Edin Dodow Sɛn Na Onyankopɔn Wɔ?
Nea Bible ka
Onyankopɔn din ankasa de, ɛyɛ baako pɛ. Hebri kasa mu no, wɔkyerɛw no יהוה, na Twi kasa mu no, wɔtaa kyerɛ ase Yehowa. a Onyankopɔn nam ne diyifo Yesaia so kaa sɛ: “Mene Yehowa; me din ne no.” (Yesaia 42:8) Saa din no, wohwɛ tete Bible nsaano nkyerɛwee mu a, epue bɛyɛ 7,000. Ɛdɔɔso koraa sen abodin foforo biara a wɔde frɛ Onyankopɔn, na ɛdɔɔso sen edin foforo biara a ɛwɔ Bible mu. b
Yehowa wɔ din afoforo bi anaa?
Ɛwom, Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn din ankasa yɛ baako, nanso ɛde abodin pii frɛ no, na ɛka ne ho asɛm wɔ akwan bi so a ɛma yehu sɛnea ɔte. Onyankopɔn abodin ahorow ne nsɛm a Bible de ka ne ho asɛm no, yɛahyehyɛ bi wɔ ase ha, na emu biara bɛma yɛahu ade baako afa Yehowa ho.
Abodin |
Kyerɛwsɛm |
Nea ɛkyerɛ |
---|---|---|
Allah |
(Ebi nni hɔ) |
“Allah” fi Arabic kasa mu. Ɛnyɛ edin ankasa, mmom ɛyɛ abodin a ɛkyerɛ “Onyankopɔn.” Bible a wɔakyerɛ ase kɔ Arabic kasa ne kasa afoforo bi mu no, wɔakyerɛ “Onyankopɔn” ase “Allah.” |
Ade nyinaa so Tumfoɔ |
Ne tumi nni ano. Hebri asɛm ʼEl Shad·daiʹ, a ɛkyerɛ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn” no, epue mpɛn nson wɔ Bible mu. |
|
Alfa ne Omega |
Abodin “odikanfo ne okyikafo” ne “mfitiase ne awiei” no kyerɛ sɛ, ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn biara nni hɔ a odii Yehowa kan, na obiara nso nni hɔ a ɔbɛba wɔ n’akyi. (Yesaia 43:10) Alfa yɛ Greek nkyerɛwde no mu nea edi kan, na omega na etwa to. |
|
Nea ne nna akyɛ |
Onni mfiase; ansa na obiara anaa biribiara reba wiase no, na ɔwɔ hɔ fi teteete.—Dwom 90:2. |
|
Ɔbɔadeɛ |
Ɔno na ɔbɔɔ biribiara. |
|
Agya |
Ɔno na nkwa fi no. |
|
Onyankopɔn |
Ɔfata sɛ yɛsom no; ɔyɛ Otumfoɔ. Hebri asɛmfua ʼElo·himʹ no yɛ dodow kabea, na ɛkyerɛ sɛ Yehowa korɔn, ɔyɛ kɛse, na nidi sɛ no. |
|
Anyame mu Nyankopɔn |
Ɔno ne Onyankopɔn pumpuni no. Ɔnte sɛ “anyamehunu” a ebinom som wɔn no.—Yesaia 2:8. |
|
Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini |
Ɔma yenya nkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ a mfaso wɔ so.—Yesaia 48:17, 18. |
|
Yɛn Bɔfo Kɛse |
Ɔno na ɔbɔɔ biribiara.—Adiyisɛm 4:11. |
|
Anigye Nyankopɔn |
N’ani gye, na odi ahurusi.—Dwom 104:31. |
|
Mpaebɔ tiefo |
Mpae a nkurɔfo de gyidi bɔ no, ɔno ankasa na otie. |
|
Mene Nea Mene |
Exodus 3:14, Akuapem Twi Bible |
Otumi yɛ ne ho nea ɔpɛ biara ma n’atirimpɔw ba mu. Saa asɛm no, ebinom nso kyerɛ ase “Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ.” (Wiase Foforo Nkyerɛase) Saa asɛm yi ma yehu biribi fa edin Yehowa no nkyerɛase ho. Edin no pue wɔ nkyekyɛm a edi hɔ no mu.—Exodus 3:15. |
Oninkufo |
Exodus 34:14, Akuapem Twi Bible |
Ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho. Saa asɛm no, ebinom nso kyerɛ ase “ɔne obiara nkyɛ ne som.”—Wiase Foforo Nkyerɛase. |
