛte saa. Mmom na ɔwɔ nhumu, na ɔhuu sɛ Natanael ka nokware, enti ɔkaa sɛ: “Israelni amapa a nnaadaa nni ne mu nie.” (Yohane 1:47) Ná Yesu tumi hu nea ɛwɔ nnipa komam, na ɔde saa tumi no hwehwɛɛ su pa a ɛwɔ nnipa ho.

16. Wobɛyɛ dɛn atumi aboa wo ba a ɔyɛ ɔbabun ma wanya su pa?

16 Ɛwom sɛ worentumi nhu nea ɛwɔ obi komam sɛnea na Yesu tumi hu no deɛ, nanso wobɛtumi de nhumu ayɛ adwuma. Yehowa bɛtumi aboa wo ma woahu su pa a wo ba a ɔyɛ ɔbabun no wɔ. Sɛ mpo wo ba no anyɛ ade a ɛtene a, nka da sɛ ɔyɛ nipabɔne anaa ɔhaw adwene. Mfa saa nsusu no da. Mmom, ka kyerɛ no sɛ wotumi hu su pa bi wɔ ne ho, na wogye di sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛtene. Ma w’ani nna hɔ na hwɛ nsakrae pa a ɔreyɛ na kamfo no. Bere biara a ɛbɛyɛ yie no, ma no adwuma foforo nka nea ɔyɛ ho na aboa no ma su pa a ɔwɔ no ada adi yie. Saa na Yesu yɛɛ n’asuafo no. Bere a Yesu hyiaa Natanael (a wɔsan frɛ no Bartolomeo) afe baako ne fã akyi no, ɔmaa no adwuma titiriw bi. Yesu yɛɛ Natanael ɔsomafo, na Natanael de nokwaredi yɛɛ adwuma a Yesu de maa no no. (Luka 6:13, 14; Asomafoɔ Nnwuma 1:13, 14) Enti sɛ́ anka wobɛma wo ba a ɔyɛ ɔbabun ate nka sɛ ɔnyɛ ade pa da no, kamfo no na hyɛ no nkuran. Ma ɔnhu sɛ ɔbɛtumi ama wo ne Yehowa ani agye, na ɔbɛtumi nso de ɔdom akyɛde a ɔwɔ no asom Yehowa.

MOTETE MO MMA A, MO ANI BƐGYE PAA

17, 18. Sɛ wokɔ so tete wo ba a ɔyɛ ɔbabun ma ɔsom Yehowa a, dɛn na ɛbɛfi mu aba?

17 Wobɛtumi ate nka sɛ ɔsomafo Paulo. Ná ɔdwene wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne mma no ho. Saa nkurɔfo no yɛ nnipa a ɔboaa wɔn ma wɔbɛsuaa Yehowa ho ade, na na ɔdɔ wɔn paa. Enti na ɔsuro sɛ ebia na wɔn mu binom ankɔ so ansom Yehowa. (1 Korintofoɔ 4:15; 2 Korintofoɔ 2:4) Victor a ɔtetee mma mmiɛnsa no ka sɛ: “Bere a yɛn mma no duu wɔn mmabunbere mu no, na ɛyɛ den paa. Nanso anigye a yɛnyaeɛ no sen nsɛnnennen a yɛhyiae no koraa. Yehowa boaa yɛn ma yɛne yɛn mma no faa nnamfo.”

18 Awofo, esiane sɛ modɔ mo mma paa nti, monkɔ so nyere mo ho ntete wɔn. Mommma mo abam mmmu. Mo deɛ, sɛ mo mma si gyinae sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn na wɔkɔ so de nokwaredi som no daa a, monhwɛ sɛnea mo ani bɛgye afa.—3 Yohane 4.

^ nky. 13 Sɛ awofo kenkan Nyan! a ɛbaa March 8, 1994, kratafa 18-20 a, ɛbɛtumi aboa wɔn.