ƆWƐN-ABAN March 2015 | Yesu Agye Yɛn—Afi Dɛn Mu?

So wagye yɛn afi Ɔbonsam nsam, Onyankopɔn abufuw mu, anaa biribi foforo mu?

ASƐM A ƐDA SO

Adɛn Nti na Yɛhia Ɔgyeɛ?

Wogye di sɛ ɔdɔ Nyankopɔn no de daa nkwa ho akɔnnɔ bɛhyɛ yɛn koma mu bere a ɔremma yɛn nsa nka?

ASƐM A ƐDA SO

Yesu Wuo ne Ne Wusɔreɛ—Nea Ɛbɛtumi Ayɛ Ama Wo

Kyerɛw nsɛm nsia a ɛma yɛhunu sɛnea onipa baako wuo bɛtumi ama nnipa pii anya nkwa.

ASƐM A ƐDA SO

Wɔbɛkae Yesu Wuo—Bere Bɛn, na Ɛhefa?

Wɔ afe 2015 mu no, Yesu wuo Nkaedi no bɛsi Fida, April 3, bere a owia akɔtɔ.

NSƐM A AKENKANFO BISA

Enti Easter Yɛ Kristofo Afahyɛ?

Dɛn na abakɔsɛm akyerɛwfo aka afa dapɔnna a agye din yi ho?

ASETENAM NSƐM

Jairo Ani—Ɛno na Ɔde Som Onyankopɔn

Ɛwom sɛ cerebral palsy yare no mu nea ɛyɛ den no paa na abɔ Jairo deɛ, nanso ɔwɔ anigye, na asetena mfonoo no.

So Wonim?

Ná ɔsomafo Paulo yɛ Roma ɔman ba; ɔkwan bɛn so na ɛboaa no? Tete no, dɛn na na wɔde tua nguanhwɛfo ka?

Akyɛde a Ɛfata Ɔhene

Ɛwom sɛ saa nnuhwam yi abu so nnɛ de, nanso bere a na wɔrekyerɛw Bible no, na nnuhwam no bi som bo te sɛ sika kɔkɔɔ.

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Sɛ wɔrehyɛ Yesu wuo no ho fã a, hwannom na wɔfata sɛ wɔdi paanoo no na wɔnom bobesa no bi?