ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM January 2019

Adesua nsɛm a yebesua March 4 kosi April 7, 2019

“Mma W’ani Nnyɛ Wo Totɔtotɔ, Na Mene Wo Nyankopɔn”

Hwɛ nneɛma mmiɛnsa nti a sɛ yehyia sɔhwɛ mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu.

Yi Yehowa Ayɛ Wɔ Asafo Mu

Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase anaa? Adesua yi bɛboa wo ama woahu nea ɛma wobɔ hu no, na afei woabɔ mmɔden adi so.

Wobɛyɛ Dɛn Abɔ Wo Koma Ho Ban?

Ɔkwan bɛn na Satan pɛ sɛ ɔfa so sɛe yɛn koma, na yɛbɛyɛ dɛn abɔ ho ban?

Nea Nhyiam Tiawa Bi Ma Yehu Fa Ɔsoro Hene Bi Ho

Paanoo ne bobesa a yɛde hyɛ Nkaedi no ho fã no, dɛn na ɛma yehu fa Yesu ahobrɛase, n’akokoduru, ne ne dɔ ho?

Suban a Ɛma Yɛkɔ Yɛn Nhyiam Ahorow

Yɛkɔ asafo nhyiam a, ɔkwan bɛn so na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ, ahobrɛase, ne akokoduru?

Akwankyerɛ Kuw No Muni Foforo

Kenkan Kenneth Cook, Jr. ho asɛm.