Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Sɛnea Yɛyɛ Nhoma a Ehia Paa No

Sɛnea Yɛyɛ Nhoma a Ehia Paa No

JANUARY 1, 2021

 “Matwɛn mfe pɔrepɔre 19 sɛ me nsa bɛka bi!” Ɛdɛn na na yɛn nuabarima no retwɛn sɛ ne nsa bɛka? Ɛno ne Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase a ɛwɔ ɔno ara ne kasa a wɔfrɛ no Bengali mu no. Atenka a yɛn nuabarima no nyae no, saa ara na nnipa pii nya bere a wɔayi Wiase Foforo Nkyerɛase no adi wɔ wɔn kasa mu no. Nanso wunim adwuma a ɛkɔ mu ansa na yɛanya Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no bi?

 Nea edi kan, Akwankyerɛ Kuw no Akyerɛw Boayikuw no hwɛ ma wɔpaw anuanom mmea ne mmarima a wɔbɛkyerɛ Bible no ase. Bere tenten sɛn na edi ansa na wɔatumi akyerɛ Bible no ase awie? Nicholas Ahladis a ɔyɛ adwuma wɔ Dwumadibea a Ɛboa Wɔn a Wɔkyerɛ Kasa Ase no kyerɛɛ mu sɛ: “Nneɛma pii na ɛkɔ mu. Ebi ne nnipa dodow a yebenya wɔn ama wɔakyerɛ Bible no ase, sɛnea kasa no yɛ den fa, ne nea akenkanfo no nim fa sɛnea na asetena te bere a na wɔrekyerɛw Bible no ho. Afei wɔhwɛ sɛ ebia ɛsono sɛnea wɔka kasa no wɔ mmeaemmeae anaa. Edi bɛyɛ afe kosi mfe mmiɛnsa na wɔn a wɔrekyerɛ Bible ase no atumi awie Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no, na sɛ ɛba Bible mu no nyinaa de a, wotumi de mfe nnan anaa nea ɛboro saa na ɛkyerɛ ase. Wɔn a wɔkyerɛ mum kasa ase no mpo de, etumi kyɛ paa ansa na wɔawie.”

 Sɛ wonya anuanom a wɔbɛkyerɛ Bible no ase a, na ɛnsae. Wɔhwehwɛ anuanom mmea ne mmarima a ɛsono baabi a wofi, mfe a wɔadi ne nea ɛkeka ho, na ɛtɔ da mpo a, wɔhwehwɛ anuanom a wɔwɔ aman foforo so a wɔn nso ka saa kasa no. Wɔma anuanom no kan Bible a wɔreyɛ ho adwuma no mu, nanso wonnye sika biara. Wɔkan mu a, nea wɔbɛka no boa wɔn a wɔrekyerɛ Bible no ase no ma wɔkyerɛ ase pɛpɛɛpɛ ma emu da hɔ na ntease nso ba mu. Onua bi wɔ South Africa a ɔtete nkurɔfo ma wɔkyerɛ Bible ase. Ɔkaa asɛm bi a ɛma yehu nea enti a anuanom a wɔkyerɛ Bible ase no yɛ wei nyinaa. Ɔkaa sɛ: “Wɔn a wɔkyerɛ ase no hu sɛ, ɛyɛ asɛde kɛse paa na Yehowa de ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnkyerɛ n’Asɛm ase pɛpɛɛpɛ na emu nna hɔ na ntease nso mmra mu mma akenkanfo.”

 Sɛ wɔkyerɛ Bible no ase wie a, ɛsɛ sɛ wɔprinte keka si ani ma ɛbɛyɛ nhoma mua. Baabi a wɔprinte Bible no, ɛyɛ a wohia nneɛma bɛyɛ du ansa na wɔawie Bible no ho adwuma. Ɛno ne, krataa, adubiri anaa ink, nnuraho, gluu, ntaremu, ade hyɛnhyɛn a wɔde fa nhoma anoano a ne kɔla te sɛ nsõ, nhama a wɔde hyɛ baabi nsow wɔ Bible mu, ntama teaa bi a wɔde tare nhoma atifi ne ase, ade a wɔde hyɛ nhoma akyi ma etumi gyina hɔ, ne ntama a wɔde fam ntaremu no so. Saa nneɛma yi a wohia na wɔatumi aprinte Bible no, afe 2019 mu no, yɛbɔɔ ɛno nko ara ho ka Amerika dɔla ɔpepem 20. Saa afe no, adwumayɛfo a wɔwɔ baabi a yɛprinte nneɛma no de nnɔnhwerew bɛboro 300,000 na ɛprintee Bible de menae.

“Nhoma a yɛyɛ nyinaa, Bible ne nea ehia paa”

 Adɛn nti na yɛde bere pii ne sika pii wura saa adwuma no mu? Joel Blue yɛ adwuma wɔ Dwumadibea a Ɛhwɛ Ma Wɔprinte Nneɛma Wɔ Yɛn Adwumayɛbea Ti. Ɔkaa sɛ: “Nhoma a yɛyɛ nyinaa, Bible ne nea ehia paa.” Ɔka kaa ho sɛ, “Ɛno nti yɛpɛ sɛ sɛnea ɛte no hyɛ Onyankopɔn a yɛsom no no anuonyam na ɛma asɛm a yɛka no nso ho ba nyam.”

 Wiase Foforo Nkyerɛase no, yɛwɔ nea yɛprinte ma nnipa nyinaa, ɛnna yɛwɔ nea yɛprinte ma nnipa a wɔn tebea yɛ soronko. Ɛno ho nhwɛso ne sɛ, yɛayɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no bi ama anifuraefo wɔ kasa du mu. Anifuraefo Bible no, etumi di nnɔnhwerew nwɔtwe mua ansa na yɛatintim baako awie. Afã anaa po ahorow bebree na ɛka bom yɛ anifuraefo Bible baako, enti sɛ wɔyɛ wie a, baabi a wɔhyehyɛ gu no, kwan a egye wɔ hɔ no yɛ mita 2.3 (anammɔn 7.5) anaa nea ɛboro saa. Yɛsan yɛ Bible soronko ma wɔn a wɔda afiase. Esiane sɛ wɔmpene mma wɔmfa nhoma a akyi yɛ den nkɔ afiase nti, saa Bible no de, akyi yɛ mmerɛw.

 Wɔn a wɔkenkan Wiase Foforo Nkyerɛase no, ɛboa wɔn paa. Yɛnhwɛ asafo bi a wɔka Kiluba kasa wɔ Democratic Republic of the Congo kurow bi a wɔfrɛ hɔ Tombe. Sɛ wode kar fi Democratic Republic of the Congo man no ahenkurow rekɔ Tombe a, wubetwa bɛboro kilomita 1,700 (akwansin 1,000). Adansefo a ɛwɔ hɔ no, Bible baako pɛ na na wɔwɔ. Ɛno mpo no, na ɛwɔ tete Kiluba kasa a asete yɛ den mu. Sɛ anuanom resua ade ansa na wɔakɔ asafo nhyiam a, sɛ wei de Bible no sua ade wie a, na ɔde ama wei kɔpem sɛ obiara bewie. Nanso efi August 2018 no, anuanom a ɛwɔ saa asafo no mu no biara nsa aka Wiase Foforo Nkyerɛase Bible mũ no nyinaa wɔ Kiluba kasa a wɔka no nnansa yi no mu.

 Onuawa bi a ɔka German kasa kaa Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo wɔ German kasa mu no ho asɛm sɛ: “Seesei menka sɛ, ɛsɛ sɛ mekan Bible. Mmom, mibisa me ho sɛ, ‘Bere bɛn na metumi akan bi aka ho?’” Ɔbarima bi a ɔda afiase kyerɛwee sɛ: “Me nsa aka Wiase Foforo Nkyerɛase no bi, na ɛresesa m’abrabɔ. Ɛnyɛ saa Bible yi a, anka mekenkan Onyankopɔn Asɛm a, mente ase. Mepɛ sɛ mihu Yehowa Adansefo yiye, na mihu nea ɛbɛboa me ama me nso mabɛka wɔn ho.”

 Wɔn a wɔkenkan Wiase Foforo Nkyerɛase no ani sɔ ntoboa a nkurɔfo yi ma wɔde bi yɛ Bible no. Saa ntoboa yi, akwan a yɛakyerɛ wɔ on donate.pr418.com so no na nkurɔfo fa so yi de boa adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no. Yɛda mo ase sɛ muyi mo yam boa.