Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

M’ahosiesie Te Sɛn?

M’ahosiesie Te Sɛn?

 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woma wo ntaadehyɛ ho hia wo? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ntaade kasa. Dɛn na ntaade a wohyɛ ka fa wo ho?

 Mfomso akɛse mmiɛnsa a nkurɔfo di wɔ ahosiesie ho ne nea wobɛyɛ na woanni saa mfomso no

Mfomso #1: Nkurɔfo taa ma nea wohu wɔ TV so anaa nsɛmma nhoma mu na ɛkyerɛ wɔn sɛnea wonsiesie wɔn ho.

 Theresa yɛ ababaa. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da a ɛyɛ me sɛ mentɔ ntaade a wɔrebɔ ho dawuru pii no bi nhyɛ. Sɛ nnipa a wɔhyɛ ntaade pɔtee bi mfoni gyinagyina w’ani so a, ebetumi ama ayɛ den sɛ wobɛka sɛ worenhyɛ bi.”

 Ɛnyɛ mmabaa nko ara na nneɛma a wɔbɔ ho dawuru tumi twetwe wɔn. Nhoma bi ka sɛ: “Nneɛma a wɔbɔ ho dawuru tumi twetwe mmerante nso. Wonnyin nnu baabiara na aguadifo de wɔn nneɛma retaataa wɔn.”—The Everything Guide to Raising Adolescent Boys.

 Ɔkwan pa a wobɛfa so: Bible ka sɛ: “Ogyimifo gye asɛm biara di, na onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Sɛnea Bible mu asɛm yi ka no, sua sɛ nneɛma a wɔrebɔ ho dawuru biara a wubehu no, wubesusuw ho yiye. Yɛmfa no sɛ woahu sɛ wɔreka ntaade bi ho asɛm sɛ, sɛ wohyɛ a ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ “w’ani abue,” “ebeyi wo shape,” anaa “wo ho bɛyɛ akɔnnɔ.” Wuhu saa a, bisa wo ho sɛ:

  •  ‘Sɛ metɔ saa ntaade a wɔrebɔ ho dawuru yi a, hena na obenya so mfaso?’

  •  ‘Suban bɛn na nkurɔfo de besusuw me?’

  •  ‘Saa na me suban te ankasa, na saa na mepɛ sɛ misiesie me ho?’

 Ahosiesie ho nyansahyɛ: Tu nnawɔtwe baako si hɔ fa w’ani to fam susuw ntaade a wɔbɔ ho dawuru ho. Na hwɛ nea nnwumakuw foforo a nea wɔyɛ ara ne sɛ wɔbɔ ahosiesie ho dawuru nso reyɛ. Abrabɔ bɛn na wɔhyɛ ho nkuran? Nsɛm bi wɔ nea wɔka no mu a ɛrepiapia wo sɛ ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho wɔ ɔkwan bi so anaa? Karen yɛ ababaa. Ɔka sɛ: “Wɔrepiapia yɛn denneennen sɛ ɛsɛ sɛ woma wo ho twa, woma w’ahosiesie ho twa, na woma wo nipadua nso kasa. Wɔn a wɔbɔ ahosiesie ho dawuru no ahu sɛ mmabun paa na ɛnyɛ den sɛ wobenya wɔn.”

Mfomso #2: Nkurɔfo siesie wɔn ho sɛnea nnipa dodow no ara siesie wɔn ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentɔ mu.

 Manuel yɛ aberante. Ɔka sɛ: “Sɛ ataade bi ba so a, ɛno ara na obiara bɛhyɛ. Sɛ woanhyɛ bi a, nkurɔfo bɛka sɛ w’ani mmuei.” Anna yɛ ababaa, na ɔne Manuel yɛ adwene. Ɔka sɛ: “Ɛnyɛ sɛ ebia ataade no aba so ara nti na obiara pɛ sɛ ɔhyɛ bi, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a obi rentɔ mu.”

