Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MONKƆ SO NWƐN!

Nnipa Mpempem Aguan Afi Ukraine

Nnipa Mpempem Aguan Afi Ukraine

 February 24, 2022 no, Russia asogyafo kɔtow hyɛɛ Ukraine man no so. Wei ama ɔman no mu ayɛ hu paa, enti Ukrainefo mpempem aguan afi ɔman no mu akɔbɔ wɔn ho aguaa. a

 “Ná wɔretotow atopae. Mise, na me nsono gu gya mu. Minhu sɛnea menkyerɛ mu mpo. Ɛwɔ hɔ ara na yɛtee sɛ train bi aba a yebetumi aforo akɔ ɔman foforo so, enti yɛyɛe sɛ yɛbɛkɔ akɔforo bi. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, bag ketewa baako pɛ na obiara betumi de aforo. Enti nkrataa a yebehia, nnuru, nsu, ne aduan kakraa bi pɛ na yetumi fae. Yegyaw yɛn nneɛma a aka nyinaa, ɛnna yɛkɔɔ train steehyin hɔ. Yɛrekɔ nyinaa, na atopae redi ahim wɔ wim.”—Nataliia, ofi Kharkiv, Ukraine.

 “Ná yɛte sɛ nkurɔfo reka sɛ ɔko besi, ɔko besi, nanso yɛannye anni da kosi sɛ ɛbae. Metee sɛ topae awosow kurow no fã bi; ɛwosowee ara wosow me mpomma mpo. Meyɛɛ m’adwene sɛ meguan afi kurow no mu. Merekɔ no, nneɛma baako mmienu bi a ehia me paa no, ɛno pɛ na mefae. Mifii fie anɔpa 8:00, ɛnna meforoo train kɔɔ Lviv. Miduu hɔ na mede bɔs toaa so kɔɔ Poland.”—Nadija, ofi Kharkiv, Ukraine.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Dɛn paa na ama nnipa mpempem aguan afi Ukraine?

 Nea ama nnipa mpempem aguan afi Ukraine ne sɛ, Russia asogyafo akɔtow ahyɛ wɔn so. Nanso Bible ma yehu nea enti paa a nkurɔfo guan fi wɔn man mu kɔbɔ wɔn ho aguaa. Ebi ne sɛ:

  •   Wokɔ wiase baabiara a, nnipa aban adi ɔmanfo huammɔ. Aban mpanyimfo taa de wɔn tumi hyɛ nkurɔfo so.—Ɔsɛnkafo 4:1; 8:9.

  •   Esiane sɛ Satan Ɔbonsam a “odi wiase so no” de ne subammɔne akɛntɛn nnipa so nti, Bible ka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.”—Yohane 14:30; 1 Yohane 5:19.

  •   Mfe petepeepee ni na ɔhaw ateetee nnipa abesi nnɛ. Ɛno da nkyɛn a, Bible ma yehu sɛ, mmere a yɛte mu yi yɛ “awiei mmere.” Ɛka sɛ: “Awiei mmere no mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” (2 Timoteo 3:1) Afei nso, ɛka nneɛma a ebesisi ama yɛahu sɛ yɛte awiei mmere no mu. Ebi ne ɔko, atoyerɛnkyɛm, ɔkɔm, ne nsanyare a edi awu. Saa nneɛma yi nyinaa tumi ma nkurɔfo guan fi wɔn man mu.—Luka 21:10, 11.

 Wɔn a wɔaguan afi wɔn man mu no, ɛhe na wobetumi anya anidaso?

 Bible ma yɛte ase sɛ, yɛn Bɔfo Yehowa b yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ne ayamhyehye ma nnipa a biribi nti wɔaguan afi wɔn man mu anaa wɔn fie. (Deuteronomium 10:18) Wahyɛ bɔ sɛ, ɔhaw a saafo no hyia no, ɔnam n’aban a ɛwɔ soro no so beyi ne nyinaa afi hɔ. Saa aban no, yɛfrɛ no Onyankopɔn Ahenni, na ɛbɛba abeyi nnipa aban afi hɔ. (Daniel 2:44; Mateo 6:10) Yehowa nam n’Ahenni no so bɛsɛe Satan Ɔbonsam. (Romafo 16:20) Saa Ahenni no bedi wiase nyinaa so, enti mpaapaemu a mifi-ha-mifi-ha de aba no nyinaa befi hɔ. Nnipa a ɛwɔ wiase nyinaa bɛyɛ abusua baako. Saa bere no, ɛremma da sɛ biribi nti obi beguan afi ne fie, efisɛ Bible hyɛ bɔ sɛ: “Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma dua ase, na obiara renhunahuna wɔn, efisɛ asafo Yehowa ano na aka.”—Mika 4:4.

 Ɛnnɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a, ɔhaw a ɛwɔ wɔn man mu nti, wɔaguan akɔbɔ wɔn ho aguaa. Onyankopɔn Ahenni nko ara na ebetumi atu saa ɔhaw yi nyinaa ase. Nneɛma a ɛma nkurɔfo guan fi wɔn man mu no, Yehowa nam n’Ahenni no so beyi afi hɔ. Wo de, ma yɛnhwɛ saa nneɛma no bi:

 Wɔn a wɔaguan afi wɔn man mu no, Bible betumi aboa wɔn saa bere yi anaa?

 Aane. Wɔn a wɔaguan afi wɔn man mu no, Bible ma wɔn anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye. Ɛno da nkyɛn a, ɔhaw a seesei wɔrehyia no, Bible betumi aboa wɔn ama wɔagyina ano.

 Bible mu afotusɛm: “Ogyimifo gye asɛm biara di, na onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.”—Mmebusɛm 14:15.

 Nea ɛkyerɛ: Wohwɛ a, ɔhaw bɛn na wubetumi ahyia? Di kan dwinnwen ho, na hwɛ nea wobɛyɛ de abɔ wo ho ban. Nnipabɔnefo binom tu wɔn ani si ahɔho so, efisɛ wonim sɛ ehu wɔ wɔn mu, na baabi a wɔabɛtena no nso, wonnim hɔ yiye. Enti da wo ho so.

 Bible mu afotusɛm: “Sɛ yɛwɔ nea yebedi ne nea yɛbɛhyɛ a, yɛbɛma ɛno ara asɔ yɛn ani.”—1 Timoteo 6:8.

 Nea ɛkyerɛ: Mfa w’adwene nsi sika, ahonyade, ne nneɛma a ɛtete saa so. Sɛ wowɔ nea wubedi, nea wobɛhyɛ, ne baabi a wobɛda, na woamma w’ani ammere hwee a, w’ani begye.

 Bible mu afotusɛm: “Enti biribiara a mopɛ sɛ nnipa yɛ ma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.”—Mateo 7:12.

 Nea ɛkyerɛ: Nya nnipa ho abotare, na yɛ nkurɔfo yiye. Woyɛ saa a, baabi a woakɔtena no, nkurɔfo bebu wo, na wɔne wo bɛtena kama.

 Bible mu afotusɛm: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.”—Romafo 12:17.

 Nea ɛkyerɛ: Sɛ obi yɛ wo bɔne a, mfa ne ho abufuw nyɛ no bi ntua ka. Anyɛ saa a, wobɛsɛe w’asɛm.

 Bible mu afotusɛm: “Nea ɔhyɛ me den no adaworoma, minya ahoɔden wɔ biribiara mu.”—Filipifo 4:13.

 Nea ɛkyerɛ: Mma wo werɛ mmfi Onyankopɔn; ma ne ho nhia wo na bɔ no mpae. Obetumi ahyɛ wo den.

 Bible mu afotusɛm: “Mommma dadwen nnhyɛ mo so wɔ biribiara mu. Mmom ade nyinaa mu no, momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ne aseda nkɔ Onyankopɔn anim mfa mo adesrɛ nto n’anim; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro ntease nyinaa so no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo koma ne mo adwene ho ban.”—Filipifo 4:6, 7.

 Nea ɛkyerɛ: Tebea biara a wubehyia no, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo asomdwoe na ɔnka wo koma nto wo yam. Kenkan asɛm a yɛato din “Filipifo 4:6, 7—‘Monnna Nnnwen Biribiara Nnhaw Mo Ho.’”

a Russia kɔtow hyɛɛ Ukraine so no, n’adekyee na Amansan Kubaatan no panyin a ɔhwɛ nkurɔfo a wɔaguan afi wɔn man mu ho nsɛm so (United Nations High Commissioner for Refugees (UNHCR)) no de asɛm bi too gua. Ɔkaa sɛ, asɛm a aba no yɛ asɛnkɛse paa a ɛnsɛ sɛ yedi ho agorɔ koraa. Nnafua 12 pɛ ntam no, nnipa bɛboro ɔpepem mmienu na woguan fii Ukraine kɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ aman foforo so. Nnipa ɔpepem baako nso aguan afi beae a wɔte no kɔ baabi foforo wɔ ɔman no ara mu.

b Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?