ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM February 2020
Adesua nsɛm a yebesua April 6–May 3, 2020.
Yɛn Agya Yehowa Dɔ Yɛn Paa
Yebetumi anya ahotoso sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn paa, odwen yɛn ho, na ɔrennyaw yɛn da.
Yɛdɔ Yɛn Agya Yehowa Paa
Hwɛ nneɛma pɔtee bi a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn Agya Yehowa a odwen yɛn ho no.
Yi Ahoɔyaw Fi Wo Mu Na Hwehwɛ Asomdwoe
Ɛtɔ da a yebetumi ayɛ ahoɔyaw. Hwɛ nea yebetumi ayɛ na ama yɛayi subammɔne te sɛ ahoɔyaw afi yɛn mu na yɛama asomdwoe atena yɛne afoforo ntam.
Ma Yehowa Nkyekye Wo Werɛ
Hanah, ɔsomafo Paul, ne Ɔhene Dawid nyinaa, ɛtɔ da a na adwinnwen hyɛ wɔn so. Sɛnea Yehowa kyekyee wɔn mu biara werɛ na ɔma wonyaa ahotɔ no, dɛn na yebetumi asua afi mu?
ASETENAM NSƐM
Masuasua Wɔn a Wɔyɛɛ Nhwɛso Pa Ama Manya Nhyira Pii
Léonce Crépeault ka sɛnea ebinom nhwɛso pa boaa no ma otumi yii ehu fii ne mu, ne nhyira pii a wanya no mfe 58 a ɔde ayɛ bere nyinaa som adwuma no.
So Wunim?
Dɛn na wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu a ɛfoa so sɛ Belsasar a ɔtenaa ase wɔ Babilon no, na ɔyɛ ɔhene?