 Ɔkwan pa a wobɛfa so: Bible ka sɛ: “Munnyae sɛ moma wiase yi kyerɛ mo kwan.” (Romafo 12:2) Sɛnea Bible mu afotu yi ka no, fa w’ani fa wo ntaade mu na bisa wo ho sɛ:

  •  ‘Dɛn na paa na ɛma metɔɔ saa ntaade yi?’

  •  ‘Ɛho hia me paa sɛ mɛhyɛ ntaade a adwumakuw bi a agye din na ayɛ anaa?’

  •  ‘Mepɛ sɛ mehyɛ ntaade a ɛbɛma masɔ nnipa ani anaa?’

 Ahosiesie ho nyansahyɛ: Sɛ́ anka wubebu ntaade nyinaa wɔ akwan mmienu so—nea aba so (nea nnipa dodow no ara gye tom) anaa nea ne bere atwam (nea nkurɔfo ani nnye ho bio)—no, hwɛ ade a ɛto so mmiɛnsa. Ɛsɛ sɛ wunya ahotoso na woka wo koma to wo yam sɛnea ɛbɛyɛ a woremfa nea nkurɔfo bɛka nhaw wo ho. Sɛ woka wo koma to wo yam saa a, woremfa nhaw wo ho sɛ woatɔ mu.

Mfomso #3: Nkurɔfo susuw sɛ, ‘ntaade a ɛbɛma wo ho ayɛ akɔnnɔ na ɛyɛ fɛ.’

 Jennifer yɛ ababaa. Ɔka sɛ: “Sɛ mɛka paa a, ɛtɔ da a, minyae a anka mɛhyɛ ataade a ɛyɛ tia na ɛkyekyere me sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo bɛhwɛ me.”

 Ɔkwan pa a wobɛfa so: Bible ka sɛ: ‘Mommma mo ahoɔfɛ nnnyina ahosiesie a nnipa hu so; mmom momma ennyina komam nipa a ahintaw so.’ (1 Petro 3:3, 4) Sɛnea afotusɛm yi kyerɛ no, nneɛma mmienu yi mu nea ɛwɔ he na eye paa—sɛ́ wobɛhyɛ ntaade a ɛtwetwe nkurɔfo adwene ba wo so anaa sɛ́ wobɛda suban pa adi?

 Ahosiesie ho nyansahyɛ: Nea eye paa ne sɛ wode ahobrɛase ‘besiesie wo ho.’ Ɛwom, nnipa pii nna saa suban no adi nnɛ. Nanso wo de, ma yemmisa wo:

 Wo ne obi a ɔkasa pii na ɔka ɔno nko ara ho asɛm abɔ nkɔmmɔ pɛn? Awerɛhosɛm ne sɛ, onipa a ɔte saa no ebia onhu sɛ w’ani nnye ne nkɔmmɔ ho!

Ntaade a yɛhyɛ te sɛ nkɔmmɔbɔ, ebetumi atwetwe adwene aba wo so araa ma ɛbɛma nkurɔfo a wɔbɛn wo ani rennye wo ho

 Sɛ wohyɛ ntaade a ɛmfata a, ɛma woyɛ te sɛ saa nipa no. Nea ataade a wahyɛ no ka kyerɛ nkurɔfo ne sɛ ‘monhwɛ me,’ na ɛno betumi ama wɔanya adwene sɛ gyama wunnye nni sɛ wo ho yɛ fɛ anaa wonnwen afoforo ho. Ebetumi nso ama nkurɔfo anya adwene sɛ, nea worepɛ ara ne sɛ wobɛtwetwe wɔn adwene aba wo so. Na sɛ wonya wo ho adwene a ɛmfata mpo a, ɛmfa wo ho.

 Sɛ́ anka wobɛhyɛ ataade bi a ɛbɛma ayɛ sɛ nea woretɔn wo ho no, adɛn nti na wonhyɛ ntaade a ɛfata. Monica yɛ ababaa. Ɔka sɛ: “Sɛ yɛka sɛ hyɛ ntaade a ɛfata a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wohyɛ ntaade a ɛbɛma woayɛ sɛ wo nanabea. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wobɛhyɛ ntaade a ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ wubu wo ho, na wubu afoforo nso.”