Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Comstock Images/Stockbyte via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Hena Na Wopɛ Sɛ Odi Wo So?—Dɛn Na Bible Ka?

Hena Na Wopɛ Sɛ Odi Wo So?—Dɛn Na Bible Ka?

 Ɛnnɛ, nnipa bebree rebisa wɔn ho sɛ, ‘Hena koraa na ɔfata sɛ metow aba ma no?’

 Dɛn na Bible ka?

Wɔn a wɔyɛ ahemfo anaa aban mpanyimfo no, ɛwɔ baabi a wɔn ahoɔden kodu

 Bible ma yehu nneɛma bi a ahemfo anaa aban mpanyimfo a wɔdi yɛn so no nyinaa rentumi nyɛ anaa wɔnni so tumi.

  •   “Mommfa mo ho nnto ɔdehye anaa onipa ba so, efisɛ ɔrentumi nnye obiara nkwa. Ne home fi ne mu, na ɔsan kɔ dɔte mu; da no ara, ne nsusuwii yera.”—Dwom 146:3, 4, ase hɔ asɛm.

 Ahemfo anaa aban mpanyimfo a wɔyɛ ade paa mpo no, wɔrenkyen bo; ɛnyɛ dɛn ara a wɔbewu. Ɛno da nkyɛn a, nneɛma papa a wɔyɛ maa wɔn man no, wɔrentumi nkyerɛ sɛ nea ɔbɛba abesi wɔn anan no bɛtoa so anaa ɔrentoa so.—Ɔsɛnkafo 2:18, 19.

 Nea ɛwom paa ne sɛ, Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wɔnni wɔn yɔnko nnipa so.

  •   “Sɛnea onipa nam a obetutu ne nan mpo, enni ne nsam.”—Yeremia 10:23.

 Ɛnnɛ, obi wɔ wiase a obetumi adi yɛn so ama yɛn ho atɔ yɛn anaa?

Hena na Onyankopɔn ahyɛ da ayi no sɛ onni nnipa so?

 Bible no ma yehu sɛ Onyankopɔn ahyɛ da ayi obi a ɔfata, na yebetumi de yɛn ho ato ne so sɛ onni yɛn so. Ɔno ne Yesu Kristo. (Dwom 2:6) Yesu ne Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Saa Ahenni no yɛ aban bi a ɛwɔ soro, na ebedi nnipa so wɔ asaase so.—Mateo 6:10.

 Wobɛpene so ama Yesu adi wo so anaa? Bible no ma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ obiara bisa ne ho saa asɛm yi:

  •   “Monhyɛ ɔba no [Yesu Kristo] anuonyam na Onyankopɔn bo amfuw, na moansɛe wɔ ɔkwan no mu, efisɛ n’abufuw tumi dɛw ntɛm. Anigye ne wɔn a wɔde no yɛ wɔn guankɔbea nyinaa.”—Dwom 2:12.

 Ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ wusi saa gyinae no. Nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ Yesu fii ase dii hene afe 1914, na ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn Ahenni bɛba abeyi nnipa aban nyinaa afi hɔ, na ɛno na ebedi wiase nyinaa so.—Daniel 2:44.

 Dɛn na woyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ wopɛ sɛ Yesu di wo so hene? Sɛ wopɛ sɛ wunya wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Gyina Onyankopɔn Ahenni No Akyi Nnɛ!