Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Honhom no ne Yɛn Honhom Di Adanse

Honhom no ne Yɛn Honhom Di Adanse

“Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.”​—ROMAFO 8:16.

NNWOM: 109, 108

1-3. Nsɛm bɛn na esisii Pentekoste da no a ɛma ɛyɛ da titiriw? Ɔkwan bɛn so na nsɛm a esisii no maa nea Kyerɛwnsɛm no kae no baa mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

NÁ ƐDA no yɛ Kwasida anɔpa wɔ Yerusalem. Ná ɛyɛ da titiriw ne anigye da. Ná nkurɔfo redi Pentekoste afahyɛ no. Pentekoste yɛ afahyɛ kronkron a na wodi no bere a wɔrebetwa awi. Saa anɔpa no, ɔsɔfo panyin no bɔɔ afɔre a ɔbɔ daa wɔ asɔrefie hɔ no. Afei, bɛyɛ anɔpa nnɔnkron no, ɔsɔfo panyin no de paanoo a mmɔkaw wom a wɔde awi anaa aba a edi kan ayɛ bɔɔ afɔre. Ɔsɔfo panyin no him paanoo no de kɔɔ Yehowa anim. Ná saa da yi yɛ Pentekoste afe 33.—Leviticus 23:15-20.

2 Afe biara ɔsɔfo panyin no bɔ ohim afɔre yi; ɔyɛɛ saa mfe pii. Ná afɔre no fa biribi titiriw bi a esii Pentekoste afe 33 no ho paa. Saa asɛm no sii bere a na Yesu asuafo 120 ahyiam wɔ Yerusalem abansoro dan bi mu rebɔ mpae no. (Asomafo Nnwuma 1:13-15) Ná odiyifo Yoel akyerɛw asɛm yi ato hɔ bɛyɛ mfe ahanwɔtwe ansa na ɛresi. (Yoel 2:28-32; Asomafo Nnwuma 2:16-21) Dɛn na esii a na ɛho hia saa?

3 Kenkan Asomafo Nnwuma 2:2-4. Pentekoste afe 33 no, Onyankopɔn hwiee ne honhom kronkron guu saa Kristofo no so de sraa wɔn. (Asomafo Nnwuma 1:8) Ɛno akyi no, nnipakuw bi betwaa hɔ hyiae, na asuafo no fii ase kaa anwonwade a wɔahu na wɔate ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔsomafo Petro kaa nea na asi no ne nea enti a na ɛho hia paa no ho asɛm. Afei, ɔka kyerɛɛ nnipakuw no sɛ: “Monsakra, na momma wɔmmɔ mo mu biara asu wɔ Yesu Kristo din mu na moanya bɔne fafiri, na mubenya honhom kronkron akyɛde a wɔde ma kwa no.” Saa da no, wɔbɔɔ nnipa bɛyɛ 3,000 asu, na wɔn nso nyaa honhom kronkron.—Asomafo Nnwuma 2:37, 38, 41.

4. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nea esii Pentekoste no ho hia yɛn? (b) Mfe pii ansa na saa asɛm no resi no, ade a ɛho hia bɛn na na wɔyɛ saa da no? (Hwɛ awiei asɛm no.)

4 Dɛn na ɔsɔfo panyin no ne afɔre a na ɔbɔ Pentekoste afahyɛ biara no gyina hɔ ma? Ná ɔsɔfo panyin no gyina hɔ ma Yesu. Ná paanoo no nso gyina hɔ ma Yesu asuafo a wɔasra wɔn no. Wɔapaw saa asuafo no afi nnipa abɔnefo mu, na wɔfrɛ wɔn “aba a edi kan.” (Yakobo 1:18) Onyankopɔn agye wɔn ayɛ ne mma, na wapaw wɔn sɛ wɔne Yesu nkodi hene wɔ soro wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. (1 Petro 2:9) Yehowa nam n’Ahenni no so behyira nnipa asoɔmmerɛwfo nyinaa. Enti sɛ yɛne Yesu bɛtena soro oo, sɛ yɛbɛtena paradise wɔ asase so oo, ɛsɛ sɛ yɛma Pentekoste afe 33 ho hia yɛn paa. [1] —Hwɛ awiei asɛm no.

SƐ WƆSRA OBI A, DƐN NA ESI?

5. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ ɔkwan biako so na wɔfa de honhom kronkron sra Kristofo?

5 Asuafo a na wɔahyiam wɔ abansoro dan no mu no werɛ remfi saa da no da. Biribi te sɛ ogya besisii wɔn mu biara apampam. Yehowa ma wotumi kaa kasa foforo. Ná wɔn adwene si wɔn pi sɛ wɔde honhom kronkron asra wɔn. (Asomafo Nnwuma 2:6-12) Nanso ɛnyɛ Kristoni biara a wɔbɛsra no no na ohu anwonwade a ɛte saa. Bible nka sɛ biribi a ɛte sɛ ogya besisii nnipa mpempem pii a akyiri yi wɔsraa wɔn wɔ Yerusalem no apampam. Bere a wɔbɔɔ asu no na wɔsraa wɔn. (Asomafo Nnwuma 2:38) Afei nso, ɛnyɛ Kristofo nyinaa na wɔde honhom kronkron sraa wɔn bere a wɔbɔɔ asu no. Bere a Samariafo no bɔɔ asu no, ɛnyɛ ɛhɔ ara na wɔsraa wɔn. (Asomafo Nnwuma 8:14-17) Biribi a ɛntaa nsi sii wɔ Kornelio ne ne fiefo nso so. Wɔde honhom kronkron sraa wɔn ansa na wɔrebɔ wɔn asu.—Asomafo Nnwuma 10:44-48.

6. Dɛn na wɔn a wɔasra wɔn no nyinaa nya, na eyi ka wɔn dɛn?

6 Yehu pefee sɛ, ɛnyɛ ɔkwan biako na Kristofo fa so hu sɛ wɔasra wɔn. Ebia ebinom hu no ntɛm ara sɛ Yehowa asra wɔn. Ebinom nso wɔ hɔ a, akyiri yi na wohu sɛ Yehowa asra wɔn. Nanso, ɔsomafo Paulo kaa nea sɛ wɔsra obi a esi no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Ne mu ara nso na bere a mugye dii no, wɔsɔɔ mo ano denam honhom kronkron a wɔhyɛɛ ho bɔ no so, nea ɛyɛ agyapade a yɛn nsa bɛka no ho sɛnkyerɛnne no.” (Efesofo 1:13, 14) Enti Yehowa nam ne honhom kronkron so ma saa Kristofo yi hu pefee sɛ wapaw wɔn sɛ wɔnkɔ soro. Saa kwan yi so no, honhom kronkron yɛ “sɛnkyerɛnne,” anaa edi wɔn adanse sɛ daakye wɔbɛtena soro daa na ɛnyɛ asase so.—Kenkan 2 Korintofo 1:21, 22; 5:5.

Ɛnsɛ sɛ Kristoni biara a wɔasra no ma biribiara si no kwan ma ogyae Yehowa som

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni biara a wɔasra no yɛ na ama ne nsa aka n’akatua wɔ soro?

7 Sɛ wɔsra Kristoni bi a, ɛkyerɛ sɛ ɔkwan biara so ne nsa bɛka akatua no? Dabi. Mmom, n’adwene si no pi sɛ wɔafrɛ no sɛ ɔnkɔ soro. Nanso, sɛ odi nokware ma Yehowa kosi ase a, ɛnna obenya akatua no. Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Eyi nti, anuanom, monyɛ nea mubetumi biara mma frɛ a wɔafrɛ mo ne paw a wɔapaw mo no nni mu; na sɛ mokɔ so yɛ saa a, morenhwe ase da. Nokwasɛm ni, ɛbɛma moanya hokwan kɛse akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni no mu.” (2 Petro 1:10, 11) Enti ɛnsɛ sɛ Kristoni biara a wɔasra no ma biribiara siw no kwan ma ogyae Yehowa som. Ɛwom sɛ wɔafrɛ no sɛ ɔnkɔ soro de, nanso sɛ wanni nokware ankosi ase a, ne nsa renka n’akatua no.—Hebrifo 3:1; Adiyisɛm 2:10.

OBI YƐ DƐN HU SƐ WƆASRA NO?

8, 9. (a) Sɛ Onyankopɔn sra obi a, adɛn nti na ɛyɛ den ma nnipa dodow no ara sɛ wɔbɛte ase? (b) Obi yɛ dɛn hu sɛ wɔafrɛ no sɛ ɔnkɔ soro?

