Bible Nhoma Nnianim Nsɛm Video

Bible nhoma biara ho nsɛntitiriw.

Bible No, Ɛyɛ Nhoma Bɛn?

Hwɛ video yi, na wubehu sɛnea Bible mu nhoma biara ka biribi fa asɛntitiriw a ɛwɔ Bible mu no ho. Saa asɛntitiriw no ne sɛ, Onyankopɔn Ahenni a Kristo Yesu di so hene no bɛtew Yehowa din ho.

Genesis Nhoma No Nnianim Nsɛm

Genesis nhoma no ma yehu nea ɛyɛe a nnipa bae, ne nea ɛyɛe a nnipa hu amane na wowu.

Exodus Nhoma No Nnianim Nsɛm

Onyankopɔn gyee Israelfo no fii nkoasom wɔ Egypt na ɔde Israelfo no yɛɛ ne man.

Leviticus Nhoma No Nnianim Nsɛm

Hwɛ sɛnea Leviticus nhoma no ka Onyankopɔn kronkronyɛ ho asɛm ne nea enti a ɛho hia paa sɛ yɛyɛ kronn.

Numeri Nhoma No Nnianim Nsɛm

Hwɛ nea enti a ehia sɛ yɛyɛ osetie ma Yehowa, na yetie wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wonni yɛn anim no.

Deuteronomium Nhoma No Nnianim Nsɛm

Deuteronomium nhoma no bɛma woahu sɛ, mmara a Yehowa de maa Israelfo no kyerɛ sɛ na ɔdɔ wɔn.

Yosua Nhoma No Nnianim Nsɛm

Nhoma no bɛma woahu sɛnea Israel man no dii asaase a Onyankopɔn de maa wɔn no so nkonim, ne sɛnea wɔkyɛ maa mmusuakuw no.

Atemmufo Nhoma No Nnianim Nsɛm

Mmarima akokodurufo a wɔwɔ gyidi a Onyankopɔn nam wɔn so gyee Israelfo fii wɔn atamfo nsam no, wɔn na wɔde nhoma yi too wɔn.

Rut Nhoma No Nnianim Nsɛm

Rut nhoma no, nea ɛka ho asɛm ne ababaa kunafo bi a ɔdaa ɔdɔ kann adi kyerɛɛ n’ase a na ɔno nso yɛ okunafo. Ɛsan ma yehu sɛnea Yehowa hyiraa wɔn mmienu no nyinaa.

Samuel Nhoma a Edi Kan No Nnianim Nsɛm

Atemmufo a na wodi Israelfo so no, eduu baabi no ɛsesae maa ahemfo bedii wɔn so. Hwɛ nea ɛyɛe a ɛbaa saa.

Samuel Nhoma a Ɛtɔ So Mmienu No Nnianim Nsɛm

Dawid ahobrɛase ne ne gyidi nti, Bible mu nnipa a wɔagye din a nkurɔfo pɛ wɔn asɛm paa no, ɔka ho. Hwɛ video yi, na wubehu ne ho nsɛm.

Ahene Nhoma a Edi Kan No Nnianim Nsɛm

Wokenkan nhoma yi a, wubehu sɛ Ɔhene Solomon bedii ade no, na Israel man no wɔ anuonyam, na na ɔmanfo no di yiye. Nanso eduu baabi no, nneɛma bɛyɛɛ basaa wɔ ɔman no mu. Ɔman no mu kyɛe mpo ma yebenyaa Israel ahemman ne Yuda ahemman.

Ahene Nhoma a Ɛtɔ So Mmienu No Nnianim Nsɛm

Hwɛ video yi, na wubehu sɛnea Israel atifi fam ahemman no wae fii Yehowa som ho. Wubehu nso sɛ, anokwafo kakraa bi a wɔde koma a edi mu som Yehowa no, ohyiraa wɔn.

Beresosɛm Nhoma a Edi Kan No Nnianim Nsɛm

Hwɛ video yi, na wubehu Ɔhene Dawid a na osuro Onyankopɔn no awo ntoatoaso. Afei nso, wubehu nneɛma pii a esisii wɔ n’asetenam, efi bere a wɔsii no hene wɔ Israel kosi bere a owui.

Beresosɛm Nhoma a Ɛtɔ So Mmienu No Nnianim Nsɛm

Yuda ahemfo ho abakɔsɛm a ɛwɔ Beresosɛm Nhoma a Ɛtɔ So Mmienu mu no ma yehu sɛ, ehia paa sɛ yedi Onyankopɔn nokware. Hwɛ video yi, na wubehu.

Esra Nhoma no Nnianim Nsɛm

Yehowa dii ne bɔhyɛ so na ogyee ne nkurɔfo fii Babilon na wɔsan de nokware som sii hɔ wɔ Yerusalem.

Nehemia Nhoma no Nnianim Nsɛm

Nneɛma pii wɔ Nehemia nhoma no mu a Onyankopɔn asomfo betumi asua nnɛ.

Ester Nhoma no Nnianim Nsɛm

Nea ɛkɔɔ so wɔ Ester bere so no bɛma woahu sɛ Yehowa Nyankopɔn betumi afa akwannuasa nyinaa so agye ne nkurɔfo afi sɔhwɛ mu nnɛ.

Hiob Nhoma no Nnianim Nsɛm

Wɔn a wɔdɔ Yehowa nyinaa behyia sɔhwɛ. Hiob asɛm no ma yenya awerɛhyem sɛ yebetumi adi Yehowa nokware wɔ sɔhwɛ biara mu na yɛagye Yehowa tumidi atom.

Nnwom Nhoma no Nnianim Nsɛm

Nnwom nhoma no ma yehu sɛ Yehowa tumidi na ɛfata. Ɛma yehu sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa no, ɔboa wɔn na ɔkyekye wɔn werɛ. Ɛma yehu nso sɛ Yehowa nam n’Ahenni no so bɛsesa wiase.

Mmebusɛm Nhoma no Nnianim Nsɛm

Nyankopɔn afotu a ɛwɔ Mmebusɛm nhoma no mu no, ɛkame ayɛ sɛ ɛfa abrabɔ mu nsɛm nyinaa ho. Adwumasɛm o, abusuasɛm o, ne nyinaa bi wom.

Ɔsɛnkafo Nhoma no Nnianim Nsɛm

Ɔhene Solomon ka nneɛma a ɛho hia paa wɔ abrabɔ mu a, na wakyerɛ nneɛma a Onyankopɔn bu no ahuhude.

Solomon Dwom Nhoma no Nnianim Nsɛm

Ɔdɔ a na Sulamit ababaawa no wɔ ma oguanhwɛfo no yɛ ɔdɔ kann. Bible frɛ no “Yah gyaframa.” Adɛn ntia?

Yesaia Nhoma no Nnianim Nsɛm

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu no, ne nyinaa yɛ nokware turodoo. Ebetumi ama woanya awerɛhyem paa sɛ Yehowa ma ne bɔhyɛ bam na ɔno ne yɛn nkwagye Nyankopɔn.

Yeremia Nhoma no Nnianim Nsɛm

Nkurɔfo hyɛɛ Yeremia aniɛyaa, nanso ɔkɔɔ so ara yɛɛ n’adwuma sɛ odiyifo. Wunnye nni sɛ watwa sa pa ato hɔ ama Kristofo a ɛwɔ hɔ nnɛ?

Kwadwom Nhoma no Nnianim Nsɛm

Odiyifo Yeremia na ɔkyerɛwee. Kwadwom nhoma no ka sɛnea Israelfo twaa agyaadwo bere a wɔsɛee Yerusalem. Ɛsan ka sɛnea obi nu ne ho a, Yehowa hu no mmɔbɔ.

Hesekiel Nhoma no Nnianim Nsɛm

Adwuma biara a Nyankopɔn kae sɛ Hesekiel nyɛ no, sɛ ɛyɛ den oo, sɛ ɛte sɛn oo, na ɔde ahobrɛase ne akokoduru yɛ. Ɛnnɛ, yebetumi asua biribi afi ne nhwɛso no mu.

Daniel Nhoma no Nnianim Nsɛm

Tebea biara a Daniel ne ne nnamfo no faa mu no, wodii Yehowa nokware. Wɔn nhwɛso no ne nkɔmhyɛ ahorow a abam no betumi aboa yɛn a yɛwɔ awiei mmere mu no.

Hosea Nhoma No Nnianim Nsɛm

Hosea nkɔmhyɛ no ma yenya asuade a ɛho hia nnɛ. Ɛka sɛnea Onyankopɔn hu abɔnefo a wɔanu wɔn ho mmɔbɔ ne sɛnea ɔpɛ sɛ yɛsom no.

Yoel Nhoma No Nnianim Nsɛm

Yoel hyɛɛ nkɔm faa “Yehowa da” a ɛreba no ho, na ɔkyerɛɛ nea obi yɛ a ɛbɛma wanya ne ti adidi mu. Ɛnnɛ paa na Yoel nkɔmhyɛ no ho abehia kɛse.

Amos Nhoma No Nnianim Nsɛm

Yehowa maa ɔbarima a ɔbrɛ ne ho ase yi yɛɛ adwuma titiriw bi. Asuade a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi asua afi Amos nhwɛso no mu?

Obadia Nhoma No Nnianim Nsɛm

Nhoma no ne nhoma a esua koraa wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Nkɔmhyɛ no ma yenya anidaso, na ɛma yehu sɛ wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛsan Yehowa Ahenni no ho.

Yona Nhoma No Nnianim Nsɛm

Odiyifo Yona gyee nteɛso toom, ɔyɛɛ n’adwuma, na wɔkyerɛɛ no asuade titiriw faa Onyankopɔn adɔe ne ne mmɔborɔhunu ho no. Ne suahu ahorow no bɛka wo koma paa.

Mika Nhoma No Nnianim Nsɛm

Nkɔmhyɛ a Onyankopɔn maa wɔkyerɛwee yi betumi ama yɛanya ahotoso sɛ nea ɛmmoro yɛn ahoɔden so na mfaso wɔ so nko ara na Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ.

Nahum Nhoma No Nnianim Nsɛm

Nkɔmhyɛ no ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa ma nea waka ba mu bere nyinaa, na wɔn a wɔhwehwɛ asomdwoe ne ogye wɔ n’Ahenni mu no nya awerɛkyekye.

Habakuk Nhoma No Nnianim Nsɛm

Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa nim bere pa ne kwampa a ɔbɛfa so agye ne nkurɔfo bere nyinaa.

Sefania Nhoma No Nnianim Nsɛm

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya adwene sɛ da Yehowa de bebu atɛn no remma?

Hagai Nhoma no Nnianim Nsɛm

Esi hia a ɛho hia sɛ yɛde Onyankopɔn som di kan wɔ yɛn asetena nyinaa mu so dua.

Sakaria Nhoma No Nnianim Nsɛm

Tete no, anisoadehu pii a efi Onyankopɔn hɔ ne nkɔmhyɛ ahorow hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo den. Nkɔmhyɛ koro yi ara da so ara ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa boa ne nkurɔfo nnɛ.

Malaki Nhoma No Nnianim Nsɛm

Ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛma yehu sɛ Yehowa nnyinasosɛm nsesa, na ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ɔdɔ. Bio nso, tebea ahorow a yehyia wɔ asetenam nnɛ no, nkɔmhyɛ no ma yenya ho asuade a mfaso wɔ so pa ara.

Mateo Nhoma no Nnianim Nsɛm

Wohwɛ video yi a, wubehu Mateo nhoma no ho nsɛntitiriw bi. Nhoma yi ne Nsɛmpa no mu nea edi kan.

Marko Nhoma no Nnianim Nsɛm

Nsɛmpa nnan no nyinaa, Marko nhoma no na ɛyɛ tia. Ɛma yehu nea daakye Yesu bɛyɛ ama yɛn wɔ n’ahenni mu sɛ́ Onyankopɔn Ahenni so Hene.

Luka Nhoma No Nnianim Nsɛm

Nsɛm bɛn na ɛwɔ Luka Asɛmpa no mu a ɛyɛ soronko?

Yohane Nhoma No Nnianim Nsɛm

Yohane nsɛm a ɔkyerɛwee no ma yehu sɛnea Yesu dɔ nnipa, ahobrɛase ho nhwɛso a ɔyɛe, ne adanse a ɛkyerɛe sɛ ɔno ne Mesia, Onyankopɔn Ahenni so Hene no.

Asomafo Nnwuma No Nnianim Nsɛm

Tete Kristofo no yɛɛ adwumaden boaa nkurɔfo a wofi aman nyinaa mu ma wɔbɛyɛɛ asuafo. Asomafo Nnwuma no betumi ama nsi ne ahokeka a wode yɛ asɛnka adwuma no ayɛ kɛse.

Romafo Nhoma No Nnianim Nsɛm

Ɛka sɛnea Yehowa nhwɛ nnipa anim ho asɛm, ɛsan ma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yenya Yesu Kristo mu gyidi.

Korintofo Nhoma a Edi Kan No Nnianim Nsɛm

Nsɛm a ɛwɔ Paul krataa no mu no, ebi ne Onyankopɔn afotu a ɛfa koroyɛ, abrabɔ fam ahotew, ɔdɔ, ne owusɔre no mu gyidi ho.

Korintofo Nhoma a Ɛto So Mmienu No Nnianim Nsɛm

Yehowa a ɔyɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn no” hyɛ n’asomfo den na ɔwowaw wɔn.

Galatifo Nhoma No Nnianim Nsɛm

Krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Galatifo no so wɔ mfaso nnɛ sɛnea na ɛte bere a ɔkyerɛwee no. Ebetumi aboa nokware Kristofo nyinaa ama wɔadi nokware.

Efesofo Nhoma No Nnianim Nsɛm

Ɛyɛ krataa a honhom kaa Paul ma ɔkyerɛwee; ɛma yehu Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛma nnipa anya asomdwoe na wɔayɛ baako.

Filipifo Nhoma No Nnianim Nsɛm

Sɛ yehyia ɔsɔretia anaa sɔhwɛ na yegyina mu a, ɛhyɛ afoforo den ma wɔn nso gyina sɔhwɛ a wohyia no ano.

Kolosefo Nhoma No Nnianim Nsɛm

Sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn, yegye dibea Yesu wɔ no tom, na yetie no a, yɛbɛma Yehowa ani agye efisɛ ɛkyerɛ sɛ yɛde nea yesua no yɛ adwuma.

Tesalonikafo Nhoma a Edi Kan No Nnianim Nsɛm

Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, ‘yɛsɔ ade nyinaa hwɛ,’ ‘yɛbɔ mpae daa,’ na yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran.

Tesalonikafo Nhoma a Ɛto So Mmienu No Nnianim Nsɛm

Yehowa da a ɛreba no ho adwene a ɛnteɛ a na anuanom wɔ no, Paul boaa wɔn ma wɔsesaa saa adwene no, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wonyina pintinn wɔ gyidi no mu.

Timoteo Nhoma a Edi Kan No Nnianim Nsɛm

Paul kyerɛw nhoma yi na ama anuanom ahu sɛnea wɔbɛtoto nneɛma wɔ asafo no mu. Afei, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ atoro nkyerɛkyerɛ ne sikanibere ho.

Timoteo Nhoma a Ɛto So Mmienu No Nnianim Nsɛm

Paul hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔnyɛ ne som adwuma no pɛpɛɛpɛ.

Tito Nhoma No Nnianim Nsɛm

Paul krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Tito no ka sɛnea na obetumi asiesie nsɛmnsɛm a na ɛrekɔ so wɔ Kreta asafo ahorow mu no ho asɛm. Afei ɛka nneɛma a wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ asafo mu mpanyimfo hɔ ho asɛm.

Filemon Nhoma No Nnianim Nsɛm

Krataa yi mu nsɛm nnɔɔso, nanso emu nsɛm no yɛ duru. Wokan a, wubehu su ahorow te sɛ ahobrɛase, ayamye ne bɔne fakyɛ ho asuade.

Hebrifo Nhoma No Nnianim Nsɛm

Ɔsom a Kristofo de ma Yehowa no gyina biribi a ɛkorɔn sen asɔrefie a yɛde yɛn ani hu ne mmoa a wɔde bɔ afɔre so.

Yakobo Nhoma No Nnianim Nsɛm

Yakobo de mfatoho ne nhwɛso a etu mpɔn kyerɛkyerɛɛ nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ Kristofo de yɛ adwuma no mu.

Petro Nhoma a Edi Kan No Nnianim Nsɛm

Krataa a edi kan a Petro kyerɛw no hyɛ yɛn nkuran sɛ, yensiesie yɛn ho mma adwuma pa na yɛntow yɛn dadwen nyinaa ngu Onyankopɔn so.

Petro Nhoma a Ɛto So Mmienu No Nnianim Nsɛm

Petro krataa a ɛto so mmienu no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nni nokware bere a yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asaase foforo no.

Yohane Nhoma a Edi Kan No Nnianim Nsɛm

Krataa a Yohane kyerɛwee no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, yɛnhwɛ yɛn ho yiye wɔ wɔn a wɔsɔre tia Kristo no ho. Ɛsan ma yehu nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛdɔ ne nea ɛsɛ sɛ yekyi.

Yohane Nhoma a Ɛto So Mmienu No Nnianim Nsɛm

Yohane krataa a ɛto so mmienu no kae yɛn sɛ, yɛnkɔ so ara nnantew nokware no mu, na yɛnhwɛ yɛn ho yiye wɔ nnaadaafo ho.

Yohane Nhoma a Ɛto So Mmiɛnsa No Nnianim Nsɛm

Krataa a ɛto so mmiɛnsa a Yohane kyerɛwee no ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo da ahɔhoyɛ adi.

Yuda Nhoma No Nnianim Nsɛm

Yuda paa wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe Kristofo adwene na wɔadaadaa wɔn no ho ntama.