Ɛho Hia sɛ Wode Wo Ho Hyɛ Ɔsom Pɔtee Bi Mu Anaa?
Nea Bible ka
Aane, efisɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nkurɔfo hyiam som no. Bible ka sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam.”—Hebrifo 10:24, 25.
Yesu kyerɛe sɛ n’asuafo bɛbom ayɛ ɔsom kuw baako. Ɔkaa sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yohane 13:35) Ade titiriw a Kristo asuafo bɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn ho ne sɛ wɔne wɔn mfɛfo agyidifo behyiam. Wɔbɛhyehyɛ wɔn sɛ asafo na wɔahyiam bere nyinaa asom Onyankopɔn. (1 Korintofo 16:19) Wɔbɛka abom sɛ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa.—1 Petro 2:17.
Ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ wobɛdɔm ɔsom bi kɛkɛ
Ɛyɛ nokware, Bible kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo hyiam som Onyankopɔn. Nanso ɛnkyerɛkyerɛ sɛ, sɛ obi dɔm ɔsom bi pɛ a na Onyankopɔn agye no atom. Sɛ Onyankopɔn begye onipa no atom a, gye sɛ ɔde nea osua no bɔ ne bra. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Bible ka sɛ: “Ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne eyi: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka ne akunafo wɔn ahohia mu, na watwe ne ho afi wiase nkekae ho.”—Yakobo 1:27.