Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA WƆDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Sɛnea Wɔkyerɛɛ Afe 2020 ‘Munni Ahurusi Daa’! Ɔmantam Nhyiam Dwumadi No Ase

Sɛnea Wɔkyerɛɛ Afe 2020 ‘Munni Ahurusi Daa’! Ɔmantam Nhyiam Dwumadi No Ase

JULY 10, 2020

 July ne August, afe 2020 mu no, biribi a ebi nsii da besi. Anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa bɛhwɛ ɔmantam nhyiam dwumadi no wɔ bere koro no ara mu. Nea ɛbɛyɛ a ebetumi ayɛ yiye saa no, wɔayɛ dwumadi no video ama anuanom akyerɛ ase akɔ kasa bɛboro 500 mu. Dwumadi saa no, anka edi bɛyɛ afe anaa nea ɛboro saa na wɔatoto ho nneɛma ayɛ ho biribiara awie. Nanso anuanom a wɔkyerɛɛ Afe 2020 ‘Munni Ahurusi Daa’! Ɔmantam Nhyiam dwumadi no ase no, ɔhaw a korona yare no akɔfa aba nti, na wɔwɔ abosome nnan pɛ a wɔde bewie adwuma no nyinaa.

 Saa adwuma kɛse yi, Dwumadibea a Ɛboa Wɔn a Wɔkyerɛ Kasa Ase ne Dwumadibea a Ɛtotɔ Nneɛma Ma Asafo No, a ne nyinaa wɔ Yehowa Adansefo Adwumayɛbea Ti no boae. Dwumadibea a Ɛboa Wɔn a Wɔkyerɛ Kasa Ase no hui sɛ, anuanom a wɔkyerɛ kasa ase no bebree hia akasam papa pii ne mfiri foforo a wɔde bɛyɛ adwuma no. Dwumadibea a Ɛtotɔ Nneɛma Ma Asafo No tɔɔ akasam 1,000, na wɔma wɔde kɔɔ mmeae bɛyɛ 200.

 Nea ɛbɛyɛ a yɛremmɔ ka pii no, dwumadibea no tɔɔ akasam no nyinaa boom, na wɔma wɔde ne nyinaa kɔɔ faako. Afei yɛde ɔman biara de guu ade mu kɔmaa no. Esiane sɛ yɛtɔɔ akasam no bebree nti, yenyaa no atufo bo. Enti, na baako biara bo ne ɛho ka a aka nyinaa si Amerika dɔla 170. Wei maa ɛka a anka yɛbɛbɔ no so tew koraa. Sɛ dɔla 5 na ɛsɛ sɛ anka yetua wɔ ebiara ho a, yetuaa dɔla 4 anaa nea ennu saa.

 Ná ɛsɛ sɛ Dwumadibea a Ɛtotɔ Nneɛma Ma Asafo No totɔ saa nneɛma yi na wɔhwɛ ma wɔde mena wɔ April ne May 2020 mu. Saa bere no, korona yare no nti, na nnwumakuw pii nyɛ adwuma papa. Nanso May baa n’awiei no, na mmeae a yɛkyerɛ kasa ase ne yɛn adwumayɛbea ti a ɛwɔ aman ahorow so no mu dodow no ara nsa aka mfiri a wohia.

 Jay Swinney na ɔda Dwumadibea a Ɛtotɔ Nneɛma Ma Asafo No ano. Ɔkaa sɛ: “Dwumadibea ahorow a ɛwɔ Betel, ne nnwumakuw a yɛtɔ nneɛma wɔ wɔn hɔ no yɛɛ adwuma kama. Sɛnea yɛboom yɛɛ adwuma na yenyaa nneɛma a ne bo wɔ fam ne sɛnea biribiara kɔɔ ntɛmntɛm maa yɛn nuanom nsa kaa nea wohia no, Yehowa honhom nko ara na ebetumi ama aba saa.”

 Nicholas Ahladis a ɔyɛ adwuma wɔ Dwumadibea a Ɛboa Wɔn a Wɔkyerɛ Kasa Ase no kaa sɛ: “Wɔn a wɔkyerɛ kasa ase no, na wontumi mpue saa bere no, enti bere a wɔn nsa kaa mfiri no, ɛhyɛɛ wɔn nkuran paa. Ɛwom sɛ anuanom a wɔbom kyerɛ kasa ase no, na wontumi ne wɔn ho nhyia, nanso wɔkaa wɔn ti boom kyerɛɛ ɔkasa, drama, ne nnwom ahorow no ase kɔɔ kasa bɛboro 500 mu, na wɔkyere guu afiri so.”

 Nneɛma pii a asafo no de guu akwan mu maa anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa nsa kaa Afe 2020 ‘Munni Ahurusi Daa’! Ɔmantam Nhyiam dwumadi no wɔ wɔn kasa mu no, emu baako ne nhyehyɛe a asafo no yɛ maa wɔn a wɔkyerɛ kasa ase no nsa kaa mfiri a wɔde yɛɛ adwuma no. Ntoboa a efi mo komam a mofa donate.pr418.com so, ne akwan foforo so yi no na ɛboa maa yetumi tɔɔ saa nneɛma a ehia yi.