Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa W’ani Bɛhwɛ Bi

Fa W’ani Bɛhwɛ Bi

Twe Bi:

  1. 1. Mahu ewiase fof’ro bi.

    Asomdwoe, ɔdɔ, anigye pii

    Wɔ hɔ nti,

    Fa w’ani

    Bɛhwɛ bi.

  2. 2. Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo,

    Obedi ne bɔhyɛ nyinaa so

    Ɛno nti

    Fa w’ani

    Bɛhwɛ bi.

    (NNYESO)

    Baabiara,

    Wobɛte sereɛ; anigye nkoaa.

    Nya gyidi—

    Sɛ Nyankopɔn wiase fof’ro no ni.

  3. 3. Nea ɛda yɛn koma so no nie.

    Yehowa ’ma awufo asɔre.

    Di m’akyi,

    Fa w’ani

    Bɛhwɛ bi.

  4. 4. Yare, aw’rɛhow ne esu yi,

    Wayi ne nyinaa afi hɔ, enti

    Yɛredi

    Ah’rusi.

    Bɛhwɛ bi.

    (NNYESO)

    Baabiara,

    Wobɛte sereɛ; anigye nkoaa.

    Nya gyidi—

    Sɛ Nyankopɔn wiase fof’ro no ni.

  5. 5. Ɛyɛ Yehowa asɛm, enti

    Ɔkwan bia’a so minim sɛ ebesi.

    (BRIDGE)

    Nya gyidi.

    Yɛbɛkɔ

    Wiase fof’rɔ.

    Yenim sɛ ɛbɛyɛ hɔ.

    Ampa—

  6. 6. Nyankopɔn wiase no ni.

    Asomdwoe, ɔdɔ, anigye pii

    Wɔ hɔ nti

    Fa w’ani

    Bɛhwɛ bi.