8 Ɛnnɛ, sɛ Onyankopɔn sra obi a, ebetumi ayɛ den ama Onyankopɔn asomfo dodow no ara sɛ wɔbɛte ase. Eyi nyɛ nwonwa, efisɛ wɔn de wɔnsraa wɔn. Onyankopɔn bɔɔ nnipa sɛ wɔntena asase so daa, na ɛnyɛ soro. (Genesis 1:28; Dwom 37:29) Nanso, Yehowa apaw nnipa binom sɛ wɔnkɔyɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro. Enti sɛ ɔsra wɔn a, wɔn anidaso ne wɔn nsusuwii sesa koraa. Ɛno ma wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena soro.—Kenkan Efesofo 1:18.

9 Nanso, obi yɛ dɛn hu sɛ wɔafrɛ no sɛ ɔnkɔ soro? Hwɛ asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Roma a na wɔasra wɔn no. Wɔn nso na “wɔafrɛ wɔn abɛyɛ akronkronfo.” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moannya nkoayɛ honhom a ɛde osuro ba bio, na mmom moanya honhom a egye yɛn yɛ mma, na saa honhom no mu na yɛteɛm sɛ: ‘Abba, Agya!’ Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.” (Romafo 1:7; 8:15, 16) Onyankopɔn nam ne honhom kronkron so ma obi a wasra no hu pefee sɛ ɔne Yesu bɛkɔ akodi hene wɔ soro.—1 Tesalonikafo 2:12.

10. 1 Yohane 2:27 ka sɛ enhia sɛ obi foforo kyerɛkyerɛ Kristoni a wɔasra no a, ɛkyerɛ dɛn?

10 Wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn yi nhia obi foforo na waka akyerɛ wɔn sɛ Onyankopɔn asra wɔn. Yehowa na ɔma wohu sɛ wafrɛ wɔn. Ɔsomafo Yohane ka kyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Mo de, ɔkronkronni no asra mo; na mo nyinaa mowɔ nimdeɛ.” Ɔsan ka sɛ: “Mo de, ɔsra a munya fii ne hɔ no te mo mu, na enhia sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; mmom sɛnea ɔsra a munya fii ne hɔ no kyerɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa na ɛyɛ nokware na ɛnyɛ atoro no, sɛnea ɛkyerɛkyerɛɛ mo no, mo ne nea ɔsraa mo no nyɛ biako.” (1 Yohane 2:20, 27) Sɛnea Yehowa kyerɛkyerɛ obiara no, saa ara na ɔkyerɛkyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nso. Nanso, enhia sɛ obi na ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔasra wɔn. Yehowa nam ne tumi a ɛsen biara anaa ne honhom kronkron so, ama wɔahu pefee sɛ wɔasra wɔn!

‘WƆSAN WO WƆN BIO’

11, 12. Dɛn na Kristoni a wɔasra no betumi abisa ne ho, na dɛn na n’adwene si no pi wɔ ho?

11 Sɛ wɔde honhom kronkron sra Kristofo a, wɔsesa koraa. Yesu kae sɛ ‘wɔsan wo wɔn bio,’ anaa wofi soro awo wɔn. (Yohane 3:3, 5) Afei, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio. Mframa bɔ kɔ nea ɛpɛ biara, na mote sɛ ɛrebɔ, nanso munnim baabi a efi ne baabi a ɛrekɔ. Saa na obiara a wofi honhom mu awo no no te.” (Yohane 3:7, 8) Ɛda adi pefee sɛ, ɛyɛ den sɛ Kristoni a wɔasra no bɛkyerɛkyerɛ sɛnea wɔsra obi a ɛte mu akyerɛ obi a wɔnsraa no ama wate ase yiye. [2]—Hwɛ awiei asɛm no.

