Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho

Wɔayɛ nhoma yi sɛ ɛmmoa wo na tu mpɔn wɔ baguam akenkan, ɔkasa ne ɔkyerɛkyerɛ mu.

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ

Asɛm a ɛho hia pa ara a Yehowa pɛ sɛ nnipa te no, ɛno na yɛkyerɛkyerɛ.

ADESUA 1

Ma Wo Nnianim Nsɛm Ntu Mpɔn

Sɛ wo nnianim asɛm betu mpɔn a, ɛsɛ sɛ edi atirimpɔw mmiɛnsa ho dwuma.

ADESUA 2

Kasa Nkɔmmɔbɔ Kwan So

Sɛ wokasa nkɔmmɔbɔ kwan so a, ɛbɛma w’atiefo koma atɔ wɔn yam na ɛbɛboa wɔn ama wɔatie asɛm no.

ADESUA 3

Fa Nsɛmmisa Di Dwuma

Fa nsɛmmisa a ɛfata di dwuma fa kanyan w’atiefo no anigye, na fa si nsɛntitiriw so dua.

ADESUA 4

Worebɛkenkan Kyerɛwsɛm a, Kanyan Ho Anigye

Hu sɛnea wubedi kan asiesie w’atiefo adwene ansa na woakenkan kyerɛwsɛm bi.

ADESUA 5

Ma W’akenkan Mu Nna Hɔ

Sɛ yebetumi ada Yehowa ho nimdeɛ adi a, ɛho hia sɛ yɛma yɛn akenkan mu da hɔ.

ADESUA 6

Kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm Mu Ma Emu Nna Hɔ

Boa w’atiefo ma wonhu sɛnea kyerɛwsɛm a wokenkanee no foa asɛm a woreka no so.

ADESUA 7

Ka Nsɛm a Ɛyɛ Nokware Na Ɛtɔ Asom

Fa adanse a ɛyɛ nokware na ɛtɔ asom boa w’atiefo no ma wonnya asɛm a woreka no mu ntease pa.

ADESUA 8

Fa Mfatoho Kyerɛkyerɛ

Nea ɛbɛma wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn no, fa mfatoho a ɛda fam na w’atiefo ani begye ho kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw mu.

ADESUA 9

Fa Mfoni Di Dwuma Ɔkwampa So

Fa mfoni di dwuma na ama asɛm a woreka no atena w’atiefo adwene mu akyɛ.

ADESUA 10

Sakra Wo Nne

Hu baabi a wobɛma wo nne so ne baabi a wobɛma wo nne aba fam, na sakra sɛnea wo kasa kɔ ntɛm anaa brɛoo no na akanyan atiefo no nkate na wɔde nea woreka no ayɛ adwuma.

ADESUA 11

Ma Wo Kasa Mu Nyɛ Hyew

Sɛ wode ɔhyew kasa a, ɛma sɛnea wote nka no da adi, na atiefo kɔ so de anigye tie asɛm no.

ADESUA 12

Dwen W’atiefo Ho Na Da Tema Adi

Sɛ woma sɛnea wote nka ankasa da adi wɔ wo kasa mu a, w’atiefo behu sɛ wudwen wɔn ho.

ADESUA 13

Ma Asuade a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi

Boa w’atiefo ma wonhu sɛnea asɛm a woreka no fa wɔn asetena ho, na boa wɔn ma wonhu sɛnea wɔde nea wɔresua no bɛyɛ adwuma.

ADESUA 14

Ma Nsɛntitiriw a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi

Boa w’atiefo ma wonni wo kasa no akyi, na ma wonhu no pefee sɛ asɛntitiriw biara a woreka ho asɛm no, ɛne wo kasa no botae hyia, na ɛne w’asɛmti no nso hyia.

ADESUA 15

Fa Ahotoso Kasa

Fa ahotoso kasa. Ma w’atiefo nhu wɔ wo kasa mu sɛ wugye di pa ara sɛ nea woreka no yɛ nokware, na wunim sɛ ɛho hia.

ADESUA 16

Ma Wo Nsɛm Nhyɛ Nkuran Na Ɛnhyɛ Den

Sɛ́ anka wobɛka atiefo anim no, hyɛ wɔn nkuran mmom. Twe w’atiefo adwene si Onyankopɔn Asɛm mu nokwasɛm a ɛma akomatɔyam no so.

ADESUA 17

Ma W’atiefo Nte Asɛm No Ase

Boa w’atiefo ma wɔnte asɛm a woreka no ase. Ma nsɛntitiriw no mu nna hɔ.

ADESUA 18

Ma W’atiefo Nsua Biribi Foforo

Kanyan w’atiefo ma wonnwen asɛm a woreka no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte nka sɛ wɔasua biribi a mfaso wɔ so.

ADESUA 19

Bɔ Mmɔden Ma Asɛm No Nka W’atiefo Koma

Kanyan w’atiefo ma wonnya ɔdɔ mma Onyankopɔn na wɔn ani nnye n’Asɛm Bible no ho.

ADESUA 20

Ma Nsɛm a Wode Bewie No Ntu Mpɔn

Sɛ woma nsɛm a wode bewie no tu mpɔn a, ɛbɛkanyan w’atiefo ma wɔagye nea wɔasua no atom de ayɛ adwuma.

Kyerɛw Nea Woatumi Ayɛ

Sɛ woreyɛ w’akenkan ne wo nkyerɛkyerɛ ho adwuma a, kyerɛw nea woatumi ayɛ no.

Ebia W'Ani Begye Wei Nso Ho

VIDEO AHOROW

Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho—Video Ahorow

Sua sɛnea wobɛkenkan ade na woakyerɛkyerɛ wɔ baguam.