ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM February 2018

Adesua nsɛm a yebesua April 2-29, 2018.

Suasua Gyidi a Noa, Daniel, Ne Hiob Daa No Adi Ne Osetie a Wɔyɛe

Ɔhaw ahorow a yɛrefa mu nnɛ no, saa mmarima anokwafo yi faa emu pii mu. Dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔkɔɔ so kuraa wɔn mũdi mu?

Wunim Yehowa Sɛnea Na Noa, Daniel, Ne Hiob Nim No No?

Ɛyɛɛ dɛn na saa mmarima yi behuu ade nyinaa so Tumfoɔ no? Sɛn na saa nimdeɛ a wonyae no boaa wɔn? Yɛbɛyɛ dɛn anya gyidi a wonyae no bi?

ASETENAM NSƐM

Yehowa Fam De Ade Nyinaa Betumi Ayɛ Yiye

Anigyesɛm tiawa bi a ɔbea bi tee wɔ bɔs mu wɔ Kyrgyzstan sesaa awarefo bi asetena.

Yɛka sɛ Yehowa honhom kyerɛ obi kwan a, ɛkyerɛ sɛn?

Bible ma yehu “nea Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan” ne nsonsonoe a ɛda ɔne “nea odi n’akɔnnɔ akyi” ntam.

Ma Yehowa Honhom Nkyerɛ Wo Kwan Na Kɔ W’anim!

Sɛ obi wɔ Bible mu nimdeɛ a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ Yehowa honhom kyerɛ no kwan. Dɛn bio na ehia?

Anigye—Ɛyɛ Suban a Yenya Fi Onyankopɔn Hɔ

Sɛ wuhu sɛ sɔhwɛ a wuhyia da biara resɛe w’anigye a, dɛn na wubetumi ayɛ na w’ani asan agye?

TETE WƆ BI KA

Baguam Kasa Ahorow Maa Asɛmpa No Trɛwee Wɔ Ireland

Dɛn na ɛmaa C. T. Russell hui sɛ afuw a ɛwɔ hɔ no “ahoa, na bere aso sɛ wotwa”?