Obi a wɔasra no adwene si no pi sɛ Yehowa afrɛ no

12 Kristoni a wɔasra no betumi abisa ne ho sɛ, ‘Adɛn nti na me na Yehowa frɛɛ me na ɛnyɛ obi foforo?’ Ebi mpo a n’adwene bɛyɛ no sɛ ɔmfata sɛ wɔde asɛyɛde a ɛte saa hyɛ ne nsa. Nanso, n’adwene si no pi sɛ Yehowa afrɛ no. Enti, n’ani gye paa, na n’ani sɔ akyɛde a ɛte saa. Kristofo a wɔasra wɔn ne Petro yɛ adwene wɔ asɛm a ɔkae yi ho: “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn, efisɛ ne mmɔborɔhunu nti ɔnam nyane a wɔynanee Yesu Kristo fii awufo mu no so awo yɛn foforo kɔ anidaso a nkwa wom mu denam nyan a wonyan Yesu Kristo fii awufo mu no so na ama yɛanya agyapade a ɛmporɔw na efĩ nni ho na ɛnsɛe. Wɔakora so wɔ ɔsoro ama mo.” (1 Petro 1:3, 4) Sɛ Kristofo a wɔasra wɔn kenkan saa asɛm yi a, wɔn adwene si wɔn pi paa sɛ wɔn Agya ne wɔn na ɛrekasa.

13. Sɛ wɔde honhom kronkron sra obi a, nsakrae bɛn na ɛba ne nsusuwii mu, na dɛn na ɛde saa nsakrae yi ba?

13 Ansa na Yehowa rema saa Kristofo yi anya anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no, na wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtena asase so daa. Ná wɔhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ asase paradise, na wayi abɔnefosɛm nyinaa afi so. Ebia wotwaa ho mfonini wɔ wɔn adwenem sɛ wɔrema wɔn busuani anaa wɔn adamfo bi a wawu akwaaba aba nkwa mu bio. Afei nso, wɔhwɛɛ kwan sɛ wobesi dan atena mu na wɔayɛ turo adi mu aba. (Yesaia 65:21-23) Afei ɛyɛɛ dɛn na wɔn adwene sesae? Ɛyɛ awerɛhow anaa amane a wɔrehu wɔ asase so nti na wɔn adwene sesae? Ɛbaa wɔn tirim prɛko pɛ sɛ asase so asetena bɛfono wɔn na wɔn ani rennye wɔ ha? Anaa na wɔpɛ sɛ wohu sɛnea ɔsoro asetena bɛyɛ? Dabi. Mmom, Onyankopɔn na ɔmaa wɔn adwene sesae. Bere a ɔfrɛɛ wɔn no, ɔde ne honhom kronkron sesaa wɔn nsusuwii ne anidaso a na wɔwɔ no.

14. Kristofo a wɔasra wɔn no te nka dɛn wɔ asetena a wɔwom wɔ asase so no ho?

14 Enti, eyi kyerɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no pɛ sɛ wowu anaa? Paulo kyerɛe sɛnea wɔn a wɔasra wɔn no te nka. Ɔde wɔn nipadua totoo “ntamadan” ho, na ɔkae sɛ: “Nokwasɛm ne sɛ yɛn a yɛte ntamadan yi mu no si apini bere a nneɛma hyɛ yɛn so no; efisɛ yɛmpɛ sɛ yeyi gu hɔ, nanso yɛpɛ sɛ yɛhyɛ biako no, na nkwa amene nea ewu no.” (2 Korintofo 5:4) Saa Kristofo yi mpɛ sɛ wowu. Wɔn ani gye wɔ asetenam, na da biara wɔpɛ sɛ wɔne wɔn abusua ne wɔn nnamfo bom som Yehowa. Nanso, ɛmfa ho nea wɔreyɛ biara no, nea Onyankopɔn de ahyɛ wɔn bɔ daakye no wɔ wɔn adwene mu.—1 Korintofo 15:53; 2 Petro 1:4; 1 Yohane 3:2, 3; Adiyisɛm 20:6.

YEHOWA AFRƐ WO?

15. Dɛn na ɛnkyerɛ sɛ wɔde honhom kronkron asra obi?

15 Ebia woredwen ho sɛ Yehowa afrɛ wo sɛ kɔ soro anaa. Sɛ ɛyɛ wo sɛ wafrɛ wo a, ɛnde susuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: Wususuw sɛ woyere wo ho denneennen yɛ asɛnka adwuma no? W’ani gye ho paa sɛ wubesua Bible ne “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ”? (1 Korintofo 2:10) Wususuw sɛ Yehowa ama w’asɛnka adwuma rekɔ yiye? Wopɛ sɛ woyɛ Yehowa apɛde sen biribi foforo biara? Wodɔ afoforo yiye, na ehia wo paa sɛ wobɛboa wɔn ma wɔasom Yehowa? Woahu biribi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa aboa wo akwan pɔtee bi so wɔ w’asetena mu? Sɛ wubua saa nsɛmmisa yi nyinaa yiw a, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn afrɛ wo sɛ kɔ soro anaa? Dabi, ɛnkyerɛ saa. Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn ne wɔn a wɔnsraa wɔn nyinaa tumi te nka saa. Sɛ Yehowa asomfo bi wɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro oo, wɔbɛtena asase so oo, Yehowa honhom kronkron betumi ayɛ adwuma koro no ara wɔ wɔn nyinaa so. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ w’adwene nsi wo pi sɛ wobɛkɔ soro a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ wɔmfrɛɛ wo. Wɔn a Yehowa afrɛ wɔn no adwene nhinhim wɔ saa asɛm yi ho! Wonim pefee sɛ wafrɛ wɔn!

16. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔanya Onyankopɔn honhom nyinaa na wɔafrɛ wɔn sɛ wɔnkɔ soro?

16 Bible ma yehu sɛ anokwafo pii wɔ hɔ a wonyaa Yehowa honhom kronkron, nanso wɔankɔ soro. Wɔn mu biako ne Yohane Suboni. Yesu kae sɛ onipa biara nni asase so a ɔyɛ kɛse sen Yohane, nanso ɔkae sɛ ɔrenkɔ soro nkodi hene. (Mateo 11:10, 11) Dawid nso, honhom kronkron kyerɛɛ no kwan. (1 Samuel 16:13) Honhom kronkron boaa no ma ɔtee Yehowa ho nneɛma a emu dɔ ase, na ɛma ɔkyerɛw Bible no afã bi. (Marko 12:36) Ɛno mpo no, ɔsomafo Petro kae sɛ Dawid “ankɔ soro.” (Asomafo Nnwuma 2:34) Yehowa nam ne honhom kronkron so maa saa nkurɔfo yi nyaa tumi de yɛɛ nneɛma akɛse, nanso wamfa ansra wɔn sɛ wɔnkɔtena soro. Eyi kyerɛ sɛ na wɔnyɛ anokwafo anaa wɔmfata sɛ wodi hene wɔ soro anaa? Dabi. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ Yehowa bɛsan de wɔn aba nkwa mu ma wɔabɛtena Paradise asase so.—Yohane 5:28, 29; Asomafo Nnwuma 24:15.

17, 18. (a) Anidaso bɛn na Onyankopɔn asomfo dodow no ara hwɛ kwan nnɛ? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ dodow no ara renkɔ soro. Abraham, Dawid, Yohane Suboni, ne mmarima ne mmea foforo a Bible ka wɔn ho asɛm no nyinaa ne saa nkurɔfo yi wɔ anidaso koro. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena asase so ma Onyankopɔn Ahenni no adi wɔn so. (Hebrifo 11:10) Nnipa 144,000 na wɔne Yesu bedi ade wɔ soro. Nanso Bible ma yehu sɛ wɔn a wɔasra wɔn no ‘nkaefo’ da so ara wɔ asase so wɔ awiei bere yi mu. (Adiyisɛm 12:17) Enti 144,000 no mu dodow no ara awu dedaw na wɔkɔ soro.

18 Nanso, sɛ obi ka sɛ wɔasra no a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no yɛ wɔn ade dɛn? Sɛ obi wɔ w’asafo mu na ofi ase di paanoo no na ɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase a, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ wunya wɔ ne ho? Na sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔasra wɔn no dodow rekɔ anim nso ɛ? Ɛsɛ sɛ woma ɛhaw wo anaa? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

^ [1] (nkyekyɛm 4) Ebetumi aba sɛ bere a na wodi Pentekoste afahyɛ no ne bere a wɔde Mmara no maa Mose wɔ Bepɔw Sinai so no hyia. (Exodus 19:1) Enti ɛbɛyɛ sɛ ɛda a Mose de Mmara apam no maa Israel man no ne ɛda a Yesu ne wɔn a wɔasra wɔn no yɛɛ apam foforo no nso hyia.

^ [2] (nkyekyɛm 11) Sɛ wopɛ sɛ wunya nea obi a wɔasan awo no bio kyerɛ ho nsɛm pii a, hwɛ July 1, 2009, Ɔwɛn-Aban, kratafa 3-11.