ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM January 2014

Nsɛmma nhoma yi ma yehu sɛ Yehowa fii ase dii hene nyɛ nnɛ. Bio, ɛma yenya anisɔ kɛse ma Mesia Ahenni no ne nea atumi ayɛ.

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Afrika Atɔe

Dɛn na ɛkaa ebinom a wofi Europa ma wotu kɔɔ Afrika Atɔe, na dɛn na afi mu aba?

Yehowa Ne Mmeresanten Hene—Som No

Sɛ wuhu sɛnea Yehowa ada ne ho adi sɛ Agya ne sɛnea odi ne tumi a, ɛbɛka wo abɛn no.

Ahenni no Adi Mfe 100—Ɛka Wo Sɛn?

Yɛbɛyɛ dɛn anya Ahenni a wɔde asi hɔ no so mfaso? Hwɛ sɛnea Ɔhene Mesia tew n’asomfo ho, ɔtete wɔn na osiesie wɔn.

Si Gyinae Pa Wo Babunbere Mu

Mmerante ne mmabaa pii reboa nkurɔfo ma wɔasua nokware no, na eyi ma wɔn ani gye paa. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu?

Som Yehowa Ansa na Nna Bɔne no Aba

Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔn mfe akɔ anim betumi atrɛw wɔn som mu?

“W’ahenni Mmra”—Ɛnde, Bere Bɛn?

Adɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn Hene a wasra no no bɛkeka ne ho na wama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ korakora wɔ asase so?

Gyinae a Misii Bere a Misua

Abarimaa a ofi Columbus, Ohio, U.S.A. sii gyinae sɛ obesua Cambodia kasa. Adɛn ntia? Gyinae a osii no kaa ne daakye sɛn?