Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere bɛn na Babilon Kɛse no faa Onyankopɔn nkurɔfo nnommum anaa ɛde wɔn yɛɛ nkoa?

Wɔwoo Yesu no, bɛyɛ mfe 100 akyi na efii ase, na ɛbaa awiei afe 1919. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ saa nsakrae yi wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu?

Adanse a ɛwɔ hɔ nyinaa kyerɛ sɛ, Kristofo a wɔasra wɔn no tetew wɔn ho fii Babilon Kɛse no ho afe 1919, na wɔboaboaa wɔn ano kɔɔ Kristofo asafo a wɔatew ho no mu. Susuw asɛm yi ho hwɛ: Onyankopɔn Ahenni no fii ase dii tumi wɔ soro afe 1914. Efii ase ara pɛ na wɔsɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo hwɛe, na nkakrankakra wɔtew wɔn ho fii atoro som a agu wɔn ho fĩ no ho. * (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (Malaki 3:1-4) Afei afe 1919 no, Yesu paw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no sɛ ɔmma Onyankopɔn nkurɔfo a wɔatew wɔn ho no “aduan bere a ɛsɛ mu.” (Mateo 24:45-47) Saa afe no ara, wogyee Onyankopɔn nkurɔfo fii Babilon Kɛse a ɛde wɔn yɛɛ nkoa no mu. (Adiyisɛm 18:4) Nanso, bere bɛn na Babilon Kɛse no de Onyankopɔn nkurɔfo yɛɛ nkoa?

Bere bi a atwam no, yɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Babilon Kɛse no de Onyankopɔn nkurɔfo yɛɛ nkoa bere tiaa bi; efii ase afe 1918. March 15, 1992, Ɔwɛn-Aban no kae sɛ, sɛnea Babilon de Israelfo yɛɛ nkoa no, saa ara na Babilon Kɛse no nso de Yehowa asomfo yɛɛ nkoa afe 1918. Nanso yɛayɛ nhwehwɛmu foforo ahu sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛɛ nkoa mfe pii ansa na afe 1918 reba.

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 37:1-14 no kae sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ nkoa na akyiri yi wobegyae wɔn. Hesekiel huu obon kɛse bi a nnompe ayɛ mu mã wɔ anisoadehu mu. Yehowa kae sɛ: “Nnompe yi gyina hɔ ma Israel fie nyinaa.” (Nkyekyɛm 11) Ná eyi fa Israel man no ho, na akyiri yi ebegyinaa hɔ maa “Onyankopɔn Israel” a wɔasra wɔn no. (Galatifo 6:16; Asomafo Nnwuma 3:21) Anisoadehu no mu no, nkwa baa nnompe no mu, na ɛbɛyɛɛ asraafodɔm kɛse. Eyi ma yehu ɔkwan a wɔfaa so gyee Onyankopɔn nkurɔfo fii Babilon Kɛse no mu afe 1919. Nanso dɛn na ɛwɔ nkɔmhyɛ yi mu a ɛma yehu sɛ wɔyɛɛ nkoa bere tenten?

Nea edi kan, Hesekiel hui sɛ awufo no nnompe “awo wosee.” (Hesekiel 37:2, 11) Eyi kyerɛ sɛ na nkurɔfo no wui akyɛ paa. Nea ɛto so mmienu, Hesekiel hui sɛ nkwa baa awufo no mu nkakrankakra; amma prɛko pɛ. Ɔtee “nnyigyei bi, na nnompe no de kikirikikiri twiw bɛnee, na dompe besii dompe anim.” Afei ohui sɛ “ntini ne nam abetuatua ho.” Nea edi hɔ no, were beduraa nam no ho. Akyiri yi, “ahome bɛhyɛɛ wɔn mu, na wonyaa nkwa.” Awiei koraa no, bere a nkurɔfo no baa nkwa mu no, Yehowa de wɔn kɔtenaa wɔn asase so. Ná eyi nyinaa begye bere.​—Hesekiel 37:7-10, 14.

Sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛ no, Israelfo kɔyɛɛ nkoa bere tenten. Aka bɛyɛ mfe 740 ma wɔawo Kristo no na wotuu Israel mmusuakuw du, atifi fam ahemman no fii wɔn asase so de wɔn kɔɔ nkoasom mu. Akyiri yi, aka bɛyɛ mfe 607 ma wɔawo Kristo no, Babilonfo sɛee Yerusalem ne mmusuakuw mmienu a aka no; Yuda ahemman a ɛwɔ anafo fam no. Wotuu wɔn nso fii wɔn asase so. Afei, aka bɛyɛ mfe 537 ma wɔawo Kristo no, nkoasom no baa awiei. Yudafo kakraa bi san baa wɔn asase so besii asɔrefie no, na wɔbɛsom Yehowa bio wɔ Yerusalem.

Nsɛm yi nyinaa ma yehu sɛ Babilon Kɛse no de Kristofo a wɔasra wɔn no yɛɛ nkoa bere tenten, na ɛnyɛ sɛ ɛhyɛɛ ase afe 1918 kosii afe 1919. Yesu nso kaa saa bere tenten yi ho asɛm, na ɔkae sɛ atoro Kristofo anaa nwura bɔne no ne awi (ayuo) no bɛbom anyin. Awi no gyina hɔ ma “ahenni mma no.” (Mateo 13:36-43) Saa bere no, na nokware Kristofo kakraa bi pɛ na wɔwɔ hɔ. Nnipa a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo dodow no ara gyee atoro nkyerɛkyerɛ dii na wɔbɛyɛɛ awaefo. Ɛno nti, yebetumi aka sɛ Babilon Kɛse no faa Kristofo asafo no nnommum anaa ɛde wɔn yɛɛ nkoa. Wɔwoo Yesu no, mfe 100 akyi mu hɔ baabi na saa nkoasom no fii ase, na ɛtoaa so araa kosii sɛ Onyankopɔn bɛtew ne honhom fam asɔrefie hɔ wɔ awiei bere yi mu.​—Asomafo Nnwuma 20:29, 30; 2 Tesalonikafo 2:3, 6; 1 Yohane 2:18, 19.

Saa mfe no nyinaa na asɔfo ne amanyɔfo pɛ sɛ wodi nnipa so. Nhwɛso bi ni. Ná wɔmma nkurɔfo kwan sɛ wobenya Bible, anaa wɔbɛkenkan Bible wɔ kasa a wɔbɛte ase mu. Sɛ ebinom kenkan Bible a, na wɔde wɔn fam dua ho hyew wɔn. Afei nso wɔtwee wɔn a wɔkasa tiaa asɔre mpanyimfo nkyerɛkyerɛ no aso denneennen. Ná ɛyɛ den sɛ obi besua nokware no anaa ɔde bɛkyerɛkyerɛ afoforo.

Hesekiel anisoadehu no ma yehui nso sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo san baa nkwa mu, na wogyee wɔn fii atoro som mu nkakrankakra. Bere bɛn na ɛhyɛɛ ase, na ɛhyɛɛ ase ɔkwan bɛn so? Hesekiel tee “nnyigyei bi” wɔ anisoadehu no mu. Aka mfe bi ma awiei bere no ahyɛ ase na saa nsɛm yi fii ase sisii. Saa bere no na atoro nkyerɛkyerɛ abu so, nanso na anokwafo bi wɔ hɔ a wɔrehwehwɛ nokware no na wɔasom Onyankopɔn. Wosuaa Bible, na wɔyɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛka nea wɔresua no akyerɛ afoforo. Ebinom nso yɛɛ adwumaden kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ kasa a nkurɔfo bɛte ase mu.

Afei bɛyɛ afe 1870 mu hɔ baabi no, ɛyɛɛ sɛ nea nam ne were reba nnompe no ho. Charles Taze Russell ne ne nnamfo yeree wɔn ho hwehwɛɛ Bible mu nokware no, na wɔsom Yehowa. Wɔde Ɔwɛn-Aban ne nhoma foforo boaa nkurɔfo ma wɔtee nokware no ase. Akyiri yi, “Photo-Drama of Creation” a wɔyɛɛ no afe 1914 ne The Finished Mystery a ɛbaa afe 1917 no boaa Yehowa nkurɔfo ma wɔhyɛɛ wɔn gyidi den. Awiei koraa, afe 1919 no, na ɛte sɛ nea nkwa aba Onyankopɔn nkurɔfo mu na wɔama wɔn asase foforo. Efi saa bere no, wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so daa no abɛka wɔn a wɔasra wɔn no ho. Wɔn nyinaa resom Yehowa, na wɔayɛ “asraafodɔm kɛse paa.”​—Hesekiel 37:10; Sakaria 8:20-23. *​—Hwɛ ase hɔ asɛm no.