Mmeresanten Hene |
Ne tumidi nni mfiase nni awiei. |
|
Awurade |
Owura; Hebri asɛmfua a efi mu ne ʼA·dhohnʹ anaa ʼAdho·nimʹ. |
|
Asafo Awurade |
Yesaia 1:9, Akuapem Twi Bible; Romafo 9:29, Akuapem Twi Bible |
Ɔno ne abɔfodɔm bebree so panyin. Abodin “Asafo Awurade” no, ɛno ara ne “asafo Yehowa.”—Romafo 9:29, Wiase Foforo Nkyerɛase. |
Ɔsorosoroni |
Ɔwɔ dibea kɛse sen obiara. |
|
Ɔkronkronni |
Ɔyɛ kronkron sen obiara, na ne ho tew sen obiara. |
|
Yɛn Nwemfo |
Ɔwɔ nnipa ne aman so tumi, sɛnea ɔnwemfo wɔ dɔte so tumi no.—Romafo 9:20, 21. |
|
Ogyefo |
Ɔmaa Yesu Kristo bewu de bɔɔ afɔre, na ɔde agye nnipa afi bɔne ne owu mu.—Yohane 3:16. |
|
Ɔbotan no |
Ɔyɛ guankɔbea, na ne hɔ na yenya nkwagye. |
|
Agyenkwa |
Ogye yɛn fi asiane ne ɔsɛe mu. |
|
Yɛn Hwɛfo |
Odwen n’asomfo ho. |
|
Awurade Tumfoɔ |
Ɔwɔ biribiara so tumi; Hebri asɛmfua a efi mu ne ʼAdho·naiʹ. |
|
Opumpuni |
Ɔno ne otumfoɔ a ɔkorɔn paa. |
Edin a ɛdeda mmeae bi so wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu
Mmeae bi wɔ Bible mu a edin a ɛdeda so no, Onyankopɔn din ka ho. Nanso edin a ɛte saa no nyɛ din foforo a yetumi de frɛ Onyankopɔn.
Beae no din |
Kyerɛwsɛm |
Nea ɛkyerɛ |
---|---|---|
Yehowa-Yire |
“Yehowa Bɛkyerɛ.” |
|
Yehowa-Nisi |
“Yehowa Ne Me Frankaa.” (Wiase Foforo Nkyerɛase) Yehowa yɛ Onyankopɔn a ne nkurɔfo betumi aguan akɔ ne nkyɛn akɔhwehwɛ ahobammɔ ne mmoa.—Exodus 17:13-16. |
|
Yehowa-Salom |
“Yehowa Ne Asomdwoe.” |
Nea enti a ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn din na yɛbɔ
Onyankopɔn ama wɔde ne din Yehowa no ahyɛ Bible mu wɔ mmeae pii. Ɛno ma yehu sɛ ne din ho hia no paa.—Malaki 1:11.
Onyankopɔn Ba Yesu nso, mpɛn pii na ɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn din ho hia. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Wo din ho ntew.”—Mateo 6:9; Yohane 17:6.
Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Yehowa fa adamfo a, nea ɛsɛ sɛ odi kan yɛ ne sɛ ohu Onyankopɔn din na ɔbɔ. (Dwom 9:10; Malaki 3:16) Obi ne Onyankopɔn nya adamfofa saa a, ne nsa bɛka Onyankopɔn bɔhyɛ yi: “Ɔdɔ me nti, me nso megye no. Mɛbɔ ne ho ban, efisɛ onim me din.”—Dwom 91:14.
Ɛwom, Bible ka sɛ: “Ɔsoro oo, asase so oo, wɔn a wɔfrɛ wɔn ‘anyame’ wɔ hɔ sɛnea ‘anyame’ pii ne ‘awuranom’ pii wɔ hɔ no.” (1 Korintofo 8:5, 6) Nanso nokware Nyankopɔn baako pɛ a ɔwɔ hɔ no, Bible ma yehu sɛ ne din paa ne Yehowa.—Dwom 83:18.
a Hebrifo abenfo binom ka sɛ Onyankopɔn din no, ne nkyerɛase a eye paa ne “Yahwe.”
b Wotumi twa Onyankopɔn din no tiaa frɛ no “Yah.” Epue bɛyɛ 50 wɔ Bible mu. Ɛtɔ da a egyina ne ho so; ɛtɔ da nso a ɛhyɛ asɛmfua “Haleluia” mu. Saa asɛmfua no kyerɛ “Munyi Yah ayɛ.”—Adiyisɛm 19:1, Akuapem Twi Bible.