Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible drama no nko ara nti, wɔde abo a wɔayam bɛyɛ kilogram 27,500 na ɛbaa Mount Ebo studio hɔ

SƐNEA WƆDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Sɛnea Wɔyɛɛ Afe 2020 ‘Munni Ahurusi Daa’! Ɔmantam Nhyiam Ho Video Ahorow No

Sɛnea Wɔyɛɛ Afe 2020 ‘Munni Ahurusi Daa’! Ɔmantam Nhyiam Ho Video Ahorow No

AUGUST 10, 2020

 Video a yeyi wɔ yɛn amantam nhyiam ase no, ɛyɛ a ɛka yɛn koma, na ɛma yɛte Bible nkyerɛkyerɛ ase yiye. Afe 2020 ‘Munni Ahurusi Daa’! Ɔmantam Nhyiam no, video 114 na ɛwom. Emu 43 yɛ ɔkasa a Akwankyerɛ Kuw no mufo ne wɔn aboafo mae. Wunim adwuma ne sika a ɛkɔɔ mu ansa na yɛretumi ayɛ video ahorow yi?

 Yɛn nuanom mmarima ne mmea bɛyɛ 900 a wɔwɔ wiase baabiara na wotuu wɔn ho mae de wɔn bere ne wɔn nimdeɛ boa ma wɔyɛɛ video ahorow no. Sɛ yɛkeka bom a, wɔde bɛboro mfe mmienu na ɛyɛɛ ho adwuma, na egyee nnɔnhwerew bɛyɛ 100,000. Wɔde emu 70,000 na ɛyɛɛ simma 76 Bible drama a wɔato din, Nehemia: “Yehowa Mu Anigye Ne Mo Abannennen” no.

 Sɛ wode w’adwene bu a, wubehu sɛ na yehia sika kɛse paa na yɛatumi ahwɛ anuanom a wɔatu wɔn ho ama reyɛ video no. Afei nso, wɔn a wɔbɛboa yɛɛ mfiri a ɛwɔ hɔ no ho adwuma, baabi a wotwaa video no, ne mfiri a na yehia na yɛatumi awie adwuma no nso, yɛbɔɔ ho ka paa.

 Jared Gossman a ɔyɛ adwuma wɔ Dwumadibea a Ɛhwɛ Ɔdio Ne Video So no kaa sɛ, “Video a yɛyɛ no, Nkyerɛkyerɛ Boayikuw a Ɛhyɛ Akwankyerɛ Kuw No Ase no pɛ paa sɛ yehu mmeae pii ne sɛnea nneɛma kɔ so wɔ aman horow so wom. Ɛba saa a, ɛma yetumi hu sɛ ampa yɛyɛ anuanom a yefi wiase baabiara. Ɛno nti, bere a yɛreyɛ saa video yi no, yɛboaboaa anuanom ano wɔ aman 11 so, na yɛkyekyɛɛ wɔn mu akuw 24 ma wɔyɛɛ ho adwuma. Ná wei yɛ adwuma kɛse paa, na na ehia sika pii. Ná ehia nso sɛ yɛtoto nneɛma yiye na yɛne anuanom a wɔreyɛ adwuma no di nkitaho yiye.”

 Video a yɛyɛ no mu bebree wɔ hɔ a, ɛnyɛ baabiara na yebetumi atwa wɔ hɔ, na ɛnyɛ mfiri nyinaa nso na yebetumi de atwa no yiye. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Mount Ebo dan a ɛbɛn Patterson, New York, U.S.A. no, ɛhɔ na yesiesiee baabi de twaa video a yɛato din, Nehemia: “Yehowa Mu Anigye Ne Mo Abannennen” no. Nea ɛbɛboa na yɛde anuanom ntoboa adi dwuma yiye, na yɛatumi ayɛ video no ama mmeae a ɛwom no ayɛ te sɛ tete de no ara no, na ehia sɛ adwumayɛfo no de nneɛma bi a emu yɛ hare yɛ ɔfasu ma ɛyɛ te sɛ tete Yerusalem fasu no pɛpɛɛpɛ. Ɔfasu a wɔyɛe no, ne fã biara, wɔde ntaaboo a ne tenten yɛ mita nsia (anammɔn 20) a wɔde foom anaa biribi a emu yɛ hare atare akyi na ɛyɛe, na wɔpentii ho ma wuhu a, wobɛka sɛ wɔde abo na ɛyɛe. Ná wotumi tutu “ɔfasu” no hyehyɛ no bio ma ɛsɛ baabi foforo wɔ video no mu, enti na wonhia mmeae pii na wɔatumi atwa afã ahorow a ɛwɔ video no mu no. Ɛno mpo no, sika a na yehia na yɛatumi asiesie mmeae a yebetwa drama no nko ara reyɛ akɔ Amerika dɔla 100,000. a

 Wei nyinaa a yɛahu no ama anisɔ a yɛwɔ ma afe yi ɔmantam nhyiam no ayɛ kɛse. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ adwumasono a anuanom yɛe ansa na yɛn nsa reka dwumadi yi nyinaa no bɛma wɔahyɛ Yehowa anuonyam wɔ wiase nyinaa. Ɛyɛ a mofa akwan a yɛakyerɛ wɔ donate.pr418.com so ne akwan foforo so yi ntoboa, na yɛda mo ase sɛ mufi mo komam boa wiase nyinaa adwuma no.

a Bere a yɛretwa video a wɔato din, Nehemia: “Yehowa Mu Anigye Ne Mo Abannennen” no, na korona yare no mmae, enti na ɛho nhia sɛ adwumayɛfo no tetew wɔn ntam.