Dɛn Na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?

Yɛyɛɛ Bible ho nhoma yi sɛ ɛmmoa wo na hu nea Bible ka wɔ nsɛm ahorow pii ho. Ebi ne nea enti a yehu amane, baabi a yewu a yɛkɔ, nea wobɛyɛ ama w’abusua anya anigye, ne nea ɛkeka ho.

So Nea na Onyankopɔn Pɛ Ni?

Nea enti a ɔhaw abu so nnɛ no, ebia ɛyɛ a wudwen ho. Bible ka sɛ nsakrae ankasa reba, na wubenya so mfaso. Wunim anaa?

TI 1

Dɛn Ne Onyankopɔn Ho Nokwasɛm?

Wohwɛ a, Onyankopɔn dwen wo ho paa? Sua Onyankopɔn suban ho ade, ne sɛnea wubetumi abɛn no.

TI 2

Bible—Nhoma a Efi Onyankopɔn Hɔ

Bible no bɛyɛ dɛn aboa wo ama woagyina wo haw ahorow ano? Emu nkɔmhyɛ no, adɛn nti na wubetumi de wo ho ato so?

TI 3

Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?

Nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase no, ɛbɛbam ama asase adan paradise anaa? Sɛ saa a, dabɛn?

TI 4

Hena Ne Yesu Kristo?

Hwɛ nea enti a Yesu yɛ Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, baabi a ofi bae, ne nea enti a ɔyɛ Yehowa Ba a ɔwoo no koro.

TI 5

Agyede No—Onyankopɔn Akyɛde a Ɛsen Biara

Dɛn ne agyede no? Wobɛyɛ dɛn anya so mfaso?

TI 6

Ɛhe na Awufo Wɔ?

Baabi a awufo wɔ ne nea enti a nnipa wu no, hwɛ nea Bible ka fa ho.

TI 7

Anidaso Ankasa Wɔ Hɔ Ma W’adɔfo a Wɔawuwu No

Woahwere wo dɔfo bi wɔ owu mu anaa? Wohwɛ a, wubetumi ahu wɔn bio? Hwɛ nea Bible ka fa owusɔre ho.

TI 8

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

Nnipa bebree nim Awurade Mpaebɔ no. Saa asɛm yi kyerɛ sɛn: “W’ahenni mmra”?

TI 9

So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?

Bible kaa “nna a edi akyiri” ho asɛm. Hwɛ sɛnea suban ne nneyɛe a ɛwɔ hɔ seesei no ma yehu sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu.

TI 10

Honhom Abɔde—Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn

Bible ka abɔfo ne adaemone ho asɛm. Saa honhom abɔde yi, wɔwɔ hɔ ampa? Wobetumi anya w’asetena so tumi anaa?

TI 11

Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?

Nnipa pii susuw sɛ, amanehunu a ɛkɔ so wɔ wiase no nyinaa fi Onyankopɔn. Wudwen ho sɛn? Nea enti a yehu amane no, hwɛ nea Onyankopɔn ka fa ho.

TI 12

W’abrabɔ a Wobɛma Asɔ Onyankopɔn Ani

Wubetumi abɔ bra a ɛsɔ Yehowa ani ama ayɛ yiye. Nokwasɛm ne sɛ, wubetumi abɛyɛ n’adamfo.

TI 13

Onyankopɔn Adwene a Yebenya Wɔ Nkwa Ho

Onyankopɔn bu eyinom sɛn: nyinsɛnyigu, mogya a wɔde ma, ne mmoa nkwa?

TI 14

Sɛnea Wobɛma W’abusua Asetra Ayɛ Anigye

Ɔdɔ a Yesu daa no adi no yɛ nhwɛso a okununom, ɔyerenom, awofo, ne mmofra betumi asuasua. Dɛn na yebetumi asua afi ne hɔ?

TI 15

Ɔsom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

Hwɛ nneɛma nsia a ɛma yehu nnipa a wɔsom Onyankopɔn nokware mu.

TI 16

Fa Wo Ho Hyɛ Nokware Som Mu

Sɛ woreka wo gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo a, ɔhaw bɛn na wubetumi ahyia? Dɛn na wobɛyɛ na woanhyɛ wɔn abufuw?

TI 17

Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu

Wobɔ mpae a, Onyankopɔn tie anaa? Sɛ wubenya mmuae no a, ɛsɛ sɛ wote nea Bible kyerɛkyerɛ fa mpaebɔ ho no ase.

TI 18

Asubɔ ne Wo ne Onyankopɔn Ntam Abusuabɔ

Dɛn na ɛbɛma woafata ama Kristofo asubɔ? Hwɛ nea asubɔ kyerɛ ne sɛnea yɛbɔ no.

TI 19

Fa Wo Ho Sie Onyankopɔn Dɔ Mu

Nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no nyinaa, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ na yɛdɔ no?

NKEKAHO

Onyankopɔn Din—Sɛnea Wɔde Di Dwuma ne Nea Ɛkyerɛ

Wɔayi Onyankopɔn din afi Bible nkyerɛase pii mu. Adɛn ntia? Wohwɛ a, ehia sɛ yɛbɔ Onyankopɔn din?

NKEKAHO

Sɛnea Daniel Nkɔmhyɛ no Kaa Mesia no Mmae Ho Asɛm Siei

Onyankopɔn dii kan kyerɛɛ bere pɔtee a Mesia no bɛba. Ɔka too hɔ bɛboro mfe 500 ansa na ɔreba. Hwɛ saa nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye yi ho asɛm!

NKEKAHO

Yesu Kristo—Mesia a Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No

Bible nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia ho no nyinaa baa mu wɔ Yesu so. Wohwɛ wo Bible mu a, wubehu sɛ nkɔmhyɛ yi nyinaa baa mu pɛpɛɛpɛ wɔ Yesu so.

NKEKAHO

Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron Ho Nokwasɛm

Nnipa pii susuw sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no wɔ Bible mu. Ɛyɛ nokware anaa?

NKEKAHO

Nea Enti a Nokware Kristofo Mfa Mmeamudua Nni Dwuma Wɔ Ɔsom Mu

Enti Yesu wuu wɔ krɔɔs so ampa? Hwɛ mmuae no wɔ Bible no ankasa mu.

NKEKAHO

Awurade Anwummeduan—Afahyɛ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Wɔama Kristofo ahyɛde sɛ wɔnkae Kristo wu ho Nkaedi no. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yedi, na yedi no sɛn?

NKEKAHO

“Ɔkra” ne “Honhom”—Dɛn na Saa Nsɛmfua Yi Kyerɛ Ankasa?

Nnipa pii susuw sɛ biribi hyɛ nnipa mu a aniwa nhu, enti nnipa wu a na afi ne mu akɔtena baabi foforo. Dɛn na Onyankopɔn Asɛm ka fa eyi ho?

NKEKAHO

Dɛn ne Sheol ne Hades?

Bible nkyerɛase bi de nsɛmfua “adamoa” anaa “amoa” gyina hɔ ma Sheol ne Hades. Saa nsɛmfua yi, ɛkyerɛ sɛn ankasa?

NKEKAHO

Atemmu Da—Ɛyɛ Dɛn?

Hwɛ sɛnea Atemmu Da no bɛyɛ nhyira ama nnipa anokwafo nyinaa.

NKEKAHO

1914​—Afe Titiriw Wɔ Bible Nkɔmhyɛ Mu

Bible mu asɛm bɛn na edi adanse sɛ na afe 1914 yɛ afe titiriw?

NKEKAHO

Hena ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?

Saa ɔbɔfo panyin a ɔwɔ tumi yi, Bible ma yehu onii ko a ɔyɛ. Sua ne ho nsɛm pii, ne nea ɔreyɛ seesei.

NKEKAHO

“Babilon Kɛse” no a Wubehu

Wokenkan Adiyisɛm nhoma no a, wubehu aguaman kɛse a wɔfrɛ no ‘Babilon Kɛse’ no. Ɔyɛ ɔbaa ankasa? Dɛn na Bible ka fa ne ho?

NKEKAHO

So Wɔwoo Yesu December Mu?

Susuw ho hwɛ sɛ bere a wɔde woo Yesu no, na wim tebea te sɛn. Dɛn na ɛno kyerɛ yɛn?

NKEKAHO

So Ɛsɛ sɛ Yedi Afahyɛ Ahorow?

Afahyɛ ahorow a wodi wɔ baabi a wowɔ no, ɛhe na efi bae? Mmuae no bɛyɛ wo nwonwa.