Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bra Bɛhwɛ Baabi a Yɛyɛ Adwuma

Yɛde anigye reto nsa afrɛ wo sɛ bra bɛhwɛ baabi a yɛyɛ yɛn adwuma no. Yɛfrɛ hɔ Betel. Betel ahorow no bi wɔ hɔ a, nneɛma a nkurɔfo kɔ hɔ kɔhwɛ no, wɔayɛ no ɔkwan bi so a wo nko ara wubetumi akɔhwɛ a wunhia obiara mmoa.

Yɛabue Kwan Sɛ Ɔmanfo Betumi Asan Abɛhwɛ Betel: June 1, 2023 no, yebuee kwan sɛ ɔmanfo betumi asan akɔ Betel a ɛwɔ aman pii so akɔhwɛ hɔ. Wopɛ ɛho nsɛm pii a, wo ne Betel a wopɛ sɛ wokɔhwɛ hɔ no nni nkitaho. Yɛsrɛ wo, sɛ woanya COVID-19 nsanyare no bi, woanya papu, wobɔ waw, woanya kataa, anaa wo ne obi a wanya COVID-19 adi nkitaho a, nkɔ Betel biara sɛ worekɔhwɛ hɔ.

Chile

Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu Fa Nsrahwɛ No Ho

Ɛsɛ sɛ wobɔ yɛn nkae ansa na woaba nsrahwɛ anaa? Yiw. Yɛmpɛ sɛ nkurɔfo bɛbɔ apee so. Yɛpɛ sɛ obiara ba a, otumi kyinkyin ha ma n’ani gye. Enti sɛ mo a moreba no dɔɔso oo, sɛ musua oo, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ muyi yɛn asotiw ansa na moaba.

Sɛ woammɔ yɛn nkae na woba a, yebetumi de wo akyinkyin ha anaa? Sɛ woanto yɛn nkra na woba a, ebia yɛrentumi mfa wo nkyinkyin ha. Sɛ wɔn a wɔbɛba no dɔɔso dodo a, ebia wɔrenkɔ ha, enti yɛrentumi mfa wɔn nyinaa nkyinkyin.

Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wubedu ha? Yɛsrɛ sɛ aka bɛyɛ simma aduasa anaa nea ennu saa ama bere a wɔde ama wo no aso no, bɔ mmɔden ara du ha.

Wopɛ sɛ woba ha a, wobɛyɛ dɛn abɔ yɛn nkae? Klike baabi a wɔakyerɛw “To Yɛn Nkra” no so.

Sɛ woto yɛn nkra sɛ wopɛ sɛ woba ha, na wopɛ sɛ wotwam anaa woyɛ nsakrae bi a, ɛbɛyɛ yiye? Yiw. Klike baabi a wɔakyerɛw “Hwɛ Wo Nkrato No Anaa Yɛ Mu Nsakrae” no so.

Da a wopɛ sɛ wobɛhwɛ ha no, sɛ wɔka sɛ kwan nni hɔ nso ɛ? Ɛyɛ a taa bra ha bɛhwɛ sɛ kwan aba mu a. Sɛ obi yɛ ne de mu nsakrae anaa otwa mu a, ɛbɛma kwan abɛda hɔ.

To Yɛn Nkra

Hwɛ Wo Nkrato No Anaa Yɛ Mu Nsakrae

Twe Nhomawa a Ɛbɛma Woahu Sɛnea Ɛha Te No Bi

Address Ne Fon Nɔma

Av. Concha y Toro 3456

PUENTE ALTO

CHILE

+56 2 2428 2600

Hwɛ Baabi a Wobɛfa Aba Ha