Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu a ɛkyerɛ sɛ wɔanka Yeriko kuro no anhyɛ mu bere tenten ansa na wɔreko afa?

Yosua 6:10-15, 20 ka sɛ Israel asraafo no bɔɔ nsra faa Yeriko kuro no ho pɛnkoro da biara. Wɔyɛɛ saa ara nnansia. Ɛda a ɛto so nson no, wɔbɔɔ nsra faa kuro no ho mpɛn nson. Afei, Onyankopɔn maa Yeriko afasu a ɛyɛ den no dwiri guiɛ, na Israelfo faa kuro no. Sɛnea Bible ka no, wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu nso ahu biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔanka Yeriko kuro no anhyɛ mu bere tenten anaa?

Tete no, sɛ asraafo twa kuro bi fasu ho hyia sɛ wɔrekɔto ahyɛ so a, na ɛkyerɛ sɛ wɔaka kuro no ahyɛ mu. Sɛ wɔka kuro bi hyɛ mu ma ɛkyɛ a, kuro no mufo di aduane a wɔde asie dodow no ara. Sɛ asraafo no nya ko fa kuro no a, wɔfa biribiara a wɔpɛ a aduane a aka wɔ kuro no mu nso ka ho. Ɛno nti bere a wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu tutuu Palestina nkuro a atamfo ka hyɛɛ mu no, wɔanhu nnuane pii wɔ hɔ. Mmeae bi wɔ hɔ a wɔanhu hwee koraa. Nanso, Yeriko amanfo so deɛ, ɛnte saa. Nwoma bi ka sɛ: “Sɛ nkuku da nkyɛn a, ade a wɔhuu sɛ ɛdɔɔso paa wɔ hɔ yɛ awi anaa ayuo.” Ɛde kaa ho sɛ: “Ɛntaa nsi sɛ wɔbɛhu ayuo pii saa.”—Biblical Archaeology Review.

Bible ka sɛ Israelfo amfa aduane biara amfi Yeriko efisɛ na Yehowa aka akyerɛ wɔn sɛ mma wɔmfa bi. (Yosua 6:17, 18) Ɛsan ka sɛ Israelfo no to hyɛɛ Yeriko so wɔ osutɔbere mu, ayuo twabere akyi pɛɛ. Saa bere no, na wɔde aduane pii asie wɔ kuro no mu. (Yosua 3:15-17; 5:10) Aduane bebree a na ɛda so wɔ Yeriko kuro no mu bere a wɔkaa kuro no hyɛɛ mu akyi no di adanse sɛ wɔanka wɔn anhyɛ mu ankyɛ, sɛnea Bible ka no.