Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa a Wɔkyerɛw Bible no, Yɛbɛtumi Ahu Wɔn Din Anaa?

Nnipa a Wɔkyerɛw Bible no, Yɛbɛtumi Ahu Wɔn Din Anaa?

Nea Bible ka

 Nkurɔfo pii wɔ hɔ a, wɔaka akyerɛ wɔn sɛ nnipa a wɔma wɔkyerɛw Bible no, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛhu wɔn din. Nanso, Bible taa bɔ nnipa a wɔkyerɛw emu nsɛm no din. Nhoma a ɛwɔ Bible mu no, ebi wɔ hɔ a, sɛnea ɛfi ase ni: “Nehemia nsɛm ni,” ‘anisoade a Yesaia nyae ni,’ ne “Yehowa asɛm a ɛbaa . . . Yoel nkyɛn ni.”​—Nehemia 1:1; Yesaia 1:1; Yoel 1:1.

 Nnipa a wɔkyerɛw Bible no mu pii kaa sɛ nsɛm a wɔkyerɛwee no, Yehowa, nokware Nyankopɔn koro pɛ no din mu na wɔkyerɛwee, na ɔno na ɔmaa wɔn ho akwankyerɛ. Adiyifo a wɔkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no kaa bɛboro mpɛn 300 sɛ: “Nea Yehowa aka ni.” (Amos 1:3; Mika 2:3; Nahum 1:12) Wɔn mu binom nso, abɔfo na wɔde Onyankopɔn nsɛm brɛɛ wɔn.​—Sakaria 1:7, 9.

 Nnipa bɛyɛ 40 na wɔkyerɛw Bible no. Wɔde mfe 1,600 na ɛkyerɛw wiei. Wɔn mu binom kyerɛw Bible nhoma dodow bi. Yɛbɛtumi aka sɛ Bible yɛ nhomakorabea ketewaa bi a nhoma 66 wom. Hebri Kyerɛwnsɛm a nkurɔfo taa frɛ no Apam Dedaw no, nhoma 39 na ɛwom. Ɛnna nhoma 27 wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a wɔtaa frɛ no Apam Foforo no nso mu.