Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ebinom ahyiam resom wɔ fie bi mu wɔ Tomsk na Polisifo akɔtow ahyɛ wɔn so

JUNE 20, 2018
RUSSIA

Atumfoɔ a Wɔwɔ Russia Abɔ Awura Yehowa Adansefo Afie Mu Akyere Ebinom Agu Afiase

Atumfoɔ a Wɔwɔ Russia Abɔ Awura Yehowa Adansefo Afie Mu Akyere Ebinom Agu Afiase

Efi bosome a etwaam no, Russia aban mpanyimfo de asi wɔn ani so sɛ wɔbɛkyere Yehowa Adansefo agu afiase efisɛ wɔte nka sɛ wɔn som no sɛe nkurɔfo adwene. Polisifo bɔ wuraa Adansefo a wɔtete mmeae a edidi so yi afie: Birobidzhan, Khabarovsk, Magadan, Orenburg, Naberezhnye Chelny, Perm, Pskov, Saratov, ne Tomsk. Wɔsan kyeree mmarima a wɔyɛ Adansefo 15, enti Adansefo a wɔde wɔn agu afiase a wonnya nnii wɔn asɛm no dodow akodu 20. Adansefo mmienu nso wɔabara wɔn sɛ, ɛnsɛ sɛ wopue fi wɔn fie kɔ baabiara. Adansefo bɛyɛ 15 a wɔn mu bi adi boro mfe 70, na ebi nso adi boro mfe 80 de, wɔahyɛ wɔn ma wɔde wɔn nsa ahyɛ krataa ase sɛ, mpɔtam a wɔte no, ɛnsɛ sɛ wofi hɔ. Eduu June 14, 2018 no, na Russia aban mpanyimfo abɔ Adansefo bɛboro 40 kwaadu sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo. Sɛ wobu wɔn fɔ a, wobetumi de wɔn agu afiase bɛyɛ mfe du.

Russia aban kaa sɛ ɛwom sɛ wɔabara Yehowa Adansefo wɔ mmara kwan so, nanso ahofadi a Adansefo ankorankoro wɔ sɛ wɔsom no de, wɔmmarae. Russia aban abu nea ɔkae no so koraa, na mmara a ɛma yehu sɛ obi yɛ nsɛmmɔnedifo no fã a ɛto so 282 nso, wakyinkyim no. Ɛno nti Russia aban se, sɛ Adansefo no ka wɔn gyidi ho asɛm, wohyiam anaa woyi sika de boa wɔn som no a, na ɛkyerɛ sɛ wɔreboa ahyehyɛde bi a “ɛsɛe nkurɔfo adwene.” Wei kyerɛ sɛ, sɛ anka Russia aban no benya adwene sɛ ɔretu nkurɔfo a wɔsɛe ɔmanfo adwene so sa no, ɔno ara ne manfo a wɔde asomdwoe resom wɔn Nyankopɔn mmom na ɔretaa wɔn.

Adansefo a Nnansa Yi Wɔabɔ Awura Wɔn Fie Akyere Wɔn De Emu Bi Agu Afiase

June 12, 2018, Saratov. Polisifo bɔ wuraa Adansefo bi afie mu kyeree wɔn mu bɛyɛ du kobisabisaa wɔn nsɛm. Bere a wɔrehwehwɛ fie baako mu no, polisifo no de nhoma ahorow a ná Russia kɔɔto abara dedaw kɔhyɛɛ fie hɔ. Polisifo no kyeree Adansefo nnum. Akyiri yi wogyaa mmarima no mu mmienu, nanso mmiɛnsa a aka no de, wɔannyae wɔn. Wɔbɔɔ Konstantin Bazhenov ne Felix Makhammadiev kwaadu sɛ ‘wɔde wɔn ho ahyɛ ahyehyɛde a ɛsɛe nkurɔfo adwene dwumadi mu.’ Nea ɔto so mmiɛnsa a ne din de Aleksey Budenchuk no de, yennya nhuu sobo ko a wɔde bɛbɔ no. June 14, 2018 no, Frunzenskiy Mantam Kɔɔto a ɛwɔ Saratov sii gyinae sɛ wɔmfa Owura Bazhenov ne Owura Makhammadiev ngu afiase nkosi August 12, 2018 ansa na wɔadi wɔn asɛm. Kɔɔto koro yi ara san sii gyinae sɛ wɔmfa Owura Budenchuk nkɔto afiase na akyiri yi wɔadi n’asɛm, nanso wɔanhyɛ da pɔtee a wobeyi no. Asɛm foforo mu nso, wɔhyɛɛ ɔdanseni foforo sɛ ɔmfa ne nsa nhyɛ krataa ase sɛ, mpɔtam a ɔte no, ɔremfi hɔ.

June 3, 2018, Tomsk. Ɛbɔɔ anɔpa 10:00 no, polisifo ne nnipa bi a wofi Russia asraafo kuw a wɔfrɛ wɔn Special Military Force (Spetsnaz) bɔ wuraa Yehowa Adansefo mmienu fie wɔ Tomsk, Siberia. Wɔkyeree Adansefo bɛyɛ 30, ná wɔn mu baako yɛ ɔbea a wadi mfe 83. Adansefo no nneɛma a ɛwɔ wɔn fie ne kar mu nyinaa, polisifo no gyei. Afei wɔde wɔn guu kar mu kɔɔ Asoɛe a Wɔko Tia Wɔn a Wɔsɛe Nkurɔfo Adwene.

Woduu hɔ no, Ivan Vedrentsev, Aleksandr Ivanov, ne Vyacheslav Lebedev a wɔyɛ nsɛm mu nhwehwɛmu no hyɛɛ Adansefo no bisabisaa wɔn mu bi nsɛm kosii ahemadakye 2:00. Nhwehwɛmufo no hunahunaa ɔdansefo baako sɛ wɔbɛma wɔayi no adi afi adwuma mu. Bere a wogu so rebisabisa wɔn nsɛm no nyinaa, na ambulance ahorow redi hɔ akɔneaba, na anyɛ yiye koraa no wogyee Ɔdanseni baako too ayaresabea.

Wɔn a wokyeree wɔn a na wonya nnii wɔn asɛm no, baako ne Sergey Klimov. June 5, 2018 no, Oktyabrskiy Ɔmantam Kɔɔto a ɛwɔ Tomsk bɔɔ no kwaadu sɛ ‘waboa nkurɔfo ano reyɛ dwumadi bi a ɛsɛe ɔmanfo adwene,’ na wɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no ntom nkosi sɛ wobedi n’asɛm August 4, 2018. Wɔsrɛe sɛ anka wonyi no anaa wɔmmara no sɛ, ɛnsɛ sɛ opue fi ne fie, nanso ɔtemmufo no ampene.

June 3, 2018, Pskov. Polisifo bɔ wuraa Yehowa adansefo a wɔwɔ Pskov afie mu kɔhwehwɛɛ hɔ. Efie baako mu de, obiara a na ɔwɔ hɔ no, wɔkyeree no bisabisaa no nsɛm; ná nnipa mmienu a wɔnyɛ Adansefo a wɔakɔsra wɔn mpo ka ho. Wɔde Yehowa Adansefo bebree kɔɔ Federal Security Services (FSB) asoɛe a ɛwɔ Pskov no kobisabisaa wɔn nsɛm; ná Gennadiy Shpakovsky ka ho. Wɔhyɛɛ wɔn a wɔkyeree wɔn no bi sɛ wonni adanse ntia Owura Shpakovsky. Wɔbɔɔ no kwaadu sɛ ‘waboa nkurɔfo ano reyɛ dwumadi bi a ɛsɛe ɔmanfo adwene.’ Akyiri yi wogyaa no, nanso wobetumi abɔ no kwaadu foforo bere biara.

May 30, 2018, Khabarovsk. Polisifo bɔ wuraa Ivan Puyda fie kɔhwehwɛɛ hɔ. Wowiei no, wɔsan kyeree no kaa ho. Wɔde no kɔtoo mu wɔ Magadan. June 1, 2018 no, Zheleznodorozhniy Mantam Kɔɔto no bɔɔ Owura Puyda kwaadu sɛ ‘waboa nkurɔfo ano reyɛ dwumadi bi a ɛsɛe ɔmanfo adwene’ na wɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no nkɔto afiase nkosi sɛ wobedi n’asɛm July 30, 2018.

May 30, 2018, Magadan. Polisifo a wokurakura atuo na wɔde biribi akata wɔn anim bɔ wuraa Konstantin Petrov, Yevgeniy Zyablov, ne Sergey Yerkin afie mu kɔhwehwɛ hɔ, san kyeree wɔn kaa ho. June 1, 2018 no, Magadan Kurow Kɔɔto bɔɔ Owura Petrov ne Owura Zyablov kwaadu sɛ ‘wɔaboa nkurɔfo ano reyɛ dwumadi bi a ɛsɛe ɔmanfo adwene.’ Ɛda no ara, Magadanskiy Mantam Kɔɔto no nso de sobo koro no ara bɔɔ Owura Yerkin. Mmarima mmiɛnsa yi nyinaa, wɔahyɛ sɛ wɔmfa wɔn ngu afiase nkosi sɛ wobedi wɔn asɛm July 29, 2018.

Dmitriy Mikhailov

May 29, 2018, Shuya, Ivanovo Mantam. Polisifo san kyeree Dmitriy Mikhailov ne mprenu so. April 20, bere a polisifo bɔ wuraa mpɔtam hɔ kɔhwehwɛɛ hɔ no, wɔbɔɔ no kwaadu sɛ ‘ɔde ne ho ahyɛ dwumadi a ɛsɛe nkurɔfo adwene mu’ na wɔahyɛ no ma ɔde ne nsa ahyɛ krataa ase sɛ, mpɔtam a ɔte no, ɛnsɛ sɛ ofi hɔ. May 29 no, polisifo no san bɔɔ no sobo sɛ ‘ɔde ne sika reboa kuw bi a wɔsɛe nkurɔfo adwene.’ June 3, 2018 no, Shuya Kurow Kɔɔto no hyɛe sɛ wɔmfa no ntom nkosi sɛ wobedi n’asɛm July 19, 2018.

May 27, 2018, Naberezhnye Chelny, Republic of Tatarstan. Anadwo baako FSB polisifo kɔhwehwɛɛ afie du mu gyegyee ɛlɛktrɔnik mfiri, fon ne passport. Wɔkyeree Ilkham Karimov, Konstantin Matrashov, ne Vladimir Myakushin de wɔn koguu mu. May 29, 2018 no, Naberezhnochelninskiy Mantam Kɔɔto no bɔɔ mmarima mmiɛnsa no kwaadu sɛ wɔboaboa nkurɔfo ano ma kuw a “wɔsɛe nkurɔfo adwene,” wɔfa nkurɔfo ma wɔyɛ adwuma ma kuw a “wɔsɛe nkurɔfo adwene,” na wɔn ankasa nso yɛ adwuma ma kuw a ɛsɛe nkurɔfo adwene. Kɔɔto no hyɛe sɛ wɔmfa wɔn ngu afiase nkosi sɛ wobedi wɔn asɛm July 25, 2018. Wɔkyeree Aydar Yulmetyev nso, na May 31, 2018 no, kɔɔto no hyɛe sɛ wɔmfa no ntom nkosi sɛ wobedi n’asɛm.

May 22, 2018, Perm. Aleksandr ne Anna Solovyev kɔɔ Moldova, na wɔresan aba Perm no, polisifo kohyiaa wɔn wɔ baabi a nkurɔfo fa keteke. Afei wɔde abankaba guu Owura Solovyev gyee ne ho nneɛma, na wɔde wɔn rekɔ police station no, wɔamfa wɔn antena kar baako mu. Bere a wɔde Owura Solovyev too afiase no, polisifo kɔɔ ne fie kɔhwehwɛɛ hɔ bisabisaa ne yere nsɛm. May 24, 2018 no, Sverdlovskiy Mantam Kɔɔto no bɔɔ Owura Solovyev kwaadu sɛ ‘ɔde ne ho ahyɛ kuw a wɔsɛe nkurɔfo adwene dwumadi mu,’ na wɔbaraa no sɛ, ɛnsɛ sɛ opue fi fie kɔ baabiara.

May 17, 2018, Birobidzhan. Wɔyɛɛ dwumadi titiriw bi a wɔtoo din Atemmu Da, na adwumayɛfo a wɔfrɛ wɔn FSB ne polisifo 150 bɔ wuraa Yehowa Adansefo 22 afie mu kɔhwehwɛɛ hɔ. Polisifo no gyigyee tablɛt, fon, ne sika. Polisifo no kyeree Alam Aliev de no too afiase; ná ɔka Adansefo 34 a wɔbɔ wuraa wɔn afie mu kɔhwehwɛɛ hɔ no ho. May 18 no, Birobidzhanskiy Mantam Kɔɔto no bɔɔ no kwaadu sɛ ‘waboaboa nkurɔfo ano reyɛ dwumadi bi a ɛsɛe ɔmanfo adwene,’ na wɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no nto afiase nkosi sɛ wobedi n’asɛm July 13, 2018. Owura Aliev de asɛm no kɔdan kɔɔto na May 25, 2018 no, Ɔtemmufo A. V. Sizova a ɔyɛ adwuma wɔ Kɔɔto a ɛwɔ Jewish Autonomous Mantam mu sii gyinae sɛ ka a wɔkaa sɛ wɔmfa Owura Aliev nkɔto mu no, watwam.

May 16, 2018, Orenburg. Polisifo bɔ wuraa Adansefo afie mu kɔhwehwɛɛ hɔ. Wɔkyeree Adansefo mmiɛnsa yi: Aleksandr Suvorov, Vladimir Kochnev, ne Vladislav Kolbanov. May 18 no, Promyshlenniy Mantam Kɔɔto bɔɔ Owura Kolbanov kwaadu sɛ ‘ɔde ne sika reboa kuw bi a wɔsɛe nkurɔfo adwene.’ Kɔɔto no gyaa no, nanso wɔbaraa no sɛ, ɛnsɛ sɛ opue fi ne fie kɔ baabiara. Ɛda edi hɔ no, Kɔɔto no bɔɔ Owura Kochnev ne Owura Suvorov sobo sɛ ‘wɔaboaboa nkurɔfo ano reyɛ dwumadi bi a ɛsɛe ɔmanfo adwene’ na wɔhyɛɛ sɛ wɔmfa wɔn nkogu afiase nkosi sɛ wobedi wɔn asɛm July 14, 2018. Nea na ɔreyɛ asɛm no mu nhwehwɛmu no san hyɛɛ Adansefo nson sɛ, wɔmfa wɔn nsa nhyɛ krataa ase sɛ bere a wɔreyɛ asɛm no mu nhwehwɛmu no wɔremfi kurow no mu nkɔ baabiara.

Benkum: Aleksandr Suvorov; Nifa: Vladimir Kochnev

Enti Russia Aban Betie Nea European Union Ne United States Aka No?

European Union (EU) ne United States nyinaa akasa atia obu a Russia aban no nkyerɛ mma nnipa ahofadi no. Russia aban aka ama “amansan nyinaa ate sɛ ɔbɛkyerɛ obu ama hokwan a obiara wɔ sɛ ɔde ne ho hyɛ ɔsom biara a ɔpɛ mu, ogye nea ɔpɛ biara di, ɔkyerɛ n’adwene wɔ asɛm biara ho na ɔne nnipadɔm bi hyia yɛ nhyiam.” EU se nea Russia aban aka no ɔmfa nyɛ adwuma. United States nso se “wɔn a hokwan a wɔwɔ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom biara a wɔpɛ mu nti wɔakyere wɔn agu afiase no, animuanim yi ara,” Russia aban nnyaa wɔn.

Yehowa Adansefo lɔya panyin a ne din de Philip Brumley kaa sɛ: “Ateetee a Russia aban no de Adansefo refa mu no, ɛhaw Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase baabiara pa ara. Sɛnea Komunist aban no dii Yehowa Adansefo ani no, saa ara na ɛnnɛ nso Russia aban no reyɛ. Nea Russia aban no reyɛ no yɛ adanse a ɛkyerɛ pefee sɛ, ka a waka sɛ ɔbɛkyerɛ obu ama nnipa biara ahofadi no, ɔmfa nyɛ adwuma.”

Adansefo a wodii kan kyeree wɔn guu afiase a na wɔretwɛn sɛ wobedi wɔn asɛm *

  • Dennis Christensen

    Wadi mfe 45, Oryol, efi May 25, 2017 na wɔde no too afiase, na wɔahyɛ sɛ ɔnna hɔ nkosi August 1, 2018.

  • Valentin Osadchuk

    Wadi mfe 42, Vladivostok, efi April 19, 2018 na wɔde no too afiase, na wɔahyɛ sɛ ɔnna hɔ nkosi June 20, 2018.

  • Viktor Trofimov

    Wadi mfe 61, Polyarny, efi April 18, 2018 na wɔde no too afiase, na wɔahyɛ sɛ ɔnna hɔ nkosi October 11, 2018.

  • Roman Markin

    Wadi mfe 44, Polyarny, efi April 18, 2018 na wɔde no too afiase, na wɔahyɛ sɛ ɔnna hɔ nkosi October 11, 2018.

  • Anatoliy Vilitkevich

    Wadi mfe 31, Ufa, efi April 10, 2018 na wɔde no too afiase, na wɔahyɛ sɛ ɔnna hɔ nkosi July 2, 2018.

^ nky. 21 Sɛ worepɛ wei ho nsɛm pii a, kɔ Amanneɛbɔ Afã hɔ wɔ jw.org na hwɛ asɛm a wɔato din “Campaign of Terror Begins for Jehovah’s Witnesses in Russia.”