Enti yehu pefee sɛ wɔwoo Yesu no, mfe 100 akyi mu hɔ baabi na Babilon Kɛse no de Onyankopɔn nkurɔfo yɛɛ nkoa. Tete no, na Israelfo yɛ nkoa, enti na ɛyɛ den sɛ wɔbɛsom Yehowa. Saa ara nso na mfe pii a etwaam no, na ɛyɛ den paa sɛ obi bɛsom Yehowa. Nanso, ɛnnɛ yɛreka nokware no ho asɛm akyerɛ obiara. Hwɛ sɛnea yɛn ani agye sɛ yɛte bere a “mmadwemma no bɛhyerɛn” no mu! Ɛnnɛ, nnipa bebree betumi ‘atew wɔn ho’ na “wɔayiyi wɔn mu fĩ,” na wɔagye nokware som atom!​—Daniel 12:3, 10.

Bere a na Satan pɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ no, ɔde no kɔɔ asɔrefie hɔ ankasa, anaasɛ ɔde asɔrefie no kyerɛɛ Yesu wɔ anisoadehu mu?

Yennim ɔkwan pɔtee a Satan faa so de asɔrefie no kyerɛɛ Yesu.

Bible akyerɛwfo Mateo ne Luka nyinaa kyerɛw nea esii no ho asɛm. Mateo kae sɛ “Ɔbonsam de” Yesu kɔɔ Yerusalem, na “ɔde no kogyinaa asɔredan no atifi.” Ɛhɔ ne asɔredan no atifi paa. (Mateo 4:5) Luka nso kae sɛ, Ɔbonsam ‘de no kɔɔ Yerusalem kogyinaa asɔredan no atifi.’​—Luka 4:9.

Bere bi a atwam no, yɛkae wɔ yɛn nhoma ahorow mu sɛ ɛbɛyɛ sɛ bere a Satan resɔ Yesu ahwɛ no, wamfa no ankɔ asɔrefie hɔ ankasa. Ɔwɛn-Aban a ɛbaa March 1, 1961 no de sɔhwɛ yi totoo bere foforo a Satan sɔɔ Yesu hwɛe no ho. Satan de Yesu kogyinaa bepɔw tenteenten bi atifi kyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa. Ɔwɛn-Aban no kae sɛ bepɔw biara nni hɔ a ɛware araa ma sɛ obi gyina so a, obetumi ahu wiase ahenni nyinaa. Ɛsan kae sɛ, saa ara na ɛbɛyɛ sɛ Satan amfa Yesu ankɔ asɔrefie hɔ ankasa. Nanso, akyiri yi nsɛm bi baa Ɔwɛn-Aban mu a ɛkae sɛ, sɛ Yesu huruw fii asɔredan no atifi a, anka obetumi awu.

Nea ebinom ka ne sɛ esiane sɛ na Yesu nyɛ Lewini nti, anka wɔremma no kwan mma onkogyina asɔrefie no kronkronbea atifi. Enti wɔka sɛ ɛbɛyɛ sɛ Satan yii asɔrefie no kyerɛɛ Yesu wɔ anisoadehu mu de sɔɔ Yesu hwɛe. Mfe pii a na atwam no, wɔde Hesekiel nso kɔɔ asɔrefie bi mu wɔ anisoadehu mu.​—Hesekiel 8:3, 7-10; 11:1, 24; 37:1, 2.

Nanso sɛ Satan de Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ wɔ anisoadehu mu a, ebia ebinom bebisa sɛ:

  • Anka Yesu bɛte nka sɛ wɔresɔ no ahwɛ sɛ onhuruw mfi asɔredan no atifi?

  • Mmere foforo a Satan yɛe sɛ ɔbɛsɔ Yesu ahwɛ no, ɔkae sɛ Yesu nnan abo paanoo. Afei na ɔpɛ sɛ Yesu bɔ ne mu ase som no. Enti eyi kyerɛ sɛ na Satan pɛ sɛ Yesu huruw fi asɔredan no atifi nso anaa?

