Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

E+/taseffski/via Getty Images (Stock photo. Posed by model.)

MONKƆ SO NWƐN!

Mmabun a Wɔrenya Adwene Mu Yare Nnansa Yi Adɔɔso Paa—Dɛn Na Bible Ka?

Mmabun a Wɔrenya Adwene Mu Yare Nnansa Yi Adɔɔso Paa—Dɛn Na Bible Ka?

 Nnwumakuw bi a ɛwɔ U.S. a wɔhwɛ siw nyarewa ano (Centers for Disease Control and Prevention) yɛɛ nhwehwɛmu bi. Ná ɛfa mmarimaa ne mmaayewa a wɔnnya nnii mfe 20 a wɔte U.S. ho. Dwoda, February 13, 2023 no, wɔde too gua sɛ mmarimaa ne mmaayewa a wɔkɔ ntoaso sukuu no, wɔn mu bɛyɛ fã de, awerɛhow tumi hyɛ wɔn so kyɛ, na wɔn aba mu tumi bu ara ma wɔnhu nea wɔnyɛ wɔn ho.

 Asoɛe a wɔhwɛ siw nyarewa ano no, ne nkorabata baako bi wɔ hɔ a wɔhwɛ mmabun ne sukuufo apɔwmuden ho nsɛm so; yɛfrɛ no Division of Adolescent and School Health (DASH). Panyin a ɔda ano a yɛfrɛ no Dr. Kathleen Ethier kaa sɛ: “Adwene mu yare a ɛreteetee mmarimaa ne mmaayewa no, wohwɛ mfe 10 a abɛsen kɔ no a, kɔ ara na ɛrekɔ soro. Nanso seesei de, asɛe koraa. Mmaayewa a wɔnnii mfe 20 sei, wɔn mu bebree anya adwene mu yare, na pii nso, ɛwɔ hɔ ara a na abesi wɔn tirim sɛ wɔnkum wɔn ho. Sɛnea saa ade no rekɔ soro nnansa yi no, ebi nsii saa da.”

 Amanneɛbɔ no mu no, wɔsan kaa sɛ:

  •   Mmaayewa a wɔnnii mfe 20 no, sɛ wuyi 100 biara a, emu 14 de, nkurɔfo ahyɛ wɔn ne wɔn ada. Dr. Ethier kaa sɛ: “Wei haw adwene paa. Kyerɛ sɛ mmaayewa 10 biara a wubehyia wɔn no, anyɛ hwee koraa baako de, yɛato no mmonnaa pɛn.”

  •   Mmaayewa a wɔnnii mfe 20 no, wuyi 100 biara a, emu bɛyɛ 30 de, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbekum wɔn ho.

  •   Mmaayewa a wɔnnii mfe 20 no, wuyi 100 biara a, emu 57 de, awerɛhow ahyɛ wɔn so akyɛ, na wɔn aba mu abu ara ma wɔnhu nea wɔnyɛ wɔn ho.

 Nsɛm bi sei yɛ awerɛhow paa, efisɛ obi yɛ aberante anaa ababaawa a, saa bere no paa na anka ɛsɛ sɛ n’ani gye. Ateetee a mmarimaa ne mmaayewa nam mu nnɛ no, dɛn na ɛbɛboa wɔn ama wɔagyina ano? Dɛn na Bible ka?

Nsɛm pii wɔ Bible mu a ebetumi aboa mmarimaa ne mmaayewa

 Bible ka no pen sɛ, yɛte ahokyere mmere mu. Ɛka sɛ mmere a yɛte mu yi yɛ “mmere a emu yɛ den.” (2 Timoteo 3:1-5) Nanso afotusɛm bebree wɔ Bible mu a ɛreboa mmarimaa ne mmaayewa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase baabiara ama wɔatumi agyina ɔhaw a wɔrehyia no ano. Wo de, hwɛ nsɛm a ɛwɔ ase ha yi.

 Nea edidi so yi kɔ ma mmabun a ɛyɛ a wɔnya adwene sɛ wɔnkum wɔn ho

 Nea edidi so yi kɔ ma mmabun a awerɛhow ne dadwen hyɛ wɔn so, anaa wɔreko yare a ɛne depression

 Nea edidi so yi kɔ ma mmabun a nkurɔfo dwoodwoo wɔn anaa nkurɔfo sisi wɔn wɔ Intanɛt so

 Nea edidi so yi kɔ ma mmabun a obi ato wɔn mmonnaa anaa nkurɔfo de nna ho nsɛm teetee wɔn

Nsɛm pii wɔ Bible mu a ebetumi aboa awofo

 Afotusɛm bebree wɔ Bible mu a ebetumi aboa awofo ama wɔahu sɛnea wɔbɛboa wɔn mma mmarimaa ne mmaayewa ama wɔatumi agyina ɔhaw a wɔhyia no abrabɔ mu no ano. Wo de, hwɛ nsɛm a ɛwɔ ase ha yi.