ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM July 2018

Adesua nsɛm a yebesua September 3-30, 2018.

WOTUU WƆN HO MAE KORAA

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Myanmar

Dɛn na ama Yehowa Adansefo pii atu afi wɔn man mu na wɔreboa asɛnka adwuma no wɔ Myanmar?

Hena Na Wopɛ Sɛ Ogye Wo Tom?

Dɛn na yebetumi asua afi nea Yehowa yɛe de gyee ne Ba no toom no mu?

Ɛhe Na Wode W’ani Hwɛ?

Yebetumi anya asuade titiriw bi afi mfomso kɛse a Mose dii no mu.

“Hena Na Ɔwɔ Yehowa Afã?”

Bible mu nsɛm a ɛfa Kain, Solomon, ne Israelfo ho no ma yehu nea enti a nyansa wom sɛ yebegyina Yehowa afã.

Yɛyɛ Yehowa Dea

Dɛn na yebetumi ayɛ de ada Yehowa ase sɛ wama yɛne no anya abusuabɔ?

Munnya Ayamhyehye Mma “Nnipa Ahorow Nyinaa”

Nya adwene a Yehowa wɔ wɔ ayamhyehye ho no bi; hu nea afoforo hia ne nea ɛhaw wɔn, na boa wɔn sɛnea wubetumi.

Sɛnea Wobɛma Wo Bible Sua Atu Mpɔn Na Ayɛ Anigye Kɛse

Wubetumi anya Onyankopɔn Asɛm mu akorade.

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔnyɛ awarefo nko ara da dan baako mu anadwo mũ nyinaa wɔ tebea a ɛmfata mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru anaa?