Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆWƐN-ABAN No. 1 2021 | Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wobɔ Mpae?

Woabɔ mpae pɛn ma ɛyɛɛ wo sɛ Onyankopɔn antie? Sɛ saa a, ɛnde ɛnyɛ wo nko ara na wote nka saa. Nnipa pii abɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa wɔn, nanso wɔn haw no da so ara wɔ hɔ. Ɛnde yemmisa sɛ, adɛn nti na yebetumi agye adi paa sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ? Mpae bi wɔ hɔ a Onyankopɔn ntie. Adɛn ntia? Yɛbɛyɛ dɛn abɔ mpae ama Onyankopɔn atie yɛn? Nsɛm a edidi so yi bɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae.

 

Nea Ebinom Aka Afa Mpaebɔ Ho

Wohwɛ a, mpaebɔ yɛ akyɛde soronko a efi Onyankopɔn hɔ, anaa wuhu no sɛ biribi a nkurɔfo de haw wɔn ho kɛkɛ?

Onyankopɔn Tie Yɛn Mpaebɔ Anaa?

Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yɛbɔ mpae wɔ ɔkwampa so a, Onyankopɔn tie yɛn.

Adɛn Nti Na Onyankopɔn Ntie Mpaebɔ Ahorow Bi?

Bible ma yehu mpaebɔ a Onyankopɔn tie ne nea ontie.

Dɛn Na Woyɛ a Ɛbɛma Onyankopɔn Atie Wo Mpaebɔ?

Baabiara a wowɔ no, wubetumi abɔ Onyankopɔn mpae bere biara. Wubetumi abɔ mpae ama apue w’ano anaa wɔabɔ wɔ wo tirim. Yesu ma yehu nea yebetumi aka wɔ yɛn mpaebɔ mu.

Wobɔ Mpae a, Ɛbɛboa Wo Sɛn?

Sɛn na mpaebɔ betumi aboa wo ama woagyina wo haw ano?

Wobɔ Mpae a Onyankopɔn Tie?

Bible se wobɔ Onyankopɔn mpae a, otie, na ɔpɛ sɛ ɔboa wo.