Nanso, sɛ ɛnyɛ anisoadehu mu na Satan de Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ a, ɛnde ebinom bebisa sɛ:

  • Yesu too Mose Mmara sɛ okogyinaa asɔrefie no kronkronbea?

  • Ɛyɛɛ dɛn na Yesu tumi fii sare so beduu Yerusalem asɔrefie hɔ?

Ma yɛnhwɛ nsɛm foforo bi a ebetumi aboa ma yɛabua nsɛmmisa mmienu a etwa to yi.

Ɔbenfo D. A. Carson kae sɛ Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “asɔrefie” a Mateo ne Luka de dii dwuma no betumi akyerɛ asɔrefie hɔ nyinaa, na ɛnyɛ kronkronbea hɔ nko ara. Lewifo nko ara na na wɔwɔ hokwan sɛ wɔkɔ kronkronbea hɔ. Sɛ wokɔ asɔrefie no anafo fam wɔ nifa so a, na ɔdan no atifi yɛ tratraa. Ɛhɔ na na ɛwɔ soro sen biara. Ebetumi aba sɛ ɛhɔ na Satan de Yesu kogyinae. Efi ɔdan no atifi rekɔ Kidron Subon no mu tenten bɛyɛ mita 140 (anammɔn 450). Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kae sɛ, na ɛhɔ wɔ soro araa ma sɛ obi gyina hɔ na ɔhwɛ fam a “n’ani so bekyin no.” Ɛwom sɛ na Yesu nyɛ Lewini, nanso anka obetumi agyina hɔ a obiara renka no hwee.

Ɛyɛɛ dɛn na Yesu tumi fii sare so beduu Yerusalem asɔrefie hɔ? Ɛno de, yennim. Nea Bible ka ara ne sɛ wɔde Yesu kɔɔ Yerusalem. Ɛnka ɔkwan a Yesu twa baa Yerusalem no tenten ho asɛm anaa bere tenten a Satan de sɔɔ no hwɛe. Ebia egyee Yesu bere tenten de, nanso ebetumi aba sɛ ɔnantew kɔɔ Yerusalem.

Ɛbɛyɛ sɛ Satan de “wiase ahenni nyinaa” kyerɛɛ Yesu wɔ anisoadehu mu, efisɛ bepɔw biara nni asase so a obi betumi agyina atifi ahu wiase ahenni nyinaa. Sɛnea ɛtɔ da a wotumi yi wiase no afã bi kyerɛ yɛn wɔ sini mu no, ɛbɛyɛ sɛ saa ara na Satan yɛe. Ɛwom sɛ anisoadehu na Satan de dii dwuma de, nanso na Satan pɛ sɛ Yesu bɔ ne mu ase na ɔsom no. (Mateo 4:8, 9) Enti bere a Satan de Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ no, ebetumi aba sɛ na ɔpɛ sɛ Yesu huruw fi asɔredan no atifi na okum ne ho. Nanso Yesu antie no. Sɛ Satan sɔɔ Yesu hwɛe wɔ anisoadehu mu a, anka yɛrentumi nka sɛ ɛyɛ sɔhwɛ ankasa!

Enti yebetumi aka sɛ Yesu kɔɔ Yerusalem kogyinaa asɔredan no atifi ankasa. Sɛnea yɛkae mfiase no, yennim ɔkwan pɔtee a Satan faa so de asɔrefie no kyerɛɛ Yesu. Nanso yebetumi aka no pen sɛ Satan yɛe ara sɛ ɔbɛma Yesu ayɛ bɔne, nanso bere biara a ɔbɛsɔ Yesu ahwɛ no, na Yesu bɔ no gu.

^ nky. 2 Hesekiel 37:1-14 ne Adiyisɛm 11:7-12 nyinaa ka biribi a esii afe 1919 ho asɛm. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 37:1-14 no fa Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa a wɔsan baa nokware som mu afe 1919 no ho. Ná wɔakɔyɛ nkoa bere tenteenten. Nanso, Adiyisɛm 11:7-12 ka anuanom bi a wɔsɔre gyinaa wɔn nan so afe 1919 ho asɛm. Ɛyɛ anuanom kuw ketewaa bi a wɔasra wɔn a wodi Onyankopɔn nkurɔfo anim. Ɛyɛɛ sɛnea wɔabubu saa anuanom no aprɛ; wɔantumi anyɛ hwee kosii bere bi.