Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ahenni No Wɔ Wo Komam Anaa?

Onyankopɔn Ahenni No Wɔ Wo Komam Anaa?

Nea Bible aka

 Daabi, Onyankopɔn Ahenni no nyɛ biribi a ɛwɔ Kristofo koma mu kɛkɛ. a Bible no ma yehu baabi a Ahenni no wɔ ankasa, ɛfrɛ no “ɔsoro Ahenni.” (Mateo 4:17) Ma yɛnhwɛ sɛnea Bible ma yehu sɛ ɛyɛ aban ankasa a ɛwɔ soro a ɛredi tumi.

  •   Onyankopɔn Ahenni no wɔ wɔn a wodi tumi, ɔman mma, ne mmara a ɛde yɛ adwuma. Ne botae ne sɛ ɛbɛma Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ soro ne asaase so.—Mateo 6:10; Adiyisɛm 5:10.

  •   Onyankopɔn aban anaa Ahenni no, bedi “nkurɔfo, aman, ne nnipa a wɔka kasa horow” nyinaa so wɔ asaase so. (Daniel 7:13, 14) Tumi a Ahenni no de di ade no, emfi ɔman mma no hɔ, na mmom efi Onyankopɔn hɔ.—Dwom 2:4-6; Yesaia 9:7.

  •   Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo a wodi nokware no sɛ, wɔbɛka ne ho wɔ ɔsoro Ahenni no mu na ‘wɔbɛtena nhengua so.’—Luka 22:28, 30.

  •   Ahenni no wɔ atamfo, na ɛbɛsɛe wɔn.—Dwom 2:1, 2, 8, 9; 110:1, 2; 1 Korintofo 15:25, 26.

 Bible nkyerɛkyerɛ sɛ ɔsoro Ahenni no wɔ wo komam, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, edi tumi wɔ obi komam. Na mmom, ɛma yehu sɛ “Ahenni no ho asɛm” anaa “Ahenni no ho asɛmpa” no betumi aka yɛn koma, na saa na ɛsɛ sɛ ɛyɛ.—Mateo 13:19; 24:14.

“Onyankopɔn Ahenni no te mo mu.” Ɛkyerɛ sɛn?

 Sɛnea wɔakyerɛ Luka 17:21 ase wɔ Bible ahorow bi mu no, ama ebinom ntumi nhu baabi a Ahenni no wɔ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, King James Version no ka sɛ “Onyankopɔn Ahenni no te mo mu.” Sɛ yɛbɛte saa kyerɛwsɛm yi ase yiye a, ɛsɛ sɛ yehu nea na Yesu reka ho asɛm.

Ná Onyankopɔn Ahenni no nni nkurɔfo a wɔn koma yɛ den a wɔsɔre tiaa Yesu na wɔma wokum no no komam

 Ná Yesu ne Farisifo na ɛrekasa. Farisifo yɛ nyamesom kuw bi mu akannifo a na wɔsɔre tia Yesu. Saa nkurɔfo no ka ho bi na wokum Yesu. (Mateo 12:14; Luka 17:20) Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ na Ahenni no yɛ biribi a ɛwɔ wɔn koma a ɛyɛ den no mu anaa? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nyaatwom ne nneɛma bɔne ayɛ mo ma.”—Mateo 23:27, 28.

 Bible nkyerɛase ahorow bi ma asɛm a Yesu kaa wɔ Luka 17:21 no mu da hɔ. Ɛka sɛ: “Onyankopɔn Ahenni wɔ ha, ɛka mo ho.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no; Contemporary English Version) “Onyankopɔn Ahenni no mo mu.” (Wiase Foforo Nkyerɛase, ase hɔ asɛm) Ná ɔsoro Ahenni no ‘ka’ Farisifo no ho anaa ‘ɛwɔ’ wɔn mu, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, Yesu a na Onyankopɔn ayi no sɛ ɔno na ɔbɛyɛ Ahenni no so Hene no gyina wɔn anim.—Luka 1:32, 33.

a Kristoman mu asɔre ahorow pii kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no te obi mu, anaa ɛwɔ obi komam. Ɛho nhwɛso bi ni. Southern Baptist Convention asɔre a ɛwɔ United States no kaa sɛ, yebetumi aka sɛ Onyankopɔn Ahenni no “yɛ sɛnea Onyankopɔn di tumi wɔ onipa komam ne n’asetenam.” Saa ara na Pope Benedict XVI kaa wɔ ne nhoma a wɔato din Jesus of Nazareth no mu sɛ, “obi yi ne komam tie Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ Ahenni no te ne mu.”