ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM July 2013

Ɔwɛn-Aban yi ma yehu ntease foforo a yɛanya. Ebi fa ɛbere a Yesu nkɔmhyɛ bi bɛbam. Bio, ɛbɛma yɛahu wɔn a wogyina hɔ sɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no.

“Ka Kyerɛ Yɛn, Bere Bɛn na Eyinom Bɛba Mu?”

Seesei yɛabɛte ase sɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo ti 24 ne ti 25 no bɛbam bere bɛn?

“Hwɛ! Me Ne Mo Wɔ Hɔ Nna Nyinaa”

Yesu mfatoho a ɛfa awi ne nwura bɔne ho no kyerɛ bere a ogufo bi guu aba, bere a enyinii ne twabere. Ntease foforo bɛn na yɛanya wɔ twabere no ho?

Ɔnam Nnipa Kakra so Ma Mpempem Aduan

Ɔkwan bɛn na Yesu faa so maa asafo a na ɛwɔ asomafo no bere so honhom fam aduan? Saa na ɛte nnɛ anaa?

“Hena Koraa Ne Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma” No?

Asɛm yi ma yehu sɛ ntease a yɛwɔ wɔ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ho asesa. Hwɛ sɛnea akoa no boa yɛn ma yɛsom Yehowa yiye.

Akwankyerɛ Kuw no Muni Foforo

September 1, 2012 na Mark Sanderson fii n’adwuma ase sɛ Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no muni.

ASETENAM NSƐM

Yɛayɛ Krado sɛ Yɛbɛsom Yehowa Wɔ Baabiara

Hwɛ sɛnea awarefo bi a wofi Netherlands asua sɛ wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so na wɔamma nsɛnnennen ammu wɔn abam.

“Mfonini Yi Yɛ Fɛ!”

Mfonini a ɛwɔ yɛn nhoma mu no boa ma yesusuw nsɛm ho kɔ akyiri na yɛte nea yɛresua no ase. Wobɛyɛ dɛn anya mfonini fɛfɛ no so mfaso?