Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?

Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ ankasa fa awufo ho? Awufo betumi aboa wo anaa wɔapira wo?

Nnianim nsɛm

Nnipa ɔpepem pii gye di sɛ awufo kɔ ahonhom wiase mu, faako a wotumi hu nnipa na wonya wɔn asetra so nkɛntɛnso wɔ asase so. So saa gyidi yi yɛ nokware?

Ɛnyɛ Nea Ahonhom Atra Asase so Pɛn na Wɔawuwu

Nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbarima a odi kan, Adam, no ma yehu tebea a awufo wom.

Honhom Abɔde Ɔpepem Pii

Onyankopɔn akoa Daniel huu abɔfo ɔpepehaha pii wɔ anisoadehu mu.

Atuatew wɔ Ahonhom Atenae

Abɔfo bi bɛyɛɛ abɔfo bɔne, ɛde ɔhaw pii brɛɛ adesamma.

Ahonhommɔne Yɛ Awudifo!

Bible kyerɛwtohɔ ne nsɛm ɛresisi nnansa yi ma yehu sɛ wɔn tirim yɛ den na wɔn ho yɛ hu.

Adaemone Di Atoro sɛ Awufo Te Ase

Adaemone no atumi adaadaa nnipa dodow no ara, nanso Bible no pa wɔn nnaadaa no ho ntama.

Adaemone Hyɛ Atua a Wɔtew Tia Onyankopɔn Ho Nkuran

Nea wɔyɛ ne sɛ, wɔdaadaa nkurɔfo ma wogye nneɛma a ɛnyɛ nokware di.

Som Yehowa, Na Ɛnyɛ Satan

Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ woasi gyinae pa?

Daakye a Ɛyɛ Nwonwa

Ɛrenkyɛ, Satan ne n’adaemone rentumi nnaadaa adesamma bio. Afei, Yehowa behyira adesamma nyinaa.

Paradise Asase No

Sɛ Yehowa siesie nneɛma bɔne a Satan ayɛ no nyinaa wie a, nneɛma bɛyɛ sɛn?