Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NYAN! No. 2 2018 | Nneɛma 12 a Ama Asi Mmusua Bi Yiye

Nneɛma 12 a Ama Asi Mmusua Bi Yiye

Yɛtaa te sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ mmusua bi mu ma enti mmusua no agyigya. Nanso mmusua bi wɔ hɔ a asi wɔn yiye. Ɛdɛn na ɛboaa wɔn?

  • Efi afe 1990 kosi 2015 no, wɔn a wɔadi boro mfe 50 a wogyae aware wɔ United States no, wɔn dodow bu bɔɔ ho, na wɔn nso a wɔadi boro mfe 65 a wogyae aware no, wɔn dodow bu bɔɔ ho mmiɛnsa.

  • Awofo adwene atu afra: Abenfo bi ka sɛ, ɛsɛ sɛ awofo kamfo wɔn mma bere nyinaa. Afoforo nso ka sɛ, ɛsɛ sɛ awofo yɛ katee wɔ wɔn mma so, na ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔpɛ wɔn asɛm.

  • Mmabun renyinyin ayɛ mpanyimfo, nanso wonni ntetee papa biara a wɔde bɛbɔ bra ama asi wɔn yiye.

Nanso, nokwasɛm ne sɛ . . .

  • Aware betumi ayɛ nkabom a ɛtena hɔ daa na mfaso wɔ so.

  • Awofo betumi asua sɛ wɔbɛteɛ wɔn mma so wɔ ɔdɔ mu.

  • Mmabun betumi anya ntetee a wohia na wonyin a wɔde abɔ bra.

Ɛbɛyɛ dɛn na wei nyinaa ayɛ yiye? Nyan! yi bɛma yɛahu nneɛma 12 a ama asi mmusua bi yiye.

 

1: Fa Wo Koma Hyɛ Mu

Nneɛma mmiɛnsa a ɛbɛboa awarefo ma wɔayɛ biako.

2: Monyɛ Ade Mmɔ Mu

Wo ne wo hokafo te sɛ nnipa mmienu a wɔte dan mu kɛkɛ?

3: Munnya Obu Mma Mo Ho

Hwɛ nea wubetumi aka ne nea wubetumi ayɛ ama wo hokafo ate nka sɛ wubu no.

4: Fa Bɔne Kyɛ

Dɛn na ɛbɛboa wo na woamfa w’adwene ansi wo hokafo mfomso so?

5: Mommɔ Nkɔmmɔ

Hwɛ nneɛma titiriw mmiɛnsa bi a ebetumi aboa wo ma woabɛn wo mma.

6: Fa Nteɛso Ma

Sɛ awofo teɛ wɔn mma so a, ɛbɛma mmofra no ate nka sɛ wɔnsɛ hwee anaa?

7: Ma Wo Ba Nnya Suban Pa

Suban pa bɛn na ɛsɛ sɛ wode kyerɛkyerɛ wo mma?

8: Yɛ Nhwɛso Pa

Nea woka no, sɛ wopɛ sɛ edu wo mma komam a, gye sɛ wo ara wode yɛ adwuma.

9: Hu Onipa Ko a Woyɛ

Dɛn na ɛbɛboa mmabun ma wɔatumi de nea wogye di no abɔ wɔn bra?

10: Ma Afoforo Nnye Wo Nni

Sɛ wopɛ sɛ wunyin bɛyɛ ɔpanyin pa a, ɛho hia pa ara sɛ woyɛ nneɛma a ɛbɛma w’awofo agye wo adi.

11: Yɛ Obi a Wopɛ Adwuma

Sɛ wusua sɛ wobɛyɛ adwumaden wɔ wo mmabunbere mu a, ɛbɛboa wo ama nea wobɛyɛ wɔ abrabɔ mu biara no, ebesi wo yiye.

12: Fa Botae Sisi W’ani So

Sɛ wutumi du wo botae ho a, ebetumi ama woanya ahotoso, wo ne wo nnamfo ntam bɛyɛ kama, na w’ani begye pa ara.

Mmoa Foforo Ma Abusua No

Afotusɛm a ɛwɔ Bible mu no betumi aboa ma w’aware asɔ, na w’abusua nso